“Misusuwii sɛ Mogya a Wɔtwe gu Obi mu Yɛ Nkwa, Ɛnyɛ Owu”
SAL Cirella a na ne ba yare jaundice no na ɔkaa saa asɛm yi wɔ U.S. television so dwumadi a wɔfrɛ no 20/20 no mu wɔ December 11, 1986 mu. Wɔmaa ne babea Tracy mogya sɛ “ayaresabea nhyehyɛe,” ɛwom sɛ na awofo no mpene so de. (Nea ɛne no hyiae no, wɔnyɛ Yehowa Adansefo a esiane ɔsom mu ntease nti wɔpow mogya a wɔtwe gu obi mu no.) Onyaa jaundice fii mu na berɛbo foforo a wɔde maa no no nkutoo na egyee no nkwa.
Tracy nyaa jaundice bi a wɔfrɛ no non-A/non-B hepatitis no bi. Saa TV so dwumadi no ara bɔɔ amanneɛ sɛ: “Amerikafo bɛboro 190,000 na wonya bi fi mogya a wɔde ma wɔn mu afe biara. Ɛsɛe berɛbo no wɔ ɔkwan a ɛnsan nyɛ yiye bio so anaasɛ ekum nea ɛreyɛ adu nnipa 10,000 afe biara. Anka ɛreyɛ akum Tracy.”
Oduruyɛfo bi a wɔayɛ oprehyɛn ahorow 14,000 a mogya nka ho no nso kyerɛe sɛ: “Mihu sɛ nkurɔfo de mogya ma wɔn a wonhia bi koraa no wɔ ɔkwammɔne so, na anyɛ hwee no, wɔde mogya a wɔtwe gu obi mu no kata wɔn ankasa nkate mu mmerɛwyɛ so. Misusuw sɛ ɛno mfata koraa.” Oduruyɛfo foforo a na anka ɔyɛ U.S. Food and Drug Administration ɔpanyin no kae sɛ: “Migye di sɛ wɔde nneɛma ahorow a mogya wom no di dwuma ma ɛboro so. Misusuw sɛ adanse ahorow pii wɔ hɔ a wobetumi de asi eyi so dua. Su a ɛsɛ sɛ wɔsakra no ne nnuruyɛfo no su, nea wɔhyɛ sɛ wɔmfa mma ayarefo no. Wɔde mogya pii ma dodo.”