Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 12/8 kr. 8
  • AIDS wɔ Afrika​—Kɔkɔbɔ ma Wiase No!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • AIDS wɔ Afrika​—Kɔkɔbɔ ma Wiase No!
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AIDS Sɛe Nneɛma Kosi He wɔ Afrika?
    Nyan!—1992
  • Dɛn Nti na Afrika Rehu Amane saa?
    Nyan!—1992
  • AIDS Asɛnnennen Ma Mmofra A Wonni Mfe Aduonu
    Nyan!—1991
  • AIDS—Nea Ayɛ Mmofra A Ɛyɛ Awerɛhow
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 12/8 kr. 8

AIDS wɔ Afrika​—Kɔkɔbɔ ma Wiase No!

“SƐ AFE biara wunya nna mu ɔhokafo 1 wɔ mfe 6 ntam, na sɛ saa ara na wo nna mu ahokafo no nyinaa yɛ a,ɛnde na wone nnipa bɛyɛ 45 000 anya nna mu nkitaho.” Saa akontaa tiawa yi a Oduruyɛfo K. E. Sapire bui a wɔafa aka wɔ South Africa nsɛmma nhoma Continuing Medical Education mu no da sɛnea ɛnyɛ den koraa sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu betumi anya AIDS no adi.

Ɛnde dɛn nti na wɔde adwene si Afrika so?

Efisɛ nea ɛrekɔ so wɔ hɔ no yɛ kɔkɔbɔ ma wiase no. Ɛnyɛ Afrika nko na ɔbrasɛe abu so. Ɛwɔ wiase nyinaa. AIDS ho ɔbenfo Oduruyɛfo Dennis Sifris ka sɛ: “Awiei koraa no, asiane wɔ hɔ sɛ obiara a onya nna mu kyɛfa a ne hokafo boro biako no betumi anya ɔyare no bi.” Saa ara na sɛnea U.S News & World Report kyerɛ no, wɔ nnɛ yi gyinapɛn ahorow mu no, mpo “aware nkyerɛ sɛ obi ne nea ɛsono ne bɔbeasu nkutoo na ɛbɛda​—anaa nokware a obedi ama ne hokafo​—ma enti ɛnyɛ biribi a ɛde AIDS ho ahobammɔ a edi mũ ma.”

Enti, African Affairs nsɛmma nhoma no gyina ntease pa so bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɔyaredɔm no mu betumi atrɛw saa ara wɔ baabi foforo biara.” Nea ɛrekɔ so no nyinaa kyerɛ sɛ ɔhaw a ɛwɔ Afrika no bi rekɔ so dedaw wɔ wiase afã afoforo pii.

Newsweek nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ, sɛ nhwɛso no “wɔn a wɔne nnipa a ɛsono wɔn bɔbeasu da pii anya AIDS afi wɔn nna mu ahokafo a wɔanya bi no hɔ” wɔ Brazil. Ɔman no asoɛe a ɛhwɛ apɔwmuden nsɛm so bu akontaa sɛ bɛyɛ nnipa ɔpepem fã anya HIV dedaw. Oduruyɛfo Carlos Alberto Morais de Sá, ɔpanyin a ɔhwɛ AIDS ho nhwehwɛmu so wɔ Rio de Janeiro Gaffrée e Guinle Sukuupɔn Ayaresabea no ka sɛ: “Sɛ wɔanyɛ ho hwee a, yebehyia ɔmanfo akwahosan ho ɔhaw.”

Asiane no wɔ United States nso. Time nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ: “Bere a sɛ wɔde toto ho a nnipa dodow a wonya fi mmea ne mmarima nna mu no sua koraa no, ɛkɔɔ soro ɔha mu nkyen 40 afe a etwaam[1990] no mu, ɛkɔɔ soro ntɛmtɛm sen kuw foforo biara.” Bere a wɔdaa no adi sɛ bɔɔlbɔfo a wagye din Magic Johnson nam ɔne mmea nna so anya AIDS no akyi dapɛn biako no. nnipa pii a wɔabɔ hu frɛɛ aduruyɛ ho adwumayɛfo wɔ telefon so bisabisaa wɔn ɔyare no ho nsɛm pii.

Nea ɛrekɔ so wɔ Asia nso kyerɛ sɛ ɔhaw kɛse bi rebesi. Wiase no fã a ɛwɔ hɔ no anya nkɔanim wɔ nnipa dodow a wɔwɔ HIV mu fi nnipa kakraa bi wɔ 1988 mu adu nea ɛboro nnipa ɔpepem biako nnɛ! Oduruyɛfo Jim McDermott rebɔ nsɛm mu a ɔkɔhwehwɛe wɔ Asia ho amanneɛ no, ɔka sie sɛ: ‘Sɛ wɔde toto ho a, nnipa a wɔanya ɔyare no bi wɔ Afrika no dodow bɛyɛ kakraa bi.” Ɔde ka ho sɛ: “Migye di yiye sɛ Asia bɛyɛ beae a nnipa a wɔdɔɔso sen biara nya AIDS ɔyare a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no bi.”

Mfaso nni so, na ɛho nhia sɛ wɔde nea ɛyɛe a AIDS bae ne trɛw a ɛretrɛw no ho asodi bɛto asasepɔn anaa ɔman pɔtee bi so. Oduruyɛfo June Osborn, ɔpanyin a ɔwɔ Ɔmanfo Akwahosan Sukuu a ɛwɔ Michigan Sukuupɔn, U.S.A no kaa no pefee sɛ: “Ɛnyɛ onipa ko a woyɛ, na mmom nneɛma a woyɛ ne asɛm no.”

So AlDS bɛkɔ so asɛe ade wɔ baabiara? So ano aduru bi wɔ hɔ, anaa awiei koraa no, ɛbɛtɔre nnipa ase afi Afrika asasepɔn no mmeae pii ne wiase afã afoforo?

[Kratafa 8 mfonini fibea]

WHO mfonini a H. Anenden twae: nea ɛwɔ akyiri no : NASA mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena