Ayɔnkofa A Mfaso Wɔ So Wɔ Mmoa Wiase
SHAKESPEARE kyerɛwee sɛ: “Adebɔ kyerɛ mmoa ma wohu wɔn nnamfo.” Na, nokwarem no, ayɔnkofa a mfaso wɔ so pii wɔ mmoa wiase no mu. Eyinom mu biako fa nantwinoma bi a ɔwɔ South Africa no ho.
Saa anomaa a ne mu tenten bɛyɛ nsateakwaa awotwe yi wɔ ano a ɛtrɛw, emu yɛ duru na ɛyɛ akokɔ srade anaasɛ kɔkɔɔ, anan ntiantiaa, ne awerɛw a emu yɛ den. Mpɛn pii no wohu sɛ osi mmoa akɛse te sɛ susono ne anantwi akyi. Dɛn ntia? Nantwinoma no rehwehwɛ wɔn ho ntokuru anaa mpomponoe biara a ɛwɔ wɔn were mu no mu, hwehwɛ sɛ ɔbɛtete sommɔre a wopira aboa no a onni adagyew. Nanso, n’adwuma no nyɛ nea akatua nni so, efisɛ saa sommɔre yi yɛ nantwinoma no aduan titiriw.
Mmoa ne nnipa nyinaa nya mfaso fi nantwinoma no adwuma no mu. Nnomaa ho ɔbenfo Oliver Austin, Jr. kyerɛ sɛ “Ahamufo ne nkuraasefo akuafo ani gye [nantwinoma no] ho kɛse sɛ ɔtete sommɔre fi wɔn anantwi ho.” Nanso wɔ Afrika abɔmmɔfo fam no, nantwinoma no haw adwene. Ɔkwan bɛn so? Fa w’ani bu ɔbɔmmɔfo a ɔyɛ nwaanwaa bɛn aboa bi a ɔpɛ sɛ ɔtow no tuo. Mpofirim ara, ɔwɛnfo a n’ani da hɔ—nantwinoma no—tu kɔ soro! Afei nantwinoma no de nteɛteɛm gyegyeegye ma ne yɔnko no hu sɛ asiane bɛn hɔ. Aboa no guan kɔ!
Nhwiren Aboa no ne Ɔbɔnkɔ
Ayɔnkofa foforo a ɛyɛ nwonwa ne nea ɛwɔ ɛpo mu aboa bi ne ɔbɔnkɔ ntam no. Saa po mu aboa yi nni akyi dompe na ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ no ‘nhwiren aboa.’ Wɔ abɔde nketewaa ne mpataa fam no, saa nsu ase ɔhoɔfɛfo yi a wɔde wɔn ho twi no no kyerɛ owu a ebetumi aba. Ne nsa pii no mu biara betumi de awuduru abɔ na abubu onii a ɛka no no. Po mu aboa no twe akyere no kɔ n’anom wɔ ne nsa no ase.
Nanso, nsa a ɛbɔ no nka ɔbɔnkɔ no na ɔtra ntam wɔ ahobammɔ mu. Wɔ saa mmoa a ɛsono wɔn a wɔne wɔn ho tra biakoyɛ mu abusuabɔ yi mu no, wɔbɔ ɔbɔnkɔ no ho ban firi atamfo nsam na ɛma onya aduan bere a ɔwaewae nnikae fi po mu aboa yi ho no. Wɔ ɔfã foforo no, ɛda adi sɛ po mu aboa no nso nya mfaso fi aprapra adwuma a ɔbɔnkɔ no yɛ no mu.
Ɛpo mu Ayɔnkofo Afoforo
Mpataa tumi nya nsan na wɔyare te sɛ nnipa. Nanso so apataa betumi abɔ ne ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a obenya akwahosan? Nokwarem no yiw, efisɛ ebinom ne nea wɔfrɛ no apataa ɔpraprafo no ayɛ apam. Mpataa akuw, mmerekuri, mpataa akɛse ne aboodede de anibere hwehwɛ saa po ase trafo ketewaa yi.
Wo de yɛ saa mmoa a wodi nam yi a wɔato santen wɔ po ase aprapra beae bi na wɔtwɛn sɛ ebedu wɔn so no ho mfonini wɔ w’adwenem. Oboodede kɛse bi na odi kan. Apataa ɔpraprafo no prapra oboodede no ho fi ne ti ho kosi ne dua ho yiyi nsan ho biribiara. Afei owura oboodede no anom a ɛyɛ hu na ɛse ayɛ no ma no mu na oyiyi nnuan nkae a aporɔw, mmoa a wɔredidi ne ho, ne mmerɛ tow gu. Apataa ɔpraprafo no de ɛse a ɛyɛ feafeaa te sɛ paane wurawura ne menewam nso, afei ɔfa ahome kwan bi mu pue fi adi. Ayɛ yiye—nea odi hɔ mmra!
Wɔahu sɛ wɔ apataa ɔpraprafo no adebisafo a wɔyɛ dinn kɛse no ho no, ɔsaw na ɔkyea ne ho guare nsu mu te sɛ nea ɔredɛfɛdɛfɛ apataa a ɔfɛre no ma wabue n’anom ama apataa ɔpraprafo no afi adwuma ase. Ɛnkyɛ na wabue n’anom na wɔayɛ ne ho adwuma. Mpataa pii ho pere wɔn sɛ wɔbɛhwɛ wɔn araa ma wɔahu sɛ ntɔkwaw tumi si wɔn a wɔretwɛn wɔ santen no mu no mu. Wɔ nnɔnhwerew asia bere bi mu no, apataa ɔpraprafo bi som mpataa 300.
Yiw, mmoa a wɔtete saa no ada nea Bible ka sɛ “wɔyɛ anyansafo” no adi wɔ nnwuma a mfaso wɔ so a wɔyɛ ma wɔn ho no mu. (Mmebusɛm 30:24) Ebia yɛn nnipa yi betumi asua biribi afi wɔn hɔ na yɛasua ‘ɔma’ ma ɛho aba afoforo mfaso!—Luka 6:38.