Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 6/8 kr. 3
  • Abofra a Ne Din De Ohia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abofra a Ne Din De Ohia
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa a Ohia Afa Wɔn Nnommum
    Nyan!—1998
  • Ɛnkyɛ, Obiara Renni Hia!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Suasua Yesu Na Hu Ahiafo Mmɔbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ohia Awiei Abɛn
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 6/8 kr. 3

Abofra a Ne Din De Ohia

WƆ Afrika akuraa ketewa bi ase no, ɔbarima bi a ne din de Okot ne ne yere, Matina, ani gyei bere a wɔwoo wɔn abakan a ɔyɛ ɔbabea no. Abusuafo ne nnamfo kɔɔ akuraa no ase de akyɛde kɔmaa wɔn, na wɔkaa anidaso a wɔwɔ sɛ abofra no benyin akyɛ na wanya asetra a anigye wom ho asɛm.

Na awarefo no wɔ asetra a emu yɛ den na ɛba fam mu. Asase ketewa bi na wɔdɔw so afuw, na na wɔn fie a Matina woo wɔ mu no yɛ dɔte dan a wɔde sare akuru so. Na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ adwumaden na wɔama asetra ayɛ mmerɛw ama wɔn abakan no asen nea wɔn ankasa faa mu no. Nea ɛbɛyɛ na wɔakae saa botae yi no, wɔtoo wɔn babea no din Acan, a ɛkyerɛ “Ahia Me.”

Dɛn na Acan benya daakye? Sɛ n’asetra bɛyɛ sɛ ne man mufo pii de a, ebia ɔrensua akenkan ne akyerɛw da. Sɛ onyin na otumi nya adwuma yɛ a, ebia akatua a obegye afe biako no bɛyɛ $190 pɛ. Na wɔ ne man mu no, nnipa nkwa nna tenten yɛ mfe 42 pɛ.

Acan tebea no nyɛ soronko. Wɔ asase so nnipa a aka kakra ma wɔadu ɔpepepem 6 mu no, akatua a wɔn mu bɛyɛ ɔpepepem 1.3 gye afe biako nnu $370. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, akatua a aman a wodi yiye mufo gye afe biara yɛ $21,598. Da biara, ahiafo 67,000 foforo bɛka nnipadɔm no ho, na bɛyɛ ɔpepem 25 na wɔbɛka ho afe biara. Wɔn mu dodow no ara wɔ aman a ennyaa nkɔso pii mu—wɔ Afrika, Asia, ne Latin Amerika. Nanso ahiafo kakra wɔ aman a wodi yiye mpo mu. Na wiase ahiafo 10 biara mu 7 yɛ mmea.

Nnipa dodow no ara ntumi mfi ohia buruburoo mu da. Ɛma wɔn asetram ahiade atitiriw bɔ wɔn—aduan, ntama, ne dabere. Etumi ma wɔhwere ahofadi, nidi, nhomasua, ne akwahosan pa. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ka sɛ: “Ohia de ne tumi a ɛsɛe ade no di dwuma wɔ nnipa asetra afã biara mu, efi bere a wonyinsɛn wɔn kosi bere a wɔbɛkɔ ɔdamoa mu. Ohia ne nyarewa a ɛyɛ hu na ɛyɛ yaw ka bom de asetra a ɛyɛ awerɛhow ba wɔn a aka wɔn nyinaa so.”

Nanso, so ɛnyɛ nea asetra retu mpɔn wɔ aman a ennyaa nkɔso pii mu? Ɛte saa wɔ aman no bi mu. Nanso wɔ afoforo pii mu no, ɛnte saa. Nnipa mpɔntu ho nsɛmma nhoma Choices ka adwene a ɛne sɛ “ahiafo retu mpɔn” no ho asɛm sɛ ɛyɛ ‘atosɛm a ɛyɛ hu.’ Mmom no, ɛka sɛ: “Yɛte wiase bi a nokwasɛm ni emu apaapae kɛse wɔ sikasɛm mu wɔ amanaman ntam ne aman no ankasa mu mu.”

So ohia bɛkɔ so ahaw adesamma daa? Nyan! bɛhwehwɛ asɛm a ɛkyere adwene yi mu wɔ nsɛm abien a edi hɔ no mu, na akyerɛ nea ɛbɛyɛ ano aduru.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena