Afrika Kuropɔn Bi a Apuei Hyia Atɔe Wom
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SOUTH AFRICA HƆ
HWƐ sɛnea Durban abɔnten so nneɛma yɛ fɛ fa! Wubehu sɛ nnipa pii asua sɛnea Apuei famfo hyɛ wɔn ntade, titiriw mmofra no. Nanso, hyɛ Zulufo mmea mpanyimfo ne wɔn ahosiesie a ɛho tew, wɔn ntade atenten ne wɔn ti a wɔde dukuu fɛfɛɛfɛ abɔ so no nsow. Indiafo mmea a wɔahyehyɛ wɔn ntade ne wɔn trɔɔs a wɔfrɛ no saris anaa Punjabi no nso wɔ hɔ. Sɛ worebɛn mpoano hɔ a wubehu Zulufo mmarima a wɔhyehyɛ ntade nwonwaso pii sɛ wɔretwe teaseɛnam bi a nipa biako pɛ na ɔtra mu no. Nokwarem no, Durban yɛ Afrika kuropɔn a ɛda nsow a Apuei hyia Atɔe wom. Dɛn ne Kuropɔn nwonwaso yi abakɔsɛm?
South Africa kuropɔn Durban yɛ beae a nnipa atra hɔ bɛyɛ mfe ahanu ni. Europa atubrafo bɛyɛ 40 traa ha wɔ 1824 mu. Saa bere no na Zulu ahenni a ɛwɔ tumi a na ɛhyɛ wɔn sahene Shaka ase no wɔ Durban atifi fam. Mfe aduonu akyi no, Durban ne nkurow a ɛwowɔ ho no bɛhyɛɛ Britainfo ase. Wɔ afeha a ɛto so 19 mu no, atubrafo afoforo ne Zulufo dii ako pii.
Saa bere no, Engiresifo a wɔbɛtraa hɔ no hui sɛ ahwerew yɛ yiye wɔ amantam a ɛdeda mpoano no mu. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔayɛ ahwerefuw mu adwuma no, wɔyɛɛ nhyehyɛe de apaafo fi India a na ɛno nso yɛ Britania atubrafo man no mu bae. Wɔ 1860 ne 1911 ntam no, Indiafo bɛboro150,000 baa Durban. Ne saa nti, ɛnnɛ nnipa a wɔwɔ Durban kuropɔn mu no boro ɔpepem abiɛsa, a wofi asase no mmeae foforo abiɛsa a ɛwɔ akyirikyiri—Zulufo ankasa, Asiafo a wofi India, ne wɔn a wofi Britania ne Europa atɔe famfo asefo no mu.
Nneɛma foforo a ɛyɛ fɛ wɔ kurow no mu. Sɛnea yehu wɔ mfonini a ɛka ho no mu no, ɛwɔ hyɛn gyinabea a wɔanhyɛ da anyɛ a ɛwɔ India Po no ano a asase teateaa tenten bi a wɔfrɛ no Bluff bɔ ho ban. Saa asase fɛfɛ a ɛda nsow yi tenten boro mita 90, na nnua wɔ so pii. Da biara hyɛn akɛse ba hyɛn gyinabea yi. Discovery Guide to Southern Africa nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ, wɔ Afrika nyinaa no, Durban ne “hyɛn gyinabea a ɛso na dwumadi pii kɔ so wɔ hɔ denneennen no, na ɛto so akron wɔ wiase nyinaa.” Akwammafo ani gye Durban mpoano a ɛhɔ yɛ fɛ na nsu no mu yɛ hyew no ho. Mmeae a ɛfata wɔ hɔ a wubetumi abutuw ntaboo so aguare nsu no, na wɔn a woguare no ho betumi atɔ wɔn esiane atena a wɔde abɔ ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a aboodede mma hɔ no nti no.
Wɔn a wɔn ani gye Bible ho no wɔ ade foforo nti a wɔn ani gye kurow no ho. Bible Asuafo, din a na wɔde nim Yehowa Adansefo saa bere no, hyehyɛɛ baa dwumadibea wɔ ha wɔ 1910 mu. Afei wɔ April 1914 mu no, Bible Asuafo no yɛɛ ɔmantam nhyiam a edi kan wɔ Afrika wɔ Durban. Nnipa bɛyɛ 50 na wɔbae, nhyiamfo a wofi South Africa akyirikyiri fã bi nso bae. Wɔ saa ɔmantam nhyiam titiriw yi ase no, asomfo afoforo 16 na wɔbɔɔ wɔn asu. Ná nnipa a wɔbaa nhyiam no dodow no ara yɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wodii nokware koduu owu mu, a William W. Johnston a na ɔyɛ obi a odi kan a wɔpaw no sɛ ɔnhwɛ baa dwumadibea bi a ɛwɔ Afrika so ka ho.
Yehowa Adansefo akɔ so ayɛ ɔmantam nhyiam ahorow ho nhyehyɛe wɔ Durban fi 1914. Wɔ December 2000 mu no, nnipa bɛyɛ 14,848 na wɔkɔɔ “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” ɔmantam nhyiam abien a wɔyɛe wɔ kurow no mu no bi, na nnipa a wɔyɛ foforo 278 na wɔbɔɔ wɔn asu. Susuw Indiafo mmusua a wɔbae no biako ho hwɛ. Mfe du a atwam ni no Alan babea, Somashini, kaa Bible mu nokware no ho asɛm kyerɛɛ ne papa. Na Alan regyae sadweamyɛ na na ɔrehwehwɛ asetram atirimpɔw. Somashini, a na saa bere no wadi mfe abiɛsa pɛ no de nhoma bi a onya fii ofipamfo bi hɔ brɛɛ ne papa. Nhoma no ti asɛm ne, True Peace and Security—How Can You Find It?, Alan ani gyee ho ntɛm ara. N’ani gyee nea ɔkenkanee no ho, na ofii ase ne Yehowa Adansefo bɔe. Esiane nea Alan sua fii Bible no mu nti, ɔde n’aware no kɔhyɛɛ mmara ase. Ankyɛ na ne yere Rani nso ani begyee asɛm no ho na ofii ase kɔɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam ahorow no bi. Saa bere no na awarefo no te Rani awofo a wɔwɔ Kristoman asɔre bi mu nkyɛn. Awofo no sɔre tiaa ɔsom foforo a awarefo yi ahu no na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmpaw nneɛma abien yi mu biako: “Sɛ wobegyae Adansefo no akyidi anaa wobefi fie hɔ!”
Ɛwom sɛ na dan ho ayɛ nã de, nanso Alan ne Rani sii gyinae sɛ wobefi fie hɔ. Wɔn nnamfo a wɔyɛ Yehowa Adansefo boaa wɔn ma wonyaa baabi a ɛfata trae. Wɔ 1992 mu no, wɔbɔɔ Alan ne Rani asu sɛ Yehowa Adansefo. Wɔkɔɔ so nyaa nkɔso pii, na nnɛ Alan som sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu.
Yehowa Adansefo asafo bɛboro 50 na ɛwɔ Durban kuropɔn no mu. Wɔn mu dodow no ara yɛ Zulufo. Nanso, wɔ asafo ahorow bi mu, titiriw nea ɛbɛn kurow no mfinimfini no mufo yɛ Zulufo, Indiafo, ne Europafo asefo. Sɛ wokɔ asafo nhyiam ahorow yi bi ase a, wubehu nea ɛkyɛn sɛ Apuei rehyia Atɔe. Ebia na Afrikani Ɔdansefo bi a wasiesie ne ho kama, anaa Indiani Dansefo, anaa Ɔdansefo a n’ase fi Europa na ɔrehwɛ so. Nanso ade biako na wubehu: Wubehu adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible no wɔ tumi a ɛka nnipa a wofi aman nyinaa mu bom wɔ ayɔnkofa a emu yɛ hyew na ɛtra hɔ daa mu.
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Asafo nhyiam ka nnipa a wofi aman nyinaa bom
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Alan, Rani, ne wɔn mma
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Durban kurow asa
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]
Photos: Courtesy Gonsul Pillay