Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 3/1 kr. 24
  • Onyankopɔn Nkurɔfo Fi Wɔn Pɛ Mu De Wɔn Ho Ma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Nkurɔfo Fi Wɔn Pɛ Mu De Wɔn Ho Ma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere A Ahum A Ekunkum Nnipa No Tui No!
    Nyan!—1987
  • Mo Ahenni Asa No Te Dɛn?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Mmeae a Yehyiam Som
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Ahenni Asa Adansi Adwuma—Ade a Ɛho Hia wɔ Ɔsom Kronn Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 3/1 kr. 24

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Onyankopɔn Nkurɔfo Fi Wɔn Pɛ Mu De Wɔn Ho Ma

NÁ NE din de Yosef, na na ofi supɔw Kipro so. Ná ɔka afeha a edi kan mu Kristofo a wɔtontɔn wɔn nsase ne adan na ama wɔatumi ayi sika fam ntoboa de aboa ma Kristosom anya nkɔso no ho. Esiane n’ahummɔbɔ ne n’ayamye nti, wɔbɛfrɛɛ no Barnaba, a ne nkyerɛase ne “Awerɛkyekye Ba.”—Asomafo no Nwuma 4:34-37, NW.

Nokware anigye a wɔkyerɛ wɔ afoforo ho saa no ayɛ Yehowa nokware asomfo agyiraehyɛde bere nyinaa. Saa ara na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no te, sɛnea osuahu a edi so yi a efi Solomon Islands da no adi no.

Adansefo kuw bi a wɔn dodow bɛboro 60 a wofi Australia ne New Zealand tuu kwan kɔɔ Honiara, Solomon Islands ahenkuro a ɛwɔ Guadalcanal so no. Wɔba bɛboae ma wosii Nhyiam Asa bi a Kristofo bɛyɛ nhyiam akɛse wɔ so. Egyee wɔn adapɛn abien pɛ na wɔde sii asa a etumi fa nnipa 1,200 no!

Bɛyɛ saa bere no ara mu na kurow ketewa Munda a ɛwɔ supɔw New Georgia so no atumfoɔ maa Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ no asase wɔ kurow no mfinimfini pɛɛ. Ná wɔpɛ sɛ wosi Ahenni Asa, baabi a wɔsom. Na na wohia bi ankasa. Na wohyiam wɔ mpopadan ketewa bi asa so, nanso na wonni nneɛma a wɔde besi Ahenni Asa.a Ná asafo no mufo dodow no ara yɛ nkwakoraa ne mmerewa, ayarefo ne mmofra, na na wɔn mu biara nni adansi ho nimdeɛ.

Adansefo a wɔwɔ Honiara kuropɔn a ɛwɔ supɔw Guadalcanal a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 380 no, fi wɔn pɛ mu de wɔn ho mae. (Dwom 110:3) Wonyaa adwene sɛ: “Sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ aman afoforo so nyaa ɔpɛ sɛ wobesi Nhyiam Asa ama yɛn wɔ adapɛn abien mu a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi aboa yɛn nuanom a wɔwɔ Munda no asi Ahenni Asa ama wɔn adapɛn abien mu.”

Saa ara na ɛbae. Da koro, ahyɛmma bi a Adansefo a wɔde wɔn ho ama a wɔwɔ anigye ne ɔpɛ ahyɛ no ma baa Munda. Mmarima ne mmea, mpanyin ne mmofra, wɔn nyinaa yii wɔn nneɛma a na adagyew nnim koraa, na wosiesiee wɔn ho sɛ wɔde nnua, semɛnte, nkyɛnsee a wɔde kuru dan, ne nneɛma afoforo a na adi kan wɔ Munda no besi ɔdan no.

Wofii adwuma no ase no, ankyɛ na aprannaa bi paapae maa kurow no mu nsu twitwae. Nanso, eyi anyɛ akwanside. Adansefo no tuu abura a wonyaa nsu fii mu de sii ɔdan no wiei. Aduan a na adwumayɛfo no nyinaa bedi nso ɛ? Na ɛno nso nyɛ asɛnnennen. Adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama a wofi Honiara bae no de nnuan pii a asafo ahorow a ɛwɔ Honiara de mae no kaa wɔn ho bae. Wɔn ankasa de wɔn aduannoafo mpo bae!

Afipamfo no de ahodwiriw hwɛɛ sɛnea ɔdansi no kɔɔ so no. Wɔn mu biako kae sɛ: “Nneɛma nnkɔ so saa wɔ nna kakraa bi mu wɔ ha. Egye mfe pii.” Ofipamfo foforo, a ɔyɛ nyamesom kannifo, gye toom sɛ n’asɔre no resi ɔdan bi a adi mfe 20, na wonnya nwiei. Nea ɛne no bɔ abira no, wosii Yehowa Adansefo Ahenni Asa foforo a ɛwɔ Munda no wiei wɔ dadu pɛ mu!

[Ase hɔ asɛm]

a Wotwa mpopadan ho nneɛma fi wura anaa kwae mu. Wɔde nnubaa ne nnua na egyina, na wɔde berɛw a wɔde hama anwene afa nnubaa ho na ekuru so de bi yɛ afasu.

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 24]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Pacific Kesee Fam Po

SOLOMON ISLANDS

Munda

GUADALCANAL

Honiara

[Asase mfonini]

AUSTRALIA

NEW ZEALAND

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena