Bere A Ahum A Ekunkum Nnipa No Tui No!
Efi Solomon Islands “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
Mfiase no, na owudifo no nam brɛoo. Bere a ɛrekɔ kesee fam atɔe no, ɛdanee ne ho mpofirim na ɛde n’ani kyerɛɛ Malaita—Solomon nsupɔw no biako. Ɛhɔ na efii ase kunkum nnipa.
Mframa a na ɛde dɔnhwerew biako twa bɛyɛ akwansin 115 no fii ase sɛee biribiara a ɛwɔ ne kwan mu. Etutuu nnua gui. Ebubuu adan. Ɛpaa adan so. Osu tɔɔ kɛse. Esiane sɛ mframa a ɛrebɔ no maa po asorɔkye no ano yɛɛ den nti, ebubuu hyɛn gyinabea ne twene ahorow gui. Nsubɔnten a ɛsen brɛoo no danee ɔhweam a ano yɛ den na eyiri kataa lɔre akwan ne mfuw so.
Owudifo bi a wɔfrɛ no Namu—ahum bi atow ahyɛ Solomon Islands so. Ntua no fii ase dapɛn awiei a ɛyɛ May 17, 18, 1986—da a Yehowa Adansefo yɛɛ wɔn nnanu ɔmansin nhyiam wɔ Honiara, Guadacanal Island. Sɛnea ɛdaa adi no, bere a wɔde yɛɛ nhyiam yi maa ebinom nyaa nkwa.
‘Mommfa Ɔkwan Yi So!’
Roland Cent a ɔyɛ Yehowa Adansefo somfo kae sɛ: “Memeneda fii ase te sɛ da a osu tɔ wɔ Solomon Island no ara pɛ. Na yɛrehwɛ ɔmansin nhyiam no kwan na na wim tebea no nhaw yɛn.” (Nnipa a wɔbaa nhyiam no dodow yɛ 491.) Nanso bere a nhyiam no baa awiei no, ɛbɛdaa adi sɛ eyi nyɛ ahum bi kɛkɛ.
Cent ka sɛ: “Metee sɛ ahum bi abetwam na ɛda so ara retu wɔ Guadalcanal fã baabi.” Enti Adansefo a wofi Tetere a ɛwɔ bɛyɛ akwansin 19 wɔ Honiara apuei fam no antumi ankɔ fie na na nsu ayiri afa lɔre kwan no so dedaw. Enti wɔn mu pii daa Honiara wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Foxwood a fi nhyiambea hɔ kɔ ho bɛyɛ akwansin 9 no maa ade kyee.
Roland Cent te Foxwood mpɔtam hɔ. Enti bere a ɔde n’abusua kɔɔ fie akyi no, ɔsan baa nhyiambea hɔ sɛ ɔbɛboa abusua foforo ma wɔasan akɔ wɔn fie. Nanso ankyɛ na ohui sɛ worentumi ntu kwan. Ose: “Na nsubɔnten no nyinaa ayiri. Na nnua akɛse fii ase siw twene no ase ntokuru no wo Ngalibiu Asubɔnten no mu. Ofirikafo bi a na ɔreba no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmfa saa kwan no so. Enti mede abusua no kɔɔ me fie a ɛwɔ koko so no.”
Ehu wɔ C.D.C.
C.D.C. yɛ kurow bi a wɔakyekye wɔ Ngalibiu Asubɔnten no ho. Nnipa a wɔwɔ C.D.C. no mu pii kɔdaa Kwasida anadwo a wɔamma nsu a ɛretɔ no anhaw wɔn kɛse biara. Nanso nkurɔfo baanu bi a wɔn fi wɔ asubɔnten no ano pɛɛ no anna. Wɔde hu hwɛɛ asubɔnten no bere a ɛreyiri kɛse no.
Nanso bere a 3:00 a.m. bɔe no, na nsu no atwetwe. Mmarima baanu no kɔdae. Telefon so a wɔnam frɛɛ wɔn mu biako ma onyanee 5:00 a.m. Nea ɛmaa ehu kaa no ne sɛ na otumi hu sɛ nsu ayɛ ne turo no mu ma. Ɔne ne yere huru traa wɔn kar mu ntɛm ara na wɔkɔɔ baabi a ɛhɔ ye a ɛbɛn Foxwood.
Na ɔbarima biako a waka a ne fi bɛn asubɔnten no ano no nso ɛ? Wɔfrɛ no James Sulimae, na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Ɔno nso nyanee na otuu mmirika kɔbɔɔ n’afipamfo kɔkɔ. Bere a ɔne n’abusua a ehu aka wɔn traa ne lɔre mu no, ɔde n’ani kyerɛɛ baabi a ɛhɔ ye a ɛbɛn Foxwood. Ɔsan n’akyi baa hɔ mprenu bɛfaa nnipa afoforo.
Bere a Ade Kyee Anɔpa
Roland Cent kae sɛ: “Ade kyee Dwoda no na nsu retɔ na na mframa rebɔ kɛse. Wɔtoo nsa frɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛboa na wonkoyi nkurɔfo mfi C.D.C., na m’ankasa tumi kɔɔ hɔ mprenu kɔfaa nkurɔfo. Nkurɔfo towtow wɔn ho hwee lɔre no mu! Na mmarima resu na na wutumi te sɛ mmea ne mmofra reteɛteɛm.” Na ɛnyɛ den sɛ wubehu nea enti a ɛte saa. Na twene a ɛwɔ Ngalibiu Asubɔnten no so no adan nsu mu ban kɛse bi na na nsu a ayiri no pɛ sɛ ɛfa obiara!
Ɛnyɛ nnipa no nyinaa na wotumi yii wɔn. Sonia Dixon a ɔyɛ Ɔdansefo foforo a ɔte C.D.C. no kae sɛ: “Na yɛasiesie yɛn ho ama nea yesusuwii sɛ ɛbɛyɛ ɔhaw ketewaa bi, te sɛ turo a nsu ayiri afa no. Nanso bere a mmusua ahorow fii ase baa yɛn abansoro a ɛtoa so abien no so sɛ wɔbɛhwehwɛ guankɔbea no, yehui sɛ asɛm no yɛ aniberesɛm. Bere a 10:00 a.m. bɔe no, na nsu sen fa turo no mu!
“Na m’ani abere redi nnipa bɛyɛ 22 a nkokoaa 3 ka ho ahiade ho dwuma. Ebinom boroo nsu no beduu yɛn abrannaa so. Wɔboaa wɔn ma wɔbaa ɔdan no mu, wɔpopaa wɔn ho na yɛmaa wɔn kɔfe a ɛyɛ hyew ne aduan. Bere a me kunu Peter reboa me no na ɔde ahopere kɛse rehwɛ faako a nsu no sorokɔ adu na ɔde hama a yɛhata ade wɔ so no dua na ɛhwɛɛ nsu no mu dɔ. Nnua akɛse a ɛwɔ nsu a ɛresen no mu no fii ase pempem ofi no.
“Na Peter anim ayɛ hoaa na ehu kɛse kaa me. Peter faa yɛn babea Elizabeth a wadi mfe awotwe no gyinaa nkyɛn na ɔne no bɔɔ mpae. Me ne ɔdansefo foforo a ofi yɛn asafo no mu nso bɔɔ mpae. Nsu no kɔɔ so yiri baa soro. Mpofirim ara ɔkwan a ɛbɛma yɛanya ogye buei! Nnua akɛse no fii ase pempem nhwiren bi a atwa yɛn turo no ho ahyia no. Afei nsu no de n’ani kyerɛɛ baabi foforo na efii ase sen faa baabi a fi yɛn abrannaa no anim kɔ hɔ bɛyɛ basafa 15. Eyi na egyee yɛn nkwa.”
Adansefo Boa Afoforo
Esiane sɛ na Cent mmoa ho nhia bio wɔ C.D.C. nti, ɔsan kɔɔ fie. Wɔ hɔ no, na mmusua abiɛsa—ahum no mu aguanfo—abɛtra n’abusua nkyɛn. Adansefo mmusua afoforo yii ayamye adi kyerɛɛ wɔn afipamfo saa ara. Abusua biako gyee aguanfo 48 baa wɔn fie, wɔhwɛɛ wɔn so na wɔmaa wɔn aduan dii.
Adansefo binom de wɔn nkwa too asiane mu maa wɔn afipamfo. Nsu no faa Adansefo baasa a na wɔreboa nkurɔfo bi ma wɔaguan no mpofirim. Nanso nsu no san de wɔn baa asase so!
Cent se: “Afei ahum no kɔɔ so tui wɔ hɔ. Mframa no paa ɔdan bi a fi yɛn hɔ kɔ hɔ yɛ basafa 200 no so na ɛtetew anyinam ahoɔden nkanea nhama kaa ho. Wɔ ɛno akyi no, yɛannya nkanea nnawɔtwe. Mframa bɔe na nsu tɔɔ kɛse Dwoda anadwo. Nanso eduu Benada no, na nsu no agyae tɔ.”
Sonia ka sɛ eduu nnansa no na nsu no atwetwe kakra. “Elson Site a ɔyɛ bere nyinaa somfo ne Kristoni panyin ne mmerante baasa a wofi yɛn asafo no mu baa hɔ! Wɔde kwadu siaw kɛse ne ntɔmmɔ kotoku biako brɛɛ yɛn. Bere a wohui sɛ yɛn nsu asa no, wɔkɔe na nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, wɔbrɛɛ yɛn nsu.” Eduu Fida no Sonia ne n’abusua tumi pue fii wɔn fie.
Ahum no Akyi Asɛm
Owudifo Namu awie n’adwuma. Na nsupɔw no sotefo betumi afi ase ahwehwɛ nneɛma a asɛe no, na wɔakan nneɛma a wɔahwere ne nnipa a wowuwui no. Nnipa bɛboro ɔha na wowuwui. Nnipa bɛyɛ 90,000 afie bubu gui. Na mfuw a ɛho hia ma wɔn sikasɛm nhyehyɛe no sɛee.
Na Yehowa Adansefo ka nnipa a wɔn afie, nnuan, ne turo sɛee no ho. Wɔn Ahenni Asa a wohyiam som wɔ hɔ no mu du ho kae. Nanso Ɔdansefo biara anwu. Ankyɛ biara Adansefo a wɔwɔ Papua New Guinea ne Australia a ɛbɛn no de nnuan tɔn pii kɔmaa wɔn. Ɛdaa adi sɛ nhyiam no maa Adansefo a wofi Tetere no nyaa nkwa. Wonyaa wɔn ti didii mu wɔ ahum no mu wɔ Foxwood.
Enti na ɛyɛ awerɛhosɛm ma Sonia ne n’abusua sɛ wɔbɛkɔ wɔn Ahenni Asa a ɛho aka no so wɔ nnanu akyi akɔsom wɔ hɔ. Sonia ka sɛ: “Enti midii awerɛhow kɛse bere a yɛtow dwom bi a asɛm a etwa to no ne sɛ: ‘Sɛ yɛboa nnipa a wɔyɛ mmerɛw a, Onyankopɔn bɛwowaw yɛn’ no.”
[Kratafa 28 adaka]
“Ade kakra a onipa trenee wɔ no ye sen abɔnefo bebree ahonyade dodow. Na abɔnefo abasa bebubu, na [Yehowa] wowaw treneefo. [Yehowa] nim wɔn a wodi mu no nna, na wɔn agyapade bɛtra hɔ daa. Wɔn ani renwu bere bɔne mu, na wɔbɛme, ɔkɔm mmere mu. Na abɔnefo bɛyera, na [Yehowa] atamfo bɛyɛ sɛ sare momono fɛfɛ: wɔbɛhyew awie sã sɛ owusiw.”—Dwom 37:16-20.
[Kratafa 26 mfoni]
Ngalibiu twene no fã bubui bere a ahum Namu tui no
[Kratafa 27 mfoni]
Ahum Namu de hyɛn yi baa mpoano wɔ Honiara