Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 8/8 kr. 13
  • So Nnwom Betumi Apira Wo Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nnwom Betumi Apira Wo Ampa?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom a Ɛmfata Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nnwom​—So Ebetumi Ayɛ Nea Ɛsɛe Ade?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • So Nnwom Betumi Apira Me Ankasa?
    Nyan!—1993
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom A Ɛsɛe Ɔbra Pa Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 8/8 kr. 13

So Nnwom Betumi Apira Wo Ampa?

SUSUW eyi ho: Obi a wunim no wɔ adwumam to nsa frɛ wo sɛ bedidi anwummere wɔ ne fie. Wopene so. Bere a ade resa no, wuhu nokwasɛm ahorow bi a ɛyɛ ahodwiriw wɔ nea ɔtoo nsa frɛɛ wo no ho. N’ani gye atirimɔdenne ho, ɛyɛ a na ɔpɛ sɛ okum ne ho, ɔka kasafĩ, na ɔkamfo Ɔbonsam som kyerɛ. Afei, so wobɛpɛ sɛ wosan kɔ ne nkyɛn anwummere foforo? Wubua sɛ: “Dabi!”

Bio nso, sɛ ɔmannifo yi kyeree ne gyidi ne ne nneyɛe bɔne no guu kasɛt so saa anadwo no na ɔde maa wo nso ɛ? So wobɛbɔ no mpɛn pii atie? Dabi, worenyɛ saa.

Nanso, nokwasɛm no ne sɛ nnipa ɔpepem pii tie nsɛm a ɛtete saa. Nea afi mu aba ne sɛ nnipa pii a wotie nnwom yi fa nsusuwii ne nneyɛe a ɛhyɛ ho nkuran no.

Nnwom bɛn na yɛreka ho asɛm yi? Ɛkame ayɛ sɛ wotumi hu nkɛntɛnso bɔne wɔ nnwom ahorow nyinaa mu. Sɛ́ ebia obi pɛ sanku nnwom, jazz, anaa dwom foforo biara no, ahwɛyiye ne nyiyim ho hia.

Nanso, nnwom ahorow bi wɔ hɔ a nsɛm a ɛmfata koraa no da adi wom kɛse. Eyi ma yehyia asɛnnennen soronko bi. US.News di World Report ka rap [nnwom a wɔkasa wom] a ano yɛ den dodo mu nsɛntitiriw ho asɛm sɛ nea “mmofra atuatew su, nna mu basabasayɛ ne ahodɔmdi ho adwene abu so wom.” Ɔbenfo David Elkind ka sɛnea rock nnwontofo akuw bi ka “kasafĩ na wobu bra bɔne araa ma wogu rock nnwom adwuma no nyinaa ho fĩ” ho asɛm. Wɔ mmeae bi no, wɔakyerɛw wɔn kasafĩ no ho kɔkɔbɔ agu kasɛt adaka no akyi mpo.

So nkurɔfo reyɛ ade atra so wɔ nnwom a wɔn ankasa mpɛ ho ara kwa, anaa biribi ankasa wom a ɛhaw wɔn? Ma yɛnhwehwɛ rock nnwom a mprempren nnipa bebree nam nnwom kasɛt adaka, television so video so nnwom ne kɔnsɛt so tie no mu yiye. Hwehwɛ sɛnea enya nkurɔfo so nkɛntɛnso no mu. Na afei wo ankasa si wo gyinae sɛ ebia saa anigyede yi yɛ agoru a empira obiara anaasɛ ɛyɛ awuduru a ɛsɛe adwene. So ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wo anaa w’abusua tie mpo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena