Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 9/8 kr. 17-20
  • Nanso So Ɛyɛ Papa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nanso So Ɛyɛ Papa?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Ɛnyɛ Papa a ɛtumi de Nkwa To Asiane Mu
  • Fa Nnuru Di Dwuma Nyansam
    Nyan!—1996
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—2014
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1998
  • Ɛhe Na Wugye Afotu Fi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 9/8 kr. 17-20

Nanso So Ɛyɛ Papa?

NEA obi tumi yɛ no, ɔfoforo nso betumi ayɛ bi a ɛnyɛ papa. Nea wuhu sɛ wɔde ma no bɛyɛ sɛnea worehwehwɛ no pɛpɛɛpɛ, nanso so ɛyɛ papa? Wɔafa akwan a emu yɛ den so asiw nneɛma a ɛnyɛ papa a wɔyɛ ano wɔ mmere bi mu. Wɔ afeha 14 no mu no, wɔsɛn Germanni ahɔhodan sohwɛfo bi esiane sɛ ɔtɔn bobesã a ɛnyɛ papa sɛ Rüdesheimer bobesã nti. Wɔ mfe 140 mu ansa na 1832 reba no, wɔsɛn nnipa bɛboro 300 wɔ Britain wɔ nneɛma a ɛnyɛ papa a wɔyɛe ho. Wɔ 1597 mu no, wɔde dadewa bɔɔ sika adwimfo baanu aso fam dua ho esiane sika prɛte a ɛnyɛ papa a wɔhyɛɛ no agyirae atoro so nti.

Mark Jones a ɔyɛɛ Britain Tete Nneɛma Korabea nneɛma a wɔde kyerɛe a wɔato din sɛ Fake? Art of Deception ho adwuma no ka sɛ: “Nneɛma a wɔtɔ gu hɔ ho anigye mmoroso no maa adetɔnfo a wonni nokware nyaa wɔn ho.” Wɔn a wonim nneɛma mu yiye no mpo ho kaa mu. Wɔbɔɔ tirim yɛɛ Piltdown onipa no “nnompe a wotu tii asase mu” no na ɛdaadaa nyansahufo mfe pii. Hitler kyerɛwtohɔ ahorow no de sɛnea wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛnyɛ papa tumi daadaa wɔn a anka ɛsɛ sɛ wotumi hu ade yiye mpo no ho adanse a emu da hɔ pefee ma.

Mark Jones ka sɛ: “Faako a nneɛma a ɛnyɛ papa a wɔyɛ renya nkɔso kɛse nnɛ ne . . . aguade ahorow pii a wɔn a wɔn din da so sɛ wɔn na wɔyɛe no nyɛ nokware no.” Sɛ nhwɛso no, wobu akontaa sɛ wɔtɔn kɔmputa a edin Apple da so a ɛnyɛ papa no fi 10,000 kosi 15,000 ɔsram biara wɔ United States wɔ 1987 mu. Nnansa yi ara glas nneɛma a edin Waterford da so sɛ wɔn na wɔyɛe nanso ɛnyɛ papa a wɔde bɔɔ apoo bɛyɛ dɔla ɔpepem 33 no daa adi. The Sunday Times a wɔyɛ wɔ Britain no kae sɛ: “Ná wɔreyɛ glas a agye din sen biara wɔ wiase nyinaa no bi a ɛnyɛ papa wɔ adwinnan bi a ɛwɔ France akuraa bi a atew ne ho ase.

Awo ntoatoaso yi ani bere nneɛma a wɔde gye ani. Vincent Carratu a ɔde bere tenten ako atia wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛnyɛ papa no ka sɛ: “Ɛnnɛ,” obi a ɔyɛ nneɛma a ɛnyɛ papa tɔn no “bɛyɛ Chanel anowatere a ɛnyɛ papa, ɔkyena ɔbɛdan akɔ Fila agodi ntade so. na akyiri yi wakra Dunlop abaa a wɔde bɔ tennis a ɛnyɛ papa.” Nea ɔyɛ nneɛma a ɛnyɛ papa no yɛ biribiara a adetɔfo hwehwɛ. Nanso, Britain Kuw a Wɔko Tia Nneɛma a Ɛnyɛ Papa a wɔyɛ no bo kɔkɔ sɛ, “mpɛn pii no . . . wɔɔkye a wɔtɔn no pɔn 50 no bo a ɛfata ankasa yɛ pɔn 5 pɛ.”

Nneɛma a Ɛnyɛ Papa a ɛtumi de Nkwa To Asiane Mu

Anti-Counterfeiting News nso da asɛnnennen foforo adi, nneɛma a ɛnyɛ papa mu asiane no: “Nneɛma a wɔyɛ a asiane wom na ɛnyɛ papa no de wɔn a wɔtɔ no ahobammɔ to asiane mu.” Asiane yi yɛ aniberesɛm dɛn? Trademark World de saa nhwɛso horow yi ma: “Wɔahu sɛ wimhyɛn akwanhyia dunan ne anyɛ yiye koraa no nnipa baanu a wowui no fi wimhyɛn ho nneɛma bi a na ɛnyɛ papa.” Britain National Consumer Council daa ɔkwan a nneɛma a wɔde twe anyinam ahoɔden ne kar breki a ɛnyɛ papa faa so kɔɔ gua so no adi. Ɛkae sɛ: “Eyinom nyinaa betumi ayɛ asiane ama adetɔfo.”

Wɔn a wɔyɛ atirimɔdenfo titiriw ne wɔn a wɔyɛ nnuru a ɛnyɛ papa. Britain Kuw a Wɔko Tia Nneɛma a Ɛnyɛ Papa a Wɔyɛ no ka sɛ “nnuru nyinaa a wɔtɔn wɔ Afrika mmeae bi no mu nea ɛreyɛ adu ɔha biara mu nkyem 70 nyɛ papa.” Sɛ nhwɛso no, na aduru biara nni ani aduru bi a wohuu wɔ Nigeria no mu, na wɔde nsu a efi wom na ɛyɛe. Ná ebetumi de anifurae aba. World Health Organization no kae wɔ 1987 mu sɛ: “Sɛ ɛsɛ sɛ nnipa de wɔn ho to nnuru a wɔfrɛ no ‘antibiotics’ a aduru biara nnim so a nea ɛte biara nnipa bewuwu, enti nneɛma a ɛnyɛ papa a wɔyɛ no yɛ awudi kɛse.”

Sika a ɛfa wo nsam no mpo betumi ayɛ nea ɛnyɛ papa. Nnansa yi ara, wɔ afe biako mu no, wɔde nsa too dɔla ɔpepem 110 a ɛnyɛ papa so wɔ wiase nyinaa. The Irish Times ka sɛ, na sika dɔla 100 nkrataa a ɛnyɛ papa a na wodi wɔ Ireland no yɛ fɛ araa “ma wogyee emu 155 de yɛɛ adwuma wɔ Sikakorabea akɛse no nyinaa mu.

Dɛn na wubetumi ayɛ na wode abɔ wo ho aban afi nneɛma a ɛnyɛ papa ho? Adetɔ ho nsɛm ho ɔbenfo bi ka sɛ “nnaadaa ho ahobammɔ a ɛsen biara ne ɔdetɔfo a ɔwɔ nimdeɛ.” Ɔde ka ho sɛ: “Sɛ ɛte sɛ nea ɛyɛ dɛ dodo sen nea ɛbɛyɛ nokware a, ebia na ɛte saa.”

[Kratafa 17 mfonini]

Na Piltdown “nnompe a wotu fii asase mu”no yɛ ade a ɛnyɛ papa a ɛdaadaa nyansahufo mfe pii

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena