Nnɛyi Nnwom Asiane Ahorow No A Wobɛkwati
EBINOM gye sɛ́ eye anaa enye sɛ aban bara rock nnwom ho kyim. Afoforo nso gye nkɛntɛnso bɔne a enya wɔ mmofra so no ho kyim. Nanso sɛ woyɛ Kristoni a, eyinom ho nhia kɛse sɛ asɛntitiriw yi: Nnwom betumi aka wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ dɛn?
Onyankopɔn Asɛm, Bible no, na ɛkyerɛ Kristoni kwan wɔ n’asetram. Asetra afã biara, a anigyede nso ka ho, ho nnyinasosɛm ahorow wom. Bible akwankyerɛ bɔ asoɔmmerɛfo ho ban wɔ nea ɛmfata na epira no ho. Bio nso, Onyankopɔn anim dom gyina N’asɛm a wodi so no so. Enti, Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm kyerɛ Kristoni kwan ma ɔyɛ nyiyim wɔ nnwom mu. (Dwom 43:3; 119:105; 2 Timoteo 3:16, 17) Ɛnde, Kyerɛwnsɛm no mu akwankyerɛ ahorow bɛn na ɛboa yɛn ma yɛyɛ nnwom mu nyiyim?
Hia a Ɛho Hia sɛ Wokari Pɛ
Ɔsɛnkafo 7:16 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nyɛ wo ho ɔtreneeni bebrebe, na nyɛ onyansafo ntra so: ɛdɛn nti na wobɛsɛe wo ho?” Ansa na wobɛka sɛ dwom bi nye no, bisa wo sɛ ebia asɛm no ne sɛ pɛ a w’ankasa wompɛ dwom no nti na enye no. Kae sɛ, ebia wompɛ dwom bi, nanso ɛno nkyerɛ ankasa sɛ dwom no nye.
Wɔada sɛnea yɛbɛkari pɛ wɔ asɛm yi ho mu ade foforo adi wɔ Ɔsɛnkafo 7:17, 18 sɛ: “Mma abɔnefosɛm nnnɔɔso na nyɛ ɔkwasea: ɛdɛn nti na wubebu wo bere mu awu? Eye sɛ wuso eyi mu, na eyi nso wunyi wo nsa mfi ho; na nea osuro Onyankopɔn befi ne nyinaa mu.”
Ɛnde, sɛ Kristoni tie nnwom a ɛhyɛ basabasayɛ, nnipa mu nyiyim, ɔbrasɛe, Ɔbonsam som, ne ahodɔmdi ho nkuran nso ɛ? Efesofo 5:3, 4 ka sɛ: “Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.” Yiw, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Yehowa nnamfo no ntumi mfa nneɛma a ɛmfata nnye wɔn ani. Wɔrennya adwene sɛ bere dodow a wɔnyɛ saa nneɛma bɔne no, ɛteɛ sɛ wɔde gye wɔn ani.
Ɛnyɛ dwom bi mu nsɛm nko na ɛma Kyerɛwnsɛm no ka sɛ eye anaa enye. Honhom bɛn na ɛhyɛ ho nkuran? Yɛsrɛ sɛ kenkan Galatifo 5:19 kosi 23 wɔ wo Bible no mu. Emu nea ɛwɔ he na ɛka honhom a ɛwɔ nnwom a wutie no mu ho asɛm yiye. Sɛ nnwom no sɛ “ɔhonam nnwuma” a, ɛnde adwene a Yehowa wɔ wɔ ho no da adi pefee.
Sɛ Kristoni bɔ mmɔden sɛ ɔde nnwom a ɛmfata begye n’ani de aka ɔsom kronn a ɔde ma Onyankopɔn wɔ n’asetram no ho a, obehu sɛ enhyia ankasa. Ɛte sɛ nea wonom aduaba mu nsu a wɔde awuduru afra mu. Aduaba mu nsu no ntumi nsiw kum a awuduru no bekum wo no ano. Nsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 6:14-17 ka no pefee sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Na ɔka bɛn na Kristo ne Belial ka? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ? . . . Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho, sɛnea [Yehowa] se ne no, na monnka nea ɛyɛ fi.”
Ɛnde, eyinom ne Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den no susuw ho. Sɛ wubu Bible mu nnyinasosɛm sɛ ɛsom bo a, hwɛ nnwom a wutie no yiye. Hwehwɛ wo kasɛt ne video kasɛt mu yiye. Tow nea ebu Bible nnyinasosɛm so no gu. Sɛ wuntumi nhu sɛ eye anaa enye a, tow gu. Yɛ saa ara wɔ kɔnsɛt nhoma ahorow ho—tow biribiara a ɛne trenee nni twaka biara no gu.
Anoyi Su No
Sɛ w’ani gye nnwom bi a ɛreyɛ abu Kyerɛwnsɛm no akwankyerɛ so anaa ebu so ankasa a, ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubesusuw asɛm no ho wɔ ɔkwan pa so. Ebinom de anoyi ahorow ma de bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ wɔn gyinabea teɛ. Sɛ wuhu sɛ woyɛ saa a, gyina na susuw ho. So wo nsusuwii no teɛ, anaasɛ egyina nnwom ho nkate so kɛkɛ? Susuw nsɛm a edidi so a ebinom ka na hyɛ no nsow sɛ, sɛ wɔhwehwɛ mu a, nsɛm a ɛte sɛɛ no yɛ anoyi ahorow a wɔde ma ara kwa.
Ɛnyɛ asiane mma me sɛ metie nnwontofo kuw yi, efisɛ wɔkasa tia nnubɔne a wɔde di dwuma. Nanso so kuw no kasa tia nneyɛe bɔne afoforo te sɛ aguamammɔ, basabasayɛ, ne animtiaa a wobu tumidi no denneennen? Galatifo 5:9 se: “Mmɔkaw ketewa na ɛkaw mmɔre no nyinaa.”—Fa toto Yakobo 2:10 ho,
Wiase yi mu asetra nye koraa. So yebetumi anunu nnwontofo yi sɛ wɔda abufuw adi wɔ wiase no tebea horow ho ankasa? Ɛwom sɛ Bible no hyɛ treneefo nkuran sɛ wɔnna abufuw a ɛteɛ adi wɔ nhyehyɛe yi mu nneɛma bɔne ho de, nanso ɛtwe adwene si Mesia Ahenni no so sɛ ɛne ano aduru.—Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10.
Kristoni anidaso pa no nte sɛ nnwontofo pii a wɔka sɛ atuatew ne adesamma amanehunu ano aduru no abasamtu kɛse no. Nokwarem no, wiase no abufuw no sɛe nneɛma na ɛma wɔde nkate a emu yɛ den yɛ ade, na ɛda nneɛma nhyehyɛe yi nyansa adi.—Romafo 12:9; Yakobo 3:15-18.
Nnwontofo no ho akokwaw, na wɔatete wɔn yiye mpo. Nanso ahokokwaw a odwontofo de tow nnwom no ho nhia wɔ nnwom mu nsɛm a wɔde toto Bible nnyinasosɛm ahorow ho no mu, anaa ɛnte saa? Na Ɔhene Salomo ho akokwaw wɔ nneɛma pii a na nnwom ka ho mu. Nanso bere a ɔwae fii nokware som ho no, Bible no bɔ amanneɛ sɛ, “[Yehowa] bo fuw Salomo, efisɛ ne koma adan afi [Yehowa ho].” Saa ara nso na na Nimrod yɛ Ɔdansifo ne ɔbɔmmɔfo a ne ho akokwaw, nanso Onyankopɔn ani ansɔ ɔno ne ne mfɛfo no. Dɛn ntia? Efisɛ na Nimrod yɛ ‘ɔbɔmmɔfo tumfoɔ a ɔsɔre tia Yehowa.’—1 Ahene 11:9; Genesis 10:8, 9.
Asɛm biara nni nnwontofo no nnwom no kakra a rock nnwom a ano nyɛ den ka ho no ho. Asiane a ɛwɔ eyi mu ne sɛ dwom biako a asɛm biara nni ho no betumi ama obi akɔtɔ kasɛt no nyinaa, a emu nnwom no mu dodow no ara mfata koraa no na watie. Sɛnea nsu kuruwa biako ntumi nhohoro dontori siw no, saa ara na dwom biako bi a asɛm nni ho nsakra honhom a ɛda adi wɔ kasɛt anaa nnwontofo kuw bi mu nyinaa no.
Nnwontofo no nsom Satan na wɔmmɔ ahohwibra ankasa. Wɔyɛ saa wɔ agodi pon so kɛkɛ. Ɛda so ara yɛ nokwasɛm sɛ nneɛma bɔne bi wɔ nnwom a wɔde gye wɔn atiefo ani no mu, sɛ ɛnyɛ nea abu so wom mpo a. Kolosefo 3:8 hyɛ Kristofo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde nneɛma te sɛ abufuw ne ɔyaw gye wɔn ani, na mmom ‘wonnyi ngu.’ Paulo ka kyerɛɛ Efesofo no sɛ ‘wɔne [asoɔden mma no] nnyɛ esum nnwuma a ɛnsow aba no bi, na mmom wonnyi ho ntɛn.’ So obi a ɔde esum nnwuma gye n’ani no betumi ayi wɔn a wɔyɛ saa no ntɛn?—Efesofo 5:6, 11.
Minntie emu nsɛm no. Mitie ne nnyigyei no nkutoo. Nanso dwom mu nsɛm betumi aka adwene no mu na ɛde ɔhaw ahorow aba akyiri yi. Ɛwom sɛ yesusuw sɛ nsɛm bi afi yɛn adwenem de, nanso ebia yɛn werɛ remfi koraa. Ɛnde, hwɛ asiane a ɛwom sɛ yebefi yɛn pɛ mu atie nsɛm a ɛne afotu a ɛwɔ Filipifo 4:8 a ese yɛmfa yɛn adwene nsi nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, ne nea ɛsɛ ayeyi so no bɔ abira pefee.
Kae nso sɛ obiara a “ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” Eyi te saa efisɛ adesamma wiase a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho ne wiase no honhom yɛ Yehowa Tamfo kɛse, Satan, Ɔbonsam de. Afei susuw ho. So ɔbarima bi ani begye ho sɛ ne yere de ne kan mpena bi mfonini bɛbɔ ne fie, ɛwom mpo sɛ ɔkyerɛ sɛ onni ne ho anigye titiriw bi, na mmom ɔde mfonini no siesie hɔ kɛkɛ? Dabi, mmom no ɔbɛpɛ sɛ oyi mfonini no fi fie hɔ na efi ɔbea no adwenem nso. Na sɛ yɛde nnwom a edi Yehowa Tamfo atirimpɔw ho dwuma kɔ yɛn fie ne yɛn komam nso ɛ? Sɛ yɛka mpo sɛ, “Nnyigyei no ara kwa na m’ani gye ho; minntie emu nsɛm no” a, so ɛsakra asɛm no ankasa wɔ Yehowa ani so?—Yakobo 4:4; 1 Korintofo 10:21, 22.
Ma Wo Gyinaesi Nsi Pi
Sɛ woakɔ so atie nnwom a esi bɔneyɛ so dua a, dɛn ankasa nti na woyɛ saa? Ebia wunnye adwemmɔne a ɛwom no ntom, nanso ebia na nnwom no ankasa yɛ wo dɛ yiye—wuntumi nkwati ne nnyigyei no koraa, anya wo so nkɛntɛnso kɛse—ma wuntumi nkwati na wompɛ sɛ wugyae tie.
Nanso nea ɛteɛ a yɛbɛyɛ no nyɛ mmerɛw bere nyinaa. Wɔsɔ yɛn hwɛ titiriw bere a Onyankopɔn gyinapɛn ahorow hyɛ yɛn sɛ yɛntwe yɛn ho mfi biribi a yɛde yɛn koma abata ho ho no. So yɛbɛka sɛ yɛn asɛm no yɛ soronko na yɛakɔ so “ahinhim nsɛm abien ntam,” anaasɛ yebekyi nea Yehowa tan no koraa?—1 Ahene 18:21.
Ɛmfa ho sɛ yɛde nneɛma ahorow bɛbɔ afɔre no, yɛn ani begye kɛse sɛ yɛpaw nea ɛsɔ Yehowa ani a. Eyi kyerɛ sɛ yɛrenka nea ɛyɛ fĩ. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa hyɛ bɔ sɛ obegye yɛn atom. Yiw, ɔbɛkan yɛn afra ne nkurɔfo a wɔwɔ n’anim dom no ho.—2 Korintofo 6:17.
Yehowa dwen yɛn yiyedi ho. Ɔyɛɛ ne mmara ahorow no na ama yɛn asetra ayɛ papa. Gye nsa a ofi ne komam to frɛ wo a yehu wɔ Yesaia 48:17, 18 no so. “Me Yehowa, wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’asõ ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”
[Kratafa 10 adaka/mfonini]
Awofo Asɛyɛde
Sɛ woyɛ ɔwofo a, wowɔ Kyerɛwsɛm mu asɛyɛde sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo mma ma wɔahu nsonsonoe a ɛwɔ nnwom a eye ne nea enye ntam. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wuhu nea wotie. Ɛkyerɛ sɛ wubesi pi wɔ nnwom a wobɛma kwan ma wɔde aba wo fie ne nea womma kwan ho.
Wo ne wo mma nsusuw ho. Kwati akyinnyegye a ɛbrɛ wo mu gyidi a wowɔ no ase. Nsɛm te sɛ “Mintumi nte nea enti a mutie saa nnwom fõ no ase” a wobɛka no betumi ama mmofra no atie nea wɔn ankasa paw no kɛse. Ebia odwontofo bi asetra kwan a ɛmfata a wobɛtwe adwene asi so remma wonnye nea woka no nni, ne titiriw no sɛ ɛnna adi wɔ nnwom no mu a. Aberante bi kae sɛ: “Sɛ obi ka sɛ rap nnwom nyinaa nye a, misusuw ankasa sɛ onnim nea ɔreka no!”
Enti ɛsɛ sɛ wunya nea wobɛka no ho nimdeɛ. Hu Onyankopɔn adwene wɔ nsɛm yi ho. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa ma woanya Bible nhoma a ɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu kɔ akyiri. Hu nokwasɛm ahorow no. Ma emu nna hɔ pefee sɛ asɛm no fa Bible gyinapɛn ahorow ho na ɛnyɛ sɛ worehyɛ wo mma sɛ wɔnyɛ nea wopɛ.—Efesofo 6:4.
[Mfonini wɔ kratafa 19]
Sɛ Kristoni tie nnwom a ɛmfata a, so obetumi de ahonim pa atu afoforo fo sɛ wonntie?
[Mfonini wɔ kratafa 21]
Sɛ wotow nea Yehowa kyi gu a, w’ani begye kɛse