Mmofra Bisa Sɛ
So Ɛyɛ Mfomso sɛ Wubegye Din?
Fa asɛmfua a ɛbɛma asɛm a edi so yi adi mũ no hyem:
․․․․․ papa sɛ wubegye din.
A. Bere nyinaa ɛyɛ
B. Ɛtɔ da bi a ɛyɛ
D. Ɛnyɛ
MMUAE a ɛteɛ ne “B.” Dɛn ntia? Efisɛ nea edin a obi begye kyerɛ ara ne sɛ nnipa pii bɛpɛ n’asɛm—na ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mfomso! Bible no hyɛɛ nkɔm sɛ Kristofo bɛyɛ “kanea ama aman” na nnipa bɛbɛn wɔn. (Yesaia 42:6; Asomafo Nnwuma 13:47) Saa kwan no so no, yebetumi aka sɛ Kristofo agye din.
So ná wunim? Ná Yesu agye din. Bere a na ɔyɛ abarimaa mpo no, onyaa “Onyankopɔn ne nnipa anim dom.” (Luka 2:52) Na Bible ka sɛ, bere a Yesu bɛyɛɛ ɔpanyin no, “nnipadɔm pii dii n’akyi fii Galilea ne Dekapoli ne Yerusalem ne Yudea ne Yordan agya.”—Mateo 4:25.
Dɛn nti na na eye saa? Efisɛ na ɛnyɛ anuonyam anaa edin na na Yesu rehwehwɛ. Na na ɔnhwehwɛ sɛ afoforo begye no atom ɔkwan biara so. Yesu yɛɛ nea ɛteɛ kɛkɛ—su a na ɛtɔ mmere bi a ɛma nkurɔfo pɛ n’asɛm. (Yohane 8:29, 30) Bere koro no ara no, Yesu hui sɛ sɛ nkurɔfo a wɔn adwene nsi pi yi gye no tom mpo a, ɛrenkyɛ na atetew wɔn ani so. Ɔdaa no adi sɛ bere bi akyi no, wobekum no!—Luka 9:22.
Nea Ehia sɛ Yɛhyɛ no Nsow: Edin a obi begye no te sɛ ahonyade. Ɛnyɛ bere nyinaa na sɛ obi nya ne ho a, ɛyɛ mfomso. Ɔkwan a nkurɔfo fa so nya—anaa wɔbɔ ho ban no ne asɛm no.
Kɔkɔbɔ! Mmofra pii fa ɔkwan biara a wobetumi so de gye din. Ebinom suasua afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ nkurɔfo ani. Afoforo yɛ asisifo a wɔhyɛ nkurɔfo ma wogye wɔn tom—ɛmfa ho sɛ ebia wɔde ehu na ɛyɛ saa no.a
Wɔ kratafa a edidi so mu no, yebesusuw akwan abien a enye a afoforo fa so gye din ho. Na afei yɛahwɛ akwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so gye din.—g12-E 03.
Wubetumi ahu “Mmofra Bisa Sɛ” nsɛm a ɛba no pii wɔ Intanɛt so wɔ www.watchtower.org/ype
[Ase hɔ asɛm]
a Bible ka asisifo bi a na wɔfrɛ wɔn “Nefilimfo” ho asɛm, na na wɔsan frɛ wɔn sɛ ‘mmarima a wɔwɔ din.’ Na nea ehia wɔn titiriw ara ne sɛ wɔbɛpɛ anuonyam ama wɔn ho.—Genesis 6:4.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 20, 21]
AKWAN A YƐBƐFA SO AGYE DIN
NEA ƆSƆ AFOFORO ANI
Mepɛ sɛ afoforo gye me tom.
Sɛ wobegye me atom a, ɛsɛ sɛ misuasua wɔn nneyɛe.
“Mebɔ mmɔden sɛ mɛsesa me su sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ne afoforo abɔ. Mfiase no, ɛte sɛ nea ɛbɛyɛ yiye. Nanso akyiri yi mibehui sɛ, ɛnsɛ sɛ wosesa wo suban sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo begye wo atom kɛkɛ.”—Nicole.
Bible nnyinasosɛm: “Nhwɛ nea nnipa dodow reyɛ nsuasua wɔn. . . . Ɛnsɛ sɛ woma saa nnipa no daadaa wo ma wokɔyɛ bɔne.”—Exodus 23:2, Holy Bible—Easy to Read Version.
OSISIFO
Nnipa pii pɛ m’asɛm dedaw, na mepɛ sɛ ɛkɔ so saa ara.
Mɛyɛ nea metumi biara na obiara ansen me—sɛ ɛsɛ sɛ meka afoforo hyɛ mpo a, mɛyɛ.
“Mmofra ntaa nna ayamye adi, na esiane sɛ asisifo agye din nti, abofra a ɔfɛre ade no besusuw sɛ nea asisifo ka biara ye.”—Raquel.
Bible nnyinasosɛm: “Sɛnea mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.”—Luka 6:31.
ƆKWAN A EYE PAA
1 Hu wo gyinapɛn. Bible no ka sɛ “wɔatete” wɔn a wɔn ho akokwaw no ‘adwene ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’—Hebrifo 5:14.
2 Bata wo gyidi ho. Yɛ te sɛ Yosua a ɔde ahotoso kaa eyi no: “Ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no . . . Na me ne me fie de, yɛbɛsom Yehowa.”—Yosua 24:15.
3 Nya ɔkwan a wapaw no mu ahotoso. Ɔsomafo Paulo bɔɔ Timoteo nkae sɛ: “Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom tumi.”—2 Timoteo 1:7.
Sɛ wode nsɛm abiɛsa a ɛwɔ benkum so no di dwuma a, ebia nnipa binom rempɛ w’asɛm—nanso nnipa a wɔwɔ suban pa no bɛpɛ w’asɛm!
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 20, 21]
NEA W’ATIPƐNFO KA
Melissa—Yiw, wubetumi abɔ mmɔden ayɛ wo ho te sɛ mmofra a wɔnenam sukuu mu no bi. Nanso ɛremma w’ani nnye! Kristoni a woyɛ no ma woda nsow wɔ ɔkwan a ɛfata so. Ɛmma wo ho nyɛ hu. Ɛma afoforo pɛ w’asɛm.
Ashley—Ná mete nka sɛ obiara mpɛ m’asɛm wɔ sukuu mu, nanso sɛ mekɔ Kristofo nhyiam a, mihyia nnamfo a wɔdɔ me. Sɛ ɛba saa a, mmɔden biara a mebɔ sɛ mɛma me mfɛfo sukuufo apɛ m’asɛm no tu yera.
Phillip—Sɛ wopɛ sɛ afoforo gye wo tom a, ɛsɛ sɛ wo nso wokyerɛ wɔn ho anigye. Nnansa yi, merebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nneɛma nketenkete ama me nnamfo, na eyi ama m’abɛn wɔn paa.