Ɔtopae No ne Onipa Daakye
AHOBAMMƆ a wontumi nnya wɔ nuklea mfe no mu no ama wɔaboaboa akode a etumi sɛe nneɛma mpempem pii ano.
Nnipa a wɔwɔ nimdeɛ hu sɛ amanaman no asiesie wɔn ho ankasa sɛ wɔde wɔn akode ahorow no bedi dwuma sɛ wɔhyɛ wɔn abufuw a. Ɛwom, ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛtow no na ɛma wɔboaboa akode pii ano no. Ɔsahene B. L Davis a ɔyɛ United States asraafo mpanyimfo no mu biako no kyerɛwee nnansa yi sɛ: “Ɛyɛ nneɛma abien nti na ɛsɛ sɛ yetumi nya akode pii no. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yenya tumi a yɛde besiw yɛn atamfo kwan na amma wɔannu wɔn botae horow ho wɔ ɔko biara mu—na ɛsɛ sɛ yɛma wɔte ase sɛ yɛwɔ tumi a ɛte saa. Nea etia abien no, sɛ ɔman no, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ a ɛbɛma yɛde tumi a ɛte saa no adi dwuma de abɔ yɛn man no nneɛma ho ban—na ɛsɛ sɛ yɛn atamfo hu sɛ yɛwɔ ɔpɛ a ɛte saa.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.)—Air Porce Magazine, July 1985.
Abufuw mma wɔmfaa nuklea akode nnii dwuma wɔ mfe 40 mu nanso ahosodi a wɔanya wɔ bere a atwam no mu no nkyerɛ sɛ worenyɛ saa daakye. Ɔman ho nhwehwɛmu a wɔyɛe nnansa yi kyerɛ sɛ Amerikafo ɔha biara mu 68 gye di sɛ awiei koraa no wɔde nuklea akode bedi dwuma sɛ akodeyɛ ho akansi no kɔ so a.
Ehu a ɛte saa no aka nkurɔfo wɔ wiase nyinaa. Susuw nea osukuuni bi a wadi mfe 18 a ɔwɔ Sierra Leone kyerɛwee no ho: “Nuklea ɔko bɛka ɔdesani biara wɔ okyinsoromma yi so . . . Enti ɛho hia sɛ nnipa a wɔwɔ Afrika mpo ma ɛhaw wɔn ɛwom sɛ wɔmmɛn aman a wɔwɔ tumi kɛse no nsase de. . . . Mpɛn pii nkurɔfo di wiase nyinaa ɔsɛe ho hu no ho dwuma denam nea nhwehwɛmufo frɛ no ‘wɔn adwene a wɔtow mu’ no so, sɛ nhwɛso no, wɔmpɛ sɛ wobesusuw ho koraa. Nanso bere a wiase no mu ntawntawdi kɔ so yɛ kɛse no, ɛma ɛyɛ den kɛse sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ eyi na wɔabu wɔn ani agu ehu no so.”
Ahobammɔ Ho Ɔhaw Ahorow
Nanso wɔ ɔko a aman a wɔwɔ tumi kɛse bɛhyɛ da ako ho hu akyi no, ahobammɔ a adesamma wɔ no ho aba asɛm wɔ akwan afoforo so. Asiane biako ne sɛ aman pii benya nuklea akode. Wɔ aman anum a wonim ankasa sɛ wɔwɔ bi dedaw akyi no, anyɛ yiye koraa no, aman afoforo asia anya wɔn ankasa atom ɔtopae dedaw anaasɛ wɔreyɛ anya bi. Abenfo gye di sɛ ebedu afeha no awiei no, aman 20 anaasɛ nea ɛboro saa benya ɔtopae no bi.
Asiane foforo nso ne sɛ nsɛmmɔnedifo kuw bi nso betumi anya akode ahorow yi mu biako. Wo de susuw nea nsɛmmɔnedifo bi betumi de atom ɔtopae ayɛ no ho! Ɛdɛn, obetumi afa kurow kɛse bi nnommum! Ɔkwan bɛn so na kuw a ɛte saa no betumi anya nuklea ɔtopae. Ɛdenam akwan horow abien bi mu biako so. Wobetumi awia biako—kae sɛ 50,000 wɔ hɔ a wobetumi afa mu biako! Wobetumi ayɛ biako nso. Ɔkwan a wɔfa so yɛ atom ɔtopae nyɛ ahintasɛm bio. Ade titiriw a wɔde yɛ a wɔfrɛ no plutonium no nso redɔɔso. Nokwarem no, wobu akontaa sɛ ebuedu afe 2000 no, nnipa a wɔnyɛ asraafo nnwuma ahorow bɛyɛ platonium a ɛdɔɔso a wobetumi de ayɛ ɔtopae a ne kɛse te sɛ nea wɔtow too Hiroshima so no 750,000 afe biara!
Asiane a ebetumi aba, ho nneɛma a wɔrentoto no yiye nso ka ahobammɔ ho asiane ahorow yi ho.
Ano Aduru a Nnipa Wɔ
Nyansahufo, nhomanimfo, asraafo, ne amammuifo akyerɛw saa asɛm yi ho nhoma pii. Wɔkɔ so bu nuklea akodeyɛ ho akansi no sɛ ɛsɛe siika pii, mfaso nni so na asiane kɛse wom. Wɔka ano aduru ahorow ho asɛm. Ebinom ka sɛ wɔnsɛe akode ahorow nyinaa. Afoforo nso pɛ sɛ wosiw akodeyɛ ano. Afoforo nso hyɛ ahobammɔ a ɛne “nsoromma mu ɔko” ho nyansa. Wɔ January a etwaam no mu no, aman abien a wɔwɔ tumi kɛse ne aman mpanyimfo kaa nsɛm a ɛhyɛ nkuran kɛse. Mikhail Gorbachev kae sɛ wɔnsɛe nuklea akode nkakrankakra sɛnea ɛbɛyɛ a bere a afe 2000 bɛba no na wɔatumi asɛe ne nyinaa afi asase so. Ronald Reagan kae sɛ n’ani sɔɔ nea ɔkae no. So ɛyɛ asomdwoe ho nhyehyɛe a anibere wom anaasɛ nnaadaasɛm? Ade biako da adi wɔ nsɛm a wɔkaa yi nyinaa mu—ne nyinaa twe adwene si ano aduru bi a onipa benya so.
Eyi ma asemmisa titiriw bi sɔre: So ntease wom sɛ yɛde yɛn ho bɛto nnipa so sɛ wɔn na ɛsɛ sɛ wɔma nuklea ɔko ho asiane no fi hɔ esiane sɛ wɔn na wɔmaa asiane no bae nti? Nnipa ada no adi sɛ wotumi di akode ahorow a ekunkum nnipa na ɛsɛe nneɛma no ho dwuma kɛse nanso so wɔwɔ wɔn nipasu so tumi? Awo ntoatoaso yi ahu wiase nyinaa ko abien a ɛsɛee nneɛma pii a ne kɛse ne nneɛma a etumi sɛee no no ma ɔko biara a aba wɔ adesamma abakɔsɛm mu pɛn no yɛ nea esua no. Na wɔ mfe 40 a edi Wiase Ko II akyi no mu no, wɔako ɔko nketewa bɛyɛ 150; na akunkum nnipa ɔpepem 30.
Ano Aduru a Onyankopɔn Wɔ
Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no ka sɛ: “Mommfa mo ho nto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” Yehowa ayɛ nuklea ɔhaw no ho dwuma a n’ankasa bedi ho nhyehyɛe. Esiane sɛ ano aduru a ɔwɔ no nte sɛ nea nnipa wɔ no nti, ɛbɛma akodi agyae koraa.—Dwom 46:9; 146:3.
Ano aduru no gyina Onyankopɔn Ahenni a ɛyɛ wiase nyinaa nniso a ɛbɛma nnipa a wɔdɔ asomdwoe a wɔwɔ baabiara no benya ahobammɔ a ɛtra hɔ daa no so. Nnipa ɔpepem abiɛsa a wɔwɔ nsase bɛboro 200 so no hu sɛ ɛrenkyɛ Ahenni yi bedi tumi wɔ asase so na ama kwan a wɔhwɛ sɛ nuklea ɔsɛe bɛba no afi hɔ koraa. Saa nnipa yi ne Yahowa Adansefo.
Esiane sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ saa Ahenni no trenee mmara ase nti, wɔrema nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mika 4:3 no anya mmamu, nea ɛka sɛ: “Na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio” no. Nyansahufo a wɔwɔ wiase no mu no mu nkyem anan mu biako reyɛ nnwuma a ɛfa ahobammɔ ho. Wɔn mu biara nni hɔ a wɔyɛ Yehowa Adansefo. Nnipa bɛyɛ ɔpepem 70 reyɛ nnwuma a ɛfa sraadi ho ankasa. Wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ɔdansefo ma Yehowa.
Nanso esiane sɛ Adansefo no nyɛ nnipa a wɔte hɔ kwa rehwɛ nuklea ho ɔhaw no nti, wofi ɔdɔ mu kyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ nea Onyankopɔn bɛyɛ de adi tebea no ho dwuma. Nokwasɛm ahorow no wɔ w’ankasa wo Bible mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya mmoa na woate eyi ase no, hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]
Nnipa bɛyɛ ɔpepem 70 reyɛ nnwuma ahorow a ɛfa sraadi ho ankasa. Wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ɔdansefo ma Yehowa
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Nea ɛde ɔhaw no ba ne: Aman a wɔwɔ tumi kɛse no nnye wɔn ho nni na wosuro wɔn ho wɔn ho kɛse