Wɔabue Tete Nhoma Akorae Bi a Ahintaw so
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ITALY HƆ
“Wɔabue tete atirimɔden asɛnni nhoma akorae no.” Saa na nsɛm ho amanneɛbɔfo bɔɔ amanneɛ sɛ Vatican ama nhomanimfo kwan ma wɔahwehwɛ Asɔfopɔn Gyidi Nkyerɛkyerɛ Kuw, a ɛde besi 1965 no, na wɔfrɛ no Adwumayɛbea Kronkron, no tete nhoma ahorow no mu.
WƆKAE sɛ ɛsɛ sɛ wodi saa dwuma yi ka “bere tenten a wɔde bɛsan asusuw abakɔsɛm mu nsɛm ho ɔkwampa so a John Paul II pɛ sɛ owie ansa na afe 2000 adu no ho.”a Dɛn nti na wɔkyerɛ saa tete nhoma ahorow yi ho anigye saa? Ahintasɛm bɛn na wosusuw sɛ ɛwɔ mu?
Pope Paul III na ɔhyehyɛɛ Adwumayɛbea Kronkron no wɔ 1542 mu. Ná wɔsan frɛ Pope ahyehyɛde yi a wɔde twe “asɔre mu atuatewfo” aso no Roma Atirimɔden Asɛnni, na eyi ma ɛdaa nsow wɔ Spania Atirimɔden Asɛnni a wɔde sii hɔ wɔ 1478 mu no ho.b Adriano Prosperi, a ɔwɔ asɛm no ho nimdeɛ, no kyerɛkyerɛ mu sɛ, na asɔfopɔn kuw a wɔde sii hɔ wɔ 1542 mu no “asɛyɛde ne sɛ ebedi asɔre mu atuatew ho nsɛm wɔ Kristoman nyinaa mu.” Ɛdefa Atirimɔden Asɛnni ahorow a na ɛwɔ hɔ wɔ afeha a ɛto so 16 mu ho no, Roma Atirimɔden Asɛnni no nkutoo na ɛda so wɔ hɔ, ɛwom sɛ wɔama no din ne dwumadi foforo de.
Wɔboaboaa Atirimɔden Asɛnni ho kyerɛwtohɔ ahorow no ano. Bere bi akyi no, ɛbɛyɛɛ Adwumayɛbea Kronkron no tete nhoma ahorow a ahintaw no. Wɔ 1559 mu no, Romafo bi a wɔtew atua sɛ wobedi Pope Paul IV, a na wosusuw sɛ ɔno ne Roma Atirimɔden Asɛnni no okyitaafo titiriw, no wu ho “ahurusi” no, kotuu tete nhoma ahorow a ɛwɔ akorae hɔ pansamee. Wɔ 1810 mu, bere a wodii Roma so nkonim no, Napoléon I yii tete nhoma ahorow no kɔɔ Paris. Nhoma no dodow no ara yerae anaa ɛsɛee saa bere no ne bere a na ɛwɔ pope hwɛ ase no.
Dɛn na Ɛwɔ Mu?
Tete nhoma akorae no mu kyerɛwtohɔ bɛboro 4,300 no gu adan abien bi a ɛbɛn St. Peter’s Basilica no mu. Sɛnea ɔsɔfopɔn Joseph Ratzinger—Vatican ahyehyɛde yi titrani—kyerɛ no, nsɛm a ɛwɔ tete nhoma no mu mfa abakɔsɛm mu nsɛm ho tẽẽ, na mmom “ɛfa nyamekyerɛ ho titiriw.”
Abakɔsɛm akyerɛwfo no nyinaa gye tom sɛ wɔrentumi nhwɛ kwan sɛ tete nhoma ahorow no bɛka nneɛma pii ho asɛm. Ɔbenfo Prosperi kyerɛkyerɛ mu sɛ Roma Atirimɔden Asɛnni no nhyiam ahorow no ho kyerɛwtohɔ wɔ hɔ, nanso “nneɛma nketenkete ho kyerɛwtohɔ, nhyiam ho kyerɛwtohɔ ankasa, ne nsɛm a wodii nyinaa ho kyerɛwtohɔ no ayera. Wɔsɛee emu dodow no ara wɔ 1815 ne 1817 ntam wɔ Paris, na Monsignor Marino Marini, a wɔsomaa no fii Roma sɛ onkogye nkrataa a Napoléon yiyi fii hɔ no, na ɔhyɛ ma wɔsɛee no.”
Vatican ama nhomanimfo nsa aka kyerɛwtohɔ a wɔboaboaa ano ansa na Leo XIII rewu wɔ July 1903 mu no. Sɛ nhwehwɛmufo nsa betumi aka bi a, gye sɛ wɔde krataa a efi ɔsom anaa sukuu mpanyimfo hɔ kɔda wɔn ho adi ansa.
Ɔkasatia
Ɛwom sɛ nnipa pii na wɔkyerɛɛ tete nhoma akorae no bue ho asɛm a wɔtee no ho anigye de, nanso ebinom kasa tiae. Bere a Katolek nyamekyerɛfo Hans Küng reka nea enti a kyerɛwtohɔ a wɔyɛe ansa na 1903 reba nkutoo na wɔde kyerɛe ho asɛm no, obisa sɛ: “So ebetumi aba sɛ 1903 ne bere ankasa a kyerɛwtohɔ no mu nsɛm bɛyɛɛ nea ɛho hia kɛse, esiane sɛ saa afe no na Pope Pius X a na wabedi ade sɛ pope nkyɛe no fii ase tuu wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsakra nneɛma yɛ no Nnɛɛmmafo de no so sa, na ɛbɔɔ nyamekyerɛfo pii gui na ɛmaa Italy, France, ne Germany asɔfo mpanyin ho kyeree wɔn, na ɛmaa nnipa pii gyaee asɔre no nti?”
Wɔ mmara ho abakɔsɛm kyerɛwfo Italo Mereu fam no, ɛmfa ho sɛ wɔasesa din no na wɔabue tete nhoma akorae no, “adwuma koro no ara a na kan Atirimɔden Asɛnni no yɛ no bi na [Asɔfopɔn Gyidi Nkyerɛkyerɛ Kuw] no yɛ, na n’akwan dedaw,” te sɛ hu a wɔmma wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn nsɛm mu no nhu kyerɛwtohɔ a ɛfa wɔn ho no ara na wodi akyi.
‘Biribiara Nni Hɔ a Ahintaw a Ɛrenna Adi’
Sɛnea ɛte no, abakɔsɛm akyerɛwfo nnye nni sɛ wobehu biribi a ɛkyɛn so wɔ “tete Atirimɔden Asɛnni nhoma akorae” hɔ. Nanso, ɛho hia sɛ Katolek Asɔre no begye atom sɛ ebetie nea ɔmanfo ka.
Nanso, ade a ɛho hia sen biara ne nea Onyankopɔn wɔ ka no. Bere a ɛsɛ mu no obebu ɔsom a ɛkyerɛe sɛ wɔyɛ Kristofo nanso ɛde mfehaha pii buu Onyankopɔn mmara so na ɛnam Atirimɔden Asɛnni bɔne so sɛee Yesu nkyerɛkyerɛ no atɛn. Wɔ eyi mu no, wɔyɛɛ nnipa pii a wɔn ho nni asɛm ayayade a ɛyɛ hu kunkum wɔn, esiane sɛ wɔannye asɔre no nkyerɛkyerɛ anaa nneyɛe antom ara kwa nti.—Mateo 26:52; Yohane 14:15; Romafo 14:12.
Ɛmfa ho sɛnea nhomanimfo bɛyɛ tete nhoma akorae hɔ nhoma mu nhwehwɛmu akɔ akyiri no, ɛbɛyɛ nea wɔrenhu ano bere nyinaa. Nanso, “enni abɔde biara a ɛnna adi [Onyankopɔn anim], na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.” (Hebrifo 4:13) Ɛno nti na bere a Yesu reka nyamesom akannifo a wɔkasa tiaa no ho asɛm no, otumi ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Munnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adi, anaa ahintaw a wɔrenhu.”—Mateo 10:26.
[Ase hɔ nsɛm]
b Ɛwom sɛ na nsonsonoe kakra da akwan a saa ahyehyɛde abien yi fa so di dwuma ne wɔn botae ahorow no mu de, nanso na ɛyɛ foforo, sɛ wɔde toto Mfinimfini Mmere no mu Atirimɔden Asɛnni a efii ase wɔ 1231 mu wɔ Italy ne France no ho a.
[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 14]
Adwumayɛbea Kronkron no fi kɛse, Rome, Italy
Drawings: From the book Bildersaal deutscher Geschichte