Mmɔden A Mebɔ Na Matra Nkwam
MFE aduonu a atwam no, na me ne me yere Ingrid retete mmarimaa baasã wɔ Lima, Peru, na na yɛn asetra yɛ nea dwumadi pii wom. Ɛwom sɛ na me honam fam adwuma ma metutu akwan kɔ South America aman afoforo so de, nanso na yɛahyehyɛ bere a yɛde kɔ Yehowa Adansefo asafo mu adesua ne nea yɛne afoforo de kyɛ Bible mu nokware no wɔ asɛnka adwuma no mu dapɛn biara.
Afei, wɔ 1973 mu, bere a na meda so wɔ me mfe 20 mfe a edi akyiri mu no, mifii ase nyaa tipae ne adwenemhaw ahorow. Tipae no ne adwenemhaw no nyinaa mu yɛɛ den wɔ mfe abien a na edi hɔ no mu na ɛbɛyɛɛ ntoatoaso. Na egye bere nyinaa mu mmɔdenbɔ na mayɛ da biara da dwumadi ahorow.
Mekae adwuma bi a mekɔyɛe wɔ Quito, Ecuador, wɔ Andes Mmepɔw a ɛkorɔn no so akyiri no yiye. Bere a misii fam fii wimhyɛn no mu no, miti paee me denneennen araa ma nea na misusuwii sɛ mɛyɛ ara ne sɛ mɛforo wimhyɛn a ɛbɛba bio no na masan akɔ Lima.
Mɔkɔɔ me duruyɛfo hɔ ntɛm. Na osusuw sɛ ɔbrɛ na ɛma miti pae me no enti ɛno ho aduru na ɔma me. Nanso bere a ɔhwɛɛ m’ani akyi no, ohuu mogya ntini a apaapae. Enti wogyee me too ayaresabea hɔ.
Nhwehwɛmu ahorow ma ɛdaa adi sɛ apɔw bi ahon wɔ amemene no mu. Nanso nea na ɛhaw adwene koraa ne amanneɛbɔ a ɛne sɛ apɔw no yɛ kɛse na atare amemene no ho araa ma ɛte sɛ nea wontumi nyɛ oprehyɛn nyi. Oduruyɛfo no kae sɛ, m’ani befura ɔsram biako akyi. Afei mebubu na mawu wɔ bɛyɛ asram abiɛsa mu.
Amanneɛbɔ no maa Ingrid a ɔno na odii kan tee nea ebefi ɔyare no mu aba no suroe yiye. Ɔmaa me nuabea panyin, Heidi, aso tee ntɛm wɔ Los Angeles, California, U.S.A., na ɔkae sɛ ɔnhwehwɛ oduruyɛfo a ɔbɛpene sɛ ɔbɛyɛ oprehyɛn a ɔmma mogya-ade a ɛho hia yɛn titiriw esiane yɛn bo a na yɛasi pintinn sɛ yebetie Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde sɛ yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho no nti.—Asomafo no Nnwuma 15: 28, 29.
Wɔ nnansa pɛ a na ɛyɛ amanehunu bere akyi no, na yɛnam kwan so rekɔ Los Angeles. Bere a yɛte wimhyɛn mu retwam wɔ Caribbean no, Ingrid ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ sɛnea supɔw ahorow a ne mpoano anhwea yɛ fitaa no yɛ fɛ!” Mehwɛe nanso manhu hwee. Na m’ani afi ase refura dedaw!
Ɔko a Edi Kan
Yeduu Los Angeles no, wɔde me kɔɔ UCLA (University of California at Los Angeles) Medical Center ntɛm ara. Wɔ October 6, 1975 mu no, Oduruyɛfo Walter Stern yɛɛ me oprehyɛn. Bere a m’ani so tetew me no, Ingrid anim a ɛyɛ sereserew no mpo antumi amma manhu sɛ asɛmpa wɔ hɔ—na wɔayi apɔw no koraa! Na ne kɛse te sɛ kuturuku, na na ɛda amemene no anim wɔ nifa so. Nanso na ɛda biribi a ɛte sɛ kotoku mu na woyii ne nyinaa boom.
Ɛte sɛ nea hwɛ a wɔhwɛɛ me ntɛm no na egyee me nkwa. Oduruyɛfo no kae sɛ: “Ɛkaa nna kakraa bi na anka wonka yɛn ho bio.” Nansona mewɔ nkwa mu a m’adwene yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ! Yɛn ani gyei kɛse!
Nanso, bere a me ho resan me no de ne haw ahorow bae. Nea edi kan no, mogya bobɔɔ atɔwatɔw wɔ me nan biako mu, na ɛyɛɛ asɛnnennen. Efisɛ na mihia nnuru a ɛbɛma mogya no anan na ankɔ akwaa a ehia mu de, nanso na mihia nnuru a ɛma mogya da na amma mogya a etu wɔ amemene no mu no anyɛ pii. Ahotɔ bɛn ara na minyae bere a nnuruyɛfo no tumi yɛe ma nnuru abien a ɛbɔ abira yi nyinaa tumi yɛɛ adwuma yiye no!
Na ɛda adi sɛ nnɔnhwerew 12 a wɔde yɛɛ oprehyɛn wɔ amemene no anim wɔ nifa so beae a ɛkanyan nkate ahorow—no na ɛmaa m’ani gyei ntraso wɔ bere bi mu, ɛkanyan me nkate ahorow, a na aduru biara ntumi nsa. Bere a masan akɔ Lima akyi asram asia no, na mede anisohyew na ɛyɛ nneɛma te sɛ nea mabow bere nyinaa. Wɔ asram kakraa mu no, eyi twaa mu, na adwenemhaw a ɛyɛ hu bae, na na emu yɛ den araa ma na ɛkame ayɛ sɛ misusuw bere nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ midi me ho dɔm. Nea ɛyɛ anigye no, wɔ afe biako akyi no, me ho tɔɔ me na mitumi fii me dwumadi nyinaa ase bio.
Wɔpaw me sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu, na afei asɛnnennen no bɛyɛɛ asafo, abusua, ne adwuma mu asɛyɛde ahorow a ɛsɛ sɛ mema ɛkari pɛ. Nanso, na bere biara a mintu kwan nkɔyɛ adwuma no, meyɛ nhyehyɛe na matra mmarimaa no ho. Na yɛn agodi bere a yɛn ani gye ho titiriw ne bere a yɛtra yɛn moto so fa mmepɔw a abo ne anhwea wɔ so a ɛwɔ Lima kurotia so no. Na ɛte sɛ nea mfe akron a edi hɔ no kɔɔ ntɛmntɛm a yɛanhu. Mifii ase buu m’ani guu me ho a ayɛ me den bio no so.
Afei, wɔ May 1985 mu no, Ingrid fii ase hui sɛ mahoa na mayɛ bõsõõ. Yɛansusuw sɛ ɛyɛ apɔw afoforo na aba amemene no mu kosii anadwo bi a mepɛe sɛ medan me ho wɔ mpa so na mantumi no. Na me nipadua no benkum adwudwo. Saa bere yi de nnuruyɛfo no yɛɛ me X ray titiriw bi a wɔfrɛ no CAT scan na nea wohui no ma yɛkɔɔ Los Angeles bio.
Ɔko no Fi Ase Bio
Wɔ June 24, 1985 no, Oduruyɛfo Stern ne n’aboafo yɛɛ me oprehyɛn bio. Na apɔw no aba bio, saa bere yi de ɛretrɛw adu atiko hɔ—beae a ɛma nsa ne anan yɛ adwuma no. Enti, me nsa ne me nan benkum dwudwoe. Wogyae oprehyɛn no yɛ wɔ nnɔnhwerew awotwe akyi ma wogyaw apɔw no ɔha mu nkyem 25 a ɛwɔ akyiri.
Na me nsa ne me nan no adwudwo ara wɔ oprehyɛn no akyi. Wɔmaa me cobalt mu ahoɔden ayaresa adapɛn kakraa bi wɔ mmɔden a na wɔbɔ sɛ apɔw no remma bio no mu. Nanso oprehyɛn no akyi asram abien no, ade fi ase totɔɔ me so. Ɛwom sɛ na aduru a mefa no tumi brɛ eyi ase de, nanso ɛyɛɛ kakraa no, ɛbɛyɛɛ ntoatoaso ne nea wontumi nyɛ ho hwee. Na mintumi mpue papa. Mitumi tra fie yɛ me honam fam adwuma kakra de, nanso na adetɔso ho hu hunahuna me bere nyinaa. Esiane sɛ na biribi a ahintaw wɔ me mu akɛntɛn me so nti, na m’aba mu abu bere nyinaa.
Esiane sɛ na minnim bere a adetɔso no bɛba nti, na menhwɛ adesua biara so wɔ Ahenni Asa so. Nanso ɛdenam Yehowa mmoa so no, na mitumi ne nnipa a wɔpɛ sɛ wosua ade wɔ wɔn fie no sua Bible mu nimdeɛ. Eyi a meyɛɛ no daa no maa m’adwene kɔɔ so traa yɛn ahoɔden Fibea, Yehowa Nyankopɔn so, na ɛte sɛ nea ɛbrɛɛ m’akwahosan a ɛnyɛ papa no ho adwennwene no ase.
Awiei koraa no, wɔ May 1988 no, minyaa adetɔso a emu yɛ den na ɛmaa me fa benkum nyinaa dwudwoe. Nanso, na CAT scan a wɔyɛ no kyerɛ bere nyinaa sɛ mfomso biara mmae ɛ, ne sɛ apɔw no mmae bio. Enti yɛkae sɛ ebia adetɔso no yɛ me ho a ɛretɔ me no ho biribi. Nanso, yesii gyinae sɛ yɛbɛsan akɔ Los Angeles akɔyɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri yiye bio.
Na saa bere yi Oduruyɛfo Stern a ɔyɛɛ oprehyɛn abien a edi kan a wɔamma me mogya no agyae adwuma. Nanso ofi ayamye mu kyerɛɛ me Oduruyɛfo Donald Becker a ɔyɛ UCLA Department of Neurosurgery panyin no akyikwan. Oduruyɛfo Becker penee so sɛ ɛho hia a ɔbɛyɛ me oprehyɛn no, na bere koro no ara mu no ɔbɛkyerɛ obu ama yɛn obu a yɛwɔ ma mogya a egyina Bible so no denam ma a ɔremma me mogya no so.
Afei wofii ase yɛɛ ɔyare no ho nhwehwɛmu a minim no yiye no. Nanso saa bere yi de wɔde ɔkwan foforo bi a minnim a wɔfrɛ no MRI (magnetic resonance imaging) kaa CAT scan mfoninitwa ne amemene no mu a wɔhwehwɛ no ho. Wohui sɛ, yiw, apɔw aba mu—na ɛyɛ abiɛsa!
Ansa na da a wɔbɛyɛ oprehyɛn no bedu no, wohuu ade huhu bi—me mogya ntumi nna! Adetɔso ho aduru a na mefa no asɛe mogya no mu nneɛma bi. Enti adapɛn abien ne fã a edi hɔ no, na menom aduru yi nkakrankakra, na wɔde foforo a enni saa nkɛntɛnso yi sii ananmu. Na nsakrae no haw adwene yiye efisɛ bere a wowiei no na adetɔso ahorow a emu yɛ den aka me.
Oprehyɛn a Ɛto So Abiɛsa
Awiei koraa no da a wɔde bɛyɛ oprehyɛn no dui, August 1, 1988. Anɔpa 6:00 no, me ne Ingrid fi nkate mu dii nkra. Ɛno akyi simma kakraa no, wɔde me kɔɔ oprehyɛn dan no mu. Edii ɛno akyi nnɔnhwerew 12 ansa na Oduruyɛfo Becker fi bɛbɔɔ Ingrid amanneɛ sɛ wɔayiyi apɔw no nyinaa—nea ɛkae wɔ oprehyɛn a ɛto so abien no mu wɔ mfe abiɛsa a atwam no mpo ka ho—ne sɛ mogya a ɛbɛboro kuruwa biako so kakraa bi pɛ na mahwere!
Ingrid kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nanso na biribi da so haw me. Sɛ Hans nyan a n’adwenem tebea bɛyɛ dɛn? So obehu sɛ meyɛ ne yere?” Ade kyee anɔpatutuutu no, nnuruyɛfo no maa Ingrid bɛhwɛɛ me. Mibuee m’ani no, mekae sɛ, “Schatzi,” ɔdɔ frɛ a mede di dwuma daa. Na ɔkae sɛ, “Ɛyɛ da foforo mfiase!”
Ɔko no Kɔ So
Nanso, na ɛte sɛnea m’ayaresa no remma awiei da. Ɛno akyi mfe abien no, wohui sɛ apɔw foforo na ɛmma me ho ntɔ me. Enti wɔ November 26, 1990 no, wɔyɛɛ me amemene mu oprehyɛn a ɛto so anan. Wɔsan yiyii apɔw abien. Mesan traa mmubuafo agua mu, na me nna bɛyɛɛ nea me nan a wɔkanyan no wɔ ɔkwan a ɛyɛ yaw so na akae amemene no sɛnea ɛbɛma manantew bio ahyɛ mu ma bio.
Nanso, apɔw no bae bio, na saa bere yi de wohuu nea ahye nsu. Wɔyɛɛ me oprehyɛn a ɛnkyɛe koraa no July 16 1991; nanso na apɔw no mu pii yɛ nea wontumi nyiyi. Wɔde kanea titiriw bi na ɛsaa me yare wɔ mmɔden a na wɔbɔ sɛ wɔbɛma ahwere na anan no mu. Yegye di sɛ wobetumi ayɛ eyi, nanso ɔkwan a wɔbɛfa so asa me yare no ayɛ den pii.
Sɛ́ megyina sɛnea mete wɔ ɔhonam mu yi so asusuw daakye anidaso ho no de abasamtu bɛba. Nea ɛyɛ nyansa kwan mmom ne sɛ mede m’adwene besi honhom mu nneɛma so. Te sɛ nea wɔkyerɛw maa me no, Bible no se: “Ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.” —1 Timoteo 4:8.
Nkwa a ɛrebɛba no ne daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Adanse no kyerɛ sɛ abɛn, yiw, ne se ɛrenkyɛ mehuruhuruw se ɔforote. (Yesaia 35:6) Na sɛ miwu ansa na wiase foforo no ba a, owusɔre wɔ hɔ ma wɔn a wodi Yehowa nokware no. Ɛnyɛ yɛn ankasa mmaninyɛ so na yɛnam benya daa nkwa, na mmom denam nokwaredi a yɛde bɛsom yɛn Nyankopɔn Yehowa no so.—Sɛnea Hans Augustin ka kyerɛe.
[Kratafa 22 mfonini]
Me ne me yere, lngrid