Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 4/8 kr. 3-6
  • Nnɛyi Mmofra Anidaso Ne Nea Wosuro

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnɛyi Mmofra Anidaso Ne Nea Wosuro
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Wɔhwɛɛ Kwan a Annya Mmamu
  • Na Daakye Nso Ɛ?
  • Mmusua ne Nnwuma a Eye
  • Mfiridwuma​—Nhyira anaa Nnome?
  • Nea Wosuro Kɛse
  • So Anidaso Bi wɔ hɔ ma Daakye?
  • Mmofra Ani Gye Nyamesom Ho Dɛn?
    Nyan!—1998
  • Anidaso a Edi Mũ Wɔ Hɔ Ma Mprempren Awo Ntoatoa So Yi
    Nyan!—1987
  • Ɛnnɛ Mmofra—Nsɛnnennen a Wohyia
    Nyan!—1991
  • Yɛn Daakye Bɛyɛ Dɛn?
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 4/8 kr. 3-6

Nnɛyi Mmofra Anidaso Ne Nea Wosuro

FRANSENI abeawa, Valérie a wadi mfe18 no kae sɛ: “Sɛ anka yenim nea ɛda yɛn anim a.” Sɛ ebia mmofra adwenem ayɛ wɔn naa te sɛ Valérie anaasɛ dabi no, wosusuw wɔn daakye ho. Wɔtaa bɔ mmɔden sɛ wobesusuw sɛnea wɔn adwuma ne wɔn abusua asetra bɛyɛ ne wiase ko a wobɛtra mu no ho. Ná nnipa a wɔtraa ase wɔ tete bere no mu no taa susuw daakye ho.

Sɛ nhwɛso no, so anka wo ne hyɛn mu adwumayɛfo panyin Nemo bɛtra ne po ase akohyɛn Nautilus no mu? Anaa, tra a wobɛtra ahunmu hyɛn mu de atwa ɔsram no ho ahyia nso ɛ? Wosusuwii nneɛma a ɛte sɛɛ a ɛyɛ anigye no ho wɔ afeha a etwaam no awiei mu hɔ. Nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛyɛ ɛho mfonini wɔ w’adwenem na woatra Jules Verne nyansahu ne ayɛsɛm nhoma a agye din no mu nnɔmmarima no nkyɛn. So na wote ase wɔ saa bere no mu a, anka wubetumi abisa sɛ: ‘So saa nneɛma no bɛba da bi ampa? So mɛtra ase ahu?’

Saa dae abien a Franseni kyerɛwfo a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 19 no mu soe yi aba mu. Mprempren po ase akohyɛn wɔ afã titiriw wɔ aman a wɔwɔ tumi kɛse no akode akorae. Na yɛn awo ntoatoaso yi ahu sɛ nnipa akɔ ɔsram so. Nanso sɛ saa nsusuwii no baa mu mpo a, worentumi nka sɛ ɛbaa saa wɔ nsɛm pii a nnipa ka too hɔ no ho.

Nneɛma a Wɔhwɛɛ Kwan a Annya Mmamu

Wɔhwɛɛ kwan sɛ wobenya akisikuru ano aduru wɔ 1960 mfe no mu. Wɔ 1950 mfe no mu no, Amerika adwumakuw bi a ɛyɛ kar no titrani hyɛɛ nkɔm sɛ ebedu 1975 mu no, wobenya kar a etwa kwan tenten a obiara nte mu. Wɔka too hɔ nso sɛ wobetumi ama anhweatam adan asasebere denam “afifide nketenkete bi a ase fɛw ntɛmntɛm” a wobeduadua wɔ so no so . . . ”na ɛrenyɛ den sɛ protein a ɛdɔɔso wom pii no (75%) bɛboa nnipa a wɔredɔɔso no.”

Wɔhwɛɛ nneɛma pii a annya mmamu kwan ma enti nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no nni nsɛm a nyansahufo ka sie no akyi ara kwa a wɔnyɛ nhwehwɛmu. Andre Fontaine a ɔyɛ Paris atesɛm krataa Le Monde no samufo kaa nnansa yi sɛ: “Gyidi a onipa wɔ sɛ obenya nkɔanim denam nyansahu so a na ahinhim dedaw wɔ 1960 mfe no awiei mu hɔ no ano akɔ so abrɛ ase.”

Aman ahorow ne ankorankoro ntam abusuabɔ pa ho bɔhyɛ a amma mu no nso ama nkurɔfo aba mu abu. Bere a na Wiase Ko I reba awiei no, wɔkaa ho asɛm sɛ “ɔko a ɛbɛma ɔko nyinaa aba awiei.” Wogye dii sɛ esiane amane a nnipa hui no nyinaa nti, wɔrenkunkum wɔn ho saa bio. Nanso asomdwoe a ɛbae wɔ ɔko no akyi no traa hɔ mfe kakraa bi pɛ; afei ntawntawdi afoforo ne Wiase Ko II no mu nneɛma a ɛyɛ hu no maa anidaso a wɔwɔ nyinaa sɛee.

Na Daakye Nso Ɛ?

So anidaso a wɔwɔ nnɛ no betumi aba mu? Mmofra a wɔwɔ asase so nyinaa susuw wɔn daakye ho dɛn? So afe 2000 bɛyɛ afe pa anaasɛ nea enye?

Ɔwɛn Aban Asafo baa dwumadibea a ɛwɔ wiase nyinaa no bisabisaa mmofra nsɛm. Bere a woresusuw nsɛm a mmofra yi kae no ho no, hwɛ sɛ ebia wowɔ anidaso ne ehu a ɛtete saa ara.

Mmusua ne Nnwuma a Eye

Germanni abarima Thomas pɛ “nkwa tenten ne akwahosan pa.” Abeawa bi a ɔwɔ Japan a wɔfrɛ no Mikiko ka sɛ: “Mɛpɛ sɛ meware na minya abusua a anigye wom.” Eyinom yɛ mmofra a wɔbɛpɛ sɛ wɔn asetra yɛ te sɛ wɔn awofo de ara pɛ ho nhwɛso. Afoforo bɛpɛ sɛ wɔsakra nneɛma kakraa bi. Brazilni abeawa Maristela ka sɛ ‘ɔbɛkɔ so ayi ɔdɔ a ɛyɛ soronko wɔ nea n’awofo wɔ no ho adi akyerɛ efisɛ ogye di sɛ aware nte sɛ nea “asɔre ne adesamma abusua no ma ayɛ no.”

Mmofra susuw adwuma a wobenya ayɛ no ho kɛse. Japanni abarimaa bi a wɔfrɛ no Kenji adi mfe 13 na ɔbɛpɛ sɛ “ɔyɛ kar ho adwuma​—wɔ baabi va wɔyɛ kar anaasɛ ɔde ne ho bɛhyɛ kar a wɔka de si akane mpo mu.” Helmut a ofi Germany a wadi mfe dunson no bɛpɛ sɛ da bi ɔbɛbɔ bɔɔl agye akatua bere a Kunle a ɔyɛ sukuuni a ofi Lagos no “de ayɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ computer ho ɔdenimfo.”

Thierry, Bruno, ne Mimoun a wɔyɛ mmofra baasa a wofi France kusuu fam no ahaw wɔ adwuma a nnipa nnya nyɛ no ho na wɔpɛ sɛ wɔkɔ sukuu du akyiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya adwuma a ɛrensɛe ayɛ. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ April 1985 mu a Fransefo atesɛm krataa LeFigaro fa kaa asɛm no daa no adi sɛ ɛkame ayɛ sɛ adwuma a wonnya nyɛ ho suro wɔ baabiara. Atesɛm krataa no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Adwuma a wonnya nyɛ yɛ ade a wosusuw ho kɛse sen biribiara wɔ aman akɛse no nyinaa mu gye Japan ne Amerika nkutoo.”

Mfiridwuma​—Nhyira anaa Nnome?

Mmofra bɔ mmɔden nso sɛ wobɛyɛ wiase a mfiridwuma asakra no ho mfonini. Nigeriani abofra bi ka sɛ: “Misusuw sɛ wiase no bɛyɛ beae a eye sɛ wɔbɛtra wɔ saa bere no mu. Wɔ Aman a Ɛto So Abiɛsa te sɛ yɛn de yi mpo mu no, wɔde computer bɛyɛ nneɛma pii na wɔnam ɛno ne mfiri afoforo so bɛma wiase no adan beae a eye.”

Nanso mmofra afoforo nnye nni sɛ wiase a wɔde mfiri yɛ emu biribiara no mu tra bɛyɛ anigye kɛse. Germanni abeawa a wɔfrɛ no Gaby a wadi mfe 13 no suro sɛ ebedu afe 2000 no na “wɔasisi adan wɔ baabiara a nnua anaasɛ nhwiren biara nni hɔ.” Susanne a ofi ɔman koro no ara mu no susuw sɛ nnipa bɛtratra ahwehwɛdan mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhome mframa a asɛe.

Wɔ afoforo te sɛ Selcuk a ɔyɛ Germanni abofra a ne nananom fi Turkey fam no, “wiase a mfiri na ɛyɛ mu biribiara no” remma nnipa pii nnya adwuma nyɛ. Ɔka sɛ: “Mprempren nnwuma pii nni hɔ nanso ebedu afe 2000 no . . . ɛnyɛ nnipa na wabɛyɛ nnwuma ahorow na mmom robɔt.” Selma a wadi mfe 16 a ofi Brazil no ka mpo sɛ: “Computer besi Onyankopɔn ananmu.”

Nea Wosuro Kɛse

Ahotɔ kɛse a enni hɔ no ama Nigeriani abarimaa bi a wɔfrɛ no Emmanuel koma atu na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ tete no sɛ akorɔnfo pɛ sɛ wokowia nneɛma wɔ ofi bi mu a, wɔtwɛn kosi bere a ofiwura no nni hɔ. Mprempren de, ɛmfa ho sɛ abusua no mufo nyinaa wɔ fie. Akorɔnfo no bo ɔpon no akyi na wɔka kyerɛ wo sɛ fa wo nneɛma ma wɔn. Sɛ ade a ɛte sɛɛ afi ase resisi mprempren a, dɛn na ɛbɛba daakye?” Ɛnyɛ Emmanuel nkutoo na ehu aka no. Canadani abofra bi kae sɛ: “Misusuw sɛ nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ kɛse bɛko so wo wiase no mu nnipa pii bɛyɛ basaa na wɔrenteɛ mmoo fra so ahe biara.”

Nanso nneɛma a ɛhaw mmofra titiriw no mu biako ne ɔko ho hu. Ehu yi da adiwo asɛm a. Nigeriani abeawa bi a wɔfrɛ no Folasade kae no mu: “Biribiara betumi asi wɔ bere biara mu​—wiase nyinaa ɔko mpo wɔ afe 2000 mu.” Sɛnea International Herald Tribune no mu asɛmti bi kyerɛ no, tebea no te saa ara wo United States: “Nnipa Pii a Wɔkɔ Kɔlege Hwɛ Nuklea Ɔko Kwan.” Wɔ Canada no, ɔkyerɛwfo Yolande Villemaire bɔ amanneɛ sɛ mmofra “gye di sɛ wobewuwu wo nuklea ɔsɛe mu.”

Japanfo mmofra te sɛ Daisuke a wadi mfe 15 no da nkate a ɛte saa ara adi: “Medi mfe 30 no, na Wiase Nyinaa Ko a Ɛto So Abiɛsa a, ɛbɛyɛ nuklea ɔko no asɛe okyinsoroma yi. Minni botae ne dadwene biara wɔ asetra mu.”

Franseni aberante bi a wɔfrɛ no David kaa pefee sɛ: “Sɛ misusuw mprempren ntawntawdi no nyinaa ho a, misusuw sɛ ɛnyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wɔbɛka afe 2000 ho asɛm.” Nnipa pii a wɔwɔ France kura saa adwene yi efisɛ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi daa no adi sɛ Fransefo mmofra mu ɔha biara mu 74 susuw sɛ ade titiriw a ebeyi adesamma hu fi mprempren kosi afe 2000 ne wiase nyinaa ko a ɛto so abiɛsa.

So Anidaso Bi wɔ hɔ ma Daakye?

Esiane nneɛma a enye a ɛte sɛɛ a wɔhwɛ kwan nti, ntease wom sɛ mmofra bɛda wɔn adwenem a ayɛ wɔn naa wɔ daakye ho no adi. Nanso anidaso a edi mu wɔ hɔ ma daakye. So wobɛpɛ sɛ wuhu saa anidaso no? Eyi ne asɛm a edi so no.

[Pictures on page 4, 5]

Nneɛma kakraa bi a nnipa hyɛɛ ho nkɔm a ɛbaa mu no mu bi ne nea Jules Verne kaa ho asɛm no. Ne ɔsram so hyɛn no mfonini ni

[Asɛm Fibea]

NASA photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena