So Bible No Yɛ Akyɛde A Efi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
“MIGYE di sɛ Bible no ne akyɛde a eye sen biara a Onyankopɔn de ama onipa.” Abraham Lincoln, United States ɔmampanyin a ɔto so 16 na ɔkaa saa asɛm no.a Ɛnyɛ ne nkutoo na ɔkyerɛɛ nhoma a akyɛ yi ho anisɔ.
Afeha a ɛto so 19 no mu Britaniani ɔmanyɛfo William E. Gladstone kae sɛ: “Baabi Soronko a Bible no fi no ma ɛda nsow, na nsonsonoe kɛse a enni ano da ɛne nhoma afoforo nyinaa ntam.” Afeha a ɛto so 18 no mu Amerikani ɔmanyɛfo Patrick Henry daa adwene a ɛte saa ara adi sɛ: “Bible no sen nhoma afoforo nyinaa a wɔatintim pɛn.” Esiane sɛ ɛda adi sɛ Fransefo ɔhempɔn Napoleon Bonaparte ani gyee Bible no ho nti ɔkae sɛ: “Bible no nyɛ nhoma bi kɛkɛ, ɛyɛ Abɔde a Ɛte Ase, a ɛwɔ tumi a edi obiara a ɔsɔre tia no so nkonim.”
Bible no ayɛ mmoa ne awerɛkyekye ama ebinom. American Confederate sahene Robert E. Lee kae sɛ: “Bible no akɔ so ama me akwankyerɛ ne ahoɔden wɔ m’adwennwenne ne me haw ahorow nyinaa mu.” Na esiane anisɔ a na U.S ɔmampanyin John Quincy Adams wɔ ma nhoma yi nti, ɔkae sɛ: “Mede ayɛ me su mfe pii sɛ mɛkenkan Bible no nyinaa pɛnkoro afe biara.”
Sɛ Ɔsorosoroni no de Bible no ama adesamma a, ɛnde ɛsɛ sɛ yenya adanse a ɛkyerɛ sɛ wofi soro na wɔma wɔkyerɛwee. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nhoma titiriw sen nhoma foforo biara. Na sɛ Bible no bɛyɛ ahoɔden ne ɔkyerɛkyerɛ fibea ampa a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wotumi de to ho so koraa. Ɛnde, aka asemmisa yi, So Bible no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ ampa? Ma yɛnhwehwɛ saa asemmisa no mmuae.
[Ase hɔ asɛm]
a Nokwarem no, akyɛde bi a ɛso sen saa wɔ hɔ—Yesu Kristo.—John 3:16.
[Mfonini wɔ kratafa 3]
William. E. Gladstone
[Mfonini Fibea]
U.S. National Archives photo
Abraham Lincoln
[Mfonini Fibea]
U.S. National Archives photo
Patrick Henry
[Mfonini Fibea]
Harper’s U.S. History
Napoléon Bonaparte
[Mfonini Fibea]
Drawn by E. Ronjat
John Quincy Adams
[Mfonini Fibea]
Harper’s U.S. History
Robert E. Lee
[Mfonini Fibea]
U.S. National Archives photo