Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 4/8 kr. 3-4
  • Mmofra Hyia Ɔhaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra Hyia Ɔhaw
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra Asraafo ne Nyisaa Atrae
  • Mmofra Anim Fifiri Mu
    Nyan!—1999
  • Mmofra a Wɔyɛ Wɔn Basabasa Wɔ Nna Fam—Ɔhaw a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—1997
  • Nyiyim a Wɔyɛ Tia Mmea
    Nyan!—1998
  • Nea Enti a Mmofra Yɛ Akofo Pa
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 4/8 kr. 3-4

Mmofra Hyia Ɔhaw

“Sɛ wɔannya mmofra ho adagyew a, adesamma haw atitiriw a ɛwɔ hɔ fi teteete no nyinaa bɛkɔ so atra hɔ.”—Amanaman Nkabom Mmofra Foto.

MMOFRA a wɔwɔ wiase nyinaa wɔ ɔhaw mu. Wɔde awerɛhosɛm yi ho adanse a wontumi mmɔ ngu too Wiase Bagua a Wɔde Reko Atia Nna mu Adapaade a Wɔyɛ Mmofra no anim wɔ Stockholm, Sweden, nhyiam a nnipa a wofi aman 130 mu na wɔkɔɔ bi wɔ 1996 mu no ase. Sɛ nhwɛso no, wɔde adanse mae de kyerɛe sɛ wɔ wiase mmeae pii no, wɔhyɛ mmeawa ɔpepem pii, a wɔn mu bi anyin koraa ne mfe du, ma wosi tuutuu.

Australia Melbourne University Law Review no kae sɛ wɔaka hyɛ a wɔhyɛ nkurɔfo ma wosi tuutuu saa no ho asɛm sɛ “nnɛ bere yi mu nkoayɛ a enye koraa no biako.” Sɛ wɔgyenegyene mmeawa yi, hyɛ wɔn adwennwen, di wɔn ani mfe pii a, ɛma wɔn asetra gyigya wɔn nkwa nna nyinaa. Mpɛn pii no, mmeawa no pene aninyanne no so esiane sɛ wɔpɛ sɛ wonya biribi di tra nkwa mu kɛkɛ nti. Sɛ wɔanyɛ saa a ɔkɔm na ebekum wɔn. Awerɛhosɛm ne sɛ, nea ɛmaa mmofra a wonni trabea yi mu pii bɛyɛɛ tuutuufo ne sɛ wɔn ankasa awofo a ohia atwitware wɔn na wɔtɔn wɔn gyee sika.

Nea ɛka ɔhaw pefee a mmofra wom yi ho ne mmofra a wɔde wɔn di paa a wɔtaa di ho anobaabae denneennen no. Wɔ Asia, Amerika Anafo fam, ne mmeae foforo ne United States mmeae a nkurɔfo taa di atutra wɔ hɔ no, wɔhyɛ mmofra a ebi mpo adi ara ne mfe anum, de wɔn yɛ nea wobetumi afrɛ no “paadi mu nkoa.” Wɔyɛ adwuma te sɛ robɔt nketewa wɔ tebea a ɛyɛ asefem mu ma edi wɔn nipadua ne wɔn adwene a ennyinii no awu. Wɔn mu dodow no ara ankɔ sukuu, wɔannya awofo amma wɔannɔ wɔn, wɔannya fie a ahobammɔ wom, annya agode, na wɔannya agodibea anni hɔ agoru. Wɔn mu pii awofo di wɔn aborɔ atirimɔden so.

Mmofra Asraafo ne Nyisaa Atrae

Nea ama ɔhaw no ayɛ kɛse koraa ne sɛ, mmofra a wɔde wɔn ka asraafo a wɔko wɔ sum ase ho no adɔɔso. Wotumi kyere mmofra ɔhyɛ so anaa wɔtɔ wɔn wɔ nkoatɔ aguadi mu, na wɔhyɛ da yɛ wɔn ayayade ma ɛtɔ mmere bi a wokunkum nnipa kyerɛ wɔn. Wɔahyɛ ebinom mpo ma wɔakunkum wɔn ankasa awofo anaa wɔafa nnubɔne na akanyan wɔn ama wɔatumi adi awu kɛse.

Nea edi so yi yɛ nea afi mmofra asraafo mpempem pii a wɔwɔ Afrika no adwene a wɔasɛe no mu aba ho nhwɛso kakraa bi. Nkɔmmɔ a egu awɔse yi kɔɔ so wɔ nnipa yiyedi ho dwumayɛni bi ne abofra sraani bi a ɛda adi sɛ na ɔrebɔ mmɔden atetew ne ho ntam:

“Wukum nnipa? ‘Dabi.’

Ná wukura tuo? ‘Yiw.’

Wode tuo no kyerɛɛ nnipa so? ‘Yiw.’

Wotowee? ‘Yiw.’

Dɛn na ɛbae? ‘Wɔtete gui kɛkɛ.’”

Sɛ wohwɛ asraafo a wɔadi fi mfe asia rekɔ no a, wutumi hu sɛ mmofra yi binom yɛ mmotafowa ara kwa. Wɔabɔ amanneɛ sɛ wɔ 1988 mu tɔnn no, na mmofra asraafo yɛ bɛyɛ 200,000 wɔ wiase nyinaa.

Wɔaka sɛ wɔ 1988 ne 1992 ntam no, woyiyii mmofra 550 a wɔn mu dodow no ara yɛ mmeawa wɔ nyisaa atrae bi a ɛwɔ Asia ɔman bi mu no mu sɛ wɔbɛma kɔm akum wɔn. Oduruyɛfo bi bɔ amanneɛ sɛ: “Ná saa nyisaa no nni nnuru biara a ɛbɛma wɔn yaw no agyae. Bere a wɔda hɔ rewu mpo no, na wɔakyekyere wɔn afam wɔn mpa ho.”

Europa nso ɛ? Ɔman bi a ɛwɔ hɔ mufo ho dwiriw wɔn bere a wohuu amanaman ntam kuw bi a wotwitwa mmofra a wɔrenya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa ho mfonini na wɔkyere mmeawa de wɔn si tuutuu no. Wɔakunkum mmeawa a wɔn ho aka mu yi bi anaa wɔakyen wɔn kɔm ma wɔawuwu.

Akyinnye biara nni ho sɛ amanneɛbɔ a ɛtete saa no kyerɛ sɛ mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa na wɔbɔ wɔn aborɔ no yɛ asɛnnennen kɛse wɔ aman pii mu. Nanso sɛ wɔka sɛ eyi yɛ asɛnnennen a ɛwɔ wiase nyinaa a, na wɔaka ho asɛm ma aboro so anaa? Asɛm a edi hɔ no bebua saa asɛmmisa no.

[Kratafa 4 mfonini]

Abofra sraani bi a ɔwɔ Liberia

[Asɛm Fibea]

John Gunston/Sipa Press

[Kratafa 4 mfonini]

Wɔ Colombia baabi a wɔyɛ ntayaa no, mmofra soa ntayaa te sɛ mfiri a wɔde twe nneɛma

[Asɛm Fibea]

UN PHOTO 148000/Jean Pierre Laffont

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

FAO photo/F. Botts

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena