“Ka Me Nko A, Anka Wɔn Nyinaa Yɛ Adiyifo!
PAAPA John Paul II kyerɛw asɛm a edi so no kɔmaa Katolekfo kuw bi a wɔn ani gye Bible no ho a wɔahyiam: “Mede me ɔdɔ nkyia brɛ wɔn a wɔrenya Wiase Nyinaa Katolek Bible Asɛnkafo Kuw Nhyiam Kɛse no mu kyɛfa no, na merema wɔate sɛ mebɛn wɔn wɔ honhom mu. M’ani agye sɛ woabɛbɔ me amanneɛ sɛ nhyiamfo yi ama wɔn asɛmti a ɛne Mose asɛm a ɛkyerɛ sɛ ‘Ka me nko a, anka wɔn nyinaa yɛ adiyifo’ (Num 11:29) no ahyɛ wɔn nkuran na wɔde asɛm yi ato adwuma a wɔbɛyɛ no ho.”-L’Osservatore Romano, August 24, 1984.
Katolekfo Bible Nkyerɛkyerɛ Adwuma
Wɔyɛɛ Wiase Nyinaa Katolekfo Bible Asɛnkafo Kuw no Nhyiam Kɛsa a Ɛto So Abiɛsa no wɔ Bangalore, India, wɔ August 1984 mu. Ná nhyiamfo no fi aman 58 mu na wobehyiaam. Wɔtew kuw no wɔ Rome wɔ 1969 mu. Wɔtew kuw no wɔ bere a Paapa Paul VI hyɛɛ Germani sɔfo panyin bi wɔ Rome sɛ ɔnyɛ Katolekfo Asɔre no ahiade ahorow a ɛfa Bible no ho no nhwehwɛmu no akyi mfe abiɛsa. Mprempren, Ɔsɔfo Ablondi a ɔyɛ ɔsɔfo panyin wɔ Leghorn, Italy, ne otitrani.
Bere a Paapa John Paul retu no fo sɛ wɔnsan nhwehwɛ wɔn botae ahorow mu no, ɔkae wɔ asɛm a ɔkae no mu sɛ: “Bɔ a Fekuw no ahyɛ ne sɛ wɔbɛboa Katolekfo a wɔwɔ wiase nyinaa ma wɔn nsa aka Onyankopɔn Asɛm wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. . . . Nokwarem no, ɛsɛ sɛ adwuma a wɔyɛ ne adanse a wodi wɔ Asɔre no mu nyinaa yɛ nea efi Asɛm a nkwa wom no mu . . . Ɛsɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn Nkurɔfo ‘nkɔmhyɛ adwuma’ no yiye sɛ adwuma pa a Asɛm no ka ho asɛm. . . . Ɛdenam obi ho a ɔde hyɛ adwuma a ɛne Asɛm no nkyerɛase, tintim a wotintim ne trɛw a wɔma ɛtrɛw no mu so no, na ɔredi nnipa a Onyankopɔn Asɛm no ho kɔm ne ne nsukɔm rede wɔn no ahiade ahorow ho dwuma (Amos 8:11) . Eyi nso fa adwuma a ɛne nnipa a da bi wobehyira wɔn ho so ama Kyerɛw Kronkron no a wɔde bɛkyerɛkyerɛ na wɔaka ho asɛm akyerɛ afoforo a wɔbɛtete wɔn no nso ho.”
Wɔ ɔkwan a ɛne wɔn asɛmti no hyia so no, Katolekfo Bible nhyiam yi kae wɔ wɔn mpaemuka a etwa to no mu sɛ: “Kuw no nim sɛ sɛ Onyankopɔn Nkurɔfo betumi ayɛ wɔn nkɔmhyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ wonya Onyankopɔn Asɛm (wɔn ankasa Bible a ɛwɔ wɔn ankasa kasa mu) . Wɔwɔ hokwan sɛ wɔde Kyerɛwsɛm mu nimdeɛ no kyerɛkyerɛ wɔn . . . Nhyiam yi san si so dua bio sɛ Asɔre no asɛnka adwuma gyina Bible no so.”
Tebea a Wɔrentumi Nyɛ Ho Hwee
Enti ɛnyɛ sɛ wɔrehyɛ Katolekfo nkuran mprempren sɛ wɔnkenkan Bible no nko, na mmom sɛ wonnya asɛnka adwuma a egyina Bible so no mu kyɛfa kɛse nso. Eyi fata nkamfo. Nanso ɛde wɔn kɔ tebea a wɔrentumi nyɛ ho hwee mu.
Ade biako ne sɛ Katolek Asɔre no kyerɛkyerɛ sɛ atet sɛm ho hia sen Bible no. Ɔkwan bɛn so na Katolekni bi bɛhwɛ kwan sɛ obetumi abɛyɛ Bible kyerɛkyerɛfo a ɔyɛ nnam na wɔ bere koro no ara mu no watumi adi n’asɔre nokware? Sɛ nhwɛso no, ɔbɛkenkan wɔ Bible no mu sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no bewu.” (Hesekiel 18:4, 20, Revised Standard Version, Katolek nkyerɛase; fa toto Douay Version ho.) Nanso n’asɔre no kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra no ntumi nwu na akra nyinaa wɔ hell, limbo, ahodwiragya mu, anaasɛ ɔsoro. Dɛn na ɔbɛkyerɛkyerɛ—Katolekfo nkyerɛkyerɛ anaa Bible no.
Bio nso, Katolek Asɔre no gye tom sɛ wontintim Bible nkyerɛase a nkyerɛkyerɛmu ahorow a ebetumi asɛe ahotoso a ɔkenkanfo no wɔ wɔ Bible no mu sɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu wom no. Sɛ nhwɛso no, The New American Bible no ka wɔ ne nnianim asɛm a ɛne “Ɔkwan a Wobɛfa So Akenkan Wo Bible” no a Paapa Paul VI maa ho kwan no mu sɛ: “Ɔkwan bɛn so na obi tumi hu sɛ ɔrekenkan abakɔsɛm bi anaasɛ sɛnkyerɛnne kwan so kasa bi ho asɛm? . . . Nyansahufo pii ka sɛ nnipa fi nneɛma a ɛba fam a nkwa wom no mu na wɔbae. Saa nimdeɛ yi boaa Kristofo ma wɔsan susuwii ‘sɛnea’ Onyankopɔn yɛɛ n’adebɔ nnwuma no ho na ɛma wɔtee ase sɛ Genesis 2 ne 8 nyɛ faako a onipa fi ne ne su ho adesua na mmom anansesɛm a ɛma yehu sɛ bɔne na ɛde nsɛmmɔnedi nyinaa bae.”
Enti ansa na nnipa a wɔkenkan Katolekfo Bible yi bɛkenkan nkratafa a edi kan wɔ Genesis mpo no na wɔaka akyerɛ wɔn sɛ ɛnyɛ abakɔsɛm na wɔbɛkenkan na mmom anansesɛm kɛkɛ. Eyi te sɛ wɔbɛka sɛ Yesu de ware a ɛsɛ sɛ Kristofo ware biako no gyinaa anansesɛm so bere a ɔde Adam ne Hawa yɛɛ nhwɛso no. (Mateo 19:3-9; Genesis 1:27; 2:24) Afei nso, sɛ ɛnyɛ onipa biako mu na adesamma fi a, ɛnde na Kristofo mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ogye afɔre no ho no nyɛ nokware.—Mateo 20:28; Romafo 5:12, 17-19; 1 Korintofo 15:45.
Saa Katolekfo Bible koro yi ara ma asɛm sɔre wɔ nokware a Yesu asɛm a wɔakyerɛw wɔ Bible no mu yɛ no ho. Wɔ asɛm a ɛne “Ɔkwan a Wobɛfa So Akenkan Wo Bible” no ase no, ɛka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ Asɛmpa no akyerɛwfo ampɛ sɛ wɔkyerɛw nyansahu ho abakɔsɛm . . . So Yesu nyaa nkɔmmɔbɔ ahorow yi mu kyɛfa? So ɔde mmuae mae sɛnea wɔaka wɔ Bible no mu pɛpɛɛpɛ no? Ɛnte saa.
Ɔkwan bɛn so na Katolekfo koma pafo betumi ahwɛ kwan sɛ wɔde gyidi bɛkenkan Bible no na “wɔahyira wɔn ho so ama Kyerɛw Kronkron no a wɔde bɛkyerɛkyerɛ na wɔaka ho asɛm” akyerɛ afoforo bere a wɔn asɔre pene nsɛm a ɛsɛe gyidi a wotintim so no? Wobetumi ahu nsɛm a ɛte saa ara wɔ The Jerusalem Bible ne Katolekfo Bible afoforo ne nhoma a ɛka wiase nneɛma horow nyinaa ho asɛm no mu. Nokware nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ yɛka ka ho sɛ Protestantfo Bible mu nkyerɛkyerɛmu ahorow sɛe gyidi wɔ Bible no mu nso saa ara.
Nokware Kristofo Nyinaa Yɛ Adiyifo
The New American Bible no ka wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ: “Odiyifo yɛ ‘obi a ɔkasa ma ɔfoforo,’ ne titiriw Onyankopɔn. Ɛnkyerɛ sɛ ɔhyɛ nkɔm ankasa!” Paapa John Paul II kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn Nkurɔfo ‘nkɔmhyɛ adwuma’ no sɛ adwuma pa a Asɛm no ka ho asɛm.” Nanso sɛnea yɛahu no, Katolekni rentumi nyɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible no ho nokware diyifo anaasɛ dansefo a ɔrenkyerɛ sɛ Katolek nsɔre no nkyerɛkyerɛ a egyina atetesɛm so titiriw no yɛ atoro.
Wɔ Wiase Nyinaa Katolekfo Asɛnkafo Kuw no mpaemuka a etwa to no mu no, wɔka hia a ɛho hia sɛ wɔde Bible no kyerɛkyerɛ mmofra ne ahiafo titiriw, wonya Bible ne Bible nkyerɛkyerɛ nhoma ahorow a ne bo nyɛ den, Bible nkyerɛase ahorow ne Bible asekyerɛfo, ne bere nyinaa adwumayɛfo no ho asɛm. Wɔsan kae nso sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa ka asɛm na wɔkyerɛkyerɛ afoforo, wodi Bible no mu nsɛm so na “wohu mmere no ho sɛnkyerɛnne ahorow no.
W’ani begye sɛ wubehu sɛ Onyankopɔn wɔ nkurɔfo bi wɔ asase so a wɔn nyinaa yɛ Onyankopɔn adiyifo anaasɛ adansefo. Nokwarem no, wonim wɔn wɔ wiase nyinaa sɛ Yehowa Adansefo. Esiane ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne n’Asɛm nti, wɔde Bible no rekyerɛkyerɛ mpanyin ne mmofra, adefo ne ahiafo wɔ wiase nyinaa. Wɔwɔ bere nyinaa adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama ɔpehaha pii a wɔn mu binom kyerɛ Bible nkyerɛkyerɛ nhoma ase a wotintim a ne bo nyɛ den a wɔkyekyɛ anaasɛ wɔde kyɛ mpo. Adwumayɛfo mpempem pii a wɔde wɔn bere fã yɛ adwuma nso boa wɔn. Wɔn mu biara ani begye ho sɛ ɔbɛboa wo ma “woahu mmere no ho sɛnkyerɛnne no” na woagye anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu atom.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
The New American Bible no ka sɛ na “Asɛmpa no akyerɛwfo mpɛ sɛ wɔkyerɛw abakɔsɛm”
[Kratafa 23 mfoni]
Nokware Kristofo yɛ adiyifo efisɛ wɔde onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ afoforo