Bere a Yare Haw Wo
“Me ho dwiriw me kɛse.”—John, bere a ohui sɛ wanya yare bi a ɛbɛma wadi dɛm no.
“Me koma tui.”—Beth, bere a wɔkaa ne yare no ho asɛm kyerɛɛ no no.
ADE biako a ɛyɛ yaw kɛse wɔ asetram ne sɛ obi behu sɛ wanya yare a enni sabea anaasɛ obehyia akwanhyia a ɛbɛma wadi dɛm daa. Sɛ ebia oduruyɛfo bi na ɔkaa wo yare no ho asɛm kyerɛɛ wo wɔ ɔdan a ɔyɛ mu adwuma mu anaasɛ wɔmaa wuhui wɔ ɔdan a wɔhwɛ ayarefo a wɔn yare mu ayɛ den mu no, akyinnye biara nni ho sɛ wo ho bedwiriw wo. Ɛbɛyɛ den sɛ wubetumi anya nkuranhyɛ de agyina adwennwen a emu yɛ den a ɛbɛtɔ wo so no ano bere a yare a emu yɛ den bi bɔ wo no.
Nea ɛbɛyɛ na yɛanya nsɛm a ebetumi aboa wɔn a yare a emu yɛ den abɔ wɔn no, Nyan! bisabisaa nnipa dodow bi a wofi aman ahorow so a wɔatumi agyina yare a ɛte saa ano mfe pii ni no nsɛm. Wɔmaa wobuaa nsɛm te sɛ eyinom: Na wote nka dɛn? Dɛn na ɛboaa wo ma wugyinaa ɔhaw no ano na wosan nyaa anigye bio? Dɛn na woyɛe a etumi maa wudii tebea no so? Yɛreka wɔn nsɛm a wɔkae ne nhwehwɛmu a afoforo ayɛ wɔ yawdi a yare a enni sabea de ba ho no ho asɛm na atumi aboa wɔn a yare rehaw wɔn nnɛ no.a
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛwom sɛ saa asɛm yi fa wɔn a wɔyare anaa wɔadi dɛm nkutoo ho de, nanso asɛm “Yare a Enni Sabea—Abusua no Nyinaa Haw” (June 8, 2000 Nyan!) no, fa wɔn a wɔhwɛ ayarefo no ho titiriw.