“Sɛnea Yɛhoro Yɛn Nneɛma Ni . . . ’
WƆ AMAN pii so no, awo ntoatoaso . . . ahorow mu mmofra a wonim saa nsɛm no de anigye ato mmofra dwom yi na wɔde asaw. Nanso sɛ w’ani nnye nneɛma horo ho ankasa a, susuw asɛm yi ho hwɛ: Sɛ wuguare wie a, so ɛnyɛ wo dɛ sɛ wode mpopaho futurufuturu a wɔahoro no foforo bɛpopa wɔ ho? Onipa bɛn na sɛ ɔhyɛ ntade a ani tew a ɔnte nka sɛ ne ho atew na n’ani agye? Ɛda adi sɛ mmofra mpo ani gye sɛ wɔbɛhyɛ ntade a wɔahoro na emu yɛ huam—mpo sɛ ɛyɛ bere tiaa bi!
Enti yɛn nneɛma a yɛbɛhoro no ho hia ma yɛn asetra ne yiyedi sen sɛnea yenim. Nanso, sɛnea yɛhoro yɛn nneɛma no begyina wiase no beae a yɛte no so.
Nneɛma Horo a Ɛnyɛ Mfiri na Wɔde Horo
Wɔ aman a wɔanya nkɔanim pii so no, wɔde asɛmfua “adehoro” no aka asɛmfua “afiri” ho koraa. Nanso wɔ aman a wodi hia wɔ hɔ so no, wɔda so araa de nsa horo nneɛma, na efi ma ɛyɛ nwonwa! Fa ntade fitaa a ne horo yɛ den no sɛ nhwɛso. Wɔ aman a ɔhyew wɔ hɔ na osu ntaa ntɔ so no, mmea de owia di dwuma.
Ɛyɛ ɔkwantiaa. Wɔde nsu gu ade mu de samina anaasɛ aduru a etumi yi efĩ a ɛfata gu mu. Wɔde ntade fitaa no hyɛ nsu no mu, na nneɛma horofo nsiyɛfo no de ne nsa posa. Sɛ aduru a wɔtɔ de hyɛ nneɛma ma ani tew nni hɔ a, ebinom de tete de bi a wonya fi kube mu di dwuma. Afei, bere a wayi mu ntɛm ara no, ɔhata ntade no wɔ wura anaasɛ ban a ɛfata so na owia bɔ so ma ani hoa. Afei ɔsan koyi na oyi mu mpɛn pii na ɔhata wɔ owia a ano yɛ den no mu. Dɛn na efi mu ba? Nneɛma fitaa a ani da hɔ yiye!
Ebia ɔbea warefo a ɔte bɛn asubɔnten anaasɛ asuten bi ho no bɛyɛ no wɔ ɔkwan a ɛyɛ soronko kakra so. Nea edi kan no ɔpaw beae a eye, te sɛ beae a enni soro wɔ nsu no ano. Nanso sɛ nsu no ɔhweam ano yɛ den a, ɔtɔ ne bo ase hwehwɛ beae a nsu no sen brɛoo a ɛremfa ne nneɛma no nkɔ. So ɔbotan bi bɛn hɔ? Eye papa. Ɔbea no de dua tratraa bi twiw ntade no ani wɔ ɔbotan no so. Wɔ ɔkwan a ɛyɛ tẽẽ so no, ɔpam efĩ no fi nneɛma no mu.
Mfiri a Wɔde Horo Nneɛma—Bere a Atwam ne Mprempren
Wɔ aman a wɔanya nkɔanim so no, esiane mfiri nti wɔmfa nsa nhoro nneɛma. Nanso mfiri a wɔde horo nneɛma akyɛ sen sɛnea ebia wunim. Wɔ Mfinimfini Mmere no mu wɔ Europa no, na wɔde adehorosɛn na edi dwuma kosi sɛ nea ɛde gyaburuw di dwuma no besii ananmu. Akyiri yi, wɔ afeha a ɛto so 19 mu no, afiri a wɔde horow nneɛma bi bae a ɛte sɛ nnɛyi de no. Wɔ 1830 mu no, Engiresi adehorobea bi de afiri a etumi ɛdannan nneɛma no wɔ samina ahuru a ɛyɛ hyew mu dii dwuma. Saa mfitiase adeyɛ yi nsakrae de besi nnɛ.
Nanso, nnipa ankyerɛ afiri a wɔde horo ade no ho anigye. Wɔn a wɔde di dwuma no hui sɛ ne kyinkyim no sɛe nneɛma a wɔhoro ne onipa no nyinaa ahoɔden. Enti wɔ afeha a ɛto so 19 awiei no, mmea awarefo pii de ade a wɔhoro nneɛma wɔ so, ɔsɛn, ne afiri a etumi kyĩ ade mu no dii dwuma.
Nanso, afiri a wɔde horo nneɛma san bae wɔ 1910 bere a wodii kan yɛɛ atiri a ɛde anyinam ahoɔden di dwuma no. Ɛno akyi mfe dumien no, wɔyɛɛ afiri a n’ankasa tumi dannan nneɛma a edi kan. Efi saa bere no, wɔanya nkɔanim na wɔayɛ nsakrae horow pii wɔ mfiri a wɔde horo nneɛma no ho. nnwuma kuw binom mpo afi ase retɔn mfiri a ɛde komputa di dwuma a sɛ wumia biribi so ara pɛ a, ebetumi ahu “sɛnea nneɛma no ayɛ fĩ na ahu samina a ɛfata ne sɛnea ɛsɛ sɛ wohoro no.”—Popular Science, July 1990.
Sɛnea Wɔde Afiri a N’ankasa Horo Ade Di Dwuma Ho Akwankyerɛ Ahorow
Afiri a n’ankasa horo ade abu so wɔ Atɔe Famfo afie mu. Nanso, “n’ankasa horo ade” no nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye bere a wɔde di dwuma no. Sɛ nhwɛso no, wɔ afiri a wɔde nneɛma no fa atifi gu mu ho no, sɛ wansusuw amfa nneɛma anhyɛ mu ma na edu bere a etwa ne ho no a, ɛmma afiri no ntumi nnyina faako na ɛbɛsɛe nneɛma ahorow wɔ adehorobea hɔ. Sɛ wode chlorine fra ammonia gu mu a ebetumi atu huhuro a ebetumi apira wo. Enti di akwan ahorow a ɛyɛ ahobammɔ akyi. Mfa wo nsa nhyɛ afiri no mu kosi sɛ ebegyina koraa. Sɛ woresiesie a, yi ne hama no fi anyinam ahoɔden tokuru no mu. Na mma wo mma mfa w’afiri no nni dwuma anaasɛ nni agoru.
Nanso sɛ wɔrehoro nneɛma a wobɛyɛ dɛn ma afi? Nyansahyɛ ahorow bi ni:
◻ Yi biribiara fi ntade no nkotoku no mu, na yiyi pue.
◻ San ntade no nsa a wɔabobɔw no, na poroporow emu tutuw biara.
◻ Ka ahama no bom kyekye na ansisi apɔw.
◻ Tõtõ zip, potwom ne nea ɛtete saa mu na ansõasõa nneɛma afoforo.
◻ Posa nkekae ahorow ansa na wode ahyɛ afiri no mu ahoro.
◻ Mfa nneɛma pii nhyɛ afiri no mu. Anyɛ saa a emfi, ɛbɛpompono pii, ɛbɛtwetwe wo ntade mu asaawa no na asɛe no.
Nokwarem no, nnipa pii horo wɔn nneɛma te sɛ kan no—wɔde nsa na ɛyɛ. Nanso sɛ w’afiri no yɛ dade guasɛn, asuten a ɛsen anaasɛ nea ɛde komputa di dwuma no a, ebetumi ama mfaso aba wo mmɔdenbɔ no so—wo ne w’abusua no nneɛma a ani tew fɛfɛ, ɛne akomatɔyam a efi adwuma a wayɛ no yiye mu!
[Kratafa 24 mfoni]
Wɔhoro ade wɔ asubɔnten ho
Wɔhata wɔ awia mu na ani ahoa