Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 10/8 kr. 30
  • Ɛpo Mu Nnuru

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛpo Mu Nnuru
  • Nyan!—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhabannuru—Ebetumi Aboa Wo?
    Nyan!—2004
  • So Sigaretnom Nye Ampa?
    Nyan!—1986
  • Ɛpo
    Nyan!—2023
  • Fa Nnuru Di Dwuma Nyansam
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 10/8 kr. 30

Ɛpo Mu Nnuru

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Canada hɔ

ƐHE na wonya nnuru a wɔde abɔde mu nneɛma yɛ no fi? Akyinnye biara nni ho sɛ afifide ne nhaban na edi kan ba yɛn adwene mu. Nanso bere a Oduruyɛfo Michael Allen rekyerɛw asɛm bi wɔ The Medical Post mu no, ɔka nnuru a wonya fi baabi a nkurɔfo nhwɛ kwan koraa—ɛpo mu—ho asɛm.

Nanso, eyi nyɛ ade foforo; mfehaha pii ni a Chinafo de mpataa mu nneɛma asa yare. Na cod-liver oil (apataa mmerɛbo aduru) no bae nyɛ nnɛ, sɛnea wɔn a wɔn mfe kɔ anim no pii betumi adi ho adanse no. Nanso sɛ wɔde nimdeɛ a nnipa wɔ wɔ ayaresa tumi a ɛwɔ nsuboa mu ho toto nea wɔwɔ wɔ afifide ne nhaban de ho no ho a, esua.

Ne nyinaa mu no, nea wɔahu no kanyan anigye. Sɛ nhwɛso no, wobetumi de aduru bi a wonya fi asuboa bi a wɔfrɛ no puffer mu no asa ntehyewa. Wɔde nucleoside ahorow a ɛwɔ nsunam nkasae mu no yɛɛ vidarabine, aduru bi a wɔde ko tia ɔyare mmoawa. Wɔanya stypoldione, aduru bi a esiw nkwammoaa nkyekyem ano a wobetumi de asa kokoram, afi apopobibiri bi a adodow mu. Na eyi yɛ mfiase kɛkɛ.

Nanso, ɛnyɛ ɛpo mu nnuru na ɛbɛma yɛn yare ano aduru korakora. Mmom no, Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ama nkɔmhyɛ a ɛhyɛ nkuran yi anya mmamu: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!”—Yesaia 33:24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena