Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 8/8 kr. 19
  • Adesua Adɔɔso—Nanso Nsakrae Mmae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adesua Adɔɔso—Nanso Nsakrae Mmae
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnyɛ Bere Nyinaa na Wonya Ɔpɛ sɛ Wobesua Biribi
  • Abɔfo—Wɔwɔ W’asetena So Tumi Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Adannandi ne Wo
    Nyan!—1995
  • So Bible No Yɛ Akyɛde A Efi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nokware a Nyansahu Ntumi Nnu Ho
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 8/8 kr. 19

Adesua Adɔɔso—Nanso Nsakrae Mmae

“Ɛmfa ho nkɔanim a wɔanya wɔ nyansahu mu nnansa yi no, nnipa nsakrae ahe biara wɔ mfe mpem abien a atwam no mu; na enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua nea asisi wɔ abakɔsɛm mu.”—Kenneth Clark, Civilisation—A Personal View.

AKYINNYE biara nni ho sɛ wɔanya nkɔanim kɛse wɔ nyansahu mu wɔ mfehaha a abɛsen kɔ no mu. Time nsɛmma nhoma no ka sɛ eyi ama “yɛn mu ɔpepem pii anya nneɛma a ehia sen biara wɔ abakɔsɛm mu.” Beae biako a wɔanya nkɔso sen biara ne aduyɛ mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo Zoé Oldenbourg ka sɛ, wɔ mfinimfini mmere no mu no, “na wɔnna ahokokwaw adi wɔ aduyɛ mu, ma enti na ɛyɛ hu. Sɛnea na ɛyɛ mmerɛw sɛ oduruyɛfo bɛma ɔyarefo ho atɔ no no, saa na na ɛyɛ mmerɛw sɛ obetumi akum no.”

Ɛnyɛ Bere Nyinaa na Wonya Ɔpɛ sɛ Wobesua Biribi

Nkurɔfo ntaa nnya ɔpɛ sɛ wobesua biribi. Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a ɛto so 19 mu no, nnuruyɛfo pii buu ani guu adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ wɔn ankasa na ɔkwan bi so no, wɔrema yare atrɛw wɔ wɔn ayarefo mu no so. Enti wɔbataa nneyɛe a ɛyɛ hu ho na wɔpoe sɛ wɔbɛhohoro wɔn nsa bere a wofi ɔyarefo biako ho rekɔ ɔfoforo ho no.

Nanso, nyansahu ne nyansahu mu nimdeɛ nyaa nkɔanim ara. Ɛnde, ntease wom sɛ ɛsɛ sɛ anka nnipa fi suahu ahorow a atwam mu sua sɛnea wɔbɛma wiase no ayɛ baabi a anigye ne ahobammɔ wɔ. Nanso ɛnyɛ saa na aba.

Susuw afeha a ɛto so 17 mu Europa ho hwɛ. Wɔkaa saa bere no ho asɛm sɛ anibuei ne nyansa bere. Nanso, Kenneth Clark ka sɛ, nokwasɛm no ne sɛ “ɛmfa ho ɔdom akyɛde bebrebe a wonyae wɔ adwinni ne nyansahu mu no, wɔtaa nkurɔfo ɔkwan a na nyansa nnim so, na wodii ako a ɛyɛ hu maa amumɔyɛ kɛse kɔɔ so.”

Saa ara na yɛn bere yi so nso, nkurɔfo nni ɔpɛ sɛ wobesua biribi afi abakɔsɛm mu na ama wɔakwati mfomso a ɛkɔɔ so saa bere no. Nea afi mu aba ne sɛ yɛn asetra wɔ okyinnsoromma yi so no abɛda asiane mu. Nhomakyerɛwfo Joseph Needham kae sɛ tebea no ayɛ hu araa ma ‘nea yebetumi ayɛ mprempren ara ne sɛ yɛde anidaso bɛbɔ mpae sɛ wɔn a wɔyɛ katee no rennyaw ahoɔden a ebetumi atɔre nkwa nyinaa ase no ngu asase so.’

Dɛn nti na nnipa nyansa ne ne nimdeɛ nyinaa akyi no, yɛda so ara wɔ ntwɛtwɛdɛ wɔ wiase a basabasayɛ ne atirimɔden ahyɛ no ma mu? So eyi bɛsakra da bi? Nsɛm abien a edi hɔ no besusuw nsɛmmisa abien yi ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena