Nkokoaa, Mogya, Ne AIDS
Nnansa yi ara amanneɛbɔ ɛ ɛyɛ hu yi puei wɔ New York Times no kratafã a edi kan: “AIDS nsanyare a asi mmofra mu akã Romania, ɛwɔ mmeae a wɔhwɛ nyisaa a mmofra pii wɔ hɔ no ne ayaresabea ahorow, na ɛretrɛw denam tete adeyɛ a ɛne mogya a wɔtwe ma nkokoaa a wɔawo wɔn foforo no so.”—February 8, 1990.
Ɛda adi sɛ Romania nnuruyɛfo binom de mogya kakraa fa nkokoaa funuma mu ma wɔn, a wogye di sɛ “mogya kakraa” a wɔde ma yi bɛma abofra no anyin ntɛmntɛm. Ɛbɛdaa adi sɛ adeyɛ no yɛ ɔkwan a ɛyɛ hu a wɔnam so ma AIDS trɛw; mogya susutoa biako pɛ a enye no tumi ma nkokoaa pii nya yare no bi.
Wiase Akwahosan Ahyehyɛde a ɛde nnuruyɛfo kuw kɔɔ Romania no bu akontaa sɛ Romaniafo mma 700 anya AIDS mmoawa no bi dedaw, na 50 foforo nso yare AIDS ankasa. Ahyehyɛde no mu panyin a ɔhwɛ AIDS ho nsɛm so no ka kyerɛɛ Times sɛ nkokoaa a wɔanya AIDS yi dodow ne nea ɛkɔ soro sen biara wɔ wiase nyinaa.
Wɔ Ceausescu nniso a wɔatu agu yi ara ase no, Romania nsa nnka aban hɔ amaneɛbɔ a ɛte saa a ɛfa AIDS ho. Wosiw amanneɛbɔ biara a ɛfa ɔyare a ɛretrɛw no ano koraa sɛ ɔman no kokoam asɛm. Ná wɔnhwehwɛ mogya a wɔtwe no mu sɛ AIDS wom mpo. Mprempren dɛ asakra. Nanso ansa na ɔman anidan no benya afe biako ne fã no, ná Romaniafo nnuruyɛfo pii adwene nni AIDS so kosi sɛ afei wofii ase huu nkokoaa ayarefo pii a wontumi nsa wɔn yare. Wɔn mu biako kae sɛ: “Sɛ wɔaka akyerɛ wo sɛ ɔyare a ɛte saa nni Romania a, ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho nhwehwɛmu?”