Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 2/8 kr. 4-5
  • Bere a Adwennwen Pii Ahyɛ Wo So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Adwennwen Pii Ahyɛ Wo So
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyim a Wogye, Awerɛhodi
  • Adwenem Naayɛ, Dadwen, Ehu
  • Abufuw, Aniwu, Ankonamyɛ
  • Afoforo a Wubesuasua Wɔn
  • Yare a Enni Sabea—Abusua no Nyinaa Haw
    Nyan!—2000
  • Wo Yare Ano a Wubegyina—Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—2001
  • Bere a Yare Haw Wo
    Nyan!—2001
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ Sɛ Meyare Saa?
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 2/8 kr. 4-5

Bere a Adwennwen Pii Ahyɛ Wo So

AKWAKORAA bi ka sɛ: “Bere a wɔka kyerɛɛ me sɛ manya owuyare no, mebɔɔ mmɔden sɛ medi osuro biara so, nanso adwennwen kɔɔ so hyɛɛ me so.” Ne nsɛm no si so dua sɛ, ɛnyɛ honam fam yaw nko na yare bi ma obi di, na mmom ɔdwennwen nso. Ɛno mpo no, nnipa binom tumi gyina ɔhaw a ɛte saa ano. Wɔn mu pii pɛ sɛ wunya awerɛhyem sɛ akwan bi wɔ hɔ a wubetumi afa so agyina yare a enni sabea ano. Nanso ansa na yɛbɛka nea wubetumi ayɛ ho asɛm no, ma yenni kan nsusuw nkate fam ɔhaw a wubetumi ahyia mfiase no bi ho nhwɛ.

Kyim a Wogye, Awerɛhodi

Ebetumi aba sɛ nkate fam haw a wuhyia no renyɛ sɛ nea ɛto afoforo no koraa. Nanso, nnuruyɛfo ne ayarefo binom ka sɛ nkate fam haw koro no ara na wɔn a yare haw wɔn no taa hyia. Sɛnea wo koma tu mfiase no betumi ama w’adwenem ayɛ wo naa na ama woagye kyim sɛ: ‘Ɛrentumi nyɛ nokware.’ ‘Ebetumi aba sɛ wodii mfomso bi.’ ‘Ebia wɔanyɛ yare no mu nhwehwɛmu yiye.’ Bere a ɔbea bi reka sɛnea ɔyɛɛ n’ade bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ wanya kokoram no, ɔkyerɛe sɛ: “Wote nka sɛ nea mpasotam akyekyere wo ti na woreyi, a ɛkaa wo nko a, anka afi wo ti so prɛko pɛ.”

Nanso, bere a yare no tra hɔ no, w’adwenem a ayɛ wo naa no ma wobotow, na awerɛhow hyɛ wo so te sɛ omununkum. Nsɛmmisa bi te sɛ, ‘Mɛtra nkwa mu akosi bere bɛn?’ ‘So mɛbrɛ de akosi owu mu?’ ne afoforo pii ba w’adwenem. Ɛkaa wo nko a anka afei na wɔrebɛkyerɛ wo yare ko a wanya, nanso ɛrenyɛ yiye. Ɛnkyɛ koraa na awerɛhowdi ne nkate fam yaw pii abɛhyɛ wo so. Emu bi ne dɛn?

Adwenem Naayɛ, Dadwen, Ehu

Yare a emu yɛ den tumi de adwenem naayɛ ne dadwen pii ba w’asetram. Ɔbarima bi a ne fa adwudwo ka sɛ: “Ɛtɔ da a, me yare no a minhu nea ebefi mu aba no tumi haw me kɛse. Da biara da no, ɛsɛ sɛ metwɛn hwɛ nea ɛbɛba.” Wo nso wo yare ho asɛm betumi ahaw wo. Ɛbɔ wo prɛko pɛ a ɛmmɔ nkae a, wubetumi abɔ hu kɛse. Nanso sɛ wuhuu wo yare no akyiri yi koraa esiane sɛ wɔantumi ankyerɛ wo yare pɔtee wɔ bere tenten bi akyi a, ebetumi abɔ wo hu kɛse. Mfiase no de, wubenya anigye kakra efisɛ anyɛ yiye koraa no, ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ sɛɛ na wo yare ankasa, nanso na yare ko no na wunhui. Nanso, ɛnkyɛ koraa na anigye no adan ehu bere a wuhu nea yare no bɛma woahwere no.

Afei nso, yɛ a wuntumi nyɛ nea wopɛ wɔ asetram no betumi ahaw wo. Ɛnkanka sɛ na w’ankasa wutumi yɛ wo biribiara na afei de afoforo na ɛbɛyɛ ama wo a, ebetumi ahaw wo kɛse. Ebetumi ahaw wo sɛ afei de yare no na ɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.

Abufuw, Aniwu, Ankonamyɛ

Yɛ a w’ankasa wuntumi nyɛ nea wopɛ no betumi ahyɛ wo abufuw nso. Ebia wobɛka sɛ, ‘Me nko me ti bɔne. Bɔne bɛn na mayɛ?’ Ɛte sɛ nea mfomso wom na ntease nnim sɛ yare yi abɔ wo. Aniwu ne abasamtu nso betumi ahyɛ wo so. Ɔbarima bi a wabubu ka sɛ: “Ɛyɛɛ me aniwu kɛse sɛ eyi ato me esiane akwanhyia bɔne nti!”

Wubetumi ayɛ ankonam nso. Ankonam a woayɛ no mma wuntumi ne afoforo mmɔ pii. Sɛ wo yare no ma woka fie a, ɛremma wuntumi ne wo kan nnamfo mmɔ bio. Nanso, ɛno ne bere a anka wopɛ sɛ wo ne afoforo bɔ sen biara. Nnipa pii a na wɔtaa bɛsra wo mfiase no na wɔfrɛ wo telefon so no so bɛtew koraa.

Esiane sɛ ɛyɛ yaw sɛ wubehu sɛ wo nnamfo nyinaa reyi wo ama nti, ebia nea wubetumi ayɛ ara ne sɛ wo nso wobɛko wo ho. Nokwarem no, ntease wom sɛ ɛsɛ sɛ wunya bere de home ansa na woatumi ne afoforo abɔ bio. Nanso, sɛ wotaa ko wo ho saa bere yi a, ɛbɛma woayɛ ankonam (bere a afoforo mmɛsra wo) na woahaw wɔ nkate fam (bere a wompɛ sɛ wuhu afoforo no). Emu biara mu no, wobɛte ankonamyɛ nka kɛse.a Ɛtɔ da a, wutumi te nka mpo sɛ ade renkye wo.

Afoforo a Wubesuasua Wɔn

Nanso, anidaso wɔ hɔ. Sɛ yare rehaw wo nnansa yi a, akwankyerɛ pa bi wɔ hɔ a wubetumi de adi dwuma na ama woatumi ate nea ato wo no ase.

Nokwarem no, nsɛm a yɛresusuw ho yi remma yare a abɔ wo no mfi hɔ koraa, ɛmfa ho sɛnea ɛte. Nanso, nneɛma a yɛaka ho asɛm no betumi aboa wo ma woahu akwan a wobɛfa so agyina ano. Ɔbea bi a kokoram ayɛ no kaa nkate fam ɔhaw a ɔkɔɔ mu no ho asɛm sɛ: “Wɔ adwenem naayɛ no akyi no, abufuw kɛse hyɛɛ me so na mifii ase hwehwɛɛ mmoa.” Wo nso wubetumi ahwehwɛ mmoa a ɛte saa denam wɔn a wɔakɔ ɔhaw koro no ara mu a wubesua biribi afi wɔn hɔ sɛnea wubetumi biara no so.

[Ase hɔ asɛm]

a Nokwarem no, ɛsono sɛnea nsɛm haw obiara fa.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Ebia wobɛka sɛ ‘Me nko me ti bɔne. Bɔne bɛn na mayɛ?’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena