Nea Enti a Mmofra Yɛ Akofo Pa
WUKUM NNIPA? “Dabi.”
NÁ WUKURA TUO? “Yiw.”
WODE TUO NO KYERƐƐ NNIPA SO? “Yiw.”
WOTOWEE? “Yiw.”
DƐN NA ƐBAE? “Wɔhwehwee ase kɛkɛ.”—World Press Review, January 1996.
SAA nkɔmmɔ a egu awɔse yi a nnipa yiyedi ho dwumayɛni bi ne abofra sraani bi bɔe wɔ Afrika no da sɛnea na nea abofra no ayɛ atwam ama n’adwene atu afra adi.
Wɔ mfe kakra a atwam mu no, mmofra a wonnii mfe 16 de wɔn ho ahyɛ akodi mu wɔ aman 25 mu. Wɔ 1988 nkutoo no, mmofra 200,000 na na wɔrenya akodi mu kyɛfa denneennen. Esiane sɛ mpanyimfo na wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn ma wodi ako nti, mmofra a wɔyɛ akofo no yɛ nnipa a wohu amane nso.
Wɔn So Mfaso sɛ Asraafo
Bere bi a atwam a na asraafo de mpeaw ne nkrante na edi ako no, na abofra ntumi nkogyina ɔpanyin a okura akode a ɛtete saa ara anim wɔ akono. Nanso seesei yɛwɔ akode a emu yɛ hare mmere mu. Ɛnnɛ, abofra a okura akodiawuo—AK-47 tuo a wɔyɛe wɔ Soviet Union anaa M16 tuo a wɔyɛe wɔ Amerika—betumi ne ɔpanyin ate agyina.
Ɛnyɛ sɛ saa akode ahorow yi mu yɛ hare nko na mmom dwuma a wɔde di ne ɛho adwumayɛ nyɛ den. Abofra a wadi mfe du betumi atutu AK-47 tuo asan ahyehyɛ. Saa akodiawuo yi dɔɔso nso. Wɔatɔn AK-47 atuo bɛyɛ ɔpepem 55. Wɔ Afrika man bi mu no, wɔtɔn gye (U.S.) $6 pɛ. M16 akodiawuo nso abu so na ɛyɛ fow.
Akodiawuo a mmofra nim kura no da nkyɛn a, wɔyɛ asraafo pa wɔ akwan foforo nso so. Wonnye akatua, na ɛyɛ den sɛ wobegyaw wo hɔ aguan. Bio nso, mmofra wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ wɔn mpanyimfo ani. Ɔpɛ a wɔwɔ sɛ ahofadi kuw anaa akofo kuw a atew ne ho a abɛyɛ wɔn “abusua” no begye wɔn atom no bunkam papa ne bɔne ho adwene a wɔwɔ so.
Wɔn mu pii nso ntaa nsuro ade. Obi a ɔhwehwɛ sraadi ho nsɛm mu wɔ Afrika Atɔe fam kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Esiane sɛ ɛte sɛ nea owu ho adwene a [mmofra] wɔ no nte sɛ asraafo mpanyimfo de nti, ɛbɛyɛ den sɛ wobegyae wɔn ho ama wɔn atamfo wɔ tebea horow a anidaso nnim mu.” Liberiani abarimaa bi a na wɔfrɛ no Ɔsahene Awudi Afiri no ka de hoahoaa ne ho sɛ: “Bere a ehu maa mpanyimfo no guanee no, yɛn, mmarimaa no gyinaa hɔ koe.”
Anwonwasɛm ne sɛ, ɛwom sɛ mmarimaa yɛ asraafo pa de, nanso wɔtaa bu wɔn sɛ wɔn na sɛ wɔhwere wɔn a ɛnhaw adwene koraa. Bere a ɔko bi rekɔ so wɔ Mediterranea Supɔw so no, wɔhyɛɛ mmofra asraafo dɔm ahorow sɛ wonni anim nkɔfa mmeae a wɔde atopae ahyehyɛ fam.
Sɛnea Wɔfa Wɔn Ma Wɔn Ntetee
Mmofra binom kɔdɔm asraafo anaa atuatewfo akuw ahorow esiane abaninsɛm nti. Afei nso sɛ asiane bi ba na mmusua mu tetew a, asraafo kuw a wɔba mu no ma wɔte ahobammɔ nka, na wɔde yɛ wɔn abusua. Amanaman Nkabom Mmofra Foto Ahyehyɛde no ka sɛ: “Mmofra a wɔtra basabasayɛ mu nyin no hu eyi sɛ asetra kwan a ɛte hɔ daa. Esiane sɛ wɔyɛ ankonam, nyisaa, ehu ka wɔn, wɔn ani nka, na wɔn abasam atu nti, nea ɛtaa kowie ne sɛ, wɔpaw sɛ wɔbɛko mmom.”
Mmofra foforo nso kɔ sraadi esiane sɛ ɛte sɛ nea adwuma foforo biara nni hɔ a wɔbɛyɛ nti. Ɛtɔ da bi na sɛ aduan ho yɛ den na ahokyere reba a, ebetumi ayɛ te sɛ nea sraadi a obi bɛdɔm nkutoo ne ɔkwan a obetumi afa so anya nkwa.
Ɛtɔ mmere bi a mmofra ko ma asetram atɛntrenee, nyamesom mu gyidi, anaa abusua amammerɛ ahorow. Wɔ Peru sɛ nhwɛso no, wogye bere pii de amammui adwene hyɛ mmofra a wɔhyɛ wɔn de wɔn dɔm akofo a wɔatew wɔn ho no adwene mu. Nanso mpɛn pii no, ɛno ho nhia. Brian Milne, onipa asetra ho nimdefo a osuaa mmofra asraafo a wɔwɔ Asia Anafo fam apuei ho ade no kae sɛ: “Mmofra nni gyidi anaa nyansakyerɛ bi. Ɛnyɛ den koraa sɛ nkurɔfo benya wɔn akɔ wɔn afã de wɔn ayɛ adwuma.”
Wɔhyɛ mmofra foforo nso ma wɔde wɔn ho hyem. Wɔ Afrika akodi bi mu no, mate-me-ho akuw tow hyɛ nkuraase so kyere mmofra, ma wogyina hɔ hwɛ sɛnea wɔyɛ wɔn ankasa mmusua ayayade kunkum wɔn anaa wɔma wonya mu kyɛfa. Ɛtɔ mmere bi a wɔhyɛ wɔn ma wokum wɔn awofo anaa wotwa wɔn mene. Wonya de ahude di wɔn a, ɛma wɔn nso de ahude di afoforo. Saa mmofra a wohu ayayade yi taa yɛ atirimɔdenne a asraafo mpanyimfo a wɔn tirim yɛ sum paa no mpo rentumi nyɛ.
Da Biara Da Asetra a Wɔsan Fi Ase
Ɛnyɛ mmerɛw mma mmofra a wɔte saa sɛ wɔbɛyɛ nsakrae abɔ bra a basabasayɛ nnim. Mmofra asoɛe bi a ɛwɔ Afrika Atɔe fam man bi mu no panyin kae sɛ: “Mmofra a yɛne wɔn adi no nyinaa adi atirimɔdensɛm wɔ akwan ahorow so. Wɔato nkurɔfo mmonnaa, wɔadi awu, na wɔayɛ nkurɔfo ayayade. Ná wɔma wɔn mu dodow no ara mmosa anaa nnubɔne, titiriw wii, nanso ɛtɔ mmere bi a na wɔma wɔn heroin. . . . Wubetumi de w’adwene abu nkɛntɛnso bɔne a nneɛma a ɛtete saa nya wɔ mmofra, a wɔn mu bi adi mfe awotwe anaa akron pɛ no adwene so.”
Tebea no te saa ara wɔ Liberia a ɛne hɔ bɔ hye no, baabi a mmofra ɔpedudu pii de wɔn mmofrabere adi amumɔyɛsɛm wɔ nkuraase no. Ɛnyɛ mmerɛw mma mmofra a wɔayɛ wɔn mpanyin wɔ sraadi mu sɛ wɔde dibea ne tumi a AK-47 ama wɔanya no bɛto hɔ. Obi a ɔte Somalia kae sɛ: “Sɛ wowɔ tuo a, na wowɔ nkwa. Wunni tuo a, wunni nkwa.”
Mpɛn pii no, mmofra akofofo ntumi nsan nkɔ fie esiane sɛ nkurɔfo betua wɔn wɔn bɔne so ka anaa wɔn abusuafo bɛpo wɔn nti. Mmofra fotufo bi a ɔwɔ Liberia kae sɛ: “Ɛnanom bɛka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Momfa no. Yɛmpɛ saa sasabonsam yi wɔ yɛn fie ha.’”
Ɛwom sɛ mmofra pii ayɛ nsakrae rebɔ wɔn bra asomdwoe mu de, nanso saayɛ no gye ɔdɔ, mmoa, ne ntease pii fi wɔn a wɔbɛn wɔn no hɔ. Ɛnyɛ mmerɛw mma mmofra no anaa wɔn mmusua. Asetra ho dwumayɛni bi a ɔwɔ Mozambique kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Fa asetra a ɛma wutumi nya nea wopɛ biara, kyerɛ afoforo nea wɔnyɛ no toto asetra a wobɛba mu bere a woasan aba w’akuraa ase no ho. Ɛnkanka bere a woadi mfe 17 na wunnim akenkan nni nimdeɛ biara no. Anihaw ara na wobɛyɛ. Ɛyɛ den yiye sɛ wobɛsan akɔ w’akyi ama afoforo akyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ, na woafi sukuu ase bio.”
[Kratafa 15 adaka/mfonini]
Anwar a wadi mfe dumiɛnsa no te Afghanistan. Sɛ́ ɔkofofo dedaw a wadi ako asia no, okum nnipa nea edi kan wɔ nea ɛto so ason no mu. Ɔbɔɔ asraafo baanu a wɔbɛn no tuo, na afei ɔde n’akodiawuo no to pempem wɔn de hwɛ hui sɛ wɔawuwu ampa a. Bere a wobisaa Anwar sɛnea ɔtee nka wɔ adeyɛ no ho no, ɛkame ayɛ sɛ asɛmmisa no maa ne ho dwiriw no. Ɔkae sɛ: “M’ani gyei sɛ mikum wɔn.”
Wɔ saa ko no ara mu no, Anwar mfɛfo asraafo no kyeree atamfo asraafo baanan. Afei wɔkyekyeree atamfo no kataa wɔn ani, na wɔbɔɔ wɔn tuo. Anwar tee nka dɛn wɔ ɛno ho? Abofra kofofo no paa n’ani akyi, na ɔboa pa yii ano bɔkɔɔ te sɛ nea ɔrekasa kyerɛ obi a n’adwenem mmuei. “M’ani gyei.”
[Kratafa 16 adaka/mfonini]
Wɔde mpokyerɛ guu odeduani bi a na aka kakra ma wɔagyaa no nsa wɔ Afrika Atɔe fam, nanso ɔsraani panyin no yeraa safe no. Ɔkwan a ɔsraani panyin no faa so dii ɔhaw no ho dwuma ne sɛ ɔmaa abarimaa sraani bi twitwaa deduani no nsa. Abarimaa no ka sɛ: “Meda so ara te saa barima no nteɛteɛm no wɔ me dae mu. Bere biara a mɛkae no, minu me ho.”