Nya Nnwom Ho Adwene a Ɛkari Pɛ
WONYA dɔla ɔpepem pii fi nnwonto mu nnɛ. Nnwontofo a wɔagye din ne wɔn aboafo renya sika pii. Nanso, ɛyɛ nokware sɛ nnwontofo a wɔanya wɔn ho yiye no binom taa di awerɛhow, wu ɔpatuwu, na wɔhyɛ wɔn ho akɔmfo. Ɛda adi pefee sɛ, nnwom a ɛka abrabɔ, anigye anaa awerɛhow ne honhom fam nneɛma ho nsɛmfĩ no nyɛ nnwom pa na ebetumi ama obi de ne ho ahyɛ basabasayɛ ne ɔbrasɛe mu.
Nanso, ɛho hia sɛ yenya nnwom ho adwene a ɛkari pɛ. Bere a nnwom yi mu pii hyɛ ɔbrasɛe ho nkuran na epira afoforo no, nnwom afoforo bi betumi ama obi anya anigye ne akomatɔyam. Ebetumi akanyan yɛn wɔ nkate fam ne honhom fam. Susuw nhwɛso kakraa bi ho.
Bible mu nnwom 150 no mu nsɛm no fata kɛse—ekura anwensɛm, ayeyi nnwom, ne mpaebɔ. Ɛnnɛ, nnipa pii a wɔka kasa horow kenkan no anigye so. Nanso, tete Hebrifo no ankenkan nnwom no mu nsɛm kɛkɛ; na mmom wɔde too dwom. Mpɛn pii no, na wɔde asanku a ɛfata na ɛyɛ saa—ɔkwampa a na nnwontofo a wɔn ho akokwaw betumi afa so ama wɔn a na wɔretie nnwom no ahu wɔn Nyankopɔn, Yehowa nyansa. Sɛ anka nnwom a na Hebrifo no to bɛyɛ nsɛnhunu anaa dedehunu no, ɛda adi sɛ na ɛkorɔn sen aman a na atwa wɔn ho ahyia no de no.
Akyiri yi, afeha a edi kan Kristofo no de nnwom mu nsɛm ne ayeyi nnwom yii Onyankopɔn ayɛ, na ɛmaa wɔn a wɔahaw nyaa akomatɔyam. Enti, nnwom boa ma wotumi nyaa anigye. Na ɛdenam Bible mu nnwom a wɔtoe so no, wonyaa Onyankopɔn ho nimdeɛ a na wohia na akyerɛ wɔn kwan wɔ asetram no ho anisɔ pii.—Mateo 26:30; Asomafo no Nnwuma 16:25.
Na tete Helafo no gye di sɛ nnwom ma ɔdesani nya su pa na ɛma obi yɛ ɔbarima anaa ɔbea a odi mu. Wɔ afeha a ɛto so 20 yi wiase a esi nyansahu, sikasɛm, ne mmara, a wobesua so dua mu no, wɔtaa bu ani gu adwinni a ɛma obi nya anigye wɔ ne mu no so.
Kari Pɛ
Nnwom a ɛyɛ dɛ a obi tie no so betumi aba no mfaso na ama no anya anigye. Nanso, obi betumi anya anigye kɛse denam nnwom a ɔbɔ anaasɛ ne nnamfo a ɔne wɔn bom to dwom so. Nnwom a obi besua no betumi ama no anya anigye kɛse.
Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛkari pɛ, nya adwempa, na yɛyɛ nyiyim wɔ anigyede a ɛte saa mu sɛnea yɛyɛ wɔ asetram anigyede ahorow ho no. Ɛnyɛ nnwom a yetie nkutoo ne asɛm no, mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ bere tenten a yɛde bɔ na yetie no ho.
Sɛ nnwom bi renya wo nkate ne wo nneyɛe so nkɛntɛnso bɔne a, sesa no. Enti hwɛ yiye wɔ nea wutie ho na ama woabɔ wo nkate, wo koma, ne w’adwene ho ban!
Eyi te saa titiriw wɔ nnwom no mu nsɛm ho. Ebetumi ama woayɛ w’ade te sɛ nnipa a wo ne wɔn adwene ne wɔn abrabɔ nhyia, na bra bɔne nkutoo na wobetumi ama woabu no. Ɛtɔ da mpo a, nnwom no din betumi ama woanya atenka bɔne.
Onyankopɔn Asɛm, Bible tu wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ n’ani no fo sɛ, ‘wɔmfa wɔn nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne wɔn nyamesom a adwene wɔ mu no.’ (Romafo 12:1) Nokwarem no, sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho no nso ka “afɔre a ɛte ase” no ho. Enti sɛ yehu sɛ nnwom renya yɛn nkate so tumi, ma enti yentumi nsusuw nneɛma ho yiye, mmu atɛmpa, na ɛma yɛyɛ nneɛma a ɛmfata a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ nnwom tie ho. Kae sɛ: Tumi a ɛwɔ nnwom mu no betumi akanyan yɛn adwene ne yɛn koma—wɔ ɔkwampa anaasɛ ɔkwammɔne so!
[Kratafa 10 adaka/mfonini]
Ɛma Wotumi Sua Ade Yiye
“Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, nnwom a ɛyɛ dɛ a nkokoaa tie no daa no boa ma wotumi sua ade yiye. Nanso, wontie nnwom wɔ afie pii mu.”—Audio, March 1999.