Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 3/8 kr. 3
  • Abakɔsɛm So Ɛsɛ Sɛ Yɛde Yɛn Ho To So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abakɔsɛm So Ɛsɛ Sɛ Yɛde Yɛn Ho To So?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Yebetumi Asua Afi Tete?
    Nyan!—2001
  • Nneɛma A Wɔansua Amfi Abakɔsɛm Mu
    Nyan!—1984
  • Bible—So Ɛyɛ Nokware Abakɔsɛm?
    Nyan!—2001
  • Nea Asuade Ahorow No Betumi Akyerɛ Yɛn
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 3/8 kr. 3

Abakɔsɛm So Ɛsɛ Sɛ Yɛde Yɛn Ho To So?

“Abakɔsɛm ho nimdeɛ . . . ma yɛte nka sɛ yɛyɛ abusua bi a wɔtraa ase bere tenten ansa na wɔrewo yɛn ne wɔn a wɔbɛtra ase wɔ yɛn wu akyi no mufo.”—A COMPANION TO THE STUDY OF HISTORY, A MICHAEL STANFORD KYERƐWEE.

SƐ YƐANSUA abakɔsɛm ho ade biara a, yɛrenkae asetra mu nneɛma bebree. Sɛ nimdeɛ biara nni hɔ saa a, ɛnde na wo, w’abusua, anaa ɔman a wufi mu mpo nni mfiase, anaa amammerɛ biara. Anka ɛnnɛ asetra bɛyɛ nea nnyinaso ne atirimpɔw biara nnim.

Abakɔsɛm betumi ama yɛanya asuade pii a yɛde bɛbɔ yɛn bra. Ebetumi aboa yɛn na yɛanni mfomso koro no ara bere nyinaa. Sɛnea nyansapɛfo bi kae no, wɔn a wɔnkae nea abɛsen kɔ no di mfomso koro no ara. Abakɔsɛm ho nimdeɛ a yebenya no betumi ama yɛahu kan anibue, nnwuma akɛse a wɔayɛ pɛn, nnipa mmɔdenbɔfo, ne sɛnea yebesusuw nneɛma ho wɔ akwan horow so.

Nanso, esiane sɛ abakɔsɛm ka nnipa ho asɛm ne nsɛm a asisi atwam nti, yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn ho ato so? Sɛ yebetumi asua biribi pa afi abakɔsɛm mu a, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea egyina nokware so. Na sɛ yehu nokwasɛm bi a, ɛsɛ sɛ yegye tom, ɛwom sɛ ebia na yɛn ani nnye ho de. Abakɔsɛm betumi ayɛ sɛ nhwiren turo—ɛyɛ fɛ nanso ebetumi ayɛ nea nsɔe wɔ ho; yɛn ani betumi agye ho nanso ebetumi awɔ yɛn.

Wɔ nsɛm a edidi hɔ mu no, yebesua abakɔsɛm ho nneɛma bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛahu sɛ nea yɛrekenkan no di mu. Yebesusuw sɛnea abakɔsɛm a edi mu betumi aboa ɔkenkanfo nimdefo nso ho.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Ɔhemmaa Nefertiti

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Asuade bɛn na yebetumi anya afi abakɔsɛm mu?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Nefertiti: Ägyptisches Museum der Staatlichen Museen Preußischer Kulturbesitz, Berlin

Border: Photograph taken by courtesy of the British Museum

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena