Ahobae Kotoku Mu Nyarewa Ano A Wubegyina
“Bere a midii mfe 54 no, na metaa dwensɔ, ɛtɔ mmere bi a, wɔ simma 30 biara mu. Eyi maa mikohuu oduruyɛfo, na ɛbɛdaa adi sɛ wobeyi m’ahobae kotoku.” Nsɛm a ɛte saa abu so wɔ dwensɔyare ayaresabea ahorow mu wɔ wiase nyinaa. Dɛn na ɔbarima bi betumi ayɛ de asiw ahobae kotoku mu nyarewa ahorow ano? Bere bɛn na ɛsɛ sɛ okohu oduruyɛfo?
AHOBAE KOTOKU no yɛ akwaa bi a ɛte sɛ adwe, a ɛwɔ dwensɔtwaa no ase na etua dwensɔ ntini no ho. (Hwɛ ɔbarima dwonku mu mfonini no.) Wɔ ɔbarima a wanyin fam no, emu duru yɛ gram 20, na ne tenten yɛ bɛyɛ sɛntimita 4, na ne kɛse yɛ sɛntimita 2. Ɛno mu na nsu a emu ɔha mu 30 yɛ ahobae no fi ba. Ahoɔdennuru a ɛwɔ nsu yi mu ne critic acid, calcium, ne enzymes, na ɛma ahoboaa bi tumi tu mmirika (tumi guare) na etumi ma obi wo. Bio nso, nsu a efi ahobae kotoku mu ba no bi ne zinc, a nyansahufo kyerɛ sɛ ɛmma obi nnya dwensɔ ntini mu nyarewa ahorow.
Nea Ɛkyerɛ sɛ Obi Anya Ahobae Kotoku Mu Yare
Dwonku mu yare a mmarima nya no pii fi ahobae kotoku no a ɛhon. Prostatitis—a ɛne ahobae kotoku a ɛhon no—tumi ma obi nya atiridii, onya dwensɔyare, na ne dwonku anaa ne dwensɔtwaa tumi yɛ no yaw. Sɛ obi ahobae kotoku hon a, ontumi nnwensɔ. Wɔfrɛ yare yi bacterial prostatitis bere a efi aboawa no, na emu betumi ayɛ den anaa nea wontumi nsa. Ɛtaa ma obi nya dwensɔyare. Nanso, mpɛn pii no, wonhu dekode a ɛma kotoku no hon, na sɛ ɛba saa a, wɔfrɛ yare no nonbacterial prostatitis.
Ɔhaw a ahobae kotoku mu yare taa de ba no bi ne sɛ ɛma obi taa dwensɔ, ɔtaa dwensɔ anadwo, ɔbrɛ bere a ɔredwensɔ no, na bere biara ɔte nka sɛ dwensɔ de no. Mpɛn pii no, nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛɛ no kyerɛ sɛ obi anya yare a wɔfrɛ no benign prostatic hyperplasia (BPH)—ahobae kotoku a ɛhon nanso ɛnkyerɛ sɛ obi anya kokoram—a ebetumi ayɛ mmarima a wɔadi mfe 40 rekɔ no. Mpɛn pii no, BPH a obi benya no gyina mfe a wadi so. Mmarima a wɔadi mfe 55 mu ɔha biara mu 25 ne wɔn a wɔadi mfe 75 mu ɔha biara mu 50 na yare yi taa yɛ wɔn.
Obi betumi anya ahobae kotoku mu kokoram nso. Mpɛn pii no, nea ɛbɛma wɔahu sɛ obi anya ahobae kotoku mu kokoram ne sɛ wɔbɛyɛ ne nipadua mu nhwehwɛmu daa, sɛ onhuu ho nsɛnkyerɛnne biara mpo a. Sɛ yare no mu yɛ den paa a, ɛma obi dwensɔtwaa hon na ontumi nnwensɔ. Sɛ kokoram no trɛw ka akwaa afoforo a, ebetumi ama obi akyi ayɛ no yaw, ɛhon nkwaadɔm no betumi ayɛ no yaw, na ne nan betumi ahonhon esiane ne ntini ahorow no a ɛho aba asɛm no nti. Nnansa yi, United States nkutoo bɔɔ amanneɛ sɛ nnipa bɛyɛ 300,000 na wonya ahobae kotoku mu kokoram, na nnipa 41,000 na yare yi kunkum wɔn. Nyansahufo gye di sɛ mmarima a wɔadi mfe 60 kosi 69 no ɔha mu 30, ne wɔn a wɔadi mfe 80 kosi 89 no ɔha mu 67 na ebetumi anya ahobae kotoku mu kokoram.
Hena na Obetumi Anya Bi?
Nhwehwɛmu da no adi sɛ ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ obi benya ahobae kotoku mu kokoram bere a wadi mfe 50 rekɔ no. Wɔ United States no, abibifo a wonya kokoram yi bi no yɛ aborɔfo dodow a wonya bi no mmɔho abien. Ɛsono sɛnea yare yi trɛw wɔ wiase nyinaa, etumi bɔ nnipa pii wɔ North America ne Europa aman mu, ɛnnɔɔso pii wɔ South America, na ɛwɔ fam koraa wɔ Asia. Eyi kyerɛ sɛ faako a yɛte anaasɛ aduan a yedi ma yetumi nya ahobae kotoku mu kokoram. Sɛ ɔbarima bi tu kɔ ɔman bi a yare no abu so mu a, ɛbɛyɛ mmerɛw koraa sɛ obenya bi.
Mmarima a wɔn abusuafo wɔ yare no bi no nso betumi anya bi. Amerika Kokoram Adwumakuw no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ ɔbarima bi wɔ agya anaa onuabarima bi a wanya ahobae kotoku mu kokoram a, ɛnyɛ den koraa sɛ ɔno nso benya bi.” Mfe a obi adi, abusua ne ɔman a ofi mu, abusua ho abakɔsɛm, aduan a obi di, ne faakotra yɛ nneɛma a ebetumi ama obi anya yare no bi. Mmarima a wodi nnuan a srade dɔɔso wom na wɔtaa tra faako no wɔ asiane kɛse sɛ wobenya yare no bi.
Ahobae Kotoku Mu Nyarewa Ano a Yebesiw
Ɛwom sɛ nyansahufo nnya nhuu dekode pɔtee a ɛma ahobae kotoku mu kokoram yi ba de, nanso wogye di sɛ wotumi de wo obi anaasɛ ahoɔdennuru a ɛwɔ ne mu tumi ma no nya. Anigyesɛm ne sɛ, yebetumi adi nneɛma a etumi de yare yi ba abien ho dwuma—aduan a obi di ne faakotra. Amerika Kokoram Adwumakuw no kamfo kyerɛ sɛ “ɛsɛ sɛ wotew nnuan a mmoa srade dɔɔso wom so, na wudi nnuaba ne atosode pii.” Ɛkamfo kyerɛ nso sɛ ɛsɛ sɛ wudi “nnuaba ne atosode mpɛn anum da biara,” ne paanoo, aburow ne esiam nnuan, awi, ɛmo, ne adua. Ahoɔdennuru a etumi ma nnuaba bere pii wɔ tomantosi, akutu, ne anowatere mu—ahoɔdennuru a ɛbɔ DNA ho ban na ɛmma wɔntaa nnya ahoboa kotoku mu kokoram. Animdefo bi nso kyerɛ sɛ nhabannuru ne aduannuru bi betumi aboa.
Amerika Kokoram Adwumakuw ne Asoɛe a Ɛhwɛ Dwensɔyare no gye di sɛ di a wobedi kan ahu sɛ obi wɔ ahobae kotoku mu kokoram no betumi ama wanya ayaresa. Sɛ wohu ɔyare no ntɛm a, ɛda adi sɛ wobetumi asa. Amerika Kokoram Adwumakuw no kamfo kyerɛ sɛ mmarima a wɔadi mfe 50 rekɔ anaa wɔadi boro mfe 45 a wobetumi anya yare no bi no betumi akohu oduruyɛfo afe biara.a
Ɛsɛ sɛ woma wɔhwehwɛ wo mu hwɛ sɛ aduannuru a ɛma ahobae kotoku mu yare ba, (PSA), wɔ wo mu a. Saa aduannuru yi ma yare mmoawa ba ahobae kotoku no mu. Sɛ obi nya ahobae kotoku mu yare a, mmoawa no bɛdɔɔso. Amerika Kokoram Adwumakuw no ka sɛ: “Sɛ PSA nhwehwɛmu no da no adi sɛ nneɛma nkɔ yiye a, srɛ wo duruyɛfo no ma ɔnkyerɛ wo asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wubetumi anya kokoram ma enti ɛsɛ sɛ woyɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri.” Nsateaa a wɔde hyɛ obi turum de hu yare no (DRE) nso ho hia. Sɛ oduruyɛfo no de ne nsa hyɛ ɔyarefo no turum a, obetumi ahu ahobae kotoku no mmeae a ahonhon no, efisɛ akwaa yi wɔ turum no anim pɛɛ. (Hwɛ ɔbarima dwonku mu mfonini a ɛwɔ kratafa 16 no.) Sɛ “PSA ne DRE nhwehwɛmu no da no adi sɛ nneɛma nkɔ yiye a” ɛsɛ sɛ oduruyɛfo no kamfo kyerɛ ma wɔde afiri a ano yɛ den twa nipadua no mfonini (TRUS) na wɔhwɛ sɛ ɛho behia oprehyɛn a wɔde beyi ahobae kotoku no a. Saa nhwehwɛmu yi di bɛyɛ simma 20.
Sɛ ahobae kotoku mu kokoram a wohu no da nkyɛn a, dwensɔtwaa mu nhwehwɛmu a wobɛyɛ no afe biara no betumi ama wɔahu BPH, a yedii kan kaa ho asɛm no, bere a efi ase ara pɛ no, na wobetumi anya ano aduru ntɛm. (Hwɛ adaka “Sɛnea Wɔsa BPH no.”) Ɔbra pa a obi bɛbɔ no bɔ ne ho ban fi babaso a etumi kowie ahobae kotoku mu kokoram mu, no ho.
Ɛfata sɛ wobɛbɔ w’ahobae kotoku ho ban ahwɛ so yiye. Ɔbarima a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no kae sɛ ne ho atɔ no afei wɔ oprehyɛn a ɔyɛe no akyi. Ɔka sɛ “ɛsɛ sɛ ɔbarima biara kohu oduruyɛfo ma ɔhwɛ no afe biara,” ɛmfa ho sɛ ebia onni yare no bi no.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ woadi saa mfe yi a, yɛto nsa frɛ wo sɛ susuw adaka mu asɛm, “Nneɛma a Ɛkyerɛ sɛ Woanya Ahobae Kotoku Mu Yare (BPH)” no ho.
[Adaka wɔ kratafa 17]
Nneɛma a Ɛkyerɛ sɛ Woanya Ahobae Kotoku mu Yare (BPH)
Akwankyerɛ: Bua ase hɔ nsɛmmisa no denam akontaahyɛde a ɛfata a wubetwa ho no so.
Ɛsɛ sɛ wubua nsɛmmisa 1-6 no:
0—Ɛkyerɛ sɛ wonte nka biara
1—Wote nka kakra bere a wodwensɔ mpɛn anum biara no
2—Nea ennu mpɛn dodow a wodwensɔ no fã
3—Bɛyɛ mpɛn dodow a wodwensɔ no fã
4—Ɛboro mpɛn dodow a wodwensɔ no fã
5—Ɛkame ayɛ sɛ bere biara
1. Ɔsram a etwaam no, mpɛn ahe na wodwensɔ wiei a wotee nka sɛ dwensɔ de wo bio? 0 1 2 3 4 5
2. Ɔsram a etwaam no, mpɛn ahe na na ɛsɛ sɛ wosan dwensɔ bere a ennu nnɔnhwerew abien no? 0 1 2 3 4 5
3. Ɔsram a etwaam no, mpɛn ahe na wuhuu sɛ sɛ wodwensɔ wie a ɛkyɛ kakra nanso akyiri no wosan dwensɔ toatoa so? 0 1 2 3 4 5
4. Ɔsram a etwaam no, mpɛn ahe na wuhuu sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛka wo dwensɔ ahyɛ? 0 1 2 3 4 5
5. Ɔsram a etwaam no, mpɛn ahe na wuhuu sɛ na wote yaw nka bere a woredwensɔ no? 0 1 2 3 4 5
6. Ɔsram a etwaam no, mpɛn ahe na wuhuu sɛ wobrɛ bere a wodwensɔ no? 0 1 2 3 4 5
7. Ɔsram a etwaam no, mpɛn ahe na sɛ wode w’ani bu a, wokae sɛ na wosɔre dwensɔ anadwo biara? (Twa akontaahyɛde a ɛkyerɛ mpɛn dodow no ho.) 0 1 2 3 4 5
Akontaahyɛde dodow nkabom a wubenya no na ɛkyerɛ sɛ woanya BPH. Emu nyɛ den: 0-7, emu yɛ den kakra: 8-19, emu yɛ den paa: 20-35.
[Asɛm Fibea]
Efi Amerika Dwensɔtwaa mu Ayaresa Adwumakuw no hɔ
[Adaka wɔ kratafa 18]
Sɛnea Wɔsa BPH
◼ NNURU: Nnuru ahorow pii na wɔde di dwuma, na egyina sɛnea obiara yare te so. Wo duruyɛfo nkutoo na obetumi akyerɛ aduru ko a ɛsɛ sɛ wonom.
◼ AHWƐYIYE A WOBƐYƐ: Ɔyarefo no kohu oduruyɛfo ma wɔhwɛ no wɔ bere bi mu nkutoo a ɔno ankasa nnom aduru.
◼ OPREHYƐNYƐ:
(a) Wɔ dwensɔ ntini mu oprehyɛn a wɔyɛ obi (TURP) mu no, oduruyɛfo no de adwinnade (resectoscope) hyɛ dwensɔ ntini no mu de twitwa ade biara a ahon wɔ mu na ɛtoa ntini a mogya fa mu no. Wontwa honam no fã biara. Egye bɛyɛ simma 90. Dwensɔ ntini mu oprehyɛnyɛ no nyɛ yaw te sɛ oprehyɛn a wotwa honam no fã bi no.
(b) Ahobae kotoku mu oprehyɛn a wɔyɛ (TUIP) te sɛ TURP no ara. Nanso, wɔma dwensɔ ntini no mu yɛ kɛse denam dwensɔtwaa no ne ahobae kotoku no ankasa a wotwa ano no so.
(d) Wɔpae honam no fã bi yɛ oprehyɛn bere a dwensɔ ntini mu oprehyɛn no anyɛ yiye esiane sɛ ahobae kotoku no ahon kɛse nti no. Wotwitwa honamdua no fa bi bere a wɔreyɛ saa oprehyɛn yi no.
(e) Oprehyɛn a wɔde Laser afiri yɛ no yɛ oprehyɛn a wɔnam anyinam ahoɔden ne twebo so sa yare biara a aba ahobae kotoku mu no.
Ɛsɛ sɛ ɔyarefo no na ɔkyerɛ ayaresa ko a ɔpɛ. Amanneɛbɔ bi a ɛbaa The New York Times mu nnansa yi kae sɛ nnuruyɛfo bi mpɛ mpo sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu de ahu ahobae kotoku mu kokoram, titiriw wɔ nkwakoraa fam, esiane sɛ “ɛyɛ yare a ɛba nkakrankakra a entumi nhaw akwahosan daa, nanso mpɛn pii no, ne sa de ɔhaw a emu yɛ den ba” nti.
[Adaka wɔ kratafa 18]
Nsɛm a Wubetumi Abisa Wo Duruyɛfo Ansa na Wayɛ Wo Oprehyɛn
1. Oprehyɛn bɛn na wo kamfo kyerɛ?
2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ me saa oprehyɛn no?
3. So aduru bi wɔ hɔ a metumi de asi oprehyɛn no ananmu?
4. Mfaso bɛn na ɛwɔ oprehyɛn no mu?
5. Asiane bɛn na ɛwɔ oprehyɛn no mu? (Sɛ nhwɛso no, wɔ mogya a ebetumi atu me ne me barima a ebetumi awu ho.)
6. Sɛ wanyɛ me oprehyɛn yi a, dɛn na ɛbɛba?
7. Ɛhe na metumi anya adwenkyerɛ foforo?
8. Nimdeɛ bɛn na wowɔ sɛ wobɛyɛ oprehyɛn yi a womfa mogya nka ho?
9. Ɛhe na wobɛyɛ me oprehyɛn no? So nnuruyɛfo ne ayarehwɛfo a wɔwɔ ayaresabea yi mu no kyerɛ obu ma ɔyarefo a ɔmpɛ mogya?
10. Aduru bɛn na wɔde bɛdeda me? So oduruyɛfo a ɔbɛdeda me no ho akokwaw wɔ oprehyɛn a mogya nka ho yɛ mu?
11. Ebegye bere tenten bɛn ansa na me ho atɔ me?
12. Ɛka ahe na oprehyɛn no bɛma mabɔ?
[Asɛm a Wɔahyehyɛ wɔ kratafa 16]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Ɔbarima dwonku mu mfonini
Dwensɔtwaa
Ahobae kotoku
Turum
Dwensɔ ntini
[Mfonini wɔ kratafa 19]
Nnuan a ahoɔden wom ne apɔw mu ateɛteɛ a ɛfata tumi ma obi kwati ahobae kotoku mu kokoram