Wiase Aguadi Mfiase Ne N’asehwe
Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛhwehwɛ Aguadi Wiase No Mu?
WIASE bi amammui mu akansi, nyamesom mu nitan ne sikasɛm ho dadwen nnim yɛ nea ɛyɛ den sɛ wobesusuw ho. Da biara da amammui, nyamesom ne sikasɛm ho nsɛm ka yɛn wɔ akwan pii so. Sɛ wuyi adesamma abusua mu atitiriw abiɛsa yi fi hɔ a, nea ɛbɛba ne basabasayɛ.
Bere biara a nnipa akuw bi bom tra ase no, sikasɛm ho nhyehyɛe—fiehwɛ—ho hia na ama wɔanya nneɛma ne nnwuma a wohia. (Hwɛ adaka no mu wɔ ase hɔ.) Enti ofie biara bɔ mmɔden sɛ ebenya sikasɛm ho nhyehyɛe pa. Wɔ ɔkwan a ɛte saa so no, aban biara sikasɛm fa nneɛma atitiriw anan ho: (1) sɛ ebehu nneɛma ne nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, (2) sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa nneɛma ne nnwuma no ho gyinaesi, (3) sɛnea ɛsɛ sɛ ɛkyekyɛ nneɛma a wɔyɛ no ho gyinaesi ne afei (4) sɛnea ɛsɛ sɛ ɛhwɛ na sikasɛm no ho anya nkɔanim ntɛmntɛm sɛnea ɛfata na ama obiara anya adwuma ayɛ.
Akyinnye biara nni ho sɛ sikasɛm nhyehyɛe horow a nnipa ayeyɛ no ama ahotɔ aba asetram, ama yɛanya nneɛma ne nnwuma a anka yɛn ankasa ntumi nyɛ mma yɛn ho. Nhyehyɛe ahorow yi taa siesie asetra gyinapɛn. Nkitahodi a ayɛ yiye ama yetumi ne nnipa a wɔwɔ asase no fa baabiara kasa wɔ telefon so wɔ anibu kakraa bi mu, yetumi kyerɛw wɔn nkrataa ma wɔn nsa ka wɔ simma kakraa bi mu, na mpo yetumi de nnɔnhwerew kakraa bi tu kwan ne wɔn kɔkasa anim ne anim.
Nanso, yentumi mmu ani ngu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ sikasɛm ka adesamma wɔ ɔkwan a ɛkɔ akyiri pii sen saa no so. Ɛne nyamesom ne amammuisɛm betumi akyerɛ nea ɛbɛba yɛn so.a Enti ɛfata sɛ afei yɛde yɛn adwene si adesamma abusua mu ade titiriw a ɛto so abiɛsa a ɛne aguadi no so. Ɛyɛɛ dɛn na enyaa tumi pii saa? N’ani kyerɛ he? Eyi kyerɛ dɛn ma yɛn ankasa?
[Ase hɔ nsɛm]
a Nnansa yi ara Nyan! tintim nsɛm a ɛtoatoa so a ɛyɛ ahorow abien a ɛkyerɛe sɛnea eyi yɛ nokware wɔ nyamesom ne amammui nhyehyɛe horow no ho. “Nyamesom Daakye Esiane Nea Ayɛ Dedaw Nti,” January 8 kosi December 22, 1989; “Adesamma Nniso, Wɔakari Ahwɛ,” August 8 kosi December 22, 1990.
[Kratafa 5 adaka]
Aguadi Asekyerɛ
Ebia ɛbɛyɛ den sɛ wobɛkyerɛ nsɛm te sɛ “commerce,” “trade,” “industry,” “business,” ne “economics” ase. Collins Cobuild English Language Dictionary kyerɛ “commerce” ase tiawa sɛ “dwumadi ne nneyɛe a ɛfa nneɛma tɔ ne ne tɔn ho.” Ɔkwan biara so no eyi yɛ “trade,” a ɛyɛ “ade tɔ, ne tɔn, anaasɛ nneɛma ne nnwuma a nnipa, nnwuma anaa aman de gye nneɛma afoforo.” Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma no ansa na wɔatumi de adi gua, adeyɛ a wɔfrɛ no “industry.” Na wɔfrɛ adwuma a ɛfa aguadi ho no sɛ “business.”
“Economics,” yɛ “ɔman bi mu ahonyade a wonya, ne nneɛma ne nnwuma dodow a wɔde di dwuma, ne sika, adwuma ne aguadi hyehyɛ ho adesua.” Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ efi Hela nsɛmfua a ɛkyerɛ ofiehwɛ mu no ma yenya nhumu wɔ nea asɛmfua no kyerɛ no mu.