Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 1/8 kr. 29-30
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristo ne Afe 2000
  • “Ɔyare Mmoawa a Aduru Ntumi Wɔn” Ho Suro
  • Ɛka a Wɔbɔ Wɔ Adwenemhaw Ho
  • Ɛwɔ Krataa So a na Eye
  • Mmere no Ho Sɛnkyerɛnne
  • Wɔn Adwuma Ne sɛ Wobedi Were
  • Akɔtɔ ne Wɔn Trabea
  • Ɛwɔ Ahunmu Akyirikyiri
  • Mmofra a Wɔnyɛɛ Wɔn Awo Ho Nkrataa
  • Yare Mmoawa a Nnuru Ntumi Wɔn—Asiane no Sõ Dɛn?
    Nyan!—2003
  • Akwahosan Pa a Wɔhwehwɛ mu Nkonimdi ne Huammɔdi
    Nyan!—2004
  • Wiase no mu Akwahosan—Nsonsonoe a Ɛreyɛ Kɛse
    Nyan!—1995
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 1/8 kr. 29-30

Wiase Nsɛm

Kristo ne Afe 2000

ENI Bulletin ka sɛ: “Nhwehwɛmu ma ɛda adi sɛ Britaniafo dodow a wonnu nnipa baasia biara mu biako na wɔde afe 2000 bata Kristo ho.” Nhwehwɛmu a wɔyɛe no “ma ɛbɛdaa adi sɛ nnipa pii nnim Mfirihyia Apem afahyɛ ho hwee, na wɔn a woyii nsɛm ano no mu ɔha mu nkyem 37 ka sɛ na wonnim nea ɛkyerɛ . . . , na ɔha mu nkyem 18 ka sɛ afahyɛ no bue afeha foforo ano, na ɔha mu nkyem 17 ka sɛ ɛyɛ afe 2000 ho afahyɛ.” Ɔha mu nkyem 15 pɛ na wɔde afe 2000 no bataa Kristo awo ho. Sɛnea Ɔbenfo Anthony King a ɔwɔ Essex Sukuupɔn mu no ka no, wɔ nnipa dodow no ara fam no, mfirihyia apem no yɛ “hokwan a wɔde bɛsaw, anom champagne, na wɔne nnamfonom atra hɔ akosi ɔdasu mu anaa wɔatu kwan akɔ amannɔne.” Anglikan sɔfo panyin Gavin Reid kae sɛ: “Yɛte wiase bi a emufo mfa wɔn amammerɛ ne nyamesom nyɛ hwee bio, mu.”

“Ɔyare Mmoawa a Aduru Ntumi Wɔn” Ho Suro

South Africa Star atesɛm krataa no ka sɛ: “Gyina a ‘ɔyare mmoawa a aduru ntumi wɔn’ tumi gyina nnuru a wɔde kum mmoawa a ano yɛ den paa ano no ama ehu aka nnuruyɛfo ne obiara a ɔnom aduru.” Mike Dove, oduruyɛfo a ɔyɛ nipadua mu nhwehwɛmu no bɔ kɔkɔ sɛ, “nyarewa a bere bi na wotumi sa anaasɛ mpo anka wɔreyɛ atu ase no resan asɔre.” Nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa a wɔde di dwuma ma ɛboro so no ama nsamanwaw (TB), atiridiinini, typhoid, babaso, amemene ne berɛmo mu yare, ne mpafe ahorow bi a ne ko yɛ den a nnɛyi nnuru ntumi no, reba. Nsamanwaw nkutoo kunkum nnipa bɛboro ɔpepem abiɛsa afe biara. Ayarefo betumi aboa denam nneɛma a edidi so yi a wɔbɛkae so: Mfiase no, sɔ nneɛma a wotumi de sɔ ano te sɛ anonne pii a wobɛnom, gye a wubegye w’ahome, ne nkyene nsu a ɛyɛ hyew a obi de bɛporow menewa mu bere a ɛhɔ ayɛ kuru no hwɛ. Nhyɛ oduruyɛfo a ɔhwɛ wo no mma ɔmma wo aduru a wɔde kum ɔyare mmoawa—ma n’ankasa nkyerɛ bere a ɛho behia ankasa. Sɛ wɔde ma wo a, bɔ mmɔden sɛ bere nyinaa wobɛnom awie, ɛmfa ho sɛ woahu sɛ wo ho atɔ wo. Kae sɛ, nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa ntumi nsa ɔpakum, ɔyare a ɛnyɛ ɔyare mmoawa na mmom nipadua mu mmoawa na ɛde ba no. Dove kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden ko tia asɛnkɛse a ɛhaw wiase nyinaa adwene a ebetumi de ɔhaw kɛse aba yɛn akwahosan so yi.”

Ɛka a Wɔbɔ Wɔ Adwenemhaw Ho

Brazilfo atesɛm krataa O Globo ka sɛ: “Adwenemhaw—a ɛnyɛ honam mu ɔyare kɛkɛ no—ne ade titiriw a ɛma nkurɔfo toto adwuma kɔ mu na ɛmma adwumayɛ nkɔ so wɔ wiase.” Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no amanneɛbɔ bi ma ɛda adi sɛ adwenemyare maa nnipa 200,000 wuwui wɔ 1997 mu. Bio nso, adwenem nyarewa nketenkete te sɛ nea ɛma nkurɔfo su toto sisi no sɛee nnipa bɛboro ɔpepem 146 adwuma wɔ wiase nyinaa—nea ɛboro adwumayɛfo ɔpepem 123 a wɔn aso mu yɛ den a ɛbrɛɛ wɔn adwumayɛ ase anaa ɔpepem 25 a wohyiaa nkwanhyia wɔ adwumam no so. Sɛnea nhwehwɛmu bi a ɔbenfo Guy Goodwyn a ɔwɔ Oxford Sukuupɔn mu kyerɛ no, adwenemhaw ho asɛnnennen no bɛkɔ soro wɔ mfe a ɛreba no mu, na ɛbɛma asetra mu ayɛ den ama ɔmanfo esiane adwumayɛ a ɛbɛkɔ fam ne ɛka a wɔbɔ wɔ nnuruyɛ ho a ɛrekɔ soro no nti. Wɔ United States nkutoo no, ɛka a wɔbɔ wɔ adwenemhaw ho afe biara no adu dɔla ɔpepepem 53 dedaw.

Ɛwɔ Krataa So a na Eye

Germany nsɛnkyerɛwfo ahyehyɛde, dpa-Basisdienst bɔ amanneɛ sɛ: “Krataa so akenkan yɛ mmerɛw sen kɔmputa biara so akenkan.” Sɛ wokenkan fi krataa so a, wonni mfomso pii na ɛkɔ ntɛm sen sɛ anka wobɛkenkan wɔ kɔmputa so. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ sɛ simma biako na wode bɛkenkan ade wɔ krataa so a, wode simma 10 na ɛbɛkenkan dekode no ara wɔ kɔmputa so. Ɛwom sɛ bere a wɔde kɔmputa papa a ani yɛ fɛ na ɛmpopo dii dwuma no, na eye kakra de, nanso ne nyinaa akyi no, anto krataa so akenkan. Adwene ne nneyɛe ho nimdefo Martina Ziefle a ofi Aachen, Germany no kae sɛ: “Obiara a ɔde kɔmputa yɛ adwuma no sɛe ne bere nyinaa de hwɛ biribi a ɛhyerɛn a ɛma aniwa so yɛ wusiwusi, ani popo, na ɛwowɔ aniwa so. Wonhu sɛnea nkyerɛwde no te yiye, na ani nso so nna hɔ papa.” Nea dpa ka ne sɛ: “Enti sɛ woretɔ kɔmputa a, ɛsɛ sɛ woma w’adwene kɔ sɛnea afiri no ani te so titiriw.”

Mmere no Ho Sɛnkyerɛnne

The Toronto Star bɔ amanneɛ sɛ: “Atuo a afei de polisifo a [wɔwɔ Newfoundland] rebekura no rebɛsesa ade bi a Canadafo akura mu fi tete no.” Newfoundland Adehyeman Polisifo Kuw a wɔhyehyɛe wɔ 1729 mu no ne “Amerika Atifi fam polisifo kuw a etwa to a, sɛ wɔnam a, wonkura tuo.” Mmara foforo a wɔyɛe no twaa nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ bere bi a atwam no mu. Ná ɛsɛ sɛ polisifo srɛ hokwan fi wɔn panyin hɔ ansa na wɔafa tuo ahyɛ wɔn ho. Sɛ wɔma kwan a, polisini no de ne tuo no bɛhyɛ adaka bi a wɔde safe atom a esi ne kar akyi mu. Afei sɛ ɛho behia sɛ ɔde di biribi a egye ntɛmpɛ ho dwuma a, ɛsɛ sɛ ɔde ne kar no si baabi, bue akyi, bue adaka no so, na ɔde aboba hyɛ tuo no mu. Ɔsoafo panyin Brian Tobin kae sɛ: “Ɛyɛ mmofrasɛm, na ebi nni baabiara, nanso mfaso biara nni so sɛ wobɛka akyerɛ polisifo kuw a wɔahyɛ da atete wɔn wɔ 1998 mu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn akode bɛn wɔn.” Ɔbotan no, sɛnea wɔtaa frɛ Newfoundland no, da so ara yɛ baabi a basabasayɛ nni koraa wɔ ɔman no mu, na wɔmmɔɔ polisini biara tuo bere a ɔreyɛ n’adwuma pɛn.

Wɔn Adwuma Ne sɛ Wobedi Were

Bere a Tokyo adwumayɛkuw bi rehyɛ bɔ sɛ “wɔbɛkora kokoam nsɛm so yiye” na wobetumi aboa obiara wɔ Japan baabiara no, ɛbɔ dawuru sɛ: “Yebedi w’asɛm ama wo.” Ɔbarima a adwuma no hyɛ ne nsa no ka sɛ adwene titiriw a ɛwɔ akyiri ara ne sɛ “wobetua amanehunu a obi ama wɔn nipa afa mu no so ka pɛpɛɛpɛ.” Sɛnea wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Asahi Evening News mu no, adwumakuw no “bɛfa mmara kwan so de asotwe ama,” te sɛ “hwɛ a wɔbɛhwɛ ama obi adwuma ne n’abusua afi ne nsa,” sɛ wɔbɛtetew nkurɔfo ntam, na “wɔahwɛ ama wɔayi obi adi anaa wɔagu adwumam panyin bi a ɔde nna ho asɛm haw obi no anim ase.” Wɔ nnipa bɛyɛ 50 a wɔfrɛ adwumakuw no wɔ telefon so da biara no mu no, emu 20 na wɔhwehwɛ sɛ wobekum obi ama wɔn; nanso ɛnyɛ adwumakuw no mmara ne sɛ wɔbɛpoopoo obi anaa wobebu mmara so, “ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a na wɔreyɛ ayɛ saa de.” Adwumakuw no fa adwumayɛfo pii, a wɔn mu dodow no ara de wɔn bere fã kɛse yɛ adwuma wɔ nnwuma afoforo mu. Wɔn mu binom yɛ nkurɔfo a wɔde nsɛm bi adi wɔn pɛn a wɔpɛ sɛ wɔboa afoforo ma wodi were. Adwuma wura no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Hwɛ yiye, efisɛ wunnim da sɛ ebia biribi a woyɛe bere bi a atwam no ama afoforo anya wo ho menasepɔw.”

Akɔtɔ ne Wɔn Trabea

Atɛtea, mfɔte, ne asunson tetew nhaban ne nwura a egugu kwae ase mu de funtum asase, nanso dɛn na ɛkɔ so wɔ kwae a osu taa tɔ taataa hɔ no mu? Akɔtɔ na wɔyɛ adwuma no. Abɔde ne wɔn atrae ho nimdefo bi a ofi Sukuupɔn a ɛwɔ Michigan, U.S.A. no ho dwiriw no sɛ ohuu kwae asase kɛse bi wɔ Pasifik Mpoano wɔ Costa Rica a nhaban biara nni so, na mmom ntokuru akɛseakɛse nko na ɛwɔ hɔ no. Eduu anadwofa no, ohui sɛ akɔtɔ—wɔn dodow bɛyɛ 60,000 wɔ hekta biara—afi adi abɛtase nhaban, nnuaba, ne afifide a aporow agu fam de akɔhyehyɛ wɔn abɔn a ne tenten yɛ mita 1 no ase tɔnn. Akɔtɔ a wɔn akɛse yɛ sɛntimita 20 yi a wɔwowɔ ɛhwene nketewa a wɔde home, na wɔkɔ po mu bere ne bere mu kɔto nkesua no, boa ma nnua a ne nhini kɔ fam no nya aduan. The Times a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ kwae no mu tebea nyinaa gyina dwuma a abɔde yi di so.

Ɛwɔ Ahunmu Akyirikyiri

Astronomy nsɛmma nhoma ka sɛ: “Voyager 1 ne ade a nipa atumi ayɛ a atumi akɔ akyirikyiri sen biara. Nea na ɛsen biara kan no ne Pioneer 10, a ɛno nso nam ne baabi koraa a entu mmirika pii no.” Voyager 1 no akɔ akyiri akodu he? Ebeduu February 17, 1998 no, na akɔ akyiri kilomita ɔpepepem 10.4. Wotuu ahunmu hyɛn no September 5, 1977; ɛtraa Jupiter wɔ March 5, 1979; na etwaam Saturn wɔ November 12, 1980. Ɛkɔ so de ahunmu mframa ne ɛhɔ twebo ahoɔden ho amanneɛbɔ ma. Ɔman Wimhyɛn ne Ahunmu Asoɛe no ka sɛ: “Awiei koraa no, ebia ne nnwinnade no bɛyɛ nea edi kan koraa a atumi ahu heliopause no—ɔhye a ɛkyerɛ faako a owia no ahoɔden kodu ne faako a nsoromma dwumadi fi ase wɔ wim.”

Mmofra a Wɔnyɛɛ Wɔn Awo Ho Nkrataa

The New York Times bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ wɔnyɛɛ nkokoaa abiɛsa biara mu biako awo ho nkrataa, ma enti wɔn din nni aban nhoma biara mu, na ɛno betumi ama wɔahwere nhomasua ne ayaresa mu hokwan ahorow.” Baabi a awo ho nkrataa a wɔayɛ no sua paa ne Afrika Sahara anafo fam ne Asia aman bi te sɛ Cambodia, India, Myanmar, ne Vietnam. Carol Bellamy a ɔyɛ Amanaman Nkabom Mmofra Foto, asoɛe a ɛyɛɛ nhwehwɛmu no wɔ wiase nyinaa no kwankyerɛfo panyin ka sɛ: “Awoda adansedi krataa a obi nni no reyɛ akɔyɛ te sɛ nea wɔnwoo onii no koraa.” Aman pii hwehwɛ abofra awo ho nkrataa ansa na wɔahwɛ no wɔ ayaresabea, anaa wɔagye no wɔ sukuu mu, na mmofra a wonni adansedi krataa a ɛte saa no paa na wobetumi de wɔn ayɛ adwuma apɛ wɔn ho mfaso na wɔde wɔn asi tuutuu. Asɛm no de ka ho sɛ: “Nhwehwɛmu no ma ɛbɛdaa adi sɛ, ɛnyɛ ohia titiriw nti na wɔnyɛ nkrataa no, na ɛtwee adwene sii mmeae a wɔyɛ awo ho nkrataa paa te sɛ Latin Amerika mmeae dodow no ara, Asia mfinimfini fam, ne Afrika Atifi fam so de yɛɛ nhwɛso.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena