Asiane Ahorow—Bere A Wɔde Yɛ Ɔdɔ Nnwuma
Efi Jamaica “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
Sɛ wɔkyekyem a, asiane akɛse 26 na ɛka wiase no afe biara, a nsuyiri na edi kan. Ɛno ne nea ɛtaa sisi, na ɛsɛe nnipa ɔpepem pii asetra, afe biara. Sɛ asiane bi—kɛse ɛmaa ketewa—si wɔ wo mpɔtam hɔ a, dɛn na mobɛyɛ? So wubeyi ɔdɔ adi akyerɛ afoforo? So wubehu sɛnea wobɛyɛ no? Ebia asɛm a edi hɔ yi betumi aboa wo.
“NSU, nsu, Rio Minho Asubɔnten no ayiri! Obiara nsɔre nguan. Asubɔnten no rebu afa so!” Ahopere mu nteɛteɛm a wɔtee wɔ June 6, 1986 mu anɔpa no maa Tony Burgher ne ne yere ani baa wɔn ho so. Ná eyi nyɛ ehuyi bi ara kwa. Wohuru fii mpa so sii fam, wɔfaa wɔn babarima a wadi mfe 3 no, na wɔpere guan kɔɔ suhyɛ no so. Ɛnyɛ Tony ne ne yere nkutoo na woguan saa.
Jamaica supɔw no sotefo a wɔwɔ kusuu fam no mu pii nso sɔre fii nna mu na wohuu nsu a atɛkyɛ wom wɔ wɔn mpa ase. Dɛn na na aba? Ná nsu atɔ dennen nna pii wɔ nkoko a ɛwɔ Verte tataw so no so. Nsu a ɛresen no maa Rio Minho Asubɔnten no yiri koduu baabi a ebu faa ne kɔn so na ehwiee nsu a atɛkyɛ wom pii guu tataw no so.
Adekyee no na wohuu nneɛma pii a asɛe bere a nsuyiri a ano yɛ den no bu faa afi mu, faa nkongua ne wɔ mmeae bi no adan ankasa: ɛfaa afuw so mmoa; sɛee kuadwuma nnɔbae ahorow; na ɛde atɛkyɛ a emu piw beguu afi a ansɛe mu no. Esiane akwan ne twenee ahorow bi a ɛsɛee no nti nkuraa no bi tew gyawee. Ná ɛsɛ sɛ apofofo akorow ne asraafo wimhyɛn (helicopter) kogye wɔn a ɛkãã wɔn no nkwa.
Ogye ho Nhyehyɛe a Wɔyɛe
Ná Adansefo a wɔwɔ Ɔwɛn Aban baa dwumadibea a ɛwɔ Kingston no mfɛfo Adansefo a wɔwɔ beae a asɛm no sii hɔ no ho asɛm haw wɔn. Enti anɔpa a edi hɔ no, Baa Boayikuw no mufo baasa de kar tuu kwan kɔɔ baabi a na ɛhɔ asɛe kɛse no. Wɔ nkwatikwan pii sɛnea ɛbɛyɛ na wɔrenhyia nsuyiri no akyi no, wɔkɔtoo ɔpanyin bi a ɔwɔ asafo ahorow a ɛwɔ mmeae a nsuyiri no baa hɔ no mu biako mu. Ɔde wɔn kɔɔ Tony Burgher a ɔyɛ ɔsomfo ɔkwampaefo titiriw no fie. Saa bere no na Tony ne n’abusua no afi suhyɛ no so akɔtra sukuudan bi a wɔde redi dwuma sɛ ogye dwumadibea no mu. Tony bɔɔ Boayikuw no anuanom afoforo a wɔn ho aka no ho amanneɛ. Bere a wɔde ntɛmpɛ asusuw wɔn nneɛma a wobehia ntɛmpa no ho awiei no, wɔne mpanyimfo a wɔwɔ asafo a ɛbɛn hɔ no mu no yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔde aduan bɛbrɛ nsuyiri no mu amanehunufo no. Ɛbɔɔ nnɔnnum saa awia no, na wɔn nsa aka nea wɔde rebrɛ wɔn no.
Wɔ Kwasida a ɛyɛ nsuyiri no akyi da a ɛto so abien no, wɔde adesrɛ kɔɔ asafo horow a ɛwɔ Kingston no nyinaa mu sɛ wɔmfa nnuan, ntade, nsu a wɔnom mmɛboa. Wɔyɛɛ ho ade ntɛm na wofi ayamye mu de nneɛma a wohia no pii bae baa dwumadibea hɔ. Awia no mu no wɔde nneɛma a wɔde abɛkyɛ no lɔre kɛse biako ma kɔmaa wɔn a nsuyiri no aka wɔn no.
Nnwuma a Efi Ɔdɔ mu a Wofi Susuw Afoforo ho Mu
Ntoboa ahorow a wɔde baa baa dwumadibea hɔ no boroo nea na wɔn a wɔhweree wɔn nneɛma no hia no so koraa. Bere a Ɔdansefo bi babarima a wadi mfe 13 a wadi dɛm no tee asiane no ho asɛm no, ɔde ne sika a wasie nyinaa a ɛyɛ U.S. dɔla 160 no maa Asafo baa dwumadibea no sɛ wɔmfa mmoa. Ɔfoforo nso susuw wɔn honhom fam ahiade ho na ɔde Bible a wɔakyekyere ho mae. Tony kae sɛ: “Bere a yehuu mmɔborohunu ade a efi yɛn nuanom hɔ no, nnipa pii ani taataa nsu.”
Nsuyiri no akyi dapɛn biako no, Adansefo kuw bi san baa beae a nsu yirii wɔ hɔ no bɛprapraa afi a na dɔte ahyɛ no ma no mu na wosiee mmoa a wɔawuwu no afunu. Ná onuawa bi a aka ne nan biako ka wɔn a wotuu wɔn ho mae no ho. Ɛwom sɛ wadi dɛm de, nanso ɔdɔ kaa no ma otwaa akwansin 60 sɛ ɔrekɔboa ne honhom fam anuanom.
Ná atɛkyɛ a emu dɔ bɛyɛ anammɔn abiɛsa akata Ahenni Asa no fam hɔ. Nanso esiane sɛ anuanom no nim sɛ ‘ɛnsɛ sɛ wogyae wɔn ho wɔn ho nhyiam’ nti, wɔyɛɛ adwuma koduu Memeneda anadwo nyinaa—ɛda a edi nsuyiri no akyi no de siesiee asa no maa Kwasida. (Hebrifo 10:25) Hwɛ sɛnea wɔn ani gyei bere a nnipa 16 baa nhyiam no ase Kwasida anɔpa no!
Nsɛm a Wɔkae wɔ Onuadɔ Nnwuma no Ho
Jamaica nniso no yɛɛ ogye ho nhyehyɛe maa wɔn a ɛkaa wɔn no nyinaa wɔ supɔw no so nyinaa na afei nso wɔyɛɛ aprapra ho nhyehyɛe wɔ ɔman no mu nyinaa, nanso ɔhare a Yehowa Adansefo da bae bɛboaa wɔn honhom anuanom ne anigyefo ma wɔprapraa wɔn afi mu no kaa bɛhwɛadeni bi ma ɔkae sɛ: “Adansefo no yɛɛ adwuma ntɛmntɛm sen nniso no.”
Ɔbea biako bi ka kyerɛɛ ne fipamfo a ɔyɛ Ɔdansefo sɛ: “Wo ara hwɛ sɛ wɔde nsu a wɔnom fi Montego Bay [fi hɔ kɔ boro akwansin 100] brɛɛ mo; wɔwɔ ɔdɔ ampa!” Bere a Ɔdansefo bi busuani a onnye nni huu afoforo ho a wosusuw ne ɔdɔ a woyii adi no, ɔkae sɛ: “Minnye kwan a wɔfa so som no nni, nanso ade biako a ɛsɛ sɛ meka ne sɛ, Wɔwɔ ɔdɔ paa.”