Wiase Nsɛm
Bible mu Mfomso Ahorow a Wɔahu
Bible Review nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Na mfomso a wodi wɔ Bible a wotintim mu nyɛ na wɔ afeha 17 ne 18 mu, nanso ɛno nkyerɛ sɛ wobuu ani guu so.” Sɛ nhwɛso no, wobenyaa nea wɔfrɛ no Ogyennyentwi Bible no wɔ Charles I bere so. Wɔ Dwom 14 no, nhoma tintimfo no dii mfomso sesaa asɛmfua bi. Enti ti a edi kan no kenkan sɛ: “Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi wɔ hɔ.” Eyi maa wɔbɔɔ wɔn ka pɔn 3,000. Wɔbɔɔ adwumayɛkuw foforo, Barker ne Lucas nso ka pɔn 300 wɔ 1631 mu esiane sɛ woyii asɛm bi fii nea wɔbɛfrɛɛ no Awaresɛefo Bible no mu nti. Eyi guu wɔn adwuma no. Wɔn Bible no kenkan sɛ: “Sɛe aware.” Saa ara na ɛte wɔ Kɔ So Yɛ Bɔne Bible a wotintimii wɔ 1716 mu no ho. Faako a Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔsaa no yare no sɛ “nyɛ bɔne bio” no, ɛka sɛ “kɔ so yɛ bɔne pii.” Nea ɛfata sɛ yɛka ho asɛm nso ne Nsa Nyinyanyinya Bible a wotintimii wɔ 1717 mu no. Luka ti 20 asɛmti no se: “Nsa Nyinyanyinya bɛ no,” sen sɛ anka ɛbɛkenkan sɛ, “Bobe Turo Ho Bɛ no.”
Polisifo a Wɔhyɛ Roller Skate
Nea ɛbɛyɛ na polisifo a wɔwɔ Amerika Kusuu fam no nsa atumi aka nkurɔfo pii no, wɔafi ase rehyɛ skate. The Toronto Star bɔ amanneɛ sɛ nantew a wɔnantew, pɔnkɔ so tra, ne baesekre so a wɔtra kyinkyin nso reba so. Polisifo de skate redi dwuma wɔ nkurow akɛse te sɛ Chicago, Miami, ne Montreal mu. Bill Johnston, polisini Panyin bi a ɔwɔ Fort Lauderdale polisifo kuw mu a ɔka wɔn a wodii kan de skate dii dwuma ho no ka sɛ: “Mfiase pɛɛ na wogye toom. Sɛ wohyɛ skate a, etumi ma wokɔ baabiara, na wutumi bɛn afoforo.” The Toronto Star ka sɛ “hyɛ a obi bɛhyɛ skate no so wɔ mfaso—sɛ nhwɛso no, ɛma akorɔmfo a wɔwɔ faako a wɔde kar sisi no ho dwiriw wɔn.”
Mpataa a Wɔwɔ Kompase
Ɔkwan bɛn na salmon fa so nantew nsu mu? New Scientist nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ New Zealand animdefo a wosua abɔde a nkwa wom ho ade ahu sɛ “kompase wɔ wɔn hwene mu.” Nnomaa ne mmoa a wɔwea ne nufummoa pii tumi hwɛ asase no mu twebo ahoɔden so tu kwan. Nanso nyansahufo ntumi nhuu nkwaboaa biara a ɛwɔ twebo ahoɔden a ɛhwɛ kusuu fam, nkwaboaa a wosusuw sɛ twebo mu ahoɔden a wɔfrɛ no magnetite wɔ ne mu. Nhwehwemufo a wɔwɔ Auckland Sukuupɔn mu ahu ntini nketenkete bi wɔ salmon anim a ɛte gya bere a asase no mu twebo ahoɔden tɔ so no. Wodii ntini no akyi kohui sɛ ekopue apataa no hwene mu, faako a wohuu nkwaboaa a magnetite wɔ ne mu no.
Bɔɔlbɔ mu Basabasayɛ
Anibere a emu yɛ den a akuw ahorow a wosii akan wɔ afe a etwaam no Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ mu no daa no adi no maa anigye pii kowiee basabasayɛ mu. Wɔ Mexico no, wɔmaa polisifo bɛboro 1,500 bae sɛ wɔmmɛhwɛ Mexico bɔɔlbɔ kuw no akyigyinafo no so. Mexico atesɛm krataa El Universal bɔ amanneɛ sɛ polisifo no kyeree nnipa bɛboro 200. Ogya a na wɔretotow wɔ basabasayɛ no mu no hyehyee aberante bi maa ne tikora fa sɛee. Wɔ Argentina, Belgium, ne Brazil nso anigye no kowiee basabasayɛ mu ma nnipa pii pirapirae na wɔkyekyeree pii nso. Mexico City atesɛm krataa Excelsior bɔ amanneɛ sɛ esiane Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ akansi no nti, wɔkyekyeree nnipa bɛyɛ 1,000 wɔ France, na wɔbaraa nnipa 1,586 sɛ wɔmmma kuro no mu bio.
Wo Nsa ne W’akwahosan
The Medical Post a ɛwɔ Canada no kyerɛ sɛ: “Sɛ obi nwansi na ɔde ne nsa kata n’ano anaa ɔhem a, ɛsɛ sɛ ɔhohoro ne nsa ansa na waso telefon anaa ɔpon funuma mu.” The Post faa U.S. Animdefo Kuw Ma Nsanyare ne Nyarewa Anosiw asɛm kae sɛ: “Yenya nyarewa a ɛtaa san no ɔha biara mu nkyem 80 fi nsa ne nneɛma a yɛsom mu, na yennya mfi mframa mu.” Oduruyɛfo Audrey Karlinsky a ɔwɔ Toronto Sukuupɔn mu no kamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wotaa de samina hohoro wo nsa, wo nsa ntam ne bɔwerɛ no mu wɔ “anibu 10 kosi 15 mu.” Ɛno akyi no, ɔhyɛ nyansa sɛ, ɛsɛ sɛ wode nsuɔhyew samforo wo nsa ho na wode krataa a wɔde popa nsa ho hyɛ wo nsam de to nsu no mu. Wobɛyɛ dɛn atumi ama mmofra de bere a ɛfata ahohoro wɔn nsa? Oduruyɛfo Karlinsky hyɛ nyansa sɛ ma wɔnkan kasa mu nkyerɛwde no nyinaa bere a wɔrehohoro wɔn nsa no.
Mogya mu Yare Mmoawa Foforo
Franse atesɛm krataa Le Monde bɔ amanneɛ sɛ bere a wohuu yare mmoawa foforo wɔ mogya a nkurɔfo de ma mu wɔ Europa akyi no, wɔn a wɔbɔ akwahosan ho ban wɔ Franse no asi gyinae sɛ wɔbɛpaw “nnuruyɛfo kuw a wɔde akwankyerɛ bɛma daa.” Wodii kan huu ɔyare mmoawa a wonya fi mogya a wɔde ma mu (TTV), wɔ Japan wɔ 1997 mu, faako a wohuu mmoawa no bi wɔ nnipa a wɔde wɔn mogya ma ɔha biara mu nkyekyem 10 no mu no. Ɛwom sɛ nnuruyɛfo nnim yare pɔtee a saa mogya mu yare mmoawa yi de ba de, nanso nhwehwemu a wɔayɛ wɔ Britain ada no adi sɛ wohuu TTV no bi wɔ nnipa a wɔwɔ berɛbo mu yare a ɛyɛ hu a wonnim faako a efi no ɔha biara mu nkyekyem 25 mu. Le Monde ka sɛ mprempren, wonhuu ɔkwan pɔtee a wobetumi afa so ayi saa yare mmoawa yi afi mogya no mu.
‘Owiawosow’ a Wɔadi Kan Ahu
Bere a ahunmu nhwehwemufo Valentina Zharkova a ɔwɔ Glasgow Sukuupɔn a ɛwɔ Scotland ne Alexander Kosovichev a ɔwɔ Stanford Sukuupɔn a ɛwɔ California no hwehwɛɛ Europa Ahum Adwumayɛkuw a ɛwɔ Soho dwumadi mu no, wɔatumi ahu ‘owiawosow’ a edi kan. The Daily Telegraph a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ: “Efii ase bere a wɔtee nnyigyei a ano nyɛ den pii—nea hydrogen ne helium a efi owia so de bae—wɔ July 1996 mu no.” Na ano den yɛ 11.3, na na nnyigyei a ɛte sɛ ɔbo a atɔ ɔtare mu no kɔ akyiri bɛyɛ kilomita 3. Nnyigyei yi kɔɔ akyiri kilomita 400,000 dɔnhwerew biara na etwaa kwan kilomita 120,000. Ɔhyew tumi a efii saa ‘owiawosow’ yi mu bae no te sɛ anyinam ahoɔden a United States de di dwuma wɔ mfe 20 mu, na ɛyɛ tumi a efi San Francisco asasewosow a na ano den yɛ 8.3 no mu mpɛn 40,000.
Abawo—Ɛde Anigye ne Adwuma Pii na Ɛba!
German atesɛm krataa Nassauische Neue Presse kyerɛw sɛ: “Awarefo pii a wonnyinyinii bu adwuma pii a abawo de ba no adewa. Mpɛn pii no eyi de akasakasa ba awarefo no ntam wɔ abofra no awo akyi.” Nhwehwemu a wɔyɛe wɔ Groningen Sukuupɔn a ɛwɔ Netherlands no daa no adi sɛ ɛnanom a wonnyinyinii ntaa nni anigye esiane nsakrae kɛse a awo de ba no nti. Sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɛnanom hia dɔnhwerew 40 foforo wɔ dapɛn biara mu—wɔde emu 6 bɛyɛ fie nnwuma a ɛdɔɔso no, ahoro nneɛma, anoa aduan a wohia, na emu 34 pɛ na wɔde hwɛ mmofra no. Na nnɔnhwerew 17 pɛ na agyanom hia ma mmofra no. Sɛnea nhwehwemu no kyerɛ no, “ɛnyɛ nea ɛhaw awarefo no ne obi a ɔbɛsesa ɔtam a wɔde bɔ abofra no anaa nea ɔbɛsɔre anadwo ama no aduan, na mmom sɛnea wɔbɛkyɛ fie nnwuma no.”
TV ne Asiane Ahorow
Mmofra a wɔhwɛ TV pii no betumi asuasua nneɛma a ɛyɛ hu kɛse a wɔhwɛ no. Sɛnea nhwehwemu a Spanishni Ɔbenfo José Umberos Fernández yɛe kyerɛ no, nea ɛma mmofra a wopira nya nkɔanim no gyina dɔnhwerew biara a wɔde hwɛ TV no so. Fernández kyerɛ sɛ eyi te saa efisɛ TV ntumi mma wonhu nea ɛyɛ nokwasɛm ankasa no yiye. Dɛn na awofo betumi ayɛ de asiw nkɛntɛnso no ano? Sɛnea Greek atesɛm krataa To Vima kyerɛ no, ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma bom paw dwumadi a wɔhwɛ no na wɔboa wɔn ma “wosusuw ho yiye.”
Mmofra ne Caffeine
The New York Times bɔ amanneɛ sɛ sɛ mmofra annom kɔfe ne tii mpo a, wɔn mu pii nom anonne a wɔde chocolate ayɛ a caffeine wom ma enti wɔn kɔn san dɔ bere a wɔagyae no. Adwene mu nnuruyɛfo kuw bi a Oduruyɛfo Gail A. Bernstein a ɔwɔ Minnesota Nnuruyɛ Sukuu mu di wɔn anim no yɛɛ nhwehwemu wɔ sɛnea enya mmofra 30 a wɔkɔ sukuu so tumi wɔ sɛnea wɔde wɔn adwene si biribi so ho. Caffeine dodow a mmofra nom no kɔɔ soro koduu nea ɛne coka cola ntoa abiɛsa, dakoro biara yɛ pɛ. Bere a wɔyɛɛ saa wɔ dapɛn biako akyi no, wɔmaa mmofra no gyaee caffeine nom da koro. Bere a wɔhwɛɛ bere tenten a mmofra no tumi de wɔn adwene si biribi so saa da yi ne wɔ dapɛn biako akyi no, wohui sɛ ɛso atew koraa. Nhwehwemufo no de nyansahyɛ mae sɛ “ɔkwampa a wobetumi afa so asiw eyi ano ne sɛ wɔbɛma mmofra agyae anonne a caffeine pii wom nom.”