Wiase Nsɛm
Ɔbrasɛe Nhoma ne Basabasayɛ
The New York Times bɔ amanneɛ sɛ, nhwehwɛmu bi a United States Asoɛe a ɛhwɛ mmara ho nsɛm so yɛe no ada no adi sɛ ɔbrasɛe nhoma a wɔkenkan no kɛse betumi apira obi na ɛyɛ nea ebetumi ama “wɔato afoforo mmonnaa.” Baguafo 11 no kae sɛ ɔbrasɛe ho mfonini a wɔhwɛ “betumi ama adwene a nnipa a wɔyɛ saa no benya wɔ mmonnaato anaasɛ nneɛma a ɛtete saa ho no ayɛ kɛse asen nea anka wobenya wɔ ho no.” Nanso wɔde kaa ho sɛ wɔ nea wɔahu yi nyinaa akyi no, ɛnyɛ nea wɔhwɛ ma wodi mmara ahorow a wɔahyɛ sɛ wɔde besiw ɔbrasɛe nhoma a wɔtɔn no ano no so. Bagua no kaa adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ nsɛmmɔnedifo na “wɔyɛ ɔbrasɛe nhoma ho adwuma anaasɛ wɔhwɛ so” nso ho asɛm.
AIDS a Ɛwɔ Afrika
The Sunday Times a wotintim wɔ London a ɛbae April 20, 1986 no bɔ amanneɛ sɛ ‘efi November a etwaam no mu no, wogye obi a AIDS ayɛ no to Mulago Ayaresabea a ɛwɔ Uganda ahenkurow no mu da biara.’ Times ka sɛ wɔkyerɛ sɛ AIDS kunkum “nnipa wɔ ayaresabea sen ɔyare biara.” Nnuruyɛfo ahu sɛ wɔ Uganda no, nnipa du biara a wɔyɛɛ wɔn ho nhwehwɛmu no mu biako wɔ AIDS mmoawa no bi. Nkyerɛkyerɛmu bɛn na wɔde ma? Wɔkae sɛ wɔ ɔbarima ne ɔbarima nna akyi no, ɔbarima ne ɔbea nna ne mogya a wɔde ma na ama ɔyare a ɛyɛ hu yi atrɛw kɛse. Esiane sɛ wɔnhwehwɛ mogya a wɔde ma nkurɔfo no mu nhwɛ sɛ ebia AIDS wom nti, nnuruyɛfo bu akontaa sɛ “mogya a wɔde ma nnipa 20 da biara . . . no, betumi ama [AIDS] ayɛ nnipa afoforo baanu da biara”!
Tawa Ho Dawurubɔ a Wɔbɛbara
Amerika Akisikuru Fekuw no kae sɛ ahyehyɛde ahorow a ɛhwɛ akwahosan ho nsɛm so wɔ United States no akyerɛ sɛ “wɔmma wonnyae sigaret ne nneɛma a wɔde tawa yɛ ho dawuru a wɔbɔ no nyinaa koraa.” Oduruyɛfo Lemaistre a ɔyɛ kuw no titrani no kae sɛ nyarewa a sigaretnom de ba, ogya a ɛma ɛtɔ nneɛma mu, ne akwanhyia ahorow a ɛma nkurɔfo nya no dɔɔso pii. Sɛnea Lemaistre kyerɛ no, sigaret ma “nnipa a wɔdɔɔso sen Amerikafo a wowuwui wɔ Wiase Ko I ne II mu, Korea ne Viet Nam a wɔaka wɔn dodow abom” ne “nnipa a wɔn dodow boro wɔn a wowuwu wɔ lɔre akwanhyia mu afe biara wɔ United States nyinaa mmɔho ason” wuwu afe biara.
Mmea Nyin Kyɛ
The Times a wotintim wɔ London no bɔ amanneɛ sɛ nnipa a wonyin kyɛ no redɔɔso wɔ England ne Wales. Owura Cyril Clarke a ɔyɛ Britaniafo Royal College of Physicians no fã a ɛhwɛ nhwehwɛmu ho nsɛm so no panyin ka sɛ, sɛ wode toto nnipa a wɔtraa ase wɔ mfe 30 a atwam no mu no ho a, nnipa a wɔdɔɔso sen wɔn a wɔtraa ase saa bere no mmɔho akron tumi tra ase nya mfe ɔha. Nanso saa nnipa yi mu ɔha biara mu 15 pɛ na wɔyɛ mmarima. Clarke ka sɛ mmarima taa bu bra a ɛmma wontumi nnya nipadua mu ahoɔden kɛse na kɛse a wɔyɛ ne wɔn apɔw mu a wɔnteɛteɛ no ma wɔn nkwa yɛ nea ɛho ba asɛm. Nea ɛne eyi bɔ abira no, mmea betumi anyin akyɛ efisɛ wɔtaa yɛ adwuma wɔ fie.
Ɔtopae a Ɛtowee wɔ Ahenni Asa So Ho Nhwehwɛmu
Sɛnea Daily Telegraph, a wotintim wɔ Sydney kyerɛ no, bere a Sydney Asennibea bi de nnansa atie ɔtopae a ɛtowee wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa bi a ɛbɛn Sydney no so wɔ July 21, 1985 mu ho asɛm wɔ April a etwaam no mu no, wosii gyinae sɛ wonni “adanse a ɛdɔɔso” a ebetumi ama wɔadi nea wɔde wɔn ani buu no titiriw sɛ ɔno na ɔtowee no asɛm. Ɔtopae no bubuu ɔdan no, ekum onipa biako na epirapiraa nnipa afoforo pii nso a na wɔn mu dumien de mu yɛ den kɛse. (Hwɛ March 8, 1986 Nyan! mu.)
Wɔ nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ agya a ɔwɔ mma baasa no wu ho no mu no, polisifo no de adanse mae a ɛkyerɛ sɛ obi a odum ogya a wadi mfe 39 na ɔtow ɔtopae no tow Ahenni Asa no so ne adan afoforo abien bi mu na ɔno na okunkum nnipa baasa wɔ nnansa yi mfe no mu no. Polisifo no kae sɛ bere a ɔtopae no towee wɔ Ahenni Asa no so no, na nea wosusuw sɛ ɔno na ɔtowee no yɛ obi a wɔtetɛw no. Nhwehwɛmufo no penee so sɛ polisifo no mmɔ onii no din. Ɔkae sɛ ogye di sɛ ɔmanfo yiyedi ho hia kɛse wɔ nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu a ɛte sɛɛ mu sen hyɛ a wɔbɛhyɛ onipa biako aniwu.
Ɔsɛe Da Ho Odiyifobea
Asɔre ketewaa bi a ɛwɔ Afrika sɔfo hyɛɛ nkɔm sɛ wiase no awiei bɛba wɔ ɔdasum, March 23, 1986. Mmarima, mmea, ne mmofra bɛyɛ 200 a wɔyɛ asɔre no mufo a wɔdeda adagyew boaboaa wɔn ho ano wɔ ne fi a ɛbɛn Dennilton, South Africa, a wɔretwɛn ɔsɛe da no. Na wɔde wɔn nneɛma akyekyɛ nkurɔfo dedaw na na wɔatotow wɔn adan mu nkongua, wɔn ntade ne wɔn sika agu mmorɔn so. Dɛn ntia? Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a wobekwati abɔfo a wɔrebɛtɔ nkurɔfo so were no abufuw. Nanso ade kyee no, nnipa a wɔte mpɔtam hɔ no kum no na wɔhyew no. Dɛn ntia? Na wogye di sɛ ɔyɛ ɔbayifo.
Nsɛmmɔne a Wodi Tia Mmofra
United States Aban Mmaranimfo Panyin Edwin Meese kae wɔ afe yi mfiase mu hɔ sɛ, “nsɛmmɔnedi sɛe mmofra ɔpepem pii asetra da biara ne afe biara.” Wɔbɔɔ mmofra bɛyɛ ɔpepem 1.5 a wɔyɛɛ wɔn ayayade na wɔpow wɔn wɔ 1983 mu ho amanneɛ. Efi 1976-83 no, mmofra a wɔto wɔn mmonnaa nyaa nkɔanim mpɛn 9. Mmofra bɛboro ɔpepem biako guan fi fie afe biara a mpɛn pii wɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wobeguan afi ayayadeyɛ anaasɛ abusua mu ɔhaw afoforo a emu yɛ den mu. Wɔ anibu 19 biara mu no, wodi abofra bi nsɛmmɔne. Aban Mmaranimfo Panyin Abadiakyiri Lois Herrington kae sɛ aban no atew ahyehyɛde bi a wɔde beyi adwenem naayɛ a ɛwɔ nsɛmmɔne a wodi tia mmofra ho no. Ɔkae sɛ “sɛ nhwɛso no, ɛnyɛ ɔhɔho bi na wakyere mmofra pii a wɔayera no asie, na mmom wɔaguan anaasɛ ɔwofo bi na wawia wɔn.”
Ade Titiriw a Ekum Mmofra
Nhwehwɛmu foforo a wɔayɛ ne aduruyɛ mu nsɛm a wɔaboaboa ano da no adi sɛ nyarewa a ɛka ɔhome nkwaadɔm no na ekunkum mmofra a wonnii mfe anum titiriw mprempren. Akontaabu da no adi sɛ nyarewa a ɛka ɔhome nkwaadɔm no, te sɛ emu yare, ntoburo, ne nkɔnkɔn kunkum mmofra bɛyɛ ɔpepem 6.5 afe biara wɔ wiase nyinaa. Nyarewa a ɛma obi yam tu a ɛno na anka ekunkum mmofra titiriw no kunkum mmofra bɛyɛ ɔpepem anum afe biara.
AIDS Aboawa a Onwu Ntɛm
AIDS aboawa no tumi tra ase kyɛ sen sɛnea nnipa pii gye di no. Nhwehwɛmu foforo bi a wɔde asram abiɛsa yɛe a wɔaka ho asɛm wɔ The Journal of the American Medical Association mu kyerɛ sɛ aboawa yi a ɔtow hyɛ nipadua no mu tumi a ɛko tia ɔyare no so no betumi atra ase nnafua 15 wɔ baabi a nsu wɔ bere a onni nipadua no mu no. Sɛ nsu no yow a, obetumi atra ase nnafua ason. Ɔbenfo Lionel Resnick a ɔkyerɛw nhwehwɛmu no kyerɛ sɛ ɛnyɛ nea ɛda adi sɛ tiafi a mmoawa no bi wɔ so no so a obi bɛtra no bɛma ɔyare no bi ayɛ no. Nhwehwɛmufo ka sɛ nnuru a wɔde kunkum mmoawa betumi akum AIDS aboawa no ntɛm bere a onni nipadua no mu no.
Mmoa a Okunu De Ma
So mmoa a okunu de ma ne yere no tumi ka sɛnea ɔhwɛ ne mma? Nhwehwɛmufo a wofi Japanfo sukuupɔn biako mu ne Amerikafo sukuupɔn abiɛsa mu bua sɛ yiw wɔ Journal of Marriage and the Family no mu. Ɛwom sɛ nsonsonoe da ɔkwan a Japanfo ne Amerikafo mmusua fa so tra ase no mu de, nanso wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔ emu biara mu no, “dodow a ɛna no nya mmoa fi ne kunu hɔ no, dodow no ara na otumi ma n’ani ku abofra no ho kɛse bere a wɔn nyinaa wɔ hɔ no, na ɛmma ɔnte nka kɛse sɛ ɔno na ɛho hia sɛ ɔne abofra no tra bere nyinaa.”