Ɛhe Na Wugye Afotu Fi?
SO OBI de kantafit sika ama wo pɛn? Ebia obi mfaa bi mmaa wo da, nanso sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ wɔde sika a ɛte saa totɔ nneɛma a, anka wobɛyɛ w’ade dɛn wɔ ho? So wo bo befuw? Dabida! Ɛda adi sɛ wode aseda kɛse bɛma sɛ wama woate, na wobɛhwɛ yiye sɛ woremfa wo sika pa a wobrɛe ansa na worenya no nkɔsesa bi.
Yɛn mu pii nsa ka afotu ne kɔkɔbɔ wɔ bere ne bere mu. Ampa, kɔkɔbɔ ahorow bi so wɔ mfaso sen afoforo. Nanso sɛ yenhu sɛ mfaso bi wɔ afotu bi so ma yɛn ankasa mpo a, so biribi wɔ hɔ a ɛsɛ yegyina so ma yɛn bo fuw esiane sɛ wɔde mae nti?
Nokwasɛm no ne sɛ obiara hia mmoa ne afotu wɔ bere ne bere mu. Obiara nni hɔ a ɔwɔ biribiara ano aduru. Esiane sikasɛm ne amammui a wontumi mfa ho nto so nti, obiara hia daakye ho anidaso a ɛyɛ den. Wɔ wiase a ɛkame ayɛ sɛ emu aware ahorow mu fã gu, na mmofra nyinsɛn abu so wom na nyarewa a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu ayɛ nnipa pii mu no, ɛho hia ntɛm sɛ yenya akwankyerɛ pa a ɛkari pɛ. Awofo hia mmoa na ama wɔahu ɔkwan pa a ɛsen biara a wɔbɛfa so atete wɔn mma wɔ nneɛma nhyehyɛe a ɛyɛ basaa yi mu. Mmofra hia mmoa na ama wɔadi nkate ne nhyɛso a wontumi nhu ano a ɛte sɛ nea abunkam wɔn so no ho dwuma. Obiara hia mmoa na ama wanya abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a eye wɔ wiase a wɔregye nsisi, ɔbrasɛe, ne basabasayɛ atom kɛse no mu.
Yebetumi anya mmoa a ɛte saa no afi he? Bible, Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu ne asetra ho afotu fibea a eye sen biara. Tete odwontofo no kyerɛwee sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” (Dwom 119:105) Wɔn a wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm na wɔde di dwuma no kwati asiane ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu pii. Ɛno ne ade biako nti a afe biara no, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew ɔpepem pii srasra nnipa a wɔte faako a wɔwɔ no na wɔne wɔn susuw Bible no ho no. Nanso, nnipa pii ntie na ebinom bo fuw mpo. Dɛn ntia?
Adwene a Wɔato Mu—Dɛn Ntia?
Wiɛ, nnipa pii ntaa mpɛ koraa sɛ wobegye afotu, ne titiriw no bere a ɛfa ɔsom ho no. Asɔremma mpo mpɛ sɛ wobetie afotu a wɔn asɛnkafo de ma no bere nyinaa. Britania sɔfo bi kae sɛ: “Obiara wɔ ne nsusuwii na obu no sɛ eye te sɛ ɔsɛnkafo no de no.” Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa mpɛ sɛ wobetie ɔhɔho a waba wɔn pon ano no.
Afei nso, ɛwom sɛ yɛte akyinnyegye bere mu de, nanso nnipa pii da so ara ne wɔn asɔre ahorow wɔ nkate mu abusuabɔ a emu yɛ den. Sɛnea nhoma bi a ɛka nneɛma pii ho asɛm kae no, “nyamesom ka nnipa pii nkate a emu yɛ den sen biara.” Ebia saafo no renhu sɛnea ɛho hia sɛ wɔne ɔsom foforo muni bɛka Bible no ho asɛm, bere a nkɔmmɔbɔ no fa wɔn haw ahorow ano aduru a wobenya ho mpo no.
Afoforo mpɛ sɛ wɔbɛka Bible no ho asɛm efisɛ wɔahu nyaatwom ne ɔporɔw pii wɔ nyamesom mu. Ɛyɛ wɔn abufuw sɛ ɔsom bi akannifo bu wɔn ani gu ɔbrasɛe so, anaasɛ television so asɛnkafo pii adifudepɛ a ɛnyɛ wɔn aniwu no yɛ wɔn abofono. Ebia wɔtwe wɔn ho bere a ɔsɔfo bi de ne tumi di dwuma de gyina kuw biako akyi wɔ amammui mu ntawntawdi mu no. Wɔ wɔn fam no, nyamesom de ɔhaw pii ba sen ɔhaw a edi ho dwuma.
Ɔhaw ahorow a saafo nwiinwii wɔ ho no yɛ paara. Wɔ nyamesom fam no, wɔde “kantafit sika” pii tɔ nneɛma. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ ntease nnim sɛ eyi nti wɔbɛpow sɛ wobegye mmoa a ɛsom bo a efi Bible mu atom te sɛ nea ntease nnim sɛ esiane sɛ wɔde kantafit sika tɔ nneɛma nti, wɔbɛpow sɛ wobegye sika pa!
Sɛnea yɛadi kan aka dedaw no, yɛn nyinaa hia afotu wɔ wiase a ɛyɛ den sɛ obi bɛpaw nea ɔpɛ na tebea horow a asiane wom yi mu. So ɔkwan bi wɔ hɔ a wɔbɛfa so akyerɛ wo kwan nyansam wɔ afotu a wogye ho asɛm yi mu? So ɛho nhia anaa ɛyɛ mfomso mpo sɛ wo ne ɔsom foforo muni bɛka Bible no ho asɛm? So ebetumi aba sɛ worento w’adwene mu na ama woagye afotu pa atom a woremma afotu bɔne nnaadaa wo? Dɛn na Bible ka wɔ eyi ho?