Asasenini a Wɔma Ɛdan Asasebere
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ INDIA HƆ
Ɛbɛyɛ dɛn na Ladakh asasenini a ɛda India atifi fam mantam mu no atumi adan asasebere ankasa? Ná ɛno ne asɛmmisa a ɛwɔ Tsewang Norphel, a na ɔyɛ akwan ne ahyɛn gyinabea, no adwenem. Nsu a efi asukyenee a ɛwɔ Himalaya Mmepɔw mu ba no fi ase wɔ June ɔsram mu, na ɛnyɛ April ɔsram, bere a osu ntɔ na akuafo hia nsu de ayɛ wɔn mfuw no. Norphel de mmuae a emu da hɔ mae sɛ: Ɛsɛ sɛ yɛto ɔfasu bi a ɛbɛma asukyenee no anan wɔ nkoko no ase, na ama asukyenee no afi ase anan afe no mfiase.
Sɛnea India atesɛm krataa The Week kyerɛ no, Norphel ne ne kuw no danee nsu a ɛda bepɔw no ho ani yɛɛ no subɔnka a ne tenten yɛ mita 200 a ɛwɔ akwan 70. Ná nsu no bɛsen nkakrankakra akɔ bepɔw no ase na akyen ansa na adu ɔfasu a wɔato wɔ bepɔw no ase no ho. Asukyenee no bɛdɔɔso nkakrankakra kosi sɛ ɛbɛkata ɔfasu no so koraa. Esiane sɛ asukyenee no wɔ bepɔw no ase nti, ɛbɛnan bere a wim yɛ hyew wɔ April mu nkutoo, na ama wɔanya nsu a wohia de agugu wɔn nnɔbae so saa bere no.
So wotumi dii adwene a ɛne sɛ wɔbɛma nsu adan nsukyenee no ho dwuma? Nokwarem no, Norphel adwenkyerɛ no dii mu araa ma wɔayeyɛ nsukyenee a ɛte saa no du dedaw wɔ Ladakh, na wɔreyɛ pii nso ho nhyehyɛe. Asukyenee biako a wɔyɛe a ne tenten yɛ anammɔn 4,500 ma wɔn nsu galɔn ɔpepem akron. Na ɛka ahe na wɔbɔɔ wɔ ho? The Week ka sɛ: “Asukyenee a obi ankasa yɛ no gye bɛyɛ asram abien na ɛho ka yɛ India sika 80,000 [$1,860], a emu fã kɛse no ara yɛ ka a wɔbɔ wɔ adwumayɛfo no ho.”
Sɛ onipa de ne nyansa di dwuma ɔkwampa so a, ɛso tumi ba mfaso. Wo de susuw nea adesamma betumi ayɛ wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no akwankyerɛ ase no ho hwɛ! Bible hyɛ bɔ sɛ: “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren . . . nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so.” (Yesaia 35:1, 6) Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛka ho bi ma wɔasiesie asase no so!
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]
Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.
Arvind Jain, The Week Magazine