Aids A Ɛwɔ Afrika—Ɛho Asodi Da Kristoman So Kodu He?
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Afrika Hɔ
Sɛnea wɔde asɛm “Kristoman” adi dwuma wɔ asɛm yi mu no fa wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Kristosom, nanso wɔn som ne Bible mu Kristosom bɔ abira no ho.
Kristoman
“Wiase no afã a ɛhɔ nnipa no mu dodow no ara kyerɛ sɛ wokura Kristofo gyidi no.”—Webster’s New World Dictionary.
AIDS
“Obi nkwammoaa a ɛyɛ mmerɛw ma ɔyare mmoawa ko di nkwammoaa no so.”—Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary.
AIDS yɛ ɔyaredɔm a ɛwɔ wiase nyinaa. Wobu akontaa sɛ nnipa ɔpepem 17 anya HIV, ɔyare mmoawa a wɔde AIDS ba no dedaw. Na ɛretrɛw ntɛmntɛm.
Bere a wɔatwe adwene asi nnuruyɛ, amammuisɛm, ne nkate ho nsɛm a ɛwɔ ɔyaredɔm yi so pii no, wɔnkaa nyamesom ho a ɛwom no ho hwee. Afei ebia ɛbɛyɛ akenkanfo bi sɛ nyamesom nnim AIDS a ɛretrɛw no ho hwee. Nanso sɛ wususuw nsɛm tebea a akɔ so wɔ Afrika asasepɔn no so ho a, ɛyɛ nea ntease wom.
AIDS aka Afrika titiriw kɛse.a Ebinom ka sɛ nnipa dodow a AIDS ayɛ wɔn wɔ wiase nyinaa no mu ɔha biara mu 67 na wɔte asasepɔn no so. Wɔ Chad no, dodow a wɔabɔ ho amanneɛ wɔ mfe anum a atwam no abu abɔ ho mpɛn 100. Nanso, wobu akontaa sɛ nnipa dodow a ebi ayɛ wɔn no nyinaa mu baasa biara mu biako na wɔabɔ ho amanneɛ. Sɛnea amanneɛbɔ bi a Wiase Sikakorabea de too gua kyerɛ no, AIDS abɛyɛ ade titiriw a ekunkum mpanyimfo wɔ Afrika nkurow akɛse pii mu.
Nyamesom—Edii Dwuma Bi?
Akyinnye biara nni ho sɛ, wontumi mfa amanehunu yi ho asodi nto Kristosom—ɔsom a Yesu Kristo kyerɛkyerɛe—no so. Nanso, sɛnea yɛada no adi ase hɔ no, asɛmfua “Kristoman” ahyeta wɔ saa nsase a ɛhɔ nnipa kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no so. Na ɛda adi pefee sɛ Kristoman ho wom. Ɛnyɛ sɛ asɔre ahorow no na wɔde AIDS mmoawa no ba anaasɛ wɔtrɛw mu. Nanso AIDS atrɛw wɔ Afrika titiriw esiane ɔbarima ne ɔbea nna ho ɔbrasɛe nti.b Enti yebetumi afrɛ AIDS sɛ ɔbrasu mu ɔhaw, na ɛno ma nyamesom ho nsɛmmisa bi a ɛhaw adwene sɔre. Anyɛ yiye koraa no, Afrika “Kristosom” fi Atɔe fam nsase so tee na ɛbae. Asɔre akannifo na wɔde too wɔn ho so sɛ wɔbɛsakra Afrikafo akɔ wɔn som pɔtee bi mu, a na wɔkyerɛ sɛ ɛbɛma wɔanya asetra kwan a ɛkorɔn sen Afrikafo tete akwan no. So Kristoman nkɛntɛnso maa gyidifo foforo no abrabɔ tuu mpɔn ankasa? AIDS ho nsɛnnennen no kyerɛ pefee sɛ nea ɛne ɛno bɔ abira koraa na ɛbae.
Sɛ nhwɛso no, susuw ɔman a ɛne Chad no ho hwɛ. Wɔ nkuropɔn anan a ɛwom no, emu abiɛsa na emu nnipa no ɔfã kɛse no ara yɛ “Kristofo.” Nkramofo na wɔdɔɔso wɔ biako a aka no mu. Nanso, ɛyɛ “Kristofo” nkuropɔn abiɛsa no mu na ɔyare mmoawa no retrɛw seesei! Tebea no te saa ara wɔ asasepɔn no nyinaa so. Ɔyare no aka Afrika mfinimfini ne kesee famfo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no kɛse sen Afrika Kusuu fam a Nkramofo na wɔwɔ hɔ kɛse no.
Nea Ɛyɛe a Afrika Bɛsom “Kristosom”
Dɛn nti na ɔyare mmoawa yi atrɛw ntɛmntɛm saa wɔ nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo no mu? Nokwarem no, ɛwom sɛ Afrikafo pii frɛ wɔn ho Kristofo de, nanso wɔn mu kakraa bi na wodi Kristofo gyinapɛn ahorow a ɛwɔ Bible mu no akyi. Ɛte sɛ nea ɔkwan a Kristoman asɛmpatrɛwfo faa so “sakraa” Afrikafo no na ɛde eyi aba tẽẽ.
Wɔ afeha a ɛto so 18 ne 19 no mu no, wɔsɔre tiaa Kristoman gyidi ahorow no. Ɔkasatia a emu yɛ den bɛdaa adi kɛse, na ɛmaa nnipa pii bebuu Bible no sɛ ɛyɛ tete nhoma bi kɛkɛ. Wofii ase begyee adannandi nkyerɛkyerɛ no nso toom, wɔ asɔfo mpo mu. Wɔmaa nkurɔfo adwenem yɛɛ wɔn nãã. Kyerɛw Kronkron no mu gyidi ho baa asɛm. Wɔ tebea a ɛte saa yi mu no, ɛnyɛ nwonwa sɛ mmɔden a Kristoman bɔe sɛ “ɛbɛsakra” Afrikafo no begyinaa honam fam nneɛma so. Asɔre asɛmpatrɛwfo kaa asɛmpa a egyina honam fam nneɛma so, na wosii nnipa ahiade ho dwuma a wobedi so dua kɛse koraa sen sɛ wɔbɛboa agyidifo no ma wɔadi Bible abrabɔ ho gyinapɛn ahorow akyi. Ebia asɛmpatrɛwfo no boa ma wɔsɛee abrabɔ ho gyinapɛn a na ɛwɔ hɔ no ankasa a wɔanhyɛ da.
Sɛ nhwɛso no, na ayeredodow aware akɔ so wɔ Afrikafo asetra mu bere tenteenten. Nanso, na wɔntaa nte nna mu ɔbrasɛe ho asɛm, bere a na mmusuakuw dodow no ara wɔ awaresɛe ho mmara horow a emu yɛ den no. Joseph Darnas, sukuu kyerɛkyerɛfo bi a wakɔ pɛnhyen a wonim no yiye wɔ Chad, ka kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo bi sɛ ansa na asɔre asɛmpatrɛwfo reba no, “na wɔte nka sɛ awaresɛe yɛ mmusu.” Ne saa nti, “wɔtwee wɔn a wodii ho fɔ aso denneenen sɛ wɔde ɔman mũ no nyinaa ato asiane mu—mpɛn pii no na wokum wɔn.” Na ɛyɛ gyidihunu? Yiw, nanso gyidi a ɛtete saa no brɛɛ ɔbrasɛe ase.
Afei Kristoman asɛmpatrɛwfo bae. Wɔkasa tiaa ayeredodow aware nanso wɔanhwɛ amma wɔanni Bible abrabɔ ho gyinapɛn ahorow no so. Ɛwom sɛ Bible ka sɛ wontu aguamammɔfo ne awaresɛefo a wonnu wɔn ho no mfi Kristofo asafo no mu de, nanso ɛntaa mma sɛ Kristoman asɔre ahorow no de nteɛso ma wɔn a wɔyɛ nneɛma bɔne no. (1 Korintofo 5:11-13) Ɛde besi nnɛ no, Afrika amammuifo akunini pii agye dimmɔne wɔ ɔbrasɛe mu, nanso wɔda so ara yɛ asɔremma a wɔwɔ gyinabea pa. Aware mu nokwaredi wɔ nna fam ho yɛ nã wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ Afrika no mu.
Afei nhwɛso bɔne a asɔfo no ankasa ayɛ nso wɔ hɔ. Wɔ nkurɔfo a wɔn ani gye abusua asetra ho yi mu no, ɛyɛ ne kwan so sɛ obi bɛware awo mma pii. Ebia eyi nti na Katolek asɔfo dodow bi a ɛyɛ nwonwa bu wɔn ho bem wɔ ahotew ne sigyadi ho ntam a wobu so no ho no. The New York Times bɔɔ amanneɛ wɔ nea ɛbae May 3, 1980 no mu sɛ: “Wɔ nkuraa pii ase no, . . . asɔfo ne asɔfopɔn aware ayeredodow.”
Sɛnea ɛte no, wɔmfa aware a ɛtete saa no nhyɛ mmara ase, na nokwarem no, “ɔyerenom” no yɛ mpenafo kɛkɛ. Wontumi mmu ani ngu nneyɛe bɔne a ɛte saa no so sɛ biribi a ɛho nhia. Sɛnea Times kyerɛ no, “Katolek sɔfo bi a wagye din” gye tom sɛ “Afrika sɔfo yɛ tumi ho sɛnkyerɛnne, tumidifo sen sɛ ɔbɛyɛ Yesu Kristo somfo.” Ɛte sɛ nea asɛm a saa “tumidifo” yi ka ne sɛ, “Monyɛ nea meka, na ɛnyɛ nea meyɛ.”
Atɔe Famfo Anigyede Ntua
Ade a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so nso ne nna mu ɔbrasɛe ho anigyede pii a aba Afrika nnansa yi mfe mu no. Wɔ Chad no, video a woyi kyerɛ ɔmamfo sɛ anigyede a wonyiyim abu so baabiara—nkurɔfo afie mu, adan a wɔde kar sisi mu mu, ne mpɛn pii no, wɔ aboboano, bere a ade asa. Sini ahorow a woyi kyerɛ yi bo nyɛ den, na wogye sika ketewaa bi te sɛ franc 25 (U.S. sɛnt 5) pɛ. Mmofra nkumaa kɔhwɛ. Ɛhe na saa sini ahorow yi fi? Emu fã kɛse no ara fi United States—ɔman a wɔkyerɛ sɛ Kristofo na wɔdɔɔso wɔ hɔ no!
Nanso Atɔe fam amammerɛ ntua yi nyaa wɔn a wɔhwɛ no so nkɛntɛnso bi ankasa? Yehowa Adansefo ɔsɛmpatrɛwfo bi a wadi mfe 14 wɔ Central Africa no ka sɛ: “Ɛhɔfo no ntaa ne Atɔe fam aman nni nkitaho gye nea wɔnam video so hu no nko. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ sɛ Atɔe famfo a wohu wɔn wɔ saa sini ahorow yi mu no. Minhuu nokwasɛm biara a wɔayɛ nhwehwɛmu ahu a megyina so akyerɛ sɛ eyi te saa, nanso ɛte sɛ nea ɛda adi ma nnipa a wɔwɔ ha no mu dodow no ara sɛ anigyede a ɛte saa hyɛ nna mu ɔbrasɛe ho nkuran.”
Hwɛ sɛnea ɛyɛ nwonwa sɛ bere a akwahosan adwumayɛfo rebɔ mmɔden denneennen sɛ wobesiw ɔyare a wonya fi nna mu trɛw ano no, aman a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no nam nnaadaasɛm so hyɛ ɔbrasɛe a asiane wom kɛse ho nkuran! Bere a asɔre ahorow nyɛɛ biribiara mfa mmrɛɛ ɔhaw yi ase wɔ fie anaasɛ amannɔne no, Afrika aban ahorow bi te sɛ Chad ne Cameroon abɔ mmɔden sɛ wɔbɛbara nguamansɛm ho nneɛma a wɔde ba wɔn aman mu no, anaasɛ anyɛ yiye koraa no, wɔbɛbrɛ no ase. Nanso mpɛn pii na wɔn mmɔdenbɔ no ayɛ ɔkwa.
Awiei koraa no, nea afi eyi nyinaa mu aba ne ɔbrasɛe a adɔɔso wɔ Afrika “Kristofo” mu no. Sika fam ahokyere nso de nkakrankakra anya nkɛntɛnso bɔne bi. Esiane sɛ nnwuma ho yɛ den nti, mpɛn pii no, ɛhyɛ mmarima ma wogyaw wɔn mmusua hɔ asram dodow bi mmere bi kɔhwehwɛ adwuma. Ɛda adi sɛ mmarima a wɔte saa na ɛhɔ tuutuufo de wɔn ani si wɔn so. Nanso tuutuufo no ankasa nso taa yɛ nkurɔfo a wodi hia. Ti ade a ɛtra so a awofo hwehwɛ nso ka ho bi. Mmarima pii nware efisɛ wontumi mmoaboa sika a ɛbɛso ti ade no tua ano. Enti ebinom bɛyɛ nkurɔfo a wɔne obiara kɛkɛ da. Ɔbrasu ne sikasɛm tebea a ɛte saa no ama AIDS atrɛw ntɛmntɛm.
Asɛnnennen no Ano Aduru
Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ Kristoman nko so na yɛde AIDS ho asɛnnennen a ɛwɔ Afrika no ho sobo nyinaa bɛto. Nanso ɛyɛ yaw sɛ ɛho asodi no fã kɛse no ara da ne so. Eyi yɛ aniberesɛm ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔka wɔn a Yesu frɛɛ wɔn “nokware asɔrefo” no ho no.—Yohane 4:23.
Ɛmfa ho sobo a yɛbɔ no, dɛn na yebetumi ayɛ de asiw AIDS ɔyaredɔm no ano? Afrika aban ahorow de wɔn ho ahyɛ AIDS anosiw ho ɔsatu mu, na wɔrehyɛ kɔndɔm a wɔde bedi dwuma ho nkuran. Nanso Ɔbenfo Samuel Brew-Graves, a ɔyɛ Nigeria Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no nanmusini no gyee nokwasɛm yi toom pefee: “Ɛsɛ sɛ ankorankoro fa asetra kwan a ɛho tew so . . . , na ɛsɛ sɛ abusua no . . . kwati nna mu ɔbrasɛe.”
Bible kasa tiaa ɔbrasɛe hyɛɛ ahotew, ahosodi, ne aware mu nokwaredi ho nkuran bere tenteenten ansa na AIDS ho nsɛm rehyeta. (Mmebusɛm 5:18-20; 1 Korintofo 6:18) Yehowa Adansefo ɔpehaha pii a wɔwɔ Afrika no betumi de adanse a edi mũ ama sɛ nnyinasosɛm ahorow yi akyidi ma wonya ahobammɔ a ɛsɛ fi AIDS ne nyarewa a wonya fi nna mu ho. Bible nnyinasosɛm akyi a wodi no yɛ ade a wogyina so bɔ Kristoman sobo ankasa. Saa nokware Kristofo yi de wɔn werɛ ahyɛ wiase foforo a ɛreba a “trenee te mu” no mu. (2 Petro 3:13) Wɔ nnipa a wɔwɔ gyidi fam no, eyi ne AIDS asɛnnennen no ano aduru a ɛsen biara.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wunya ɛho nsɛm pii a, hwɛ “AIDS wɔ Afrika—Ɛbɛyɛ Dɛn Agyae?” no nsɛm a ɛtoatoa so a ɛwɔ yɛn December 8, 1992, de no mu no.
b Mogya a wɔde ma ne paane a wɔde awɔ obi pɛn nso betumi ama yare no mu atrɛw. Kristofo bi a wɔn ho nni asɛm anya yare no bi afi wɔn ahokafo a wɔde wɔn ho hyɛɛ nna mu ɔbrasɛe mu anaasɛ wɔde nnubɔne dii dwuma hɔ.
[Kratafa 26 mfonini]
“Wɔ nkuraa pii ase no, . . . asɔfo ne asɔfopɔn aware ayeredodow.”—The New York Times
[Kratafa 26 mfonini]
Kristoman asɔfo nhwɛso bɔne ahyɛ nna mu ɔbrasɛe a abu so ho nkuran wɔ Afrika
[Kratafa 27 mfonini]
Mmofra hwɛ anigyede a ɔbrasɛe wom a aman a wɔyɛ “Kristofo” kɔtɔn wɔ amannɔne no