Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 108
  • Ɛho Hia Sɛ Wubenya Nnamfo Pii Wɔ Sohyia Midia So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛho Hia Sɛ Wubenya Nnamfo Pii Wɔ Sohyia Midia So?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asiane bɛn na ɛwom?
  • “Edin Gye a mfaso biara nni so”
  • Ɛho hia sɛ wunya nnamfo pii na nkurɔfo kyerɛ wo ho anigye wɔ sohyia midia so anaa?
  • So Ɛyɛ Mfomso sɛ Wubegye Din?
    Nyan!—2012
  • Boa Wo Ba Ma Ɔnhwɛ Ne Ho Yiye Wɔ Intanɛt Ho
    Nyan!—2014
  • Yɛn Intanɛt Dwumadibea​—Fa Yɛ W’ankasa Anaa W’abusua Adesua
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Wokɔ Sohyia Midia So a, Henanom Na Wo Ne Wɔn Bɔ?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 108
Ababaa bi reserew na ɔrehwɛ ne fon so. Nnipa 85 akyerɛ sɛ wɔn ani gye ne ho wɔ sohyia midia so.

MMABUN BISA SƐ

Ɛho Hia Sɛ Wubenya Nnamfo Pii Wɔ Sohyia Midia So?

Ababaa bi a ne din de Elaine ka sɛ: “Sɛ mihu sɛ me sukuuni bi wɔ nnamfo ɔhaha pii wɔ sohyia midia so a, meka sɛ, ‘Ei, nkurɔfo nim no paa oo!’ Sɛ mɛka paa a, ɛyɛ a ɛyɛ me yaw.”

Woate nka saa pɛn? Sɛ saa a, saa asɛm yi betumi aboa wo na woamfa nnamfo pii a wunni wɔ sohyia midia so anhaw wo ho.

  • Asiane bɛn na ɛwom?

  • “Edin gye a mfaso biara nni so”

  • Ɛho hia sɛ wunya nnamfo pii na nkurɔfo kyerɛ wo ho anigye wɔ sohyia midia so anaa?

  • Hwɛ yiye na woanna “ɔkraman ahobrɛase” adi

Asiane bɛn na ɛwom?

Bible ka wɔ Mmebusɛm 22:1 sɛ, “hwehwɛ din pa, na ɛnyɛ ahonyade pii.” Enti ɛnyɛ bɔne sɛ wobɛhwehwɛ din pa anaa mpo w’ani begye ho sɛ nkurɔfo bɛpɛ w’asɛm.

Nanso ɛtɔ da a, bere a wopɛ sɛ nkurɔfo pɛ w’asɛm no, wobɛhwɛ no na edin mmom na wopɛ sɛ wugye. Asiane bi wom anaa? Ababaa bi a wɔfrɛ no Onya adi mfe 16, ɛyɛ a ɔka sɛ:

“Mahu nkurɔfo a wɔyɛ nneɛma a ntease nnim. Wohuruw fii aborɔsan a ɛtoa so mmienu wɔ me sukuu mu so besii fam, sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye din ara kɛkɛ.”

Nkurɔfo bi tumi yɛ nneɛma a nyansa nnim, na wɔatwa abɛto sohyia midia so, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn atipɛnfo begye wɔn atom. Ɛho nhwɛso bi ne sɛ, mmabun bi yɛɛ nneɛma bi a ɛnsɛ sɛ onipa biara yɛ! Wodii samina, na wotwaa wɔn ho mfoni de bɛtoo sohyia midia so.

Bible ka sɛ: “Monnyɛ ade hunu biara . . . mmfa nhoahoa mo ho.”—Filipifo 2:3, Good News Translation.

Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho:

  • Nnamfo pii a wubenya wɔ sohyia midia so ho hia wo sɛn?

  • Wobɛyɛ biribi a ebetumi abɔ wo yare anaa ebetumi akum wo, sɛnea ɛbɛyɛ a w’atipɛnfo ani begye wo ho anaa?

    Nea w’atipɛnfo ka

    Leianna.

    “Sɛ nkurɔfo nya adwene sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi biara sɛ wobegye din a, ɛyɛ hu paa. Wɔn adwene ara ne sɛ ɔkwan a wɔfa so kasa, wɔn ntaadehyɛ, anaa sɛ wɔyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan bi so wɔ sohyia midia so a, wobegye din. Sɛ obi yɛ biribi a onim sɛ enye sɛnea ɛbɛyɛ a obegye din a, ɔrennya so mfaso biara.”—Leianna.

“Edin Gye a mfaso biara nni so”

Ɛnyɛ bere nyinaa na nkurɔfo yɛ nneɛma a ebetumi apira wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye din. Erica a wadi mfe 22 no ahu nneɛma afoforo a ebinom yɛ:

“Ebinom de nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wɔn asetenam ho mfoni pii gu sohyia midia so. Wei ma ɛyɛ sɛ nea wɔwɔ nnamfo pii a wɔne wɔn bom gye wɔn ani bere nyinaa. Ɛma nkurɔfo adwene yɛ wɔn sɛ wɔagye din paa.”

Cara adi mfe 15. Ɔka sɛ, nkurɔfo bi di atoro de gye din:

“Mahu ebinom a wotwa mfoni ma ɛyɛ te sɛ nea wɔwɔ apontow bi ase, nanso wotwaa mfoni no wɔ wɔn fie.”

Matthew adi mfe 22. Ogye tom sɛ wayɛ biribi a ɛte saa pɛn:

“Mitwaa mfoni bi na mekyerɛw wɔ ho sɛ, mitwae wɔ Mount Everest so, nanso menkɔɔ Asia da!”

Bible ka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”—Hebrifo 13:18.

Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho:

  • Wokɔ sohyia midia so a, ɛyɛ a wudi atoro sɛnea wubegye din?

  • Wo mfoni a wode gu hɔ no, saa paa na wote, na nsɛm a wode gu hɔ no nso, wugye di paa?

    Nea w’atipɛnfo ka

    Hannah.

    “Nnipa binom bɛyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma nkurɔfo pii ani agye wɔn ho. Nanso, din bɛn na wopɛ sɛ wugye? Wobɛka nsɛm anaa wobɛhyɛ ntaade a ɛmfata, anaasɛ wode nneɛma a wowɔ bɛhoahoa wo ho? Anaa wopɛ sɛ wugye din sɛ obi a ɔwɔ suban pa na odwen afoforo ho paa? Sɛ nkurɔfo kyerɛ sɛ wɔn ani gye wo ho a, ɛma w’ani gye, nanso ma ɛmmra sɛ wo suban pa nti na wɔn ani gye wo ho.”—Hannah.

Ɛho hia sɛ wunya nnamfo pii na nkurɔfo kyerɛ wo ho anigye wɔ sohyia midia so anaa?

Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ, ade a ɛbɛma wɔagye din wɔ sohyia midia so ne sɛ wobenya nnamfo pii, na nnipa pii nso akyerɛ wɔn ho anigye. Mateo a yɛadi kan aka ne ho asɛm no gye tom sɛ, saa na na n’adwene yɛ no:

“Na mibisa nkurɔfo sɛ, ‘Nnamfo sɛn na woanya?’ anaa ‘Nnipa a wɔn dodow kɔ anim paa a wɔakyerɛ wo ho anigye yɛ sɛn?’ Ɛyɛ a mefa nnipa a minnim wɔn nnamfo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛfa me adamfo na manya nnamfo pii. Mede sii m’ani so sɛ megye din, na sohyia midia maa emu yɛɛ den.”

Mfoni: 1. Ababaa bi rehwɛ nnipa dodow a wɔakyerɛ sɛ wɔn ani gye ne ho wɔ sohyia midia so, na ɔreserew. 2. Ababaa koro no ara redi nnɔkɔnnɔkɔwade. 3. Ababaa no de ne nsa ato ne yafunu so na ayɛ sɛ ne bo afuw.

Edin a obi begye wɔ sohyia midia so te sɛ nea ɔredi aduan a ahoɔden nnim. Ebetumi ama w’ani agye bere tiaa bi, nanso ɛnkyɛ na atew w’ani so

Maria adi mfe 25. Wahyɛ no nsow sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a, nnamfo dodow a wɔanya wɔ sohyia midia so ne nnipa dodow a wɔakyerɛ wɔn ho anigye na ɛma wohu sɛ sɛɛ wɔn nso wɔ hɔ paa:

“Sɛ ababaa bi de ne mfoni to sohyia midia na nnipa pii ankyerɛ sɛ wɔn ani gye ne ho a, n’adwene bɛyɛ no sɛ ne ho nyɛ fɛ. Ɛwom sɛ ɛnyɛ nokware de, nanso nnipa pii a saa asɛm yi bi bɛto wɔn no adwene bɛyɛ wɔn saa. Sɛ ɛba saa a, na wɔn ara na wɔreteetee wɔn ho.”

Bible ka sɛ: “Mommma yɛn mu biara mmma ne ho so, mommma yɛne yɛn ho nnsi akan, na mommma yɛn ani mmmere yɛn yɔnko.”—Galatifo 5:26.

Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho:

  • Sɛ wokɔ sohyia midia so a, ɛyɛ a wuhu sɛ ɛma wode wo ho toto afoforo ho anaa?

  • Nnipa pii a wo ne wɔn bɛbɔ wɔ sohyia midia so no, ɛho hia wo sen nnamfo pa a wubenya?

    Nea w’atipɛnfo ka

    Joshua.

    “Sɛ wubegye din wɔ sohyia midia so a, ɛsɛ sɛ woyɛ obi a nkurɔfo ani gye wo ho, na mpɛn pii no gye sɛ woyɛ w’ade te sɛ wɔn. Wei bɛma wode w’adwene asi nsɛm a wɔka fa wo ho ne nea woyɛ a ɛbɛma wɔn ani agye wo ho kɛse so dodo. Sɛ wopɛ sɛ nkurɔfo ani gye wo ho a, ɛnyɛ bɔne. Nanso sɛ wode w’adwene si edin a wubegye so dodo a, ɔpɛ a wowɔ sɛ nkurɔfo ani begye wo ho no begye w’adwene nyinaa.”​—Joshua.

Hwɛ yiye na woanna “ɔkraman ahobrɛase” adi

Sɛ nnipa bi de nneɛma a wɔatumi ayɛ rehoahoa wɔn ho a, wɔka ho asɛm te sɛ nea wɔnyɛɛ hwee. Woahyɛ no nsow saa?

  • “Efi bere a metɔɔ me kar foforo yi, nkurɔfo mma minnya aso. Obiara pɛ sɛ mede no kɔ baabi!”

  • “Sɛ obiara rekamfo me sɛ mabɔ mmɔden ama me so atew a, ɛyɛ a ɛhaw me paa!”

Nea ɔrekasa no pɛ sɛ nkurɔfo nya adwene sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Enti wama ayɛ sɛ nea ɛrekɔ so no haw no, nanso nokwasɛm ne sɛ ɔredwa n’anom.

Kɔkɔbɔ: Saa kwan a nkurɔfo fa so dwa wɔn anom anaa wɔhoahoa wɔn ho yi, ɛntaa nkosi hwee. Efisɛ nkurɔfo tumi hu adwene a ɛtaa akyi. Esiane sɛ nea ɔreda kraman ahobrɛase adi no nyɛ ɔnokwafo nti, mpɛn pii no nkurɔfo pɛ obi a ɔhoahoa ne ho ankasa asɛm mpo sen obi a ɔda kraman ahobrɛase adi.

Bere foforo a wode asɛm anaa mfoni bi bɛto sohyia midia so no, hwɛ yiye na woanna kraman ahobrɛase adi. Fa afotu pa a Bible de ma yi yɛ adwuma: “Ma obi nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ w’ankasa w’ano.”—Mmebusɛm 27:2.

Yɛbɔ No Mua a: Wobɛyɛ dɛn na woanyɛ wo ho sɛ obi a ɔpɛ sɛ ogye din wɔ sohyia midia so?

  • Mfoni a wode gu sohyia midia so no, hwɛ sɛ saa paa na wote, na nsɛm a wode gu hɔ no nso, hwɛ sɛ wugye di?

  • Sɛ wode wo ho nsɛm regu sohyia midia so a, ka no sɛnea wote pɛpɛɛpɛ.

  • Sɛ wopɛ sɛ nkurɔfo ani gye wo ho na wɔfa wo adamfo a, ɛnyɛ bɔne. Nanso mma no nnye w’adwene.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena