Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 12/8 kr. 6-11
  • Asomdwoe, Biakoyɛ Ne Ɔdɔ Wɔ Faako A Basabasayɛ Rekɔ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asomdwoe, Biakoyɛ Ne Ɔdɔ Wɔ Faako A Basabasayɛ Rekɔ So
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔhaw Ahorow a Wodii So
  • Nhyiam no Mu Anigye Ahorow
  • Anisɔ ne Aseda
  • South Africa Mmusua Pii, Ntawntawdi Pii, Nanso Ebinom Nya Asomdwoe
    Nyan!—1986
  • Afrika Kuropɔn Bi a Apuei Hyia Atɔe Wom
    Nyan!—2001
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • “Yɛnka Kasa Koro De, Nanso Ɔdɔ Ama Yɛayɛ Biako”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 12/8 kr. 6-11

Asomdwoe, Biakoyɛ Ne Ɔdɔ Wɔ Faako A Basabasayɛ Rekɔ So

ABIBIFO, aborɔfo, Indiafo, Afrafrafo, ne ahɔho a wofi aman afoforo so abom renya Kristofo fekubɔ mu anigye wɔ South Africa, asase a nnipa mu nyiyim wɔ so no so! Wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu? Dabi, nnanan. Nnipa baahe​—ɔhaha kakraa bi? Dabi, wɔboro 77,000! Wɔ he? Wɔ nhyiam atitiriw abien bi ase wɔ Johannesburg ne Durban. December 26-29, 1985. Ɛyɛ asɛm a ɛyɛ anigye a wɔn werɛ remfi da.

Na eyi ka Yehowa Adansefo nhyiam titiriw a wɔyɛe wɔ wiase nyinaa a ne ti ne “Mudi Mu Kurafo” no ho. Wɔde keteke, bɔs ne wimhyɛn fi South Africa nyinaa, Lesotho, Swaziland, Namibia, Botswana, Zambia, ne Zimbabwe, ne Mozambique a akameakame rekɔ so wɔ ho no mpo bɛhyɛɛ nkurow abien yi ma.

Ɔhaha pii nso fii Europa, United States, Japan, ne St Helena a ɛyɛ supɔw ketewaa ɛwɔ Atlantik Po no so bae a aman no dodowbɛyɛɛ 24. Bere a wobedui no, Adansefo a wɔwɔ ɔman no mu​—abibifo, aborɔfo ne afrafrafo​—no de anigye maa wɔn akwaaba na wɔde wɔn kɔɔ wɔn asoɛe.

Beae a wɔyɛɛ nhyiam no wɔ Johannesburg ne National Exhibition Centre (Beae a ɔman no yɛ oyikyerɛ) . Ɛwɔ kurow no kesee fam atɔe, na ɛwɔ asa ahorow pii a wɔaduadua nnua ne nhwiren ahorow pii wɔ hɔ​—beae a eye ma nhyiam kɛse a ɛte sɛɛ a nnipa a wɔka kasa ahorow pii bae no. Nhyiamfo a wɔka Zulu, Sotho, Tswana, Engiresi, ne Afrikan kasa no yɛe wɔ asa akɛse no bi so, na wɔn a wɔka Portuguese ne Hela kasa no yɛe wɔ asa nketewa no so. Wɔn nyinaa nyaa nhyiam dwumadi koro no mu anigye. Bere a nhyiam no rekɔ so no, wɔn mu pii traa faako a wɔbɛte wɔn kurom kasa, nanso bere a nhyiam no nnya mfii ase ne bere a wɔapɔn no, nnipa ahorow no nyinaa nya fekubɔ a ɛyɛ anigye no mu kyɛfa.

Ahɔho no mu pii a wɔkɔtraa aborɔfo no mu no ho dwiriw wɔn, efisɛ wɔanhu basabasayɛ biara. Obi a ofi Germany baa nhyiam no kae sɛ: “Ɛne nea wɔrehwɛ kwan no bɔ abira koraa.” Wɔn nyinaa ani gyei sɛ wohui sɛ asomdwoe ne biakoyɛ wɔ nhyiam ahorow no ase. Obi a ofi Amerika a ɔkɔɔ Johannesburg nhyiam no bi kae sɛ: “Hwɛ sɛnea nnipa ahorow ahorow no adi afra.” Ɔde kaa ho sɛ, “Me yam a anka wɔatwa tebea yi ho mfonini na wɔayi wɔ Amerika TV so akyerɛ.”

Wɔyɛɛ nhyiam no biako nso wɔ po so ahyɛn gyinabea kurow a wɔfrɛ no Durban a Engiresifo na wɔdɔɔso wɔ hɔ titiriw a Indiafo pii nso de ayɛ wɔn kurow no mu. Wɔyɛɛ nhyiam no wɔ King’s Park agorudibea a ɛbɛn Durban mpoano no. Wɔde agumadibea abien a ɛne no di nhwɛanim no nso maa Adansefo a wɔka Zulu ne Xhosa (a Pondos ka ho)kasa no ne wɔn a wɔka Engiresi kasa no nso (a Indiafo ne Afrafrafo ɔhaha pii nso ka ho) .

So asomdwoe ne biakoyɛ kɔɔ so wɔ hɔ nso? Xhosani ɔbea bi a ɔnyɛ Ɔdansefo a otuu kwan akwansin 370 baa nhyiam no kae sɛ: “Ɛyɛ nwonwa sɛ nnipa a wofi mmusua ahorow nyinaa mu atumi ayɛ biako wɔ South Afrika ha. Ɛyɛ soronko koraa wɔ nea metaa hu wɔ asɔre ahorow no mu no ho.” Indiani ababaa bi kae sɛ: “Eyi yɛ anigye Afrafrafo, Indiafo, aborɔfo, abibifo a wɔn nyinaa adi afra no asakra m’adwene wɔ asetra ho.”

Ɔhaw Ahorow a Wodii So

Dabere a wobenya ama aborɔfo ahɔho wɔ ahɔhodan ahorow mu ne mmeae ahorow a aborɔfo te no anyɛ den kɛse. Nanso na ɛnte saa wɔ dabere a wobenya ama abibifo mpempem no wɔ Soweto a ɛyɛ abibifo kurow kɛse a basabasayɛ no ano yɛ den wɔ hɔ a ɛwɔ Johannesburg atɔe fam no mu. Adansefo a wɔwɔ Soweto no fi ayamye mu boae. Na afie no bi wɔ hɔ a ahɔho a wɔaba nhyiam no 20 na ɛwɔ biako mu. Nanso bere a nhyiam da a edi kan no baa awiei no, wɔn a wɔreka bɔs ahorow no pow sɛ wɔde emu nnipa no bɛkɔ Soweto. (Na wɔahyehyew bɔs pii wɔ basabasayɛ no mu) . Enti saa anadwo no na ɛsɛ sɛ pii deda bɔs ahorow no mu. Wɔyɛɛ saa a wɔannwiinwii. Ansa na ade resa bio no, na wɔatumi ayɛ nhyehyɛe foforo a ɛmaa obiara nyaa dabere a eye.

Adansefo a wɔwɔ Johannesburg no ani gyei nso sɛ wohuu pii a wofi Cape Town bae no. Sɛ wode bɔs befi kurow yi biako mu akɔ foforo mu aba no yɛ akwansin 1,780. Akatua a abibifo ne Afrafrafo no bi gye no nyɛ nea ɛdɔɔso. Wɔbɛyɛ dɛn atumi akɔ? Nhyiam no akwantu boayikuw bi tumi yɛɛ nhyehyɛe ma wonyaa bɔs ahorow 26 a bo a wogyee no yɛ nea ennu nea wɔtaa gye no fã. Wɔ eyi mu mpo no, mmɔden a nnipa te sɛ akunafo a wɔwɔ mmusua bɔe ansa na wɔretumi akɔ no yɛ nwonwa. Ɛdefa biakoyɛ ho no, boayikuw no guamtrani kae sɛ: “Nnansa yi ara na basabasayɛ kɛse sii wɔ Cape mpɔtam hɔ. Nanso hwɛ sɛ Adansefo a wɔyɛ abibifo, Afrafrafo, ne aborɔfo nyinaa te bɔs koro mu wɔ biakoyɛ ankasa mu.”

Asomdwoe ne ntawntawdi ntam abirabɔ yi yɛ nea ɛdaa adi wɔ Durban nso. Aka da koro na wɔafi nhyiam no ase no, ntɔkwaw a ɛyɛ hu bi sii wɔ Zulufo ne Pondofo ntam wɔ beae a ɛbɛn Durban pɛɛ. Nsɛm ho amanneɛbɔfo kae sɛ: “Anyɛ yiye koraa no nnipa 58 wuwui wɔ Buronya Da ntɔkwaw a ɛkɔɔ so wɔ Zulufo 2,000 ne Pondofo 3,000 ntam no mu.” Bere a nhyiam no ankasa rekɔ so no, ntɔkwaw foforo sii wɔ beae bi a ɛbɛn faako a wɔreyɛ nhyiam no pɛɛ. Abibifo bi a wokurakura mporibaa kɔtow hyɛɛ Indiafo bi a wɔregye wɔn ahome wɔ mpoano no so na ɛmaa nkurɔfo suroe.

Nhyiam no Mu Anigye Ahorow

Wɔ Johannesburg no, nnipa dodow a wɔbaa nhyiam no bi mfiase no boro dodow a nawɔhwɛ kwan no so koraa. Wɔ asa a wɔyɛɛ Engiresi de no wɔ so no so no, nkongua 6,000 na wɔde sisii hɔ nanso 8,942 na wɔbae. Pii de wɔn nkongua bae. Ɛda a edi kan no, nnipa a wɔbaa nhyiam abien no dodow yɛ 59,996; wɔn a wɔbaa da a etwa to no dodow yɛ 77,830! Mfiase no na aduan pii wɔ hɔ, na nso ankyɛ na ne nyinaa sae.

Nanso honhom mu aduan no de ansa Kyerɛwnsɛm mu ɔkasa ahorow a ɛyɛ dɛ ne afotu ahorow a anibere wom a ɛma obi hwehwɛ ne komam hwɛ a ɛbɛma yɛakura yɛn mudi mu wɔ mmere bɔne yi mu, afotu titiriw a wɔde maa mmofra, drama a ɛyɛ fɛ a ɛmaa pii sui no yɛ nea ani sɔe kɛse.

Na ɛyɛ anigye sɛ nnipa a wofi mmusua horow nyinaa mu ahyiam retie nhyiamfo a wofi aman afoforo so. Wɔn nkrasɛm a ɛfa ɔdɔ ne biakoyɛ a efi wɔn nuanom a wɔwɔ aman yi so no hɔ yɛ nea wɔde nsambɔ ne anigye kɛse gyee so. Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo a wɔkɔɔ nhyiam abien no nyinaa bi maa ɔkasa ahorow a ɛyɛ dɛ a wɔn nyinaa ani gyee ho. Afei woyii nhoma foforo adi. Wonyaa anigye mmoroso!

Na asubɔ bere nso yɛ nhyiam no fã titiriw. Wɔ Johannesburg no, wogyinaa nhyiam ahorow a atwam no so hwɛɛ kwan sɛ wobɛbɔ nnipa bɛyɛ 400 asu. Nanso Adansefo 120 foforo na wɔde asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Wɔ wɔne nnipadɔm a wohuu nnipa a wofi mmusua ahorow mua wɔrebɔ wɔn asu yi fam no, ɛyɛ biribi a wɔn werɛ remfi da. Adansefo a na wɔyɛ abibifo kuw bi a wɔde biakoyɛ tow Ahenni nnwom no nso maa ɛyɛɛ anigye kɛse. Nnipa a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nhyiam abien no ase dodow yɛ 1,363.

Anisɔ ne Aseda

Nhyiam no maa Adansefo no nyaa hokwan ne wɔn ho wɔn ho bɔe a abusua a wofi mu no mfa ho. Sɛ nhwɛso no, esiane nnipadɔm a na wɔwɔ Johannesburg no nti, ɛtɔ bere bi a mmofra yera a wɔn awofo nhu wɔn. Da bi anadwo mmofra bi a wɔyɛ abibifo kaa nhyiam no ase. Wɔde wɔn kɔmaa Adansefo a wɔyɛ aborɔfo a wɔte bɛn apata no ase no. Wofi ɔdɔ mu guaree mmofra no, na wɔmaa wɔn aduan na wɔma wɔkɔdae. Ade kyee no wɔde wɔn kɔmaa wɔn awofonom na wɔdaa wɔn ase!

Adansefo a wɔyɛ aborɔfo boaa abibifo asafo ahorow anum a ɛwɔ East London no ma wɔyɛɛ keteke a ɛde wɔn bɛkɔ Durban asan aba ho nhyehyɛe. Bere a wobedui no, keteke no gyinae wɔ baabi a ɛbɛn nhyiam no ase. Ɛhɔ ara na wɔma egyinae, na emu na wɔdedae bere a nhyiam no kɔɔ so no nyinaa​—wɔn ani sɔɔ kɛse!

Ɔtopae ho hu a ɛkɔɔ so wɔ Durban nhyiam no ase maa polisini bi baa hɔ bɛyɛɛ nhwehwɛmu. Na ɛyɛ atoro. Akyiri yi ɔka kyerɛɛ ɔdansefo a ɔyɛ oburoni bi sɛ: “M’ani agye ɔkwan a mofa so ma asomdwoe ba no ho. Metee sɛ worefrɛ saa obibini a ɔwɔ ho no sɛ ‘onua.’ Munim ɔkwan a wɔfa so.” Bere a nhyiam no baa awiei no, King’s Park agumadibea no sohwɛfo no kyerɛɛ nhyiam sohwɛfo no sɛ: “M’ani agye sɛnea mo ahyehyɛde no kɔ so pɛpɛɛpɛ no ho. Ahyehyɛde biara nni hɔ a wɔba ha a wosiesie ha fɛfɛɛfɛ te sɛ nea moyɛ no. Na ɛnyɛ nea minnye nni sɛ mubesiesie ha fɛfɛɛfɛ bere a moawie no.”

Wɔ Johannesburg nso polisifo a wɔyɛ abibifo no ani gyee kɛse wɔ asomdwoe a na ɛwɔ hɔ no ho. Obiako kae sɛ: “Nneɛma nyɛɛ mmerɛw mmaa yɛn sɛɛ da bere a nnipakuw kɛse hyiam no.”

Wɔ abibifo a na wɔwɔ Johannesburg nhyiam no ase pii fam no, ɛno ne nea edi kan a wɔne Adansefo a wɔyɛ aborɔfo abɔ fekuw. Obibinibi a ɔyɛ ɔpanyin kae sɛ: “Ɛyɛ anigye a enni kabea.” Ɔdansefo bi a ɔyɛ obibini a ofi Zambia kae sɛ: M’ani agye yiye. Menkɔɔ nhyiam bi a ɛte sɛɛ da wɔ m’asetra mu.” Ɛyɛ Yesu asɛm a ɔkae no ho nhwɛso ankasa: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”​—Yohane 13:35.

Na nsonsonoe e ɛda basabasayɛ ɛ ɛrekɔ so wɔ hɔ no ne Kristofo asomdwoene biakoyɛ no ntam yɛ nwonwa. Sɛ nea wɔde reda wɔn anisɔ ne wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsen saa daakye no adi wɔ baguam no, wɔkenkan tirimbɔ a edi so yi wɔ nhyiam abien no ase na wɔde anigye eye toom.

“Yɛn Yehowa Adansefo a yɛaba ‘Mudi Mu Kurafo’ nhyiam no wɔ Johannesburg ne Durban, South Africa wɔ December 26-29, 1985, mu no de aseda kɛse ma Yehowa, yɛn soro Agya no, wɔ honhom mu aduan a ɛte sɛɛ a ɔde ama yɛn no ho. Ɛyɛ yɛn anigye kɛse sɛ nhyiamfo a wofi aman afoforo 24 so abɛka yɛn ho a woayi ɔdɔ ne biakoyɛ a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa mu no adi no. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ wɔ ɔhaw ahorow a emu yɛ den ne basabasayɛ a ɛwɔ ɔman yi mu ne sɛnea ɛte wɔ aman afoforo so no nyinaa akyi no, yɛn nhyiam no akɔ so wɔ asomdwoe mu, na yɛn ani agye nso sɛ yɛne yɛn nuanom mmea ne mmarima a wofi mmusua ne kasa ahorow nyinaa mu wɔ South Africa no atumi abɔ fekuw. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛhyɛ yɛn dɔ ne yɛn fekubɔ no mu den a abusua anaasɛ honam ani hwɛbea mfa ho na yɛde nnamyɛ kɛse bɛkɔ yɛn anim wɔ Ahenni no ho asɛmpa no ka no mu wɔ asase a basabasayɛ wɔ so yi so na yɛakura yɛn mudi mu de ahyɛ Yehowa din anuonyam.”

Wɔ nnipa pii fam nnɛ no, ɛyɛ nea wonni anidaso biara daakye. Nanso ɛnte saa wɔ Yehowa Adansefo fam. Bere a Bible mu nkɔmhyɛ hann no kɔ so hyerɛn no, wotumi hu sɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei reba ntɛmntɛm. Sɛ́ obi betwa saa ɔsɛe no akɔ nhyehyɛe foforo no mu wo Onyankopɔn Ahenni no ase no bɛyɛ hokwan a ɛsen nea Noa ne n’abusua a wotwaa. Nsuyiri no nyae no. (Sefania 2:3) So wobɛpɛ sɛ woka wɔn a wobetwa no ho? Ɛnde bɛka anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔwɔ anigye a mprempren wɔresom nokware Nyankopɔn koro Yehowa no ho.

[Box on page 11]

“Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako. Ɛte sɛ mpampam ngo pa a esian gu Aaron bogyesɛ mu, esian fa ne ntade mmuano so. Ɛte sɛ Hermon bosu a esian gu Sion mmepɔw so: no ɛhɔ no [Yehowa] ahyɛ nhyira, nkwa de kosi daa.”​—Dwom 133:1-3.

[Kratafa 7 mfoni]

Atifi: Bere nyinaa asomfo baanu​—obibini no adi mfe 101

Ase: Nhyiamfo a wɔyɛ Afrikafo a wɔasiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ

[Kratafa 8 mfoni]

Nhyiamfo a wɔretie dwumadi no wɔ Durban nhyiam no ase

[Kratafa 9 mfoni]

Atifi: Wɔn a afei na wɔabedu a wɔsoso wɔn nneɛma te sɛ nea Afrikafo yɛ no Ase benkum so: Oturu ne ba te sɛ nea Afrikafo yɛ no Ase nifa so: Obi de bag no si n’atifi na ɔfoforo rehwehwɛ mu

[Kratafa 10 mfoni]

Wɔbɔɔ 1,363

[Kratafa 11 mfoni]

Japanfo baanu a wɔbaa nhyiam no a wɔne wɔn mfɛfo Adansefo ani agye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena