Wiase No Fi 1914
Ɔfã 1: 1920-1928 1920 Mfe A Na Ɛrebobom No—Kommyɛ Bere A Edii Basabasayɛ Anim
Wɔ 1983 mu no Nyan! kyerɛw nsɛm ahorow abiɛsa a na ɛfa Wiase Ko l ho. Afei de yɛrekyerɛw nsɛm ahorow awotwe a ɛfa nsɛm atitiriw a asisi fi saa ɔko no so no mu binom ho. Saa nsɛm a esisii yi aka obiara a ɔte ase, na ɛkɔ akyiri sen sɛnea ebia yɛn mu pii susuw. Yegye di sɛ w’ani begye WIASE NO FI 1914 a ne fã a edi kan na edidi so yi akenkan ho.
ABAKƆSƐM kyerɛwfo Hans Kohn ka nea efii ɔko a edi kan a ɛkaa obiara wɔ adesamma abakɔsɛm mu a ɛne Wiase Ko I no mu bae no ho asɛm sɛ nnipa pii “anhu sɛ na wɔrehu nsakrae bere wɔ nnɛyi abakɔsɛm mu.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ bere a ɔko no baa awiei akyi mpo no, na “nnipa kakraa bi na wonim sɛ asakra nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa no adwene kɛse, anaasɛ wɔ bere tiaa bi mu no, nsakrae yi bɛda adi wɔ hyehyɛ a wɔbɛsan ahyehyɛ aman ne amanaman ntam asetra no mu.” Na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa? Anyɛ yiye koraa no, na ɛte sɛ nea 1910 mfe no rekowie yiyedi mu.
So na Versailles Paris Asomdwoe Apam a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase wɔ Paris Asomdwoe Nhyiam no ase no mmaa ɔko no mmaa awiei? So na nhyiam yi nyɛ nea ama wɔahyehyɛ Amanaman Apam no a na ɛbɛka wiase no abom wɔ asomdwoe mu? So na si a wɔde sii hɔ wɔ January 16, 1920 mu no nyɛ ade a ɛbɛma wɔagye adi sɛ afei de wobetumi asiw wiase nyinaa ɔko foforo ano?
1920 Mfe a na Ɛrebobom—Edin a Ɛfata
Wiase nyinaa tebea a ɛbɛyɛɛ nea biribiara mfa obi ho a efii ase wɔ 1914 mu no sɛee anigye a na ɛwɔ 1890 Anigye Mfe (edin a wɔde frɛɛ 1890 mfe no) wiase no mu no. Afei a na ɔko no aba awiei no, na nnipa a wɔahaw no pɛ sɛ wɔn werɛ fi ntɛm ara sɛnea wobetumi. Ne titiriw, wɔ Europa no, na nea wohu ne amammuisɛm mu basabasayɛ ne sikasɛm nhyehyɛe a asɛe. Abakɔsɛm kyerɛwfo R. B. Gruver se “mmofra pii tee nka sɛ wɔanya nkwa wɔ ɔko a na enni atirimpɔw a wɔn mpanyimfo kaa wɔn hyɛɛ mu no mu. Esiane adwene yi nti, wofii ase buu nnyinasosɛm a mpanyimfo di akyi no sɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye kɛse wɔ ho. . . . Wɔmaa honam fam yiyedi ne ahotɔ a wobenya gyee wɔn adwene.”
Na wɔ United States nso ɛ? Gruver se: “Na ɛte sɛ nea Amerikafo pii gye di sɛ nea ɛbɛyɛ biara nneɛma ne agyapade bo bɛkɔ soro, ne sɛ, obi a ɔtɔ biribi nnɛ no betumi atɔn no ɔkyena anya mfaso. . . . Sika a wobenya ho adwene trɛwee [bere a] ayifo, akyerɛwfo, mfiri a wɔde moma nneɛma so ho adwumayɛfo de hokwan a wɔwɔ no pɛɛ sika wɔ sikasɛm nhyehyɛe a na emu retrɛw no mu no.”
Wɔ aman a ɛwowɔ Atlantic no ho nyinaa mu no, wohuu anigye ne honam fam adedodowpɛ honhom yi wɔ wɔn abrabɔ ne wɔn su ne wɔn nnwom mu, nea Gruver ka ho asɛm sɛ: “Nnwom a na agye din wɔ 1920 mfe no mu nso daa sɛnea wɔapow amammerɛ ne nkate mu a obi fi yɛ ade, ahopɛ su, ne abrabɔ bɔne a wosi so dua foforo no adi.” Afei dwom a wɔfrɛ no Jazz a Amerikafo ma ɛbɛkaa afeha a ɛto so 20 no mu nnwom ho no baa so kɛse. Na ɛyɛ “dwom a ɛkyerɛ sɛnea awo ntoatoaso bi bu ntoboase ne obu animtiaa.” Abrabɔ ho gyinapɛn a akyɛ a wɔpowee yi maa ɔkyerɛwfo F. Scott Fitzgerald kaa 1920 mfe no ho asɛm sɛ Jazz Mfe. Na sɛnea wogyee jazz toom wɔ wiase nyinaa no, saa ara na wɔyɛe wɔ anigyede a na wɔhwehwɛ su a na egyina hɔ ma no nso ho.
Ebia wobegye akyinnye wɔ onii a odii kan too ɔko akyi bere yi din sɛ 1920 Mfe a na Ɛrebobom no ho. Nanso wɔrennye akyinnye kɛse wɔ fata a edin no fata no ho. Wɔkyerɛ “mmobom” ase wɔ ɔkwan biako so sɛ: “Nea yiyedi hyɛ no agyirae . . . titiriw nea ɛntra hɔ nkyɛ.” Ɛno fata 1920 mfe no ampa. Ɛyɛ mfe a na yiyedi wom na nea na wohu titiriw ne anigye, ahonya, ne akɔnnɔde a wobenya a enni anohyeto biara. Nanso bere tenten ansa na saa mfe no reba awiei no, asiane ahorow ho sɛnkyerɛnne daa no adi sɛ “mmere pa” no rentra hɔ nkyɛ.
Amammuisɛm mu Basabasayɛ Fi Ase
Wɔ 1920 mfe no nyinaa mu no, na Amanaman Apam no gu n’adwuma a ɛyɛ den a ɛne sɛ ɛbɛkora asomdwoe so no so. Na eyi yɛ adwuma a ɛyɛ den yiye. Gerhard Schulz a ɔyɛ Nnɛyi Abakɔsɛm ho ɔdenimfo wɔ Germany Sukuupɔn a ɛwɔ Tübingen no mu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔmampɛ angu wɔ wiase ko no mu na ahyɛ mu den bio ampa no maa mfitiase amammuisɛm, abrabɔ ne sikasɛm ho ɔhaw a ɛfa asomdwoe ho no bɛyɛɛ kɛse. Wɔnam fasist nniso a na Benito Mussolini di so no so kanyan ɔmampɛ honhom wɔ Italy bere a wɔ Japan no, na wɔnam asraafo nkɛntɛnso fa na ayɛ kɛse so no. Na Chinafo komunism renya nkɔso bere a na tumi a ɛwɔ no ase atim wɔ Rusia wɔ October 1917 ɔman anidan no akyi no. Ɔmampɛ honhom yi mu biara ammoa nea Amanaman Apam no reyɛ no.
Wɔ Germany no na ɔman Sohyialist a akyiri yi wɔde edin Nazifo a mfitiase no wɔde di wɔn ho fɛw frɛ no no renya akyidifo. Wɔ 1928 mu no, wɔn kannifo hantanfo Adolf Hitler kaa ɔmampɛ honhom a ɛsɛ sɛ wɔsan kanyan no ho asɛm bere a ɔkaa sɛ: “Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yegye yɛn nkurɔfo fi amanaman ntam nsɛm a ɛhaw adwene no mu na yɛhyɛ da tete wɔn ma wonya ɔmampɛ honhom a emu yɛ den. . . . Hokwan biako pɛ na ɛwɔ hɔ wɔ wiase no mu na hokwan yi wɔ obi ahoɔden ankasa mu.”
Wɔ United States no, ɔmampɛ nam afoforo ho a wɔtwe wɔn ho fi no so na ɛbae. Na Amerikafo pii pene so sɛ wɔbɛma Europafo ahu nea wɔn ankasa ama aba no mu amane. Afei nso na wɔsɔre tia Amanaman Apam a na ebinom frɛ no “adebɔne a ekura din kronkron” no muni a ɔman no bɛyɛ no. Wɔ ɔmampanyin Wilson adesrɛ nyinaa akyi no, Mmarahyɛ Bagua (Congress) no gyaw ne ho maa honhom a na ɛwɔ hɔ saa bere no, na wɔ 1920 mu no wɔtoo aba tiaa kuw no muni a America bɛyɛ no.
Asiane akɛse a na ɛnna adi wɔ amammuisɛm mu akameakame a na ɛrekɔ so no mu yɛɛ kɛse denam hu a wɔanhu anaasɛ wɔn ani a wobu guu so no so. Nanso na wɔreto nhyɛase ama basabasayɛ a ɛyɛ hu a ɛbɛsɛe ade kɛse asen biara a wɔahu pɛn.
Asetra Mu Nsakrae ho Mframa a Ano Yɛ Den
Nea na ɛka amammuisɛm mu akameakamedi a ɛyɛ hu no ho ne asetra mu nsakrae ho mframa a ano yɛ den no. Su ne gyinapɛn ahorow a nkurɔfo wɔ no sakrae bere a wɔde wɔn ho hyɛɛ aguadi nhyehyɛe a bere bi na anka enni hɔ mu no. Afei de na wobetumi ayɛ nneɛma ahorow a ɛma ahotɔ te sɛ kar, radio, ne fridge ahorow pii ama obiara anya bi. Nea ɛbɛyɛ na ne tɔ akɔ so nti nneɛma ho dawurubɔ bɛyɛɛ adwuma a ɛma wonya sika ntɛmntɛm. Ɛde nneɛma a wofiri na wotua no nkakrankakra ho nhyehyɛe bae na ɛbɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛtwetwe nkurɔfo ma wɔatɔ nneɛma a ebia wonhia, ne nea ebia wɔmpɛ mpo a ne nyinaa yɛ nea wonni sika a wɔde betua ho ka ankasa. Wohui sɛ radio yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wobetumi afa so de adi wɔn botae yi ho dwuma, na wɔde dii dwuma kɛse nso.
Ɛwom sɛ na nneɛma afoforo a wɔayeyɛ no ma wonya bere a wɔnsɛe wɔn ahoɔden pii de, nanso na ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔn ani gye ho; na saa ara na ebinom nso kae sɛ ɛma nkurɔfo yɛ anihaw na ɛsɛe nnipa. Sɛ nhwɛso no, bere a edi kan a ɔbea panyin bi huu brodo a wɔatwitwa dedaw wɔ aduantɔnbea bi no ɛhaw no kɛse. Ɔwosow ne ti na ɔkae sɛ: “Sɛ nkurɔfo ayeyɛ akwadworɔ araa ma wontumi ntwitwa wɔn ankasa brodo a, ɛnde na wuntumi nhu nea ɛreba wiase.” Sɛ ɔwɔ hɔ nnɛ a, anka dɛn na ɔbɛka?
Nanso na tebea no yɛ nea anibere wom sen saa. Nneɛma a na ɛnyɛ den sɛ nsa bɛka a na wɔrebɔ ho dawuru no maa nkurɔfo twee wɔn adwene fii honhom mu nneɛma so nkakrankakra kɔɔ honam fam nneɛma so titiriw. Ná nyamesom ahorow no fi bere tenten adi huammɔ wɔ honhom mu akwankyerɛ a wohia a wɔde bɛma no mu na na wontumi nsiw twe a nkurɔfo retwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no ano. Nnipa a na wɔn dodow rekɔ anim bere nyinaa fii ase hyɛɛ nnipa nkyerɛkyerɛ ne nyansapɛ ahorow ho nkuran. Sɛ nhwɛso no, Gruver ka kyerɛ yɛn sɛ ‘nnipa a na wɔyɛ ahopɛfo ne pɛsɛmenkominyafo no ani gyee adwene mu nhwehwɛmu ho nyansahu a Sigmund Freud de bae no ho yiye.’
Darwin adannandi nkyerɛkyerɛ no nso boa ma wɔpopaa Onyankopɔn ne Bible no mu gyidi fii hɔ koraa. Sɛnea nhoma a wɔfrɛ no Europa zwischen den Kriegen (Europa wɔ Ɔko Ahorow no Ntam) ka kyerɛ yɛn no, wɔrentumi mmu ani ngu sɛnea ɛkaa abakɔsɛm no so. Ɛfrɛ Hitler a na ogye di yiye sɛ ka a wɔka sɛ ahoɔdenfo na wonya nkwa no yɛ adebɔsu mu mmara no “Darwin suani nokwafo.” Ne kyerɛwfo Hermann Graml kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná n’adwene wɔ ɔko ho” ne sɛ ɛyɛ “ɔkwan pa a wɔfa so de ka amanfo bom a ɛho hia sɛnea ɛbɛyɛ a obi betumi ahyɛ n’ankasa nkurɔfo den, na obi a ɔyɛ ɔmanyɛfo nokwafo biara bɛbɔ mmɔden sɛ ɔde ne ho bɛhyem.”
Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔmaa kwan maa saa asetra mu nsakrae a ɛte sɛ mframa a ɛsɛe ade yi gow ne gyidi wɔ Onyankopɔn ne n’Asɛm mu no mu. Sɛ nhwɛso no, ebinom de mfiridwuma mu nkɔanim te sɛ radio dii dwuma de kasa maa wɔn Bɔfo no. Ná eyi bɔ wɔn a na wɔnam radio so rema wɔn pɛsɛmenkominya aguadi nneɛma anya nkɔso no abira. Wɔ 1924 mu no, Kristofo kuw bi a na wɔne Ɔwɛn Aban Asafo no bɔ fekuw daa radio adwumayɛbea a na wɔfrɛ no WBBR a ɛne nea edi kan wɔ New York Kuropɔn mu a na wɔmfa mpɛ sika no adi. Wɔkɔɔ so de dii dwuma de kosii 1957 mu, na wɔtɔnee, bere a na adi n’atirimpɔw ne Onyankopɔn Ahenni nneɛma ho dwuma wɔ bɛyɛ mfirihyia aduasa mu akyi no.
1920 Mfe a na Ɛrebobom no ne “Gyata a Ɔbobom” No
“Ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden.” So eyi ka 1920 Mfe a na Ɛrebobom no ho asɛm anaa? Yiw, ɛwom sɛ ɔsomafo Paulo kyerɛw eyi bɛyɛ mfe mpem abien ni de. Nnipa mmerɛwyɛ ahorow a wɔabobɔ din wɔ ha a wohuu wɔ 1920 Mfe a na Ɛrebobom a na sika ho adwene ahyɛ mu ma, abɔ anigyede ho dam, na ayɛ mmerɛw wɔ honhom mu no mu titiriw no nyɛ nea ɛne no behyiae ara kwa. Ná ɛyɛ adanse a mfomso biara nni ho sɛ wiase no adu faako a Paulo frɛɛ no “nna a edi akyiri” no mu. Ná ɛkyerɛ nso sɛ “Ɔbonsam . . . a ɔte sɛ gyata a ɔbobom no” reyere ne ho wɔ dwuma a ɔredi sɛ ɔbɛtwe nnipa nyinaa afi wɔn Bɔfo no ho no mu.—2 Timoteo 3:1-5; 1 Petro 5:8.
Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔako atia eyi nti Kristofo a wɔne Ɔwɛn Aban Asafo no bɔ fekuw no fii ase yeree wɔn ho wɔ wɔn ankasa dwumadi a ɛne sɛ wɔbɛbɔ nokware som bo ban no mu. Wɔ 1922 mu no, wɔmaa dawurubɔ a na wɔde reda Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no adi no mu yɛɛ den. Sɛnea ɛbɛyɛ a nhoma ahorow a ɛfa Bible ho a wotintimii no bɛkɔ so ntɛmntɛm nti wɔn ankasa sii wɔn tintimbea wɔ 1927 mu wɔ Brooklyn. Ɛwom sɛ na “adawurubɔfo” no dodow sua de, nanso wɔ 1928 mu, bere a na 1920 Mfe a Ɛrebobom no rekɔ n’awie no, na wɔn mu 44,080 reka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ aman 32 so wɔ wiase nyinaa. “Gyata a ɔbobom” no antumi ansiw eyi ano.
Ná asɛm koro no ara na wɔka wɔ baabiara: nyansa a enni mu sɛ obi de ne werɛ bɛhyɛ honam fam nneɛma, nnipa nkyerɛkyerɛ, anaasɛ amammui nhyehyɛe ahorow, te sɛ Amanaman Apam no mu sen sɛ ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn Ahenni no mu mmom no. Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ July 15, 1926 mu no kaa no akokoduru so sɛ Amanaman Apam no yɛ ade a wɔde tia Onyankopɔn, na ese: “Gye a asɔfo agye atom sɛ ɛyɛ Mesia ahenni no nsiananmu no ama esum akata nnipa a wɔwɔ wiase no nyinaa so. . . . Awurade kaa n’awo, tra a ɛbɛtra hɔ bere tiaa bi, ne ne daa awiei a ɛbɛba no ho asɛm siei.—Adiyisɛm 17:10, 11; Yesaia 8:9, 10.”
Ná saa Kristofo yi gye di ampa sɛ Onyankopɔn atemmu da no rebɛn ntɛmntɛm. Nanso nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ 1920 Mfe a na Ɛrebobom no ba awiei wɔ mframa foforo, nea ɛfa sikasɛm ho, a ɛbɛbɔ mu a na ɛbɛba bere a wɔnhwɛ kwan no. Ná ɛno nso bɛbɔ kwan ama amammui mu mframa bi abɔ a ɛbɛma asɛm “ɔko” anya ntease foforo. Kenkan asɛm yi fã a ɛto so abien no wɔ Nyan! a ebedi hɔ aba no mu a ne ti ne: “Wiase Nyinaa Ɔhaw ne Ɔko mu a Ɛde Ne Ho Hyɛe Bio.”
[Kratafa 15 adaka]
Nsɛntitiriw Afoforo a Esisii
1919—Austria, France, Netherlands, Sweden, Spain, ne
Yugoslavia gye toom sɛ wɔbɛyɛ adwuma nnɔnhwerew awotwe da biara
1920—Mohandas Gandhi nyaa akyidifo wɔ ɔsɔretia a basabasayɛ nni mu ho adwene no mu wɔ India
United States maa kwan sɛ mmea ntow aba (anyɛ yiye koraa no na aman ahorow 13, a New Zealand ka ho ayɛ saa dedaw wɔ 1893 mu)
1921—Wonyaa Insulin a na wɔde bɛsa asikyere-yare
Wɔkyɛɛ Ireland mu yɛɛ no Irish Free State ne Northern Ireland
1922—Wɔtew Union of Soviet Socialist Republics
1923—Nnipa bɛboro mpem ɔha wuwui wɔ Tokyo asasewosow no mu
1924—Wɔyɛɛ kar a wofrɛ no Ford no nea ɛto so ɔpepem du wɔ Detroit mfiriyɛ adwuma mu; ná biako a Wɔfrɛ no Model T no bo nnu $300
1925—Wodii kan yɛɛ television ho biribi wɔ Britania, Germany, ne United States
1926—Bere a edi kan a wɔde ɔsraman a wɔde nsu ne petrol agu mu tui; ɔsraman no tumi tu twaa anammɔn 184 wɔ anibu 2.5 mu.
1927—Charles Lindbergh nkutoo de wimhyɛn fii New York kɔɔ Paris a na ɛno ne nea edi kan
Belgiumni ɔsoro nneɛma ho ɔdenimfo Georges Lemaître de nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛ nneɛma bi a ɛpem mu denneennen na ɛde ɔsoro ntrɛwmu bae no sii hɔ
Wɔyɛɛ Hollywood mfiri a ɛkyere kasa a edi kan
1928—Wɔyɛɛ Penicillin
Walt Disney yɛɛ ne sini, Mickey Mouse, a edi kan no
Kingsford Smith ne n’ahokafo de wimhyɛn tu faa Pacific Po no so nea edi kan
[Kratafa 14 mfoni]
Anigye ne aseresɛm hyɛɛ 1920 Mfe a na Ɛrebobom no ma
[Asɛm Fibea]
The Bettmann Archive
[Kratafa 16 mfoni]
Efi 1922 de reba no, J. F. Rutherford a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban asafo no titrani no de radio dii dwuma de bɔɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru