Wiase Nsɛm
Nsɛm a Wɔnte Ase a Ɛyɛ Hu
Atesɛm krataa The European bɔ amanneɛ sɛ wɔ 1977 mu no, asɛmfua ketewa bi a wɔante ase ka ho bi na wimhyɛn akwanhyia a enye koraa wɔ wiase no sii. Wimhyɛn a wɔfrɛ no Boeing 747, kafo a ɔyɛ Netherlandsni no kaa no radio so sɛ “ɔretu wimhyɛn no,” na Tenerife, Canary Nsupɔw no wimhyɛn gyinabea kwankyerɛfo no tee ase sɛ na wimhyɛn no gyina hɔ. Nanso na wimhyɛn kafo no rekyerɛ sɛ wimhyɛn no nam kwan a ɛbɔ ayɛ so kusuu no so a ɛrebetu. Ne saa nti, wimhyɛn no kɔbɔɔ 747 foforo mu, kunkum nnipa 583. Saa ara na kasa a wɔnte no yiye ka ho bi na wimhyɛn abien pemee wɔ wim wɔ 1996 mu wɔ baabi a ɛbɛn Delhi, India, ma nnipa 349 wuwui. Ɛwom sɛ mfomso horow a anibere wom ntaa nsi, na wɔde Engiresi kasa mu ntetee a ɛkɔ akyiri ma wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ wimhyɛn mu no de, nanso wimhyɛn adwuma ho nsɛntitiriw bi pɛ na wimhyɛn mu adwumayɛfo bi nim. Sɛ tebea bi a ɛyɛ hu a egye ntɛmpɛ sɔre a, wɔn werɛ tumi fi wɔn kasa ho nimdeɛ no. Animdefo hyɛ nyansa sɛ wɔmfa kɔmputa ho nimdeɛ nka ho na ama wɔanya wimhyɛn mu nkitahodi a eye.
So Wɔateɛ Pisa Abantenten a Akyea No?
Mfehaha pii a Pisa Abantenten kyeae te sɛ nea ɛbɛhwe fam ɔkwan biara so no, ɛte sɛ nea wɔateɛ no afei—sumpii bi a emu duru yɛ tɔn apem a wɔde too ase na ɛma ɛyɛɛ yiye. Ɔbenfo Michele Jamialcowsky a ɔyɛ amanaman ntam asoɛe a ɛhwɛ abantenten no so panyin no na ɔbɔɔ eyi ho amanneɛ. Italy atesɛm krataa La Stampa ka sɛ: “Nanso, gyina a ebetumi agyina pintinn no da so ara yɛ aniberesɛm, efisɛ efi baabi a akyea a efi hɔ rekɔ atifi yɛ mita anum [anammɔn 16] a ɛkyeae bɛboro mfe ahanson no ayɛ mmerɛw yiye.”
Nnuru a Wɔde Di Dwuma Ɔkwammɔne so Wɔ Wiase Nyinaa
UN amanneɛbɔ bi ka sɛ amanaman ntam aguadi mu sika ɔha mu nkyekyem 8, kyerɛ sɛ, bɛyɛ dɔla ɔpepepem 400, fi nnubɔnetɔn mu, afe biara. Amanneɛbɔ a ekura nkratafa 332 no ne nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a edi kan a wɔayɛ wɔ nkɛntɛnso a nnubɔne nya wɔ wiase nyinaa ho. Ɛda no adi sɛ, ɛkame ayɛ sɛ wiase mu nnipa ɔha mu nkyekyem 2.5—bɛyɛ nnipa ɔpepem 140—nom wii anaa hashish a wonya fi mu no. Nnipa ɔpepem 30 nom nnuru a ɛte sɛ amphetamine a ɛma wɔbow, na ɔpepem 13 de cocaine di dwuma, na ɔpepem 8 de heroin di dwuma. Bere a mmarahyɛfo agye wii, cocaine, heroin, ne morphine mpempem pii afi nkurɔfo nsam no, pii na afa wɔn akyi a wɔanhu. Amanneɛbɔ no kyerɛe sɛ, cocaine dodow a wogye fii nkurɔfo nsam yɛ ɔha mu nkyekyem 30, ne heroin ɔha mu nkyekyem 10 kosi 15 pɛ. Ɛyɛ den yiye sɛ wobehu nnubɔne ho dwumadi mu. Giorgio Giacomelli a ɔyɛ UN asoɛe a ɛhwɛ nnubɔne ho nsɛm so no titrani ka sɛ: “Ɔhaw no atrɛw kɔ wiase nyinaa ma enti aman mmiako mmiako ntumi nyɛ ho hwee.”
Nsanyare Retrɛw
Nassauische Neue Presse bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ mfe 20 a atwam ntam no, nsanyare foforo koraa 30 a ano yɛ den na aba.” Nyarewa yi mu dodow no ara—te sɛ Ebola, AIDS, ne berɛbo mu yare—na wontumi nsa. Afei nso, nsanyare te sɛ atiridinini, kɔlera, ne nsamanwaw nso retrɛw. Dɛn ntia? Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) kyerɛ no, “nyarewa pii resan aba bio efisɛ ɔyare mmoawa pii tumi gyina nnuru a wɔde kum wɔn no pii ano. Esiane sɛ egye sika pii ansa na wɔatumi ayɛ nnuru a wɔde kunkum ɔyare mmoawa no nti, kakraa bi na wotumi yɛ.” Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasakra tebea yi no, WHO de ato aban ahorow ne nnwuma a wɔyɛ nnuru no anim sɛ “wɔmfa sika pii nhyɛ nnuru a wɔde kunkum ɔyare mmoawa a wɔyɛ no ne akwan a etu mpɔn a wɔnam so hwehwɛ nkurɔfo mu hu sɛ wɔwɔ nsanyare no bi mu.” Nnipa dodow a nsanyare kunkum wɔn wɔ 1996 mu no bɛyɛ ɔpepem 55.
“Basabasayɛfo Tumidi”
The Jerusalem Post samufo no mu biako, Haim Shapiro, kaa asɛm bi a esii March a etwaam yi ara a ɛfa abo ne ntayaa a wɔde tow hyɛɛ Yehowa Adansefo so, na wobu kɔɔ wɔn Ahenni Asa so sɛee hɔ hyew wɔn nhoma horow ho no ho asɛm wɔ asɛmti yi ase. Ɔkae sɛ: “Bere a wɔtow hyɛɛ Katolek Asɔre bi so wɔ Jaffa, afe a etwaam no, ntɛm ara—ne ɔkwan a ɛfata so no—wɔkasa tiae wɔ Israel ne amannɔne nyinaa. Nanso bere a wɔtow hyɛɛ Lod asa no so no, wɔanka ho hwee.” Ɛwom sɛ Shapiro ‘mpɛ’ Yehowa Adansefo ‘asɛm na ɔne wɔn nyɛ adwene’ de, nanso ɔkae sɛ ná “wɔka kuw ahorow a wɔtaa wɔn na wɔde wɔn koguu nneduaban mu wɔ Nasi Germany no ho.” Ɔkyerɛw sɛ: “Sɛ́ obi benya adwene sɛ obiara betumi atow ahyɛ nkurɔfo a wɔte saa so, asɛe beae a wɔsom, na wɔahyew wɔn nhoma horow afa ne ho adi no yɛ ade a ɛyɛ ahodwiriw, na ɛma wɔkae abakɔsɛm mu nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu no.”
Obu a Wɔwɔ Ma “Kurow Kronkron” Bi Reba Fam
Ɛwom sɛ wɔfrɛ Roma, kurow kronkron, na Katolek Asɔre no titrani na ɔyɛ ne sɔfo panyin de, nanso nkurɔfo a wɔte hɔ no nyɛ nyamesomfo sɛnea ebinom besusuw no. Sɛnea nhwehwɛmu bi a Third University of Rome yɛe wɔ ɔman no mu kyerɛ no, Italiafo bɛyɛ ɔha mu nkyekyem 10 na wɔka sɛ wɔn ani nnye Kristosom ho “koraa,” nanso wɔ Roma no, wɔn a wɔka saa no dodow nyaa nkɔanim koduu ɔha mu kyekyem 19. Atesɛm krataa La Repubblica ka sɛ Romafo ɔha mu kyekyem 21 nso ani nnye Katolek Asɔre no ho “papa.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔn mu ɔha mu nkyekyem 10 pɛ na wɔpɛ nyamesom paa. Sɛnea nnipa fekubɔ ho nimdefo Roberto Cipriani kyerɛ no, Romafo 4 mu 1 pɛ na wodi asɔre no nkyerɛkyerɛ a ɛfa suban ne abrabɔ ho no so.
TB Rehaw India
Ɛmfa ho mmɔden ahorow a wɔbɔ sɛ wobesiw nsamanwaw (TB) ano no, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) kyerɛ sɛ India mpanyimfo 2 biara mu 1 anya bi. Atesɛm krataa The Asian Age bɔ amanneɛ sɛ wɔ Indiafo a wɔboro ɔpepem 900 mu no, nnipa bɛboro ɔpepem 2 na wonya TB ankasa afe biara, na ekunkum wɔn mu 500,000. Sɛnea WHO kyerɛ no, nnipa dodow a wonya ɔyare no bi ne dodow a etumi san wɔn no dɔɔso dodo. Ɛnyɛ ɔyare no ho haw a wɔn a wonya TB begyina ano nkutoo ne asɛm no; ɛsɛ sɛ wogyina ahohorabɔ a ɛbata ɔyare no ho no nso ano. Eyi betumi ama afipamfo, adwumawuranom, ne mfɛfo adwumayɛfo apo wɔn. Mpɛn pii no, wɔsan de mmea a wɔawareware wɔn foforo a wohu sɛ wɔwɔ TB no kɔma wɔn awofo sɛ wɔmfata sɛ wɔwo.
Okisi Pa?
The Wall Street Journal ka sɛ: “Wɔnka akisi ho asɛmpa. Wɔnyɛ anokwafo, na wɔte sumina so—aban adwumayɛbea mpo.” Nanso ɛnte saa wɔ abɔde ho ɔbenfo Judy Reavis nhwehwɛmu dan bi mu kisi bi a wɔfrɛ no Rattie no fam. Rattie aboa ma wɔasa kɔmputa nhama mpempem pii wɔ sukuu ahorow mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyehyɛ kɔmputa mfiri ahorow. Journal no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a Rattie de ne sẽ so hama mu denneennen no, ɔfa nnua ne afasu mu ntokuru mu, wɔ ɔdan ase ne soro. Wɔde nnyigyei ne agyinamoa aduan a ɛyɛ dɛ na ɛtwetwe no ma ofi adi. Sɛ opue a, yɛde nhama a ɔtwe ba no twe komputa nhama fa ne kyerenoo a akontonkonton no so.” Rattie abɛyɛ te sɛ obi a wagye din, na ne ho asɛm ne ne nnwom a “wato” wɔ Internet (Kɔmputa Nkitahodi) so. Ɔbenfo Reavis ka sɛ, sɛ owu bere a yɛnhwɛ kwan a, “yɛbɛtete foforo. Ɔyɛ okisi kɛkɛ.”
Mmea Awode a Wodi no Dɛm ne Mmeawa a Wonnii Mfe Aduonu a Wɔwo
Amanaman Nkabom Mmofra Foto nhoma a ɛka mmofra akwahosan, aduandi, ne nhomasua ho nsɛm, The Progress of Nations, a ɛbae 1996 mu no ka sɛ: “Wodi mmeawa bɛyɛ ɔpepem 2 awode dɛm afe biara. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, wodi ɔha mu nkyekyem 75 awode dɛm wɔ Egypt, Ethiopia, Kenya, Nigeria, Somalia, ne Sudan nkutoo. Wodi mmeawa ɔha mu nkyekyem 98 awode dɛm wɔ Djibouti ne Somalia.” Sɛ wɔde yaw a ɛyɛ no to nkyɛn a, akwan a wɔfa so yɛ no betumi ama wɔanya nsanyare, mogya atu wɔn akyɛ, wɔrentumi nwo, na wɔawu. Amanneɛbɔ no ka sɛ: “Awode a wodi no dɛm no nyɛ ɔsom biara ahwehwɛde. Ɛyɛ amammerɛ bi a wɔahyehyɛ de kura baabunyɛ mu, ɛma obi fata ma aware, na edi nna ho nkate so.” Akuw ne ahyehyɛde horow a wosusuw hokwan a mmea wɔ ne mmofra yiyedi ho rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma aman horow mu aban abara adeyɛ no.
Amanneɛbɔ a ɛto so abien kyerɛ sɛ wɔ aman pii so no, mmea a wonnii mfe aduonu a wɔwo da so ara yɛ ade a ɛhaw adwene. Sɛ nhwɛso no, United States na ɛwɔ pii sen biara wɔ aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no mu: afe biara mmofra 1,000 a wɔadi fi mfe 15 kosi 19 mu 64 na wɔwowo. Japan de na esua koraa, afe biara wɔn mu apem biara mu anan na wɔwo. Ɛnyɛ sɛ mmabaa a wɔwo sɛe ɔbea nkɔso, nhomasua, ne hokwan ahorow nko, na mmom ebetumi de ɔhaw abrɛ nkokoaa no nso, te sɛ hwɛ a wɔnhwɛ wɔn yiye, ohia, ne abusua asetra a ɛnyɛ papa.