Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 6/8 kr. 28-29
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sigaretnom Bɔ Ka Pii
  • Bɔ Wo Koma Ho Ban
  • Wɔde Dwom a Ano Yɛ Den Sisi Wɔn Aso
  • Kasa a Ɛreyera
  • Kasa Kyerɛ Wo Ba Ketewa
  • Karkwan So Abufuw a Wobɛkwati
  • Owu ne Pira a Efi Nyinsɛn a Wɔsɛe no Mu Ba
  • Ma W’asɛm Mu Nna Hɔ
  • Potwaa Betumi Abɔ Obi Yare
  • Ɔserew a Ɛso Atew
  • Wɔabɔ Aduruyɛ Hokwan Ho Ban
  • Yafunu A Wotu Gu—Ne Bo Yɛ Den Dɛn?
    Nyan!—1987
  • Asetra Kwan a Ɛmfata—Ɔhaw a Ɛde Ba no Yɛ Kɛse Dɛn?
    Nyan!—1997
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1996
  • So Wobɛpɛ Sɛ Wuyi Nyinsɛn Gu?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 6/8 kr. 28-29

Wiase Nsɛm

Sigaretnom Bɔ Ka Pii

Berner Oberländer atesɛm krataa ka sɛ, ɛwom sɛ nnipa a wɔnom sigaret wɔ aman pii so no so retew de, nanso ɛda so ara gyina nea egyina wɔ Switzerland. Sɛ wɔkyɛ ɔman no mu nnipa mu bɛyɛ abiɛsa a, emu biako nom sigaret. Sigaretnom kunkum nnipa bɛboro 8,000 afe biara—wɔdɔɔso sen wɔn a AIDS, heroin, cocaine, nsa, ogya, kar akwanhyia, awudi, ne ahokum ma wowuwu dodow a wɔaka abom. Nhwehwɛmu bi a Aban Asoɛe a Ɛhwɛ Ɔmanfo Akwahosan So a ɛwɔ Switzerland no yɛe daa no adi sɛ ɛka a wɔbɔe wɔ tawanom ho wɔ 1995 mu no yɛ Swiss francs ɔpepepem du, ɛboro U.S. dɔla ɔpepepem asia. Nhwehwɛmufo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛka ɛka a wɔbɔe wɔ nnuru, ayaresabea, adwumayɛ a ɛma ɛkɔɔ fam, ahokyere a ɛde baa wɔn a wɔnom sigaret yaree ne wɔn abusuafo so, ne amanehunu a ɛde baa wɔn a wowuwui no abusuafo so no abom.

Bɔ Wo Koma Ho Ban

Oduruyɛfo Anthony Graham a ɔyɛ koma ho nimdefo ne ɔkasamafo ma Koma ne Ɔyare a Ɛma Nnipa Fã Dwudwo Fekuw a ɛwɔ Ontario, Canada, no ka sɛ: “Ná bere nyinaa yenim sɛ sɛ wim yɛ hyew a na komayare tumi yɛ obi ntɛm—nanso mprempren yɛabehu sɛ sɛ wim dwo nso a, ɛma komayare.” Sɛnea wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ The Globe and Mail atesɛm krataa mu no, nhwehwɛmu bi a wɔde mfe du yɛe wɔ nnipa 250,000 ho wɔ France no da no adi sɛ sɛ wim tebea kɔ soro anaa ɛkɔ fam digrii du a, “ɛma nnipa a wonnyaa komayare da no mu ɔha biara mu 13 nya bi.” Sɛ wim yɛ nwini a, koma no bɔ ntɛmntɛm efisɛ mogya no sian kɔ mmeae a atotɔ mu wɔ nipadua no mu no sɛnea ɛbɛyɛ a ebenya hyew. Asiane no yɛ kɛse bere a nkurɔfo kum wɔn ho yɛ ade, anaasɛ wɔnhyɛ ntade pa no. Oduruyɛfo Graham de kɔkɔbɔ ma sɛ: “Wuntumi mfa asram anum ntra dan mu nhwɛ TV na prɛko pɛ woafa sofi akɔsesa sukyerɛmma wɔ awɔw mu. Ɛsɛ sɛ wufi ase yɛ no nkakrankakra.”

Wɔde Dwom a Ano Yɛ Den Sisi Wɔn Aso

Polandfo atesɛm krataa Przyjaciółka a ɛba dapɛn dapɛn no ka sɛ, ɛmfa ho kɔkɔbɔ a nnuruyɛfo de ma sɛ dwom a ano yɛ den “nye mma nipadua no nyinaa” no, ɛkame ayɛ sɛ mmofra pii ntumi nkɔ nnya wɔn mfiri a wɔde bɔ dwom no. Dɛn ntia? Atesɛm krataa no kae sɛ ebinom de mfiri no “kwati nnipa ne tebea horow. Sɛ mfiri a wɔde tie dwom hyehyɛ abofra a onnya nnii mfe aduonu asom na sɛ ebia wɔma no adwuma bi sɛ ɔnyɛ a, nea n’awofo bɛka biara nyɛ n’asɛm na ommua wɔn.” Bere a Przyjaciółka ka sɛ dwom a ano yɛ den dodo no betumi “ahyɛ obi brɛ, ama no tipae, ama ontumi mfa n’adwene nsi nneɛma so, anaasɛ ama wanya nnakorokoro no,” ɛnhyɛ awofo nkuran sɛ wɔmmara wɔn mma wɔ mfiri a wɔde bɛbɔ dwom ho, na mmom ɛkamfo kyerɛ awofo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ mma ɛmmoro so. Krataa no ka sɛ: “Ɛtɔ bere bi a, monfɛm mo mma Walkman no. Ɛbɛma wɔayiyi mfiri a wɔde tie dwom no afi wɔn asom kakra, na mubehu tebea a wɔwom no.”

Kasa a Ɛreyera

Chief Marie Smith Jones, onipa a otwa to wɔ n’abusua mu a ɔka Alaskafo kasa Eyak no ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, na ɛyɛ me yaw paa sɛ mankyerɛ me mma kasa no.” Sɛnea nneɛma rekɔ no ma ɛda adi sɛ kasa horow 6,000 a wɔka wɔ wiase nyinaa no mu ɔha mu nkyem 40 kosi 50 bɛyera wɔ afeha a edi yɛn anim no mu. Kasa horow 250 a na bere bi wɔka wɔ Australia no so atew abedu bɛyɛ 20. Dɛn nti na eyi rekɔ so? Newsweek nsɛmma nhoma no kyerɛ sɛ “Engiresi, ne kasa afoforo a wɔka no ‘kɛse’ no reka kasa pii hyɛ.” Ɔbenfo Stephen Wurm, a ɔyɛ Amanaman Nkabom no Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ So nsɛmma nhoma Atlas of the World’s Languages in Danger of Disappearing samufo no de ka ho sɛ: “Mpɛn pii no, ɛyɛ a wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wugyae kasa a nnipa kakraa bi na wɔka, nea ‘wɔnka no kɛse’ no, efisɛ ɛho nhia.”

Kasa Kyerɛ Wo Ba Ketewa

Daily Telegraph nsɛmma nhoma a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, sɛ wɔkasa kyerɛ nkokoaa simma 30 da biara a, ebetumi ama wɔn adwenem abue kɛse, na ama wɔn ano atew yiye. Nhwehwɛmufo no yɛɛ mmofra 140 a wɔadi asram akron mu nhwehwɛmu. Wɔde ɔkwan pa a awofo betumi akasa akyerɛ wɔn mma nketewa ho nyansahyɛ maa mmofra no mu fã awofo, nanso wɔamma nkae no nyansahyɛ biara. Amanneɛbɔ no ka sɛ, mfe ason akyi no, na “kuw a [wɔmaa wɔn nyansahyɛ] no adwene kye ade ntɛm te sɛ nea wɔsen kuw foforo no afe ne asram abiɛsa,” na na “wɔn ano atew yiye.” Oduruyɛfo Sally Ward a ɔyɛ nhwehwɛmufo no susuw sɛ, esiane nsakrae a aba asetra mu nti, awofo nkasa nkyerɛ wɔn mma nketewa nnɛ te sɛ kan no. Sɛ nhwɛso no, awofo pii kɔ adwuma, na video abesi nkɔmmɔbɔ ananmu wɔ afie pii mu.

Karkwan So Abufuw a Wobɛkwati

Obi a kan no na ɔde kar si akan tuu fo ma wɔde baa Fleet Maintenance & Safety Report nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ afirikafo a wonni ntoboaseɛ koraa yiye.” Odwo a obi bɛda no adi no betumi ama wakwati asiane a karkwan so abufuw de ba no. Bammɔ ho adwenkyerɛfo hyɛ nea edidi so yi ho nkuran:

◼ Da suban pa adi bere biara a woka kar.

◼ Sɛ wubetumi akwati ofirikafo a onni ntoboaseɛ koraa a, yɛ saa.

◼ Mfa wo kar ntu mmirika nni ofirikafo foforo kar akyi pɛɛ ne no mfa nsi akan da.

◼ Sɛ obi yɛ sɛnkyerɛnne bi de hunahuna wo a, nyɛ bi, na kwati sɛ wode wo nipadua bɛyɛ sɛnkyerɛnne bi a ebetumi akyerɛ biribi foforo.

◼ Kwati sɛ wo ne ofirikafo a ne bo afuw ani behyia.

◼ Nnyina kwankyɛn ne ofirikafo foforo nkɔko.

Owu ne Pira a Efi Nyinsɛn a Wɔsɛe no Mu Ba

Akwahosan ne Ɔmanfo Yiyedi Fekuw a ɛwɔ Mexico City titrani Francisco Javier Serna Alvarado ka sɛ, afe biara wɔsɛe nyinsɛn bɛyɛ 500,000 wɔ Mexico. Sɛnea wɔabɔ ho amanneɛ wɔ El Universal atesɛm krataa mu no, ɛnanom no mu dodow no ara de wɔn nkwa twa so, na afoforo pii kowie nyarewa a ɛyɛ hu a ehia sɛ wɔma wɔn nnuru anaasɛ wogye wɔn to ayaresabea mpo. Nyinsɛn a wɔnam sum ase sɛe no ne ade a ɛto so abiɛsa a ekunkum ɛnanom wɔ Mexico sen biara. Wɔ tebea horow bi mu no, wɔfa akwan a ɛyɛ hu so na ɛsɛe nyinsɛn—nnwinnade a ano hwirenhwiren a wɔde di dwuma, aborɔfoduru anaa ahabannuru a wɔnom de sɛe yafunu, ne mpo gyae a obi gyae ne ho fi ntrapoe so hwe fam. Amanneɛbɔ no ka sɛ, nea mpɛn pii efi mu ba ne “mogya a etu wɔn kɛse, awode mu a etuetue, twa a wotwa awo, nyarewa a wonya, ne awode a ɛsɛe.”

Ma W’asɛm Mu Nna Hɔ

Kasa ho ɔbenfo Lillian Glass ka sɛ, ɛmfa ho hia a w’asɛm ho hia no, sɛ nkurɔfo ani nnye sɛnea wokasa ho a, wɔrempɛ sɛ wobetie wo. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ The Citizen atesɛm krataa a ɛwɔ South Africa mu no, atiefo mpɛ kasa a woka hyɛ wo menem, nsɛmfua a ensisi so yiye, ɛnne a wɔnsakra mu, kasa a wɔworo fa so, kasafĩ, ne nkɔmmɔbɔ a obiakofo gye bɔ so. Nea ɛne no bɔ abira no, sɛ wotew w’anim ma w’atiefo koma tɔ wɔn yam, wotɔ wo bo kasa ma emu da hɔ, wohwɛ wɔn anim, na wotɔ wo bo ase tie wɔn asɛm bere a wuntwa wɔn ano a, wɔtaa tie wo. Ɛde ka ho sɛ: “Susuw nsɛm ho ansa na woakasa, na ɛbɛma wode ahotoso a edi mu akasa.”

Potwaa Betumi Abɔ Obi Yare

Sɛnea Ɔbenfo Adolfo Chávez a ɔwɔ Salvador Zubirán Ɔman Aduandi Ho Adesuabea a ɛwɔ Mexico kyerɛ no, sɛ obi didi ma ɛboro so a, ɛrenyɛ den sɛ obedi aduammɔne ayare. Ɔka sɛ, nipadua mu nnuru bi a ɛwɔ yafunu mu na ɛtaa kunkum ɔyare mmoawa a ɛwɔ aduan a yedi mu no. Nanso sɛ obi didi fuu a, aduan a aboro so wɔ yafunu no mu no bu fa nipadua mu nnuru a ɛwɔ yafunu mu no so, na ɛma tumi a yafunu no wɔ sɛ ebekunkum ɔyare mmoawa no brɛ ase. Ɔbenfo Chávez ka kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo no sɛ: “Sɛ obi di taco 15 na sɛ ɔyare aboawa wɔ biako mu a, dodow a onii no di na ebia ɛbɛma wanya ɔyare aboawa no bi. Sɛ onii no di taco biako pɛ a ɔyare aboawa wom a, ebia ɛrenyɛ no hwee.”

Ɔserew a Ɛso Atew

Sɛnea adanse a wɔde too gua wɔ Amanaman Ntam Asereseresɛm Ho Nhyiam a wɔyɛe wɔ Switzerland nnansa yi ara kyerɛ no, bere a na sikasɛm ayɛ basaa wɔ 1950 mfe no mu no, na ɔman no mu nnipa dodow no ara serew simma 18 da biara, nanso sɛ wɔde toto 1990 mfe a nnipa di yiye no ho a, ɛyɛ simma 6 da biara. Dɛn nti na ɛso atew? Sunday Times a ɛwɔ London kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Animdefo ka sɛ serew a ɛso atew no fi honam fam ade dodowpɛ ne anuonyampɛ a wodi akyi bere nyinaa, na ɛma asɛm a wofi tete aka ato hɔ no yɛ nokware sɛ, sika ntumi ntɔ anigye.” Enti nhoma kyerɛwfo Michael Argyle de ba awiei sɛ: “Wɔn a sika ho hia wɔn kɛse no ntaa nya abotɔyam, na wonni akwahosan pa. Eyi te saa efisɛ, sika mfa anigye a edi mũ mma.”

Wɔabɔ Aduruyɛ Hokwan Ho Ban

Nnansa yi ara, El Salvador Asɛnnibea Kunini twaa Social Security Ayaresabea mmara a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ ayarefo ma wɔtwe wɔn mogya ansa na wɔahwɛ wɔn yare no mu. Kan no na ayaresabea mmara hwehwɛ sɛ ansa na wɔbɛyɛ ɔyarefo biara oprehyɛn no, ɛsɛ sɛ ɔma wɔtwe ne mogya nkɔtoa abien. Ɛnnɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn aduru wɔ Social Security Ayaresabea no wɔ mmara mu hokwan sɛ wɔpaw sɛ wɔmma wɔntwe wɔn mogya.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena