Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 5/8 kr. 25
  • Dɛn na Deduani Betumi Asua Afi Anomaa Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Deduani Betumi Asua Afi Anomaa Hɔ?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • So Nsɛmmɔnedifo Betumi Asesa Ankasa?
    Nyan!—2001
  • Anigye A Ɛwɔ Nnomaahwɛ Mu
    Nyan!—2001
  • ‘Monhwɛ Nnomaa’
    Nyan!—2014
Nyan!—2000
g00 5/8 kr. 25

Dɛn na Deduani Betumi Asua Afi Anomaa Hɔ?

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SOUTH AFRICA HƆ

SƐNEA Sunday Tribune a ɛwɔ Durban, South Africa, ka no, nnomaa rema nneduafo a wɔwɔ Pollsmoor Afiase no anya koma a edwo. Seesei, wɔama kwan ma nneduafo 14 yɛn nkoo wɔ wɔn afiase dan mu.

Dwumadi yi kɔ so dɛn? Nneduafo a wodi saa dwuma no mu biara wɔ afiri a wɔde bobɔ kesua wɔ faako a ɔda no. Wɔde anomaa ba a wɔawo no foforo ma deduani no sɛ ɔmma no aduan dɔnhwerew biako anaa abien biara dapɛn anum. Afei wɔde anomaa no to buw bi a ɛwɔ ɔdan koro no ara mu mu. Sɛ anomaa no nyin a, wɔtɔn ma abɔnten sofo. Nneduafo no bi ne nnomaa no nya abusuabɔ a emu yɛ den ma enti sɛ wɔretɔn wɔn a, wotumi su.

Wotumi hu mpo sɛ nneduafo binom a wɔn koma yɛ den no abenya odwo ne ahobrɛase su bere a wɔakɔhwɛ nnomaa no aba no. Deduani biako kae sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛ nnomaa no nea wɔnnyɛ, na wɔn nso akyerɛ me nea ɛsɛ sɛ meyɛ.” Ɔfoforo nso ka sɛ, wasua boasetɔ ne ahosodi afi nnomaa no hɔ. Owifo biako ka sɛ nnomaa a ɔyɛn wɔn no ama wahu sɛ ɔwofoyɛ yɛ “asɛyɛde kɛse”—ade a obuu n’ani guu so bere a na wɔmfaa no nkɔɔ afiase no.

Mfaso foforo wɔ nnomaa a nneduafo no yɛn wɔn no so. Wikus Gresse, a ofii dwumadi yi ase no ka sɛ: “Esiane nimdeɛ a wonya wɔ ha no nti, sɛ wogyae wɔn a, wobetumi anya adwuma wɔ mmoayɛnbea.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena