Mmofra Bisa Sɛ. . .
M’awofo Retetew Mu—Dɛn Na Menyɛ?
“Da koro anadwo me papa de yɛn mmofra baanan no puei sɛ ɔkɔtɔ ice cream ama yɛn. Mpofirim ne nne sesae. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: Mo maame adwene ne me de nhyia, enti meretu afi fie akɔ. Ebia ahohuru bere yi mu na mɛba. Yɛn mu biara anka hwee. Ebia na wahyehyɛ ne nneɛma mpo dedaw, efisɛ ɔde yɛn baa fie no, wanhyɛn mu bi. Yepue fii kar no mu na yegyinaa kwan no nkyɛn na bere a me papa tuu afiri no a ɔrekɔ no, yesui denneennen”—Tom.a
TOM awofo ammom bio da. Nanso saa bere no de, na Tom rentumi nhu sɛ wɔbɛbom bio anaasɛ dabi.
Nanso Randy awofo atetew mu pii sen sɛnea obetumi akae. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, papa fi fie bɛyɛ ɔsram biako anaa abien. Afei ɔsan ba fie, na tebea no sakra yɛ yiye bere tiaa bi. Afei, mpofirim ɔsan kɔ bio.”
Akyiri no, awaregyae a ɛyɛ awerɛhow de ba awiei. Nanso sɛ w’awofo tetew mu ara kwa na wunnim sɛ ebia wobegyae aware anaasɛ dabi a, nea ɛbɛba a wunnim no betumi ahaw wo kɛse. Te sɛ Randy awofo no, awofo pii san bom na ɛnkyɛ na wɔatetew mu bio. Sɛnea nhoma Divorced Families ka no, ntetewmu ahorow bɛyɛ ɔha mu nkyem 50 wie wɔ bere tiaa mu nkabom mu. Nanso awaregyae mu nhwehwɛmufo Judith Wallerstein ne Sandra Blakeslee ka sɛ: “Ntetewmu pii taa di awaregyae anim, emu biara yɛ te sɛ nea wontumi mmom bio nanso ɛmma aware no mma awiei. Eyi betumi ama mmofra adwenem ayɛ wɔn basaa na ama wɔahwɛ kwan sɛ nkabom bɛba.”
Ɔkasa, ‘ebia mɛsan aba’ no te sɛ bɔhyɛ. Nanso asemmisa a ɛma wodi yaw sɔre. Ɛma wubisa sɛ: ‘So m’awofo begyae aware? Ɔkwan bɛn so na megyina nkate a ɛrehaw me mprempren yi ano?’
Ahum no a Wobɛfa Mu
Mfiase no, ebia wobɛyɛ basaa, wobɛbotow, w’adwene betu afra anaa ɛtɔ mmere bi a wo bo befuw denneennen mpo. Anaasɛ wobɛyɛ komm kɛkɛ. Eyinom nyinaa yɛ nneɛma a wɔtaa yɛ wɔ tebea a emu yɛ den ho—nea ɛtaa si nnansa yi. Ɛwom sɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ awarefo nkuran sɛ wonnyae aware na wɔmmɔ mmɔden nsiesie wɔn ntam nsɛnnennen de, nanso Wiase no su wɔ aware ho no asɛe pii. (1 Korintofo 7:10-16) Ɛnnɛ ɛtɔ mmere bi a aware a ɛyɛ yiye no mmoro ɔha biara mu nkyem 50. Sɛnea Bible no aka ato hɔ bere tenten ni no, ‘ɔdɔ’ a anka bere a atwam mu no abu so wɔ mmusua bi mu no so atew koraa.b—2 Timoteo 3:3.
Wobɛyɛ dɛn agyina ano? Wubetumi de nea worefa mu no atoto ahum bi a etu wɔ w’asetram ho. Ɛho a wubedwen wɔ saa kwan no so no bɛboa wo wɔ akwan horow abien so. Nea edi kan no, ahum biara nni hɔ a ɛtra hɔ daa. Nkate mu ɔhaw a ɛwɔ wo so no begyae wɔ ne bere mu sɛnea ɛte wɔ ahum biara ho no. Na nea ɛto so abien no, wubetumi afa ahum yi mu. Ɛnsɛ sɛ ‘wofa ase.’ Na mmom te sɛ nea ɛsɛ sɛ hyɛn kwati abotan bere a ahum retu no, saa ara na asiane ahorow a ɛte sɛ abotan wɔ hɔ a ebetumi ayɛ ɔhaw ankasa ama wo. Ma yɛnka emu kakraa bi ho asɛm.
Atoro Anidaso
Asiane ahorow yi mu biako ne sɛ wode wo koma besi w’awofo a wobɛyɛ sɛ woka wɔn abom bio no so. Anne ka sɛ: “Bere a m’awofo tetew mu no, ɛtɔ mmere bi a wɔbom de yɛn fi adi. Me ne me nuabea taa ka kyerɛ yɛn ho yɛn ho sɛ: ‘Ma yenni kan nyaw wɔn baanu no.’ Nanso,” ɔka sɛ “mihu sɛ anyɛ yiye. Wɔammɔ mu bio da.”
Mmebusɛm 13:12 ka sɛ: “Anidaso a ɛkyɛ mu ba ma koma yare.” Kae sɛ, wuntumi nkyerɛ nea w’awofo yɛ kwan. Ɛnyɛ wo na woma wɔtetew mu, na ɔkwan biara so no wuntumi nsiesie wɔn aware no.—Hwɛ Mmebusɛm 26:17.
Ɔtan ho Asiane No
Abufuw ne ɔtan betumi ayɛ “abotan” a edi awu sen biara wɔ ahum yi mu. Tom ka ne nkate a onyae bere a na wadi mfe 12 no ho asɛm: “Me bo ankasa fii ase fuw me papa. Mempɛ sɛ mede asɛmfua ‘ɔtan’ di dwuma, nanso na mewɔ ne ho menasepɔw bi a ɛyɛ hu. Bere a wagyaw yɛn hɔ no, minhu sɛnea obetumi adwen yɛn ho. Misusuw sɛ na mereka wɔ me mu sɛ adu me so sɛ mɛma no ahu me nkate.”
Mpɛn pii no ntetewmu a ɛba aware mu no nyɛ nnipa baanu no gyinaesi; enti akyinnye biara nni ho sɛ wubebu awofo no mu biako fɔ. Ebetumi aba mpo sɛ w’awofo no mu biako too Onyankopɔn mmara a ɛfa nokware a obedi ama ne hokafo no. (Hebrifo 13:4) Nanso sɛnea ɛte biara no, ɔkwan bɛn so na wo ne ɔwofo a ɛte sɛ nea ɔno na odi fɔ kɛse no di? So ɛsɛ sɛ wotan saa ɔwofo no anaasɛ wudi werɛ ma ɔwofo a wɔayɛ no bɔne no?
Nea edi kan no kae sɛ ntetewmu mma ɔwofo biako nyɛ “ɔbɔnefo” koraa a obiako no “ye” koraa. Ebia w’awofo no nkaa wɔn aware mu ntetewmu no ho nsɛm nyinaa nkyerɛɛ wo; ebia na wɔn ankasa mpo nte ase. Enti mmu tebea bi a wonte ase nwie ho atɛn. (Mmebusɛm 18:13) Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, Onyankopɔn na ɔyɛ nsɛm a ɛtete saa nyinaa ho temmufo. Ɔnyɛɛ wo w’awofo temmufo anaasɛ ɔsotwefo. Na hwɛ sɛnea ɛno yɛ ahotɔ! Yɛn mu hena na anka obetumi adi asɛyɛde a ɛte saa ho dwuma?—Romafo 12:19.
Ɛwom, ɛyɛ den sɛ wobɛkwati abufuw; na ɛyɛ awosu sɛ wo bo betumi afuw mprempren. Nanso abufuw a wode bɛhyɛ wo mu na wanya aweredi honhom no betumi asɛe wo nipasu nkakrankakra. Bible no ka sɛ “komam dwo yɛ ɔhonam nkwa.” Nokwarem no, abufuw nni koma a edwo mu. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ “ma abufuw ntwa na gyae bo bɔne yɛ.” (Mmebusɛm 14:30; Dwom 37:8) Bio nso, Bible ahyɛde a ɛne sɛ di w’awofo nni no fa awofo a wadi wo huammɔ no mpo ho.—Luka 18:20.
Enti Tom ama n’abufuw no agyae. Mprempren ɔka sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ wubenya ne ho menasepɔw na woaka sɛ: Ɔno na wadi mfomso. Ɛfata sɛ metan no. Nanso mifii ase bisaa me ho sɛ: So eyi fata ampa? Na mihui sɛ ɛmfata. Sɛ Kristoni no, ɛnsɛ sɛ wunya afoforo ho menasepɔw.”
Nokwarem no, bere a Bible no ka sɛ ma abufuw ntwa no, na ɛnhyɛ nyansa sɛ yɛ wo ho sɛ w’abufuw no nni hɔ. Sɛ w’awofo nneyɛe no ahaw wo a, dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wo ne wɔn bɛka ho asɛm, wɔ obu kwan so na womma wonhu w’adwene?—Hwɛ Mmebusɛm 15:22, 23; 16:21.
Wadi Asensɛnmu
Ebia wubebisa sɛ: ‘Nanso mɛyɛ dɛn adi nkate a ɛne m’awofo ntam a madi asensɛnmu yi ho dwuma?’ Eyi betumi ayɛ “ɔbotan” a ahintaw a ɛsɛ sɛ wokwati. Randy ka sɛ: “Nea misuro wɔ me papa a mekɔsra no no ho ne sɛ bere biara a mɛkɔ aba no, me maame de anibere bisa me ne ho nsɛm pii. Na ɔkaa ne ho nsɛmmɔne ankasa. Ɛyɛ a meka sɛ: Mama, gyae! Dɛn nti na woyɛ saa? Gyae me haw! Ne bo fuw na ɔhyɛ me ma mibua ne nsemmisa ahorow no.”
Ɛtɔ mmere bi a awofo de abufuw nkrasɛm fa wɔn mma so kɔma wɔn ho wɔn ho anaasɛ mpo wɔnam wɔn so tetɛw wɔn ho wɔn ho! Na ɔbea bi pɛ sɛ ohu sika dodow a ne kunu a ɔne no atetew mu no wɔ. Enti ɔne ne ba barima a wadi mfe du buu agya no mfɛnsere ma abarimaa no faa mu sɛ okowia ne ho akɔhwɛ n’agya no sikakorabea nhoma mu. Abofra no de anigye kae sɛ: “Yɛn nsa bɛka no!”
Ɛyɛ mfomso sɛ w’awofo bɛbɔ mmɔden de wo adi dwuma sɛ adwinnade de adi wɔn ho wɔn ho werɛ. Nanso kae sɛ wɔwɔ nkate mu ɔhaw kɛse mmere mu. Enti nya boasetɔ a wubetumi biara ma wɔn. Wo ne wɔn nkasa. Ka nea ɛbɛyɛ te sɛ ‘Mama ne Papa, medɔ mo nyinaa. Enti mommfa me nni dwuma nyɛ mo ho mo ho bɔne.’ Ɛnyɛ sɛ wo ne wɔn nyɛ adwene a wopow sɛ wode nkra a efi wɔn mu biara nkyɛn no bɛma ne yɔnko. Nanso sɛ w’awofo di wɔn ho werɛ na wɔde bɔne tua bɔne so ka a, fi wɔn ntam.—Mmebusɛm 26:17.
Esiane ntease koro no ara nti, ɛbɛyɛ nyaatwom sɛ wobɛkanyan ɔwofo biako ahyɛ obiako de ahwehwɛ w’ankasa mfaso, na woaka nsɛm te sɛ: “Mekɔtra Mama nkyɛn. Ɔma meyɛ nea mepɛ bere biara.” Awofo betumi ate afɔdi nka wɔ ɔhaw a wɔama aba mmofra no so no ho bere a wɔatetew mu no akyi, na ɛbɛma wɔabɛn wɔn pii. Mmofra a wohu tumi a eyi ama wɔanya wɔ wɔn awofo so no bɛhwehwɛ sɛ wɔde di dwuma. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ worempɛ sɛ woyɛ ɔhawfo.
Nanso ahum no mu a wubetumi atra no kyerɛ pii sen abotan no a wobɛkwati no ara kwa. Asɛm bi a ɛbɛba akyiri yi bɛka nneɛma pa a wubetumi ayɛ na aboa wo ma wagyina mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasakra din ahorow no bi.
b Hwɛ “Dɛn Nti Na Mama ne Papa Tetew Mu?” a ɛka nea ɛde aware a wɔtetew mu ba ho asɛm no wɔ October 22, 1987 Awake! mu. Hwɛ “Young People Ask . . . nsɛm a ɛbaa December 22, 1987, ne May 22, 1988 de mu no nso.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]
Wobetumi de nea worefa mu no atoto ahum bi a etu wɔ w’asetram ho. Ɛho a wubedwen wɔ saa kwan no so no bɛboa wo ma woafa mu. Efisɛ, ahum biara ntra hɔ daa
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]
Ɛyɛ den sɛ wobɛkwati abufuw; na ɛyɛ awosu sɛ wo bo betumi afuw mpremprem. Nanso abufuw a wode bɛhyɛ wo mu na woanya aweredi honhom no betumi asɛe wo nipasu nkakrankakra