Wiase Nsɛm
Asɔfo Mmarima a Wɔne Mmarima Da
Mfe pii a atwam no, Evangelical Lutheran Asɔre a ɛwɔ Hannover, Germany, no ama mmarima a wɔne mmarima da kwan ma wodi sɔfo, bere tenten a wɔne mmarima no nte faako sɛ awarefo no. Nanso sɛnea nhoma The Week in Germany kyerɛ no, ɔsɔfo bi a na ɔde ne ho hyɛ mmarima ne mmarima nna mu kɛse asɔfodi a wogye fii ne nsɛm bɛboro mfe abiɛsa a atwam no ama nsɛm pii asɔre. Sɛnea The Week kyerɛ no, nnansa yi ara, Hannover mpanyimfo no apene adwenkyerɛ a ɛne sɛ “wobetumi agye asɔfo ne wɔn ahokafo a ‘wɔyɛ mmarima a wɔne wɔn ho da’ aba asɔre no mu, na wobetumi adi sɔfo nso.”
Mogya a AIDS Wom a Ɛkaa Ebinom a Mfomso no Mfi Wɔn
Nnansa yi, Japan asoɛe a ɛhwɛ akwahosan ne yiyedi so kae sɛ ayaresabea ahorow no mfa ayaresabea adwumayɛfo dodow a mogya a HIV (AIDS ɔyare mmoawa no) wom aka wɔn a emfi wɔn ho amanneɛbɔ mmra. Nea na wɔrehwehwɛ ankasa ne mfe du a atwam no de. Sɛnea The Daily Yomiuri ka no, ayaresabea 276 a wɔde wɔn de kɔe no bɔɔ amanneɛ sɛ “nnipa 12,914 na mpaane wowɔɔ wɔn a na mfomso no mfi wɔn, na emu 2,997 na na mogya wɔ ano.” Eyinom mu nea ɛboro ɔha na na mogya a HIV wom wɔ ano. Ɛde besi saa bere yi no, nhwehwɛmu akyerɛ sɛ wɔn a mogya yi bi kaa wɔn ho no nyinaa nni HIV, mmoawa a wɔma AIDS no bi.
Kokoram—Asiane Kɛse a Ɛmma Ntɛm
Nhwehwɛmu bi a Skin and Cancer Foundation yɛe wɔ Australia daa no adi sɛ honam ani kokoram ne nea abu so sen biara wɔ saa ɔman no mu. Wobu akontaa sɛ afe biara honam ani kokoram kum Australiafo bɛyɛ 1,000. Sɛnea The Daily Telegraph Mirror a ɛwɔ Sydney, Australia kyerɛ no, nhwehwɛmu no kyerɛ sɛ “awia a kan no na Australiafo mmɔ wɔn ho ban yiye wɔ ho no na ama kokoram ho asiane kɛse aba no.” Wɔn a ebi ayɛ wɔn nnɛ no fã kɛse yɛ wɔn a bere a wɔyɛ mmofra wɔ 1960, 1970, ne 1980 mfe no mu no, na wɔtaa to awia.
Mmoa ma Wɔn a Nnakorokoro Haw Wɔn
Nhwehwɛmufo bi a wɔwɔ Harvard Aduruyɛ Sukuu akyerɛw nyansahyɛ ahorow bi a ɛbɛboa wɔn a wɔbrɛ paa ansa na wɔatumi ada. Sɛnea The Harvard Mental Health Letter kae no, ayarefo kuw bi a na egye wɔn bɛyɛ simma 80 ansa na wɔatumi ada, nyaa nkɔso kɛse. Krataa no ka sɛ bere a wɔde nyansahyɛ no yɛɛ adwuma adapɛn kakra no, “egyee wɔn bɛyɛ simma dunkron pɛ na wotumi dae (ɛso tew ɔha biara mu 75).” Akwan a wɔkamfo kyerɛe no bi ne sɛ: Kwati sɛ wobɛda hɔ aboro nnɔnhwerew ason; sɛ woda nyan a, nna hɔ mmoro dɔnhwerew biako ansa na woasɔre; ɛsɛ sɛ wosɔre bere pɔtee bi da biara, a dapɛn awiei nso ka ho; kɔda hɔ bere a w’ani kum nkutoo; na sɛ ebedu simma 20 na wuntumi nnae a, sɔre yɛ biribi a wubetumi de agye w’ahome kosi sɛ w’ani bɛsan akum.
Nsoromma a Ɛte sɛ Nhene
The Washingtom Post bɔ amanneɛ sɛ nsoromma bi a emu atetew asinasin bɛboro 20 a aboa ano, a sɛ wɔde mfiri a wɔde hwɛ akyirikyiri twa no mfonini a, ɛte sɛ nhene kɔnmude, ne okyinnsoromma a wɔfrɛ no Jupiter no rekɔpem. Wɔde wɔn a wokohui no din ato nsoromma a emu atetew asinasin a emu bi tɛtrɛtɛ bɛyɛ kilomita 3 no so sɛ Shoemaker-Levy 9. Adebɔ ho nyansahufo gye di sɛ nea ɛmaa nsoromma a ɛte sɛ nhene kɔnmude yi bae ne sɛ bere a nsoromma biako rekyinkyin Jupiter ho nnansa yi ara no na tumi a ɛtwe ade ba fam tetew mu asinasin. Nsoromma a emu atetew asinasin yi bɛkɔ akɔpempem saa okyinsoromma no nna pii mu wɔ July 1994 awiei, na ɛbɛyɛ adeyɛ a nnipa ntaa hu bi. Ɛwom sɛ ɛbɛpempem Jupiter fã a ɛnkyerɛ asase no de, nanso anyinam a ɛbɛma atwitwa no betumi ama Jupiter asram no ahyirɛn, na ebia wobetumi agyina Asase so de mfiri a wɔde hwɛ akyirikyiri ahu.
Mmea a Wɔyɛ Wɔn Basabasa
Sɛnea The Globe and Mail kyerɛ no, nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔyɛe da no adi sɛ Canada mmea a wɔadi mfe 16 anaa nea ɛboro saa ɔha biara mu 51 na anyɛ yiye koraa no ɔbarima bi ayɛ wɔn basabasa pɛnkoro wɔ wɔn asetram fi bere a woduu mpanyin mfe so no. Wɔdɔɔso sen mmea ɔpepem anum. Saa Canada atesɛm krataa yi bɔɔ amanneɛ sɛ mmea a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu nea ɛreyɛ adu fã kae sɛ “mpenafo, okununom, nnamfo, abusuafo, anaa mmarima afoforo a wonim wɔn” na wɔyɛɛ wɔn basabasa. Mmea a wɔyɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu no ɔha biara mu du na wɔyɛɛ wɔn basabasa afe a etwaam no nkutoo mu, na na mmea 5 biara a wɔyɛɛ wɔn basabasa no mu 1 de mu yɛ den sɛ ebetumi apira wɔn kɛse. Mmea no pii bɔɔ amanneɛ sɛ wɔn kununom anaa wɔn mpenafo a wɔne wɔn te piapiaa wɔn, miaa wɔn denneennen, bobɔɔ wɔn asom, tutuu wɔn nan wowɔɔ wɔn, kekaa wɔn, anaa wɔbobɔɔ wɔn.
Wɔabu Ani Agu Nnua Pii So
Amanaman Nkabom asoɛe a ɛhwɛ aduan ne kuayɛ so no ka sɛ: “Nnipa anya aduan afi nnua mpempem pii mu wɔ abakɔsɛm mu, nanso seesei de, bɛyɛ 150 pɛ na wodua, na aduan mu ahoɔden a efi nnua mu no bɛyɛ ɔha biara mu 60 fi emu abiɛsa pɛ mu.” Kuayɛ mu nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ wiase nyinaa si eyi so dua. Nnipa kɔ so di nnuan dedaw a wɔtaa di no ara—ɔmo, aburo, ne awi—na wobu wɔn ani gu nnua afoforo a ahoɔden wom a ɛwɔ hɔ no so.
Wonni Wɔn Ankasa Asetra So Tumi Kɛse
Ɛmfa ho nsakrae ahorow a aba nnansa yi ama dodow amammu kɔ so no, nnipa a wɔte wiase nnɛ no ɔha biara mu 90 ano nnuru guam wɔ nsɛm a ɛfa wɔn asetra ho mu. Saa na Human Development Report 1993, a Amanaman Yiyedi Nhyehyɛe (UNDP) de too gua kae. Kan UNDP sohwɛfo William Draper kae wɔ amanneɛbɔ no nnianim mu sɛ, nneɛma a ɛda so di nnipa dodow no ara asetra so ne kɔ a wɔkɔ so “pere hwehwɛ asetram nneɛma nketenkete—asase, nsu, adwuma, trabea ne nneɛma a wɔyɛ de boa nnipa yiyedi.” Amanneɛbɔ no ka sɛ “mmusua a wɔnnɔɔso, ahiafo, nkuraasefo, mmea, ne nnipa a wɔadi dɛm ntaa nnya tumi kɛse a wɔde bɛsesa wɔn asetra.”
Video Ketewa a Mpaebɔ Ahorow Wom
Katolek sɔfo bi a ofi Italy ayɛ video a mpaebɔ wom, a nnwom ne nyamesom mfonini ahorow a ahokeka wom ka ho. Sɛnea Bologna atesɛm krataa bi a ɛba da biara, Il Resto del Carlino kyerɛ no, afiri no a ɛde batre di dwuma no “adwumayɛ ne ne kura nyɛ den (ɛnyɛ den sɛ obi de bɛhyɛ ne kotoku anaa ne bag ketewa mu).” Sɛ ebinom pɛ sɛ wɔbɔ mpae bere a wɔreka kar a, ɛwɔ “ahama soronko bi nso a wobetumi de ahyɛ kar no tokuro a nea wɔde sɔ sigarɛt hyem no mu.” Gyidini no betumi apaw Mpae no fã a ɔpɛ sɛ ɔbɔ no. Sɛ́ nhwɛso no, nea wɔde bɔ “Mo Maria” no boa ma obi tie mpaebɔ no afã nnidiso nnidiso, na emu nsɛm no ba video no so. Il Resto del Carlino ka sɛ, “sɛ obi antumi anwie mpaebɔ no nyinaa na sɛ ɔbrɛ a,” obetumi adum afiri no, na esiane sɛ wɔayɛ ma etumi kora nsɛm so nti, “sɛ ɔsan sɔ afiri no a, ɛbɛtoa so afi baabi a ɔde sii no.”
Baabi a Ɛhɔ Yɛ Nwini Sen Biara wɔ Amansan Yi Mu
Wosusuw baabi a ɛhɔ yɛ nwini sen biara wɔ amansan yi mu wɔ Kelvin ɔhyew ne onwini susudua so no, wonyaa 0.000,000,000,28. Saa wim tebea a ɛyɛ wiriduu yi yɛ hyew sen wim tebea a ɛyɛ nwini korakora wɔ susudua no so kakraa bi. Ɛhe na wohui sɛ ɛhɔ yɛ nwini kɛse saa no? Sɛnea nsɛmma nhoma, New Scandinavian Technology kyerɛ no, ɛyɛ Nordikfo man a ɛne Finland. Nanso, Finlandfo dodow no ara anhu sɛ adeyɛ yi kɔɔ so, efisɛ wɔnam nneɛma bi a wɔn ankasa yɛe wɔ Low Temperature Physics Laboratory a ɛwɔ Helsinki Nyansahu Sukuupɔn mu no so na wohuu wim tebea a ɛyɛ nwini saa no. Nyansahufo ntumi nnyaa biribiara a ɛyɛ nwini korakora wɔ susudua no so, a sɛnea New Scandinavian Technology ka ho asɛm no “ɛyɛ biribi a ɛyɛ nwini araa ma ɔhyew biara nni abɔde mu nneɛma nketenkete mu.”
Abɔnten a Wohu So Mfaso
Sɛnea nhwehwɛmufo bi a wɔwɔ University of Michigan, U.S.A., nhwehwɛmu kyerɛe no, adwumayɛfo a wohu abɔnten adwuma kɔ so yiye. Nea ɛne adwene a nnipa pii wɔ nhyia no, hu a obi hu abɔnten kɛkɛ no mma n’adwene nkyinkyin. Nsɛmma nhoma, Business Week bɔ amanneɛ sɛ nnipa 1,200 a wɔyɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu no daa no adi sɛ “adwumayɛfo a wohu nea ɛkɔ so wɔ abɔnten no kyerɛ wɔn adwuma ho anigye kɛse, wonhyia abasamtu pii, wɔwɔ boasetɔ kɛse, wotumi de wɔn adwene si adwuma no so yiye, na wɔwɔ akwahosan pa sen afoforo.” Nea ɛne eyi nhyia no, ebia wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ faako a wonhu abɔnten no “ntumi mmɔ wɔn tirim nyɛ biribi na wɔn bo betumi afuw ntɛmntɛm,” na wontumi mfa wɔn adwene nsi adwuma no so kɛse.
Agode Ahorow a Wɔde Sua Ade
Canada atesɛm krataa, The Globe and Mail ka sɛ: “Awofo retɔ agode a wɔde sua ade kɛse efisɛ wɔpɛ sɛ wɔde eyinom a daakye ɛbɛma wɔn mma ahu ade asen biara no si nea wɔde di agoru kɛkɛ ananmu.” Atesɛm krataa no de ka ho sɛ awofo binom resiw wɔn mma kwan na wɔamfa agode a “wɔde gye ani kɛkɛ anni agoru. Mmom no, wɔpɛ sɛ wɔde bere biara a wɔde di agoru sua ade.” Bere a nnipa pii gye di sɛ saa su yi betumi ama wɔanya mmofra a wonim ade na wosua nneɛma pa pii no, animdefo binom mpene so. Wɔte nka sɛ agoru a mmofra ankasa fi wɔn pɛ mu di a wobesiw ano no mma wontumi mmɔ wɔn tirim nyɛ biribi, “na ɛmma wontumi nsua nneɛma pii.”
Ɛpo so Hyɛn mu Korɔnbɔ Rekɔ Soro
Amanaman ntam ahyehyɛde bi a ɛhwɛ po so ahyɛn ho nsɛm so a ɛwɔ London no a ɛyɛ Amanaman Nkabom no ahyehyɛde a ɛko tia po so ahyɛn mu korɔnbɔ ne po so ahyɛn a wɔde akode gye bɔ amanneɛ sɛ po so ahyɛn mu korɔnbɔ “dodow ne amanehunu a ɛde ba hyɛn mu adwumayɛfo so akɔ soro kɛse.” Ɛwom sɛ po so ahyɛn mu korɔnbɔ 400 a wɔbɔɔ ho amanneɛ no mu dodow no ara sii wɔ Asia Kesee Fam Apuei wɔ Malacca Poka no so de, nanso po so ahyɛn mu akorɔmfo wowɔ Africa atɔe fam mpoano ne America Kesee Fam wɔ kusuu fam apuei mpoano nso. UN Chronicle nsɛmma nhoma no kyerɛw sɛ, po so ahyɛn mu korɔnbɔ “betumi abɛyɛ wiase nyinaa ɔhaw.”