Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 3/8 kr. 31
  • Argentina Asukyenee A Ɛyɛ Soronko

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Argentina Asukyenee A Ɛyɛ Soronko
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asasenini a Wɔma Ɛdan Asasebere
    Nyan!—2001
  • Ɔtare Victoria—Afrika Asasetam so Po Kɛse
    Nyan!—1998
  • Po So Ahyɛn Akɛse Ayɛ Krado Sɛ Wɔbɛboa
    Nyan!—2002
  • Trinidad De Nnanan Na Esii!
    Nyan!—1986
Nyan!—1993
g93 3/8 kr. 31

Argentina Asukyenee A Ɛyɛ Soronko

“ƐSƐ sɛ mokɔ na mokɔhwɛ.” “Ɛyɛ wiase no mu anwonwade horow no mu biako.” Ná wɔde yɛn akɔ Buenos Aires sɛ yɛnkɔboa ma wonsi Ɔwɛn Aban Asafo baa no adan afoforo, na nkuranhyɛ a ɛte sɛ eyi na ɛkaa me ne me kunu maa yɛkɔsraa Glaciers National Park a ɛwɔ Argentina anaafo kɔhwɛɛ asukyenee soronko a wɔfrɛ Perito Moreno no.

Awiei koraa no, yeduu Andes a nnua akata ase hɔ mmepɔw mmepɔw no so. Ɔkwan no nam Argentino Ɔtare no Rico ntrɛwmu no so. Ankyɛ na yeduu asase kɔn bi ano, faako a nsu no kyim kɔbɔ ɔtare no mu no. Nsu no mfinimfini na wohu Perito Moreno​—nsukyenee ɔfasu a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ kilomita 4 na ne sorokɔ bɛboro mita 50. Ade a ne hwɛ yɛ anigye bɛn ara ni!

Asubɔnten a ɛyɛ nsukyenee, Perito Moreno yi tumi kɔ n’anim ara yiye bɛyɛ mita 4 da koro anaasɛ mita 450 afe! Yɛantumi ankwati mfonini twa bere a owia no hyerɛn wɔ nsukyenee a ani yɛ bruu no so no. Dɛn nti na ani yɛ bruu? Esiane sukyerɛmma no mu duru nti, mframa biara nni nsu a akyene no mu, enti nsukyenee no hwɛbea dan yɛ bruu a wohwɛ mu a wuhu akyiri. Biribi foforo a ɛtwee yɛn adwene nso ne dede soronko a na ɛyɛ no. Yɛtee nsukyenee a ne kɛse wɔ n’afanan mu yɛ kilomita 195 no a na ɛresiansian brɛoo wɔ abon no mu ne asukɔtweaa akɛse a na ɛrebubu fi sukyerɛmma no anim no nnyigyei. Eyinom kɔhwe nsu no mu ma egyigye te sɛ ɔprannaa.

Mfe kakra biara mu no Perito Moreno a ɛkɔ n’anim no siw Rico ntrɛwmu a ɛbɔ Ɔtare Argentino mu no kwan. Wɔ ɔfã koro no, nsu a ne kwan asiw no yiri kɔ soro fi mita 20 kosi 35 sen sɛnea ɛte no. Awiei koraa no, nsu no ahoɔden boro nsukyenee no de so, na Perito Moreno no hwɛ yɛ anigye bere a nsu no bu fa mu no.

Ɔtare no nsu no a na anka ɛtaa hɔ dinn no dan yɛ sɛ ɛpo a ɛrehuruw kutuku. Eyi kɔ so nnɔnhwerew bi. Television so dwumadi La Guerra Del Hielo kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Nsukyenee akɛse a abubu a ɛso sen abansoro a ɛtoa so dunnum bu fi nsukyenee ɔfasu no ho hwe fam ma ɛyɛ dede kɛse. Obiara huruw bɔ gye so wɔ adebɔ tumi ho adanse a ɛyɛ nwonwa yi ho.”

Hwɛ sɛnea yɛn ani gyee sɛ yɛn nnamfonom hyɛɛ yɛn sɛ yɛmmra mmɛhwɛ Perito Moreno!​—Wɔkyerɛw mae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena