Europa Apuei Fam So Wɔde Nyamesom Resi Hɔ Bio?
NA NYAMESOM mu ɔsɔretia a emu yɛ den ka kasa mu ahofadi a wosiw ano mfe du du pii wɔ Europa Apuei Fam aman horow so no ho. Wɔkyerɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn nni hɔ, na wɔde asɔredan ahorow yɛɛ Onyankopɔn a wɔka sɛ onni hɔ no ho tete nneɛma akorae te sɛ biako a akwantufo pii kɔsrasra wɔ Leningrad no. Asɔfo no nyinaa bɛyɛɛ aban a edi so no nkoa. Aban totoo mmeae a wɔsom wɔ hɔ te sɛ nkokorafi, asɔre adan, ne nkramofo asɔre adan biara mu wɔ 1967 mu wɔ Albania, na Radio Tirana frɛɛ ɛhɔ mpo sɛ “ɔman a edi kan wɔ wiase nyinaa a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.”
Mprempren a ahofadi aba Europa Apuei Fam babiara te sɛ asusow bere mu nhwiren yi, dɛn na ɛrekɔ so wɔ nyamesom ho? Franseni ɔkyerɛwfo Jean-Francois Kahn kyerɛwee sɛ: “Nyamesom a ɛwɔ ɔhyɛ ase no betumi ne ɔman a ɛwɔ ɔhyɛ ase no ayɛ biako. Ɛbae saa nnɛra wɔ Iran. Ɛrekɔ so nnɛ wɔ Soviet Azerbaijan. Ɔkyena ebetumi atrɛw adu Rusia te sɛ gyaframa.” Ɛnnɛ mpo, nyamesom ahorow mu bi de wɔn ho hyɛ ɔmampɛ nsusuwii ne adwen horow mu, na wɔredan akuw atitiriw a wɔnam wɔn so kasa tia nniso no mu biako, na wɔnam Katolek, Ortodox ne Luteran asɔfo a wɔde wɔn ho fram bi no so tew ho.
Enti ɔkwan bɛn so na nyamesom mu ahofadi no rekɔ so wɔ demokrase tebea foforo no mu?
Sɛnea Nneɛma Asakra!
Ɔsom atitiriw a ɛwɔ Europa Apuei Fam, titiriw no Katolek Asɔre no, ayɛ ade ntɛm ara na ama nniso afoforo no agye wɔn atom wɔ mmara mu. Sɛ nhwɛso no, L’Osservatore Romano bɔɔ amanneɛ sɛ, “wɔ February 9 [1990] no, Paapa no ne Hungary Ahofadi Man no yɛɛ apam.” Ɛdenam apam yi so no, afanũ no penee so sɛ wɔbɛsan asiesie wɔn ntam amammui mu abusuabɔ. (Wobu Vatican sɛ amammui man a ɛde ne ho.)
Amanneɛbɔ foforo a efi Vatican ka sɛ Ukrainian Rite Katolek Asɔre a wosiw ano wɔ 1946 mu no abisa sɛ wɔmma no mmara mu hokwan, na afi ase ne “Aban no ne Rusia Ortodox Asɔre no rebɔ Asɔre mu asetra wɔ Ukraine ho nsemmisa” no ho nkɔmmɔ.
Wɔ April 1990 mu no, paapa no kɔɔ Czechoslovakia, na “Asɔre ne Ɔman no mu mpanyimfo . . . a Ɔmampanyin Owura Vaclav Havel ka ho” kohyiaa no wɔ Prague wimhyɛn gyinabea. (L’Osservatore Romano) Nyamesom mu tebea foforo rekɔ so wɔ hɔ nso.
Katolek Asɔre no ayɛ nea ɛwɔ tumi bere nyinaa wɔ Poland. Afei a wɔanya ahofadi foforo yi no, ɛreyere ne ho na ɛrebɔ dawuru sɛ wɔnsan nkyerɛ nyamesom nka adesua ahorow ho wɔ sukuu. Ɔsɔfo biako kae sɛ: “Sukuu ahorow no yɛ ɔman no agyapade Poland man no mufo bɛboro ɔha biara mu nkyem 90 yɛ Katolekfo. . . . Bere a wɔda obu a ɛfata adi ma nyamesom afoforo no, nyamesom ho ade a wɔbɛkyerɛ wɔ sukuu mu no bɛma akyerɛkyerɛfo no . . . ne mpanyimfo no asan anya wɔn tumi efisɛ ɛfa biribi a egyina nnipa abrabɔ ho nnyinasosɛm akyi no ho.”
Ortodox Asɔre a ɛwɔ Romania no ho amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Wɔhyɛɛ Agya panyin no ne asɔfo pii a wɔne [Ceausescu] nniso no yɛɛ biako no ma wogyaee asɔfodi. Wɔhyehyɛɛ Bagua bi na ahyɛ Asɔre no den. Wɔn a anka wonnye nni pii redan nyamesomfo, na wɔkɔ mpɔtam hɔ nsɔre horow . . . wɔama Romanian Byzantine Katolek Asɔre a wɔhyɛɛ ma woguu no mfe 40 a atwam ni no kwan sɛ wɔnhyehyɛ bio.”—Orthodox Unity, July 1990.
Nsakrae Ahorow wɔ Albania
Sɛnea atesɛm mu amanneɛbɔ kyerɛ no, nsakrae horow a ɛyɛ nwonwa rekɔ so nkakrankakra wɔ Albania, ɔman ketewaa a mmepɔw wɔ hɔ a emufo yɛ ɔpepem abiɛsa ne ahanu aduonum a ɛda Adriatic Mpoano wɔ Yugoslavia ne Greece ntam no mu. German atesɛm krataa Die Welt bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ Albania, beae a aka wɔ Europa a tete Komunist nniso wɔ hɔ no, nkurɔfo afi ase de wɔn anan retow aba” denam Atɔe Famfo ananmusifo dwumadibea a wɔde wɔn ho kosie hɔ no so, na wofi hɔ ma wɔkɔ Italy, Germany, ne aman afoforo so.
Amanneɛbɔ no kɔ so ka sɛ: “Wɔ May 1990 no, wɔhyɛɛ Albaniafo bɔ sɛ wɔbɛma wɔn akwantu krataa na wobetwa mmara ahorow a ɛbara nyamesom akyidi no mu.” (Wɔfa fii July 15, 1990 The German Tribune no mu) Abakɔsɛm ho ɔbenfo Denis R. Janz kyerɛwee sɛ: “Ɛte sɛ nea wɔagyae nyamesom a wɔbɔɔ mmɔden barae koraa bere tenten ni no mu.” Nanso ɔka kaa ho sɛ: “Adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ . . . sɛ nokwarem no wɔasɛe nyamesom yiye wɔ ɔman yi mu.”
Wɔ eyi mu no, Yehowa Adansefo kura afã biara a wonni a wɔnsakra no no mu. Esiane Bible nnyinasosɛm ahorow nti, wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amammui ne amansɛm mu mpaapaemu ahorow mu. Wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so na wama wɔn asomdwoe tebea a ɛbɛma wɔayɛ wɔn wiase nyinaa adwuma a ɛne Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm a wɔbɛka no.—Mateo 22:21; 1 Timoteo 2:1, 2; 1 Petro 2:13-15.
Enti, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Europa Atɔe Fam no nso ɛ? So wɔadi yiye wɔ bara a wɔabara wɔn no mu? So wɔwɔ ɔsom mu ahofadi?
[Kratafa 7 mfoni]
So nnipa no bɛsan akɔ nsɔre a ɛwɔ Europa Apuei Fam no bio?