Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 10/8 kr. 26-27
  • “Agumadi a Ɛyɛ Hu”—Ɛsɛ sɛ Wode Wo Ho Hyem?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Agumadi a Ɛyɛ Hu”—Ɛsɛ sɛ Wode Wo Ho Hyem?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Onyankopɔn Bu nkwa
  • So Ɛfata sɛ Yɛde Yɛn Ho To Asiane Mu?
  • Onyamesom Pa Ne Apɔwmuteɛteɛ
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Ɛsɛ sɛ Mede Me Ho Hyɛ Agumadi Kuw Bi Mu?
    Nyan!—1996
  • Agodi Mu Nsɛnnennen Nnɛ
    Nyan!—1991
  • Agodi a Yɛde Bɛto Ne Beae a Ɛfata
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 10/8 kr. 26-27

Bible No Adwene

“Agumadi a Ɛyɛ Hu”—Ɛsɛ sɛ Wode Wo Ho Hyem?

“ƐNNƐ YƐN MU PII NTRA ASE NHWƐ AGODIE BIO, NA MMOM YƐDE YƐN HO HYƐ AGODIE NO MU ANKASA, HURUW FI MMEPƆW SO, TRA ƆKOROW MU DI NSU SO AGORU, NA YƐNE ABOODEDE DI AGORU WƆ NSU MU.”—WILLOW GLEN RESIDENT ATESƐM KRATAA NO.

ASƐM a ɛte saa no kyerɛkyerɛ sɛnea agumadi renya nkɔso mu. Agumadi te sɛ huruw a wohuruw fi wimhyɛn mu, asukyenee a wodi so aforosian, parachute a wɔde nenam wim, ne NNWINNE ATENTENa a wohuruw tra, a nnipa pii de wɔn ho hyem no kyerɛ sɛ afoforo pii de wɔn nkwa to asiane mu. Wɔde adwinnade a wɔde fa asukyenee so, sakre a wɔde nantew mmepɔw so, skateboard, ne rollerskate nso nantew mmepɔw atenten, ne nkoko a ɛware so, ne mmeae a ɛkorɔn. Sɛnea Time nsɛmma nhoma kyerɛ no, “agumadi a ɛyɛ hu”—agumadi a wɔn a wɔde wɔn ho hyem no de afoforo nkwa to asiane mu—kyerɛ sɛnea nnipa ɔpepem pii de wɔn ho hyɛ “agumadi a asiane wom mu denneennen, na ama yɛahu agumadifo ne agodifo a wɔn ho akokwaw ne wɔn a wosuro bere a wɔde wɔn ho hyɛ agumadi a ɛyɛ hu ankasa mu no.”

Nanso, adeyɛ a anya nkɔanim saa no ma nnipa pii de wɔn nkwa to asiane mu. Nnipa pii pira wɔ agumadi a asɛm biara nni ho a wɔyɛ ma ɛtra so no mu. Wɔ 1997 mu wɔ United States no, nnipa dodow a rollerskate a wɔde dii agoru nti wopirapirae no dodow nyaa nkɔanim ɔhamu 33, wɔn a wopirapirae wɔ asukyenee so agodie mu no dodow yɛ ɔha mu 31, na ɔha mu 20 na wopirae wɔ mmepɔw so agodie mu ma wɔmaa wɔn nyinaa ayaresa a egye ntɛmpɛ. Ɔhaw a efi agumadi foforo mu ba no yɛ ahodwiriw sen saa, sɛnea nnipa dodow a wowuwu wɔ agumadi a ɛyɛ hu mu da no adi no. Wɔn a wɔpɛ agumadi yi no nim asiane a ɛwom no. Ɔbea bi a ɔde ne ho hyɛ rollerskate agumadi a ɛyɛ hu mu no ka sɛ: “Mema ɛtra m’adwenem sɛ metumi awu bere biara.” Ɔbarima bi a wagye din wɔ asukyenee so agodie mu ka no pen sɛ sɛ “woampira a, na ɛkyerɛ sɛ wommɔ wo ho mmɔden koraa.”

Esiane nokwasɛm yi nti, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristoni bi bu agumadi a ɛte saa a ɔde ne ho behyem no? Ɔkwan bɛn so na Bible no betumi aboa yɛn ma yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ agumadi a ɛyɛ hu mu anaasɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyem? Sɛnea Onyankopɔn bu nkwa sɛ ade kronkron no ho a yebesusuw no bɛma yɛahu mmuae no.

Sɛnea Onyankopɔn Bu nkwa

Bible ma yehu sɛ Yehowa na ‘ɔma nkwa.’ (Dwom 36:9) Nea ɛka bɔ a ɔbɔɔ yɛn ho ne sɛ ɔde nea yehia nyinaa ama yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ani begye wɔ asetram. (Dwom 139:14; Asomafo no Nnwuma 14:16, 17; 17:24-28) Enti, ntease wom sɛ yebegye atom sɛ ɔpɛ sɛ yɛhwɛ nea ofi ayamye mu de ama yɛn no so yiye. Mmara ne ahyɛde ahorow a ɔde maa ɔman Israel no boa ma yɛte nokwasɛm yi ase.

Na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ ankorankoro yɛ biribi de bɔ afoforo nkwa ho ban. Sɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi de siw asiane ano no anyɛ saa, na obi hwere ne nkwa a, na odi mogya ho fɔ. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi si dan foforo a, na ɛsɛ sɛ ɔto fasu ketewa bi wɔ atifi de bɔ ho ban. Anyɛ saa na obi fi dan no so hwe ase na owu a, na ofie no di mogya ho fɔ. (Deuteronomium 22:8) Sɛ nantwi bi nam na ɔkɔpem obi a, na wɔmfa asodi nto ne wura no so. Nanso, sɛ nantwi no wura nim sɛ ɔtaa pempem nkurɔfo na sɛ wammɔ ne ho ban na sɛ ɔkɔpem obi a, ɛnde na ne wura no di mogya ho fɔ ma enti ɛsɛ sɛ wokum no. (Exodus 21:28, 29) Esiane sɛ Yehowa bu nkwa sɛ ade a ɛsom bo nti, ɔhyɛɛ Mmara a na ɛbɔ nkwa ho ban kɛse.

Na Onyankopɔn asomfo anokwafo nim sɛ mmara ahorow yi fa obi nkwa a ɔde bɛto asiane mu ho nso. Wɔ Bible kyerɛwtohɔ bi mu no, Dawid nyaa ɔpɛ sɛ ‘ɔbɛnom Betlehem asubura mu nsu.’ Saa bere no na Betlehem hyɛ Filistifo ase. Bere a Dawid asraafo no tee asɛm yi no, wɔn mu baasa bɔ faa Filistifo nsra no mu kɔsaw nsu wɔ Betlehem asubura no mu de brɛɛ Dawid. Dɛn na Dawid yɛe? Wannom nsu no, na mmom, ohwie guu fam. Ɔkae sɛ: “Me Nyankopɔn mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ eyi. So mennom mmarima a wɔde wɔn nkwa too wɔn nsam yi mogya? Na wɔn nkwa na wɔde kɔfa bae yi.” (1 Beresosɛm 11:17-19) Na Dawid mpɛ sɛ ɔde obi nkwa bɛto asiane mu de ahwehwɛ anigye.

Yesu yɛɛ biribi a ɛte saa ara bere a ɛda adi sɛ anisoadehu mu no, Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ onhuruw mfi asɔrefi no atifi mmɛtɔ fam na ɔnhwɛ sɛ abɔfo mmɛbɔ ne ho ban na wampira anaa no. Yesu buae sɛ: “Nsɔ [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, nhwɛ!” (Mateo 4:5-7) Yiw, Dawid ne Yesu nyinaa hui sɛ ɛyɛ mfomso wɔ Onyankopɔn ani so sɛ obi bɛyɛ biribi a ɛde ne nkwa bɛto asiane mu.

Bere a nhwɛso yi wɔ yɛn adwenem no, ebia yebebisa sɛ, ‘Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ahu sɛ agumadi bi yɛ hu? Esiane sɛ yebetumi ama anigyede a asiane nnim ankasa mpo ayɛ nea ɛtra so nti, yɛbɛyɛ dɛn ahu beae a ɛsɛ sɛ yɛma ekodu?’

So Ɛfata sɛ Yɛde Yɛn Ho To Asiane Mu?

Agumadi biara a yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ho hyem a yebesusuw ho yiye no bɛboa yɛn ma yɛahu mmuae no. Sɛ nhwɛso no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Asiane bɛn na ebetumi afi agumadi yi mu aba? So mewɔ ntetee anaasɛ nnwinnade a ehia a ɛmma mempira? Sɛ mehwe ase anaasɛ adwinnade a mede bɔ me ho ban no sɛe ɛ? So asiane pii nnim, anaasɛ metumi apira kɛse awu mpo?’

Sɛ nokware Kristoni bi paw anigyede a ɛde no bɛto asiane mu a, ebetumi aka ɔne Yehowa ntam abusuabɔ pa ne hokwan atitiriw bi a ɔwɔ wɔ asafo no mu no. (1 Timoteo 3:2, 8-10; 4:12; Tito 2:6-8) Nokwarem no, sɛ Kristofo de wɔn ho rehyɛ anigyede bi mu a, ɛsɛ sɛ wɔma sɛnea Ɔbɔadeɛ no bu nkwa sɛ ɛyɛ kronkron no tra wɔn adwenem.

[Ase hɔ asɛm]

a NNWINNE ATENTEN no ne adan, dade a ɛkyere radio mframa, ɛtwene, ne abotan. Saa agumadi a nkurɔfo gyina nneɛma te sɛ adan, ɛtwene, ne abotan so gyaa wɔn ho ba fam no yɛ hu araa ma Adwumayɛbea a Ɛhwɛ Ɔman Agumadi so wɔ United States no barae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena