Wiase Nsɛm
Wɔannye Jesuitfo Antom Wɔ Mmara Ase Wɔ Russia
National Catholic Reporter bɔ amanneɛ sɛ Asoɛe a Ɛhwɛ Atemmu Ho Nsɛm so wɔ Russia no amma kuw a wɔfrɛ no Yesu Asafo no kwan sɛ wɔnnye wɔn ntom wɔ mmara ase sɛ nyamesom ahyehyɛde. Wɔtew Yesu Asafo, a wɔtaa frɛ wɔn Jesuitfo no wɔ 1540 mu. Wɔ Russia nyamesom ho mmara foforo ase no, ɛsɛ sɛ nyamesom ahyehyɛde dodow no ara ma wɔkyerɛw wɔn din sɛ wɔagye wɔn atom wɔ mmara kwan so. Wɔremma akuw a wɔannye wɔn antom wɔ mmara mu no kwan mma wontintim nyamesom nhoma biara na wontumi nkyekyɛ nso, wontumi mfrɛ obiara mfi ɔman biara mu mma wɔne wɔn mmenya nyamesom dwumadi biara mu kyɛfa, na wontumi nsi sukuu adan biara. Wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ ɔman no mmara mu wɔ April 29, 1999 mu.
Nnipa Pii na Wɔredi Wɔn Ho Dɔm Wɔ Japan
The Daily Yomiuri bɔ amanneɛ sɛ, nnipa a wodii wɔn ho dɔm wɔ Japan wɔ 1998 mu no dɔɔso sen wɔn a wɔyɛɛ saa wɔ mfe a na abɛsen kɔ no mu biara mu. Sɛnea Japan Ɔman Polisifo Adwumayɛkuw kyerɛ no, nnipa 32,863 na wodii wɔn ho dɔm wɔ 1998 mu—wɔboro nnipa dodow a wowuwui wɔ kar akwanhyia mu wɔ Japan no so mpɛn abiɛsa. Nea ɛma nnipa pii di wɔn ho dɔm saa no fi adwuma a wonnya nnyɛ nnansa yi a ɛde sikasɛm mu ahokyere aba ɔman no mu no. Nneɛma titiriw a ɛma nnipa wuwu wɔ Japan no mu nea ɛto so asia ne nkurɔfo a wodi wɔn ho dɔm.
Mframa Bɔne
Reuters nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadi bɔ amanneɛ sɛ, “ade a ɛresɛe mframa kɛse wɔ Europa ne kar a abu so no, na wɔ aman binom so no, nnipa a saa mframa a edi awu yi rekunkum wɔn no dɔɔso sen wɔn a [kar] akwanhyia kunkum wɔn.” Sɛnea nhwehwɛmu a Wiase Nyinaa Akwahosan Ho Ahyehyɛde ayɛ da no adi no, afe biara nnipa 21,000 na ahurututu mu yare anaa komayare a mframa bɔne de ba kunkum wɔn mpofirim wɔ Austria, France, ne Switzerland. Wɔ amanneɛbɔ foforo mu no, wobu akonta sɛ da biara nnipa 110 na mframa bɔne kunkum wɔn mpofirim wɔ India nkurow 36 so.
Nsɛm a Wɔkora Wɔ Kɔmputa So no Pii Reyera
Kɔmputa ho nyansahufo de mfe pii kae sɛ nsɛm a wɔkora wɔ kɔmputa so no ye koraa sen krataa so a wɔkyerɛw nsɛm gu. Nanso, ɛnnɛ, wɔn a wɔhwɛ nhoma ne tete nneɛma a wɔkora so so no nso reka asɛm foforo koraa. Newsweek nsɛmma nhoma no ka sɛ, “yɛrehwere nyansahu ne abakɔsɛm mu nneɛma a ɛho hia pii, esiane nneɛma a etumi sɛe anaa ɛnkyɛ na atwam no nti.” Nneɛma a ɛboa ma wɔkora nsɛm wɔ kɔmputa so te sɛ disk mpɛ ɔhyew, ahohuru, oxygen, na ɛnsɛ sɛ twebo mu tumi a ɛwom no fi mu. Nsɛmma nhoma no ka sɛ, ɛdefa sɛnea wɔkora nsɛm so wɔ kɔmputa so ho no, bere a ɛsɛ sɛ hama a twebo tumi wom a wɔde kyere nsɛm gu kɔmputa so no di yɛ mfe du pɛ. Asɛnnennen foforo a wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛkora nsɛm wɔ kɔmputa so rehyia nso ne kɔmputa mfiri ho nimdeɛ a ɛsakra ntɛmntɛm no. Nnwinnade a wɔde kora nsɛm wɔ kɔmputa so no tumi sakra ntɛmntɛm araa ma ɛnkyɛ koraa na atwam. Abby Smith, a ɔwɔ Asoɛe a Ɛhwɛ Nhomakorabea ne Amanneɛbɔ Ho Nsɛm so no ka sɛ: “Sɛ wɔannya tape ne PC [ankorankoro kɔmputa] a akyɛ a wɔkora nsɛm wɔ so anni dwuma a, ɛnde nsɛm a wɔakora wɔ kɔmputa so no renni gyina.”
Nnipa a Wɔwɔ India no Aboro Ɔpepepem Biako
Sɛnea Amanaman Nkabom no Asoɛe a Ɛhwɛ Ɔmanfo Dodow So kyerɛ no, nnipa dodow a wɔwɔ India boroo ɔpepepem biako wɔ August 1999 mu. Wɔ mfe 50 pɛ a abɛsen kɔ mu no, na nnipa dodow a wɔwɔ India no yɛ nnɛyi de no nkyem abiɛsa mu biako. Sɛ nnipa dodow no kɔ so kɔ anim ɔha mu 1.6 afe biara sɛnea ɛte nnɛ no a, wɔ mfe aduanan mu no, nnipa a wɔwɔ India no bɛdɔɔso asen China a nnipa wɔ hɔ sen biara no. The New York Times bɔ amanneɛ sɛ, “Nnipa a wɔwɔ India ne China no boro wiase nyinaa de mu abupɛn abiɛsa.” Wɔ mfe aduonum pɛ mu no, nnipa mfe atumi akɔ anim fi 39 kosi 63 wɔ india.
Nnipa Dodow a Wɔware Wɔ U.S. no So Retew
The Washington Post bɔ amanneɛ wɔ ne Intanɛt Dwumadibea sɛ, nhwehwɛmu a Ɔman no Asoɛe a Ɛhwɛ Aware Nhyehyɛe So wɔ Rutgers Sukuupɔn mu yɛe no daa no adi sɛ nnipa dodow a wɔware wɔ U.S. no so atew kɛse sen bere biara. Nhwehwɛmu no kae nso sɛ, wɔ Wiase Ko II no akyi pɛɛ no, na mmofra a wɔwɔ ɔman no mu ɔha mu 80 ne wɔn awofo baanu no nyinaa na ɛte. Nanso, ɛnnɛ, mmofra a wɔne wɔn awofo baanu te no so atew aba ɔha mu 60. Amanneɛbɔ no ka sɛ, “wɔ mfe aduonu a abɛsen kɔ mu no, mmeawa a wɔadu mpanyin afe so a wɔkae sɛ wo a obi bɛwo bere a oni kunu no yɛ ‘asetra pa’ no dodow kɔɔ anim fi ɔha mu 33 kosi 53.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ amanneɛbɔ no kae sɛ: “Aware nhyehyɛe no ho aba asɛm kɛse”!
Nhomasua Ho Nsɛnnennen Wɔ Afrika
All Africa News Agency bɔ amanneɛ sɛ, mmofra bɛboro ɔpepem 40 a wɔwɔ Sahara anafo fam wɔ Afrika no nkɔ sukuu. Ɔhaw pii ama sukuu nhyehyɛe a ɛwɔ ɔmantam no mu ayɛ basaa. Sɛ nhwɛso no, esiane sikasɛm mu haw ahorow nti, sukuu pii nni nsu anaa tiafi. Wonni adesua nhoma ahorow, na akyerɛkyerɛfo no nso ho nkokwaw kɛse. Nea ɛka sikasɛm mu haw ho no, mprewa-nyinsɛn akɔ soro kɛse, na ɛno mma mmeawa pii ntumi nwie sukuu. AIDS nso ama nnipa dodow a ɛsɛ sɛ wɔkɔ sukuu no so atew. Africa News bɔ amanneɛ sɛ, “ɔbarima ne ɔbea nna a mmerante ne mmabaa de wɔn ho hyem ntɛm no nso ama mmerante ne mmabaa pii anya AIDS.” Ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ mmeawa a AIDS nyɛɛ wɔn no tra fie hwɛ wɔn abusuafo a yare yi ayɛ wɔn no. Ɔbenfo Edward Fiske, a ɔyɛ Amanaman Nkabom no Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ So nanmusifo no ka sɛ: “Sɛ nnipa a wɔwɔ Sahara anafo fam wɔ Afrika no ankɔ sukuu a, wɔn mu dodow no ara daakye bɛyɛ basaa.”
Wɔahu Amukyenee Bi a Ɛwɔ Nansoaa a Nnipa Ayɛ
The Sunday Times atesɛm krataa a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ na nansoaa no wura no de hyɛ bere a na ɔte ase bɛyɛ mfe 2,500 a atwam ni no.” Oduruyɛfo Nicholas Reeves ka nansoaa a wɔde adukudɔn ne amane na ayɛ no ho asɛm sɛ “ɛyɛ ade a wɔyɛɛ no yiye, a edi mu na efi biara nni ho.” Wɔyɛɛ nansoaa no a na ɛwɔ bɔwerɛ a ne kɔla te sɛ nnipa de no ara. Wotutuu ntokuru awotwe wɔ nansoaa no ho. Wɔatutu ntokuru no ama no ayɛ Y ma enti wotumi de hyɛ mpaboa mu ma mpaboa no tumi kata ho kama.
Tipae a Yenya Fi Nnuru a Yɛnom Mu
The Sunday Telegraph a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ, ebetumi aba sɛ wɔn a dapɛn biara wɔnom nnuru a ɛdwudwo tipae ano mprɛnsa anaa nea ɛboro saa no nya tipae bi a nnuru a wɔnom no pii na ɛde ba (MMH). Sɛnea wɔaka sɛ nnipa 50 biara mu 1 tumi nya saa ɔhaw yi bi no, nea ɛde MMH ba ne nnuru a ɛho nyɛ nna a wɔde sa tipae te sɛ aspirin ne nnuru afoforo a nnuruyɛfo kyerɛw ma ayarefo no. Sɛ aduru bi yɛ n’adwuma wie wɔ nipadua no mu a, aduru no betumi ama ɔyarefo no anya tipae. Ɛma ɔyarefo no kɔ so nom aduru bio, na eyi ma tipae no tra hɔ. Oduruyɛfo Tim Steiner, a ɔwɔ Imperial College, London, kyerɛkyerɛ mu sɛ, “ɛsɛ sɛ yebu obiara a ɔtaa ka sɛ ne ti yɛ no yaw no sɛ wanya MMH.” Ɔsan ka sɛ, ɛwom sɛ wɔahu ɔhaw yi wɔ mfe pii mu de, nanso nnuruyɛfo a mmusua bi ma wɔbɛhwɛ wɔn no mu dodow no ara nnim ho asɛm ma enti sɛ anka wɔbɛma ayarefo no agyae nnuru no nom no, wɔkyerɛw nea ano yɛ den mmom ma wɔn.
Yɛn Tɛkrɛma a Yebedi no Ni
Prince George Citizen atesɛm krataa mu asɛm bi bɔ amanneɛ sɛ yare mmoawa a wotumi hintaw tɛkrɛma no ase no betumi ama nka aba w’anom. Amanneɛbɔ no ka sɛ, “yare mmoawa tumi nya ahoɔden nyin wɔ baabi a ɛhɔ yɛ wosee na mframa pa nni, ɛno nti na wotumi tra mmeae a ahintaw na mframa a ɛkɔ yɛn ahurututu mu no mfa hɔ no.” Ɛwom sɛ wutwitwi wo se na wuyiyi mu a ɛbɛboa de, nanso ɛyɛ yare mmoawa yi mu ɔha mu 25 pɛ na sɛ wode aduru twitwi wo se a, wowu. Ɛse ho duruyɛfo Allan Grove ka sɛ, tɛkrɛma a wɔtwerɛw so, a na ɛyɛ tete Europafo amammerɛ no, “ne ɔkwan titiriw biako pɛ a wubetumi afa so ama w’anom atew.” Citizen atesɛm krataa no ka sɛ, sɛ wopɛ sɛ wo tɛkrɛma so tew na ɛyɛ kama a, “ɛyɛ papa sɛ wode ade a wɔde twerɛw tɛkrɛma so a wɔde rɔba ayɛ bɛtwerɛw so sen sɛ wode brɔsh betwitwi.”
Afiri Foforo a Wɔde Hwɛ Ahunmu
Gemini North afiri a wɔde hwɛ ade a ɛwɔ akyirikyiri a ɛwɔ Mauna Kea wɔ Hawaii no, tumi twaa amansan yi mfonini nea edi kan wɔ June 1999 mu. Independent atesɛm krataa a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ, afiri yi kanea a ɛma wotumi hu ade a ɛwɔ akyirikyiri a ne kɛse yɛ anammɔn 26.5 no tumi ma nsoromma ho animdefo hu nneɛma a esusua koraa wɔ ahum mu wɔ akyirikyiri. Gemini North ne Hubble afiri a wɔde hwɛ ade a ɛwɔ akyirikyiri wɔ wim no nyinaa boa nsoromma ho animdefo ma wotumi “hu nneɛma a asisi wɔ wim pɛn no.” Mfaso a ɛwɔ Hubble mfiri a wɔde hwɛ ade a ɛwɔ akyirikyiri afoforo so no ne beae a ɛwɔ wɔ wim no. Ɛwom sɛ beae a wɔde Gemini afiri yi si wɔ asase so de, nanso ɛde kɔmputa na edi dwuma ma ɛbɔ ho ban fi mframa mu fĩ ho na etumi hu mfonini ahorow a Hubble afiri no hu no bi—sɛ ebia ɛnyɛ fɛ nsen saa mpo a.