Sɛnea Television Asakra Wiase No
AHOHURU bere a etwaa mu yi, TV maa wiase mũ no nyinaa danee agoprama. Wɔ Rome, Italy no, na wonhu nnipa wɔ mmɔnten so. Na Italiafo bɛyɛ ɔpepem 25 rehwɛ Wise Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no. Ade koro no ara nti, wɔ Buenos Aires, Argentina no, na nnipa nni mmɔnten so saa ara. Wɔ Cameroon, Afrika Atɔe no, na wotumi hu hann koro no ara a ehinhim wɔ mfɛnsere ahorow mu bere a nnipa ɔpepem pii bɔɔ mu dii ahurusi no. Wɔ Lebanon a ɔko wɔ hɔ no, asraafo de TV sisii wɔn ntwitwiridii ahorow a esisi hɔ so hwɛe. Bere a dwumadi no redu n’awiei no, na bɛyɛ sɛ nnipa dodow a wɔwɔ wiase nyinaa nkyem anum rehwɛ, a na wɔaboa wɔn ho ano wɔ adaka no ho te sɛ ɛbɔ wɔ kanea ho a na hann no agyigye wɔ wɔn anim.
Na saa TV so dwumadi kɛse yi nyɛ nea ebi mmae da. Wɔ 1985 mu no, nnipa dodow a wɔwɔ wiase no mu nkyem abiɛsa—bɛyɛ nnipa 1,600,000,000—hwɛɛ rock agodi a wɔfrɛɛ no Live Aid no. Satellite pii maa dwumadi no kɔɔ aman bɛyɛ 150 so, efi Iceland kosi Ghana.
TV—ɛte sɛ nea adaka a ebi wɔ beae biara yi de nsakrae reba nkakrankakra. Ɛho adwumayɛ fii ase sɛ adehwɛ mfiri nketenkete wɔ 1920 ne 1930 mfe no mu de abedu nnɛyi de a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ su no nyinaa na anim tew a abu so yi so na ama adɔɔso wɔ wiase nyinaa. Wɔ 1950 mu no, na TV a ɛwɔ wiase no nnu ɔpepem anum. Ɛnnɛ, bɛyɛ sɛ 750,000,000 na ɛwɔ hɔ.
Dwumadi te sɛ Wise Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no yɛ tumi a TV wɔ sɛ ebetumi aka wiase mũ no nyinaa abom wɔ adeyɛ biako pɛ mu no ho adanse. TV asakra ɔkwan a nnipa fa so sua wiase a atwa wɔn ho ahyia no ho ade. Aboa ma atesɛm, adwene ne mpo amammerɛ ne gyinapɛn ahorow atrɛw fi ɔman bi so akɔ foforo so, atra amammui ne asase so ahye a mmere bi ɛyɛ akwanside no wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. TV asakra wiase no. Ebinom ka sɛ ebetumi asakra wo.
Bere a Johannes Gutenberg de ne nhoma tintim afiri tintim Bible nea edi kan wɔ 1455 mu no, wɔkae sɛ wama nsakrae aba nkitaho di a ɛkɔ akyiri mu. Afei de na nnipa pii betumi ate amanneɛbɔ biako pɛ bere tiaa mu a wɔmmɔ ka kɛse. Ankyɛ na nniso horow huu tumi a afiri a wɔde tintim nsɛm wɔ no na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔnam mmara a wɔde gye tumi krataa so benya so tumi. Nanso nnipa pii nsa kɔɔ so kaa nsɛm a wotintim no. Wɔ 1800 mfe no mfiase no, abakɔsɛm kyerɛwfo Alexis de Tocqueville kae sɛ na atesɛm nkrataa no wɔ tumi a ebetumi de nsusuwii koro ahyɛ nnipa 10,000 adwenem da koro pɛ.
Afei hwɛ TV. Ebetumi de nsusuwii koro no ara ahyɛ nnipa ɔpepehaha pii adwenem—wɔn nyinaa wɔ bere koro mu! Nea ɛnte sɛ krataa a wɔatintim no, enhia sɛ wɔkyerɛ wɔn a wɔhwɛ no akenkan, na ɛnhwehwɛ sɛ wɔn ankasa yɛ nsɛm ho mfonini wɔ wɔn adwenem. Ɛde mfonini ne nnyigyei ne sɛnea etumi twetwe adwene no nyinaa na ɛbɔ n’amanneɛ.
Ankyɛ biara na amammuifo huu mfaso kɛse a ɛwɔ TV so no. Wɔ United States no, Dwight D. Eisenhower de TV dii dwuma nyansam wɔ ne 1952 mu wɔ ɔmampanyin a ɔpɛ sɛ odi no ho dawurubɔ no mu. Nhoma Tube of Plenty—The Evolution of American Television no ka sɛ Eisenhower na wɔtow aba a ɛdɔɔso maa no, efisɛ ɔno na otumi de ne ho kyerɛe yiye wɔ “amanneɛbɔ ho nsɛm mu.” Nhoma no kyerɛe sɛ ebia TV na ɛboaa kɛse ma John F. Kennedy dii Richard M. Nixon so nkonim wɔ 1960 abatow no mu no. Bere a wɔn a na wɔbɛtow aba apaw wɔn no yiyii nsɛm ano wɔ TV so no, atiefo no ani gyee Kennedy ho pii sen Nixon. Nanso na wɔn a wotiee wɔ radio so no te nka sɛ wɔn nyinaa kasae pɛ. Dɛn na ɛde nsonsonoe no bae? Bere a na Nixon anim ahoa sɛ obi a wabrɛ no, na Kennedy wɔ ahoɔden na ɔdaa ahotoso adi. Wɔ abatow no akyi no, Kennedy kaa TV ho asɛm sɛ: “Sɛ saa adaka no nni hɔ a anka yɛmmmɔ mpae mpo.”
“Saa adaka no” da so araa ma wɔte ne nkɛntɛnso no nka wɔ wiase nyinaa. Nnipa binom fii ase frɛɛ no wiase nyinaa tumi a ɛto so abiɛsa. Satellite mfiridwuma ama nsɛm ho amanneɛbɔfo de wɔn nsɛm akɔ amanaman so na mpo wɔatumi de atwa po. Wiase akannifo de TV di dwuma de hwehwɛ mmoa wɔ wɔn atamfo a wɔkasa tia wɔn no mu. Nniso ahorow binom nam so de nnaadaasɛm kɔɔ wɔn atamfo aman so. Na sɛnea bere a nniso horow bɛtee tumi a Gutenberg abɔrehude no wɔ ase no wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobenya so tumi no, saa ara na wɔkɛntɛn TV so pintinn. Wɔ 1986 mu no, na dwumadi a aban ma hokwan nkutoo na bɛyɛ sɛ aman no fã yi kyerɛ.
Nanso mfiridwuma ho nimdeɛ ama ayɛ den pii sɛ wobenya TV so tumi. Ɛnnɛ satellite tumi de nsɛm kɔ afi a afiri a wɔde kyere nsɛm nketewa mpo na ɛwom mu. Video kamera nketewa ne video kasɛt, ne mfoninitwafo a wɔabu so ama nsa aka nsɛm a wobetumi abɔ ho amanneɛ nyinaa a wontumi nsiw wɔn ano.
U.S. nsɛm amanneɛbɔ dwumadibea biako bi, Turner Broadcasting CNN (Cable News Network) , boaboa nsɛm fi aman bɛyɛ 80 so ano na ɛbɔ ho amanneɛ wɔ wiase nyinaa. Esiane nsɛm ho amanneɛ a ɛbɔ bere nyinaa wɔ wiase nti, ebetumi ama nea ebesi biara ayɛ nea wonim wɔ wiase nyinaa bere koro pɛ mu.
TV akɔ so asakra afi ade a ɛde nsɛm a esisi wɔ wiase sie ayɛ nea ɛkyerɛ nsɛm a esisi wɔ wiase no kwan. TV dii dwuma titiriw wɔ nsakrae ahorow a ɛkɔɔ so wɔ Europa Apuei fam wɔ 1989 mu no. Nnipadɔm a wɔwɔ Prague, Czechoslovakia, de mmɔnten so nteɛteɛm kae sɛ wɔhwehwɛ sɛ wɔn dwumadi no bɛba TV so “bere a ɛrekɔ so” no. Na bere a bere bi a atwam no ɔman anidanfo kunkum nkurɔfo de gyee aban adan anaa polisifo atrae ahorow no, 1989 ɔman anidanfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔn nsa bedi kan aka TV nnwumayɛbea hɔ. Nokwarem no, Romania nniso foforo no fii ase dii ɔman no so fii TV adwumayɛbea bi! Enti, TV a wɔfrɛ no tumi a ɛsen biara a ɛto so abiɛsa no nyɛ nea wɔagugu nsɛm mu dodo koraa.
Nanso TV ayɛ nea ɛsen amammuisɛm a anya so nkɛntɛnso. Mprempren mpo, ɛresakra wiase no amammerɛ ne abrabɔ gyinapɛn ahorow. Wɔtaa bɔ United States sobo sɛ ɛyɛ ‘amammerɛ mu katabaakosɛm,’ kyerɛ sɛ, ɛnam TV so de n’amammerɛ akɔ wiase nyinaa. Esiane sɛ United States ne ɔman a edii kan hyehyɛɛ dwumadi ahorow a wɔtɔn wɔ 1940 mfe no awiei ne 1950 mfe no mu nti, Amerikafo TV ho adwumayɛfo tumi tɔn dwumadi maa aman ahorow de gyee sika a anka wɔbɛsɛe de ayɛ wɔn ankasa dwumadi no mu kakra.
Wɔ 1980 mfe no awiei mu no, na Kenya kra ne TV so dwumadi ahorow no mu ɔha mu nkyem 60; Australia, ɔha mu nkyem 46; Ecuador, ɔha mu nkyem 70; ne Spain, ɔha mu nkyem 35. Na nea a wɔkra no mu fa kɛse fi United States. Woyii Amerika dwumadi biako, Little House on the Prairie, no wɔ aman 110 so. Woyii dwumadi a wɔfrɛ no Dallas no wɔ aman 96 so. Nnipa bi kae sɛ aman horow mu nsɛm reyera wɔ wɔn TV so dwumadi ahorow mu wɔ wiase nyinaa na ama Amerika nkɛntɛnso ne ade dodowpɛ retrɛw.
Aman pii sɔre tia ‘amammerɛ mu katabaakosɛm’ no. Wɔ Nigeria no, nsɛm ho dawurubɔ adwumayɛfo ka sɛ dwumadi ahorow a eti amanɔnne a abu so no sɛe ɔman no amammerɛ; wɔka sɛ ɛte sɛ nea Nigeriafo nim United States ne Britania ho nsɛm sen sɛnea wonim fa Nigeria ho. Europafo nso te nka saa. Wɔ nnansa yi U.S. aguabɔ bi ase no, nsɛm ho dawurubɔ adwuma mu panyin Robert Maxwell de abufuw kae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ɔman biara pene ma ɔman foforo amammerɛ kɛntɛn ne de so.” Enti, aman binom afi ase reto dwumadi ahorow a efi amannɔne a woyi kyerɛ no dodow ano hye.
‘Amammerɛ mu katabaakosɛm’ betumi asɛe nea ɛsen amammerɛ ahorow. Ebetumi asɛe okyinsoroma no mpo. Atɔe fam aman no fa-ne-nyinaa-mprempren ara su no ka ho na ama mframasɛe, nsu a wɔyɛ no fĩ ne asase mũ no nyinaa a wɔsɛe no aba no. The Independent, atesɛm krataa bi a ɛwɔ London kyerɛwfo bi kae sɛ: “TV ama wiase anya honam fam nneɛma mu ahofadi ho anidaso a ɛyɛ anigye—Atɔe fam ahonya—a ɛyɛ nnaadaa, efisɛ gye sɛ wɔsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ansa na nsa aka.”
Ɛda adi sɛ, TV resakra wiase no nnɛ, na ɛnyɛ bere nyinaa na eye. Nanso anya ankorankoro so nkɛntɛnso pɔtee bi. So ebetumi anya wo?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]
Atesɛm krataa betumi de nsusuwii bi ahyɛ nnipa mpem du adwenem da koro
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
TV betumi de nsusuwii bi ahyɛ nnipa ɔpepehaha pii adwenem bere koro mu