Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 9/8 kr. 30-31
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra a Wowuwu
  • Aduan mu Nyarewa
  • Asoroboa “Kronkron”—Wɔn Ho Yɛ Ahoguan
  • Ɛkye Wo?
  • “Atamfo a Wonnim Wɔn” a Wɔhwehwɛ Wɔn
  • Abodoo Ho Awɛmfo
  • Video So Nneɛma a Wɔkaakae
  • Ɔsono Bin Krataa
  • Adidi mu Nneyɛe a Ɛka Nkurɔfo Hɔ
  • Cholera Anosiw a Ɛka Nnim
  • Amerikafo Ani a Egye Atuo Ho
  • So Television Asakra Wo?
    Nyan!—1991
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1995
  • Television—Sɛnea Ɛka Yɛn
    Nyan!—1983
  • So W’aduan Ye?
    Nyan!—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 9/8 kr. 30-31

Wiase Nsɛm

Mmofra a Wowuwu

The Dallas Morning News bɔ amanneɛ sɛ sɛ wɔde mmofra a wɔwɔ United States toto mmofra a wɔwɔ aman foforo 25 a wɔanya nkɔanim ho a, wu a United States mmofra betumi awuwu wɔ atuo ano no boro wɔn de no so mpɛn 12, awu a wobetumi adi wɔn no boro wɔn de no so mpɛn 5, na kum a wobetumi akunkum wɔn ho no yɛ mmɔho abien. Asoɛe Horow a Esiw Nyarewa Ano wɔ Atlanta, Georgia, no guamtrani, Etienne Krug, ka sɛ: “Ná yɛhwɛ kwan sɛ U.S. de no bɛdɔɔso, nanso nsonsonoe kɛse a ɛbɛdaa ntam no maa yɛn ho dwiriw yɛn.” Nneɛma a ɛma mmofra wu atɔfowu no bi ne nnubɔne, ohia, mmusua a emu apaapae, ne hokwan pii a wonnya mfa nsua nhoma.

Aduan mu Nyarewa

JAMA (The Journal of the American Medical Association) bɔ amanneɛ sɛ “nnuan frɔmfrɔm ahorow pii a wobenya no afe mũ nyinaa” ho a abehia kɛse no, ne “wiase aguadi a etumi de aguade kɔ wiase baabiara da koro” no rema aduan mu nyarewa foforo ayi ne ho adi wɔ United States. Nyansahufo nam nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mfe du a atwam no so bu akontaa sɛ yare mmoawa a ɛwɔ aduan mu ma “nnipa ɔpepem 6.5 kosi ɔpepem 81 yare, na ɛma nnipa bɛyɛ 9000 wuwu wɔ United States afe biara.” Animdefo bi nso gye di sɛ nnuan a wodua wɔ asase a wɔde nneɛma funu afuntum mu (nnuan a wodua wɔ asase a wɔde mmoa bin afuntum mu) a wodi no kɛse no betumi de ɔhaw no aba. Sɛnea JAMA amanneɛbɔ no kyerɛ no, “E coli betumi atra nantwibin a wɔde yɛ asase yiye mu nnafua 70, na ase betumi afɛe wɔ nnuan a wodua wɔ asase a wɔde mmoa bin ayɛ no yiye mu, gye sɛ wɔnoa anaasɛ wɔde nneɛma a wɔde fra nnuan te sɛ nkyene anaa nea wɔde kora nnuan so kunkum wɔn ansa.”

Asoroboa “Kronkron”—Wɔn Ho Yɛ Ahoguan

Tete nnipa ne asoroboa ho nimdefo Iqbal Malik ka sɛ obiara ntumi nkyerɛ bere tenten a Rhesus asoroboa de atra Vrindavan, India. Nnipa pii bu asoroboa no sɛ wɔyɛ kronkron, ma wotumi kyin Hindufo kurow kronkron no mu a wonsuro sɛ wɔbɛkyere wɔn—saa ara na ɛte, de besi nnɛ. Sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma kyerɛ no, rhesus dodow akɔ soro ntɛmntɛm wɔ hɔ nnansa yi, efisɛ akwantufo a wɔyɛ ɔsom mu nneɛma a wɔma wɔn aduan no adɔɔso. Wosusuw sɛ aduan a wɔde ma asoroboa no bɛma wɔadi yiye. Nanso, mfe a abɛsen kɔ mu no, ɛte sɛ nea nnuan a wɔde kyɛ wɔn no nkutoo na wodi esiane sɛ afifide nnɔɔso nti. “Wɔafi ase rewiawia bag, na wowurawura afie mu kɔhwehwɛ aduan.” Wɔn a wɔte hɔ no apene so sɛ wɔnkyere asoroboa no mu dodow ɔha biara mu 60 mfa wɔn nkɔ nkuraase. Malik ka sɛ: “Anyame no abɛdan mmoa a wɔn ho yɛ ahoguan.”

Ɛkye Wo?

Ɛwom sɛ yɛn nantabon nnompe gyae nyin bere a yɛadu mpanyin afe so no de, nanso yɛn nantabon sakra wɔ yɛn nkwa nna nyinaa mu. Canada Fekuw a Ɛhwɛ Anantabon Ayaresa So no titrani, Neil Koven, ka sɛ: “Bere a yenyin no, yɛn nan trɛw kakra na ɛkyea, enti ɛyɛ tenten na ɛtrɛw. Yɛn ntini a esuso yɛn mpɔw mu a ehodwo anaa emu yɛ mmerɛw kakra no na ɛma ɛba saa.” Mpaboa ho animdefo bu akontaa sɛ mpanyimfo nyinaa mu bɛyɛ fã na wɔhyɛ mpaboa a ɛne wɔn nan nyɛ pɛ—a ne tɛtrɛtɛ na ɛtaa de ɔhaw no ba—na ɛma nan ho yɛ apɔwapɔw, sisi kyekye, soasoa, na nansoaa kyeakyea. So wo mpaboa kye wo dodo? The Toronto Star atesɛm krataa ka sɛ: “Fa wo nantabon gyina krataa so susuw wo nan. Afei fa wo mpaboa gu krataa no so susuw hwɛ. Sɛ wode nea woasusuw wɔ krataa so no toto ho a, wubehu sɛnea wumia wo nan hyɛ wo mpaboa mu no.” Sɛ wopɛ sɛ wunya wo nan pɛpɛɛpɛ a, bere biara a wobɛtɔ mpaboa no, susuw wo nan, na tɔ no awia anaa anwummere bere a woagyina wo nan so akyɛ no.

“Atamfo a Wonnim Wɔn” a Wɔhwehwɛ Wɔn

Corriere della Sera ka sɛ wɔ 1997 mu no, ɔpakum fii ase yɛɛ nnipa a wɔte Rome, Italy, no asram abien ansa na bere a ɛtaa ba no redu. Nneɛma a ebinom ho mpɛ ho ɔbenfo bi susuw sɛ ɔpakum a efi ase ntɛm no fi “wim tebea a ayɛ hyew kɛse wɔ okyinnsoromma yi so baabiara a atew awɔw bere so no.” Atesɛm krataa no ka sɛ “wim tebea a eye no de mframa mu nneɛma bi a wonnim a ɛho animdefo ntumi nsiw ano aba.” Ne saa nti, “nea ɛde ba a wonnim no hwehwɛ” afi ase dedaw, nanso saa bere yi nyinaa no, “ɔpakum a wontumi nhu nea ɛde ba reyɛ nkurɔfo.”

Abodoo Ho Awɛmfo

St. Charles Katolek Asɔre a ɛwɔ Picayune, Mississippi, no afi ase resisi awɛmfo na ama wɔahwɛ sɛ obiara amene Adidi abodoo no ansa na wɔapue afi asɔredan no mu. Wosii gyinae yi bere a wɔtee sɛ nkurɔfo pii de abodoo anaa Adidi abodoo a Katolekfo bu no ade kronkron no pue fi asɔredan mu no. Sɛnea The Dallas Morning News kyerɛ no, ɔsɔfo John Noone kyerɛ sɛ “Satan asomfo pɛ sɛ wonya adidi abodoo no” bi sɛnea ɛbɛyɛ a “wobegu ho fĩ.” Abodoo awɛmfo no adwuma ne sɛ wɔbɛhwɛ sɛ asɔremma no amene abodoo no ankasa. Sɛ wɔammene a, wɔde obu ka kyerɛ asɔrekɔfo no sɛ wonni Adidi abodoo no anaa wɔnsan mfa ma wɔn.

Video So Nneɛma a Wɔkaakae

Sɛnea asɛm bi a wotintimii wɔ Pediatrics nsɛmma nhoma mu kyerɛ no, “nhwehwɛmu ahorow bi a wɔayɛ kyerɛ sɛ video so nnwom betumi anya suban so tumi denam basabasayɛ a etii wɔn a wɔhwɛ no, ne sɛnea ɛma ɛyɛ mmerɛw ma mmofra a wɔadu mpanyin afe so sɛ wɔn ani begye ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim ho so.” Nea ɛhaw awofo kɛse ne rock nnwom a ano yɛ den boro so anaa gangsta rap nnwom mu nsɛm no. “Wɔ mmofra kakraa bi a wɔadu mpanyin afe so fam no, nnwom a wɔpɛ no betumi anya wɔn so tumi kɛse. Nhwehwɛmu pii kyerɛ sɛ rock nnwom a ano yɛ den boro so a abofra ani gye ho no yɛ ade titiriw a wɔde hu sɛ ɔretew ne ho, ɔrenom nnubɔne, wanya adwenem yare, obetumi akum ne ho, ɔrenya wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho adwene a ɛnteɛ, anaa ɔbɛda suban a ɛyɛ hu adi wɔ ne mpanyin afe so.” Amanneɛbɔ a nnuruyɛfo baawɔtwe boaboaa ano wɔ 1995 ne 1996 ntam no ka sɛ: “Bere a wɔahwɛ dwom bi wɔ video so awie no, sɛ wɔte sɛ wɔrebɔ a, ntɛm ara wɔsan ‘kaakae’ nea wohui wɔ video so no.”

Ɔsono Bin Krataa

Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a afipamfo huu Mike Bugara sɛ ɔrenoa ɔsono bin pii wɔ n’abobow ano no, ɛhaw wɔn yiye. Ná ebinom susuw sɛ ɔredi abayisɛm, nanso na ɔreyɛ krataa ankasa. Owura Bugara dii kan de kwadu, aburow, ne eucalyptus nhaban yɛɛ krataa. Nanso Kenya asono bin a nhama pii wom a abu so no maa abɔde ho bammɔfo yi susuw krataa a ɔde bɛyɛ no ho. New Scientist nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ osii gyinae sɛ ɛbɛyɛ ɔkwampa a obetumi afa so “ama nkurɔfo ahu mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔbɛma mmoa no akɔ so atra nkwa mu no.” Mprempren, wɔde ɔsono bin a wɔayɛ no krataa reyɛ krataa a wɔde bɛto nsa afrɛ nkurɔfo ama wɔaba Kenya Adwuma a Ɛhwɛ Nwuram Mmoa So mfe 50 afahyɛ no ase afe yi.

Adidi mu Nneyɛe a Ɛka Nkurɔfo Hɔ

The New York Times ka sɛ “nneyɛe a ɛka nkurɔfo hɔ nnɛ no pii gyina TV so.” Nhwɛso biako a wɔde mae ne adidi a wodidi bere a wɔhwɛ television—a abɛyɛ amanne wɔ wiase aman nyinaa mu. Wɔ Mexico sɛ nhwɛso no, mmusua pii didi bere a wɔhwɛ TV so sini a woyi no ntoatoaso anwummere. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi wɔ France maa ɛbɛdaa adi sɛ “wodi nnuan ɔha mu nkyem 62 bere a TV si so.” Wɔ China no, wɔn a wɔhwɛ TV no we anowatere aba a wɔakyew bere a wɔrehwɛ dwumadi titiriw bi no. Wɔn a wɔhwɛ TV wɔ Israel no nso pɛ aba tuntum yi ne sunflower aba ne pistachio. Akokɔ nan a wɔakyew, prako aso, ne akokɔ nsono a wɔabɔ no apɔw ka nam a wɔwe de hwɛ TV wɔ Philipines no ho. Times ka sɛ nam a wɔpɛ paa ne balut—“dabodabo ba a ɔhyɛ ne kesua mu a wɔnoa de nkyene pete ho we.”

Cholera Anosiw a Ɛka Nnim

Nyansahufo gye di sɛ wɔahu ɔkwan a wɔbɛfa so asiw ayamtu ano a ɛka nnim—ntama nahanaha a wɔde sɔn nsu a wɔnom so! Nhwehwɛmufo a wɔwɔ Maryland Sukuupɔn mu wɔ United States, ne Amanaman Ntam Asoɛe Ma Ayamtu Ho Nhwehwɛmu a ɛwɔ Dacca, Bangladesh, no hui sɛ mmoawa a wɔde ayamtu ba no wɔ, copepod, nsu mu mmoawammoawa no yam. Sɛ wɔka ntama nahanaha bɔ so anan de sɔn nsu so a, ebetumi ayi mmoawa a wɔde ayamtu ba no mu ɔha mu nkyem 99. Afei wobetumi ahata ntama nahanaha no wɔ owia mu nnɔnhwerew abien, anaa sɛ edu osutɔ bere a, wobetumi de samina a ne bo nyɛ den asi de ayi mmoawammoawa no afi mu. London atesɛm krataa The Independent bɔ amanneɛ sɛ sɛ wɔkɔkyerɛ wɔn a wɔte mmeae a ayamtu haw wɔn no ɔkwan a wɔbɛfa so de adi dwuma afe yi a, na wobefi ase asɔ ahwɛ.

Amerikafo Ani a Egye Atuo Ho

New York Daily News bɔ amanneɛ sɛ: “Ɔman nhwehwɛmu a wɔyɛe kyerɛ sɛ Amerika mpanyimfo 10 mu baanan te afie a atuo wom mu, na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, atuo abien wɔ afie a ɛtete saa no biara mu. Wɔ nhwehwɛmu no mu no, nnipa 25% kae sɛ wɔwɔ akodiawuo, 27% kae sɛ wɔwɔ shotgun na 29% kae sɛ wɔwɔ rifle. Afie pii wɔ otuo ahorow abien anaa nea ɛboro saa.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena